Adwene A Wukura Wɔ Ɔkra No Ho No Ka W’asetra
“Na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”—GENESIS 2:7.
1, 2. Dɛn na ɔsom ahorow mu dodow no ara gye di wɔ onipa ne ɔkra ho?
ƐKAME ayɛ sɛ ɔsom ahorow nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da. New Catholic Encyclopedia ka sɛ “Onyankopɔn na ɔbɔ” ɔkra “na ɔde hyɛ nipadua no mu wɔ nyinsɛn mu.” Ɛka nso sɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no yɛ Kristoman asɔre ahorow no “fapem ahorow no biako.” The New Encyclopœdia Britannica nso ka sɛ “Nkramofo nkyerɛkyerɛ ka sɛ ɔkra no ne nipadua no ba nkwa mu bere koro mu; ɛno akyi no, ɛtew ne ho tra ase, na nipadua no a ɛne no ka bom no yɛ bere tiaa bi mu ade.”
2 Ɔsom ahorow a ɛte saa no gye di sɛ ɔkra no fi nipadua no mu bere a nipadua no wu ara pɛ no, na ɛkɔ so tra ase daa, a nea ɛba ne so ne sɛ obedi dɛw wɔ ɔsoro, sɛ ɔbɛkɔ ahodwiragya mu bere tiaa bi, anaasɛ wɔbɛyɛ no ayayade daa wɔ hellgya mu. Wobu owu sɛ ɔkwan a wɔnam so konya daa nkwa wɔ honhom atrae. Sɛnea ɔkyerɛwfo bi kae wɔ nhoma We Believe in Immortality mu no: “Mibu Owu sɛ osuahu kɛse a ɛyɛ anigye. Mibu Owu sɛ nkɔanim a obi nya a efi soro.”
3. Dɛn ne Apuei Fam ɔsom ahorow no gyidi?
3 Hindufo, Buddafo, ne afoforo gye ɔkra a efi nipadua biako mu kɔhyɛ foforo mu wɔ owu akyi no di. Nea ɛka eyi ho ne gyidi a ɛne sɛ owu mu no, ɔkra no san ba ma wɔwo no bio, wɔsan wo no sɛ onipa foforo anaasɛ biribi foforo a ɛte ase. Sɛ obi yɛɛ papa a, wɔkyerɛ sɛ wɔbɛsan awo ne kra sɛ obi a ɔwɔ dibea a ɛkorɔn. Nanso sɛ ɔyɛɛ bɔne a, wɔbɛsan awo no sɛ obi a ɔba fam, anaasɛ aboa anaa aboawaa bi.
4, 5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu nokware a ɛfa ɔkra no ho?
4 Nanso, sɛ nnipa nni ɔkra a enwu da nso ɛ? Na sɛ owu nyɛ “nkɔanim a obi nya a efi soro,” ɛnyɛ ɔkwan a ɛkɔ daa honhom mu asetra mu anaasɛ nea ɛma wɔn a wowuwu nyinaa san ba ma wɔwo wɔn bio amonom ara nso ɛ? Ɛnde ɔkra a enwu da gyidi no bɛma obi ayera kwan. Nhoma Official Catholic Teachings no ka sɛ asɔre no ka sɛ ɛsɛ sɛ wogye ɔkra a enwu da gyidi no tom, efisɛ sɛ wɔannye anni a, “ɛbɛma ne mpaebɔ ahorow, n’ayiyɛ amanne ahorow ne ne nyamesom mu nneɛma a wɔyɛ ma awufo no ayɛ nea ntease nnim anaa nyansa nnim.” Enti obi asetra kwan, ne som, ne ne daakye a enni awiei ho wɔ asɛm no mu.—Mmebusɛm 14:12; Mateo 15:9.
5 Ɛho hia sɛ yehu nokware a ɛfa saa gyidi yi ho. Yesu kae sɛ: “Wɔn a wɔsɔre [Onyankopɔn] no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Wohu nokware a ɛfa ɔdesani kra ho no wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu. Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a wɔayi adi akyerɛ no wɔ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu, enti yebetumi anya ahotoso sɛ ɛka nokware kyerɛ yɛn. (1 Tesalonikafo 2:13; 2 Timoteo 3:16, 17) Yesu ka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.”—Yohane 17:17.
So Wɔbɔɔ No a Na Ɔwɔ Ɔkra a Enwu Da?
6. Dɛn na Genesis kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn pefee wɔ onipa bɔ ho?
6 Genesis 2:7 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na [Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” Kyerɛwtohɔ no nka sɛ Onyankopɔn de ɔkra a enwu da duaa onipa mu. Ɛka sɛ bere a Onyankopɔn tumi maa Adam nipadua ahoɔden no, “ɔyɛɛ ɔkra teasefo.” Enti onipa yɛ ɔkra. Onni ɔkra.
7. Dɛn nti na wɔde nnipa too asase so?
7 Onyankopɔn bɔɔ Adam sɛ ɔntra asase so, ɛnyɛ ɔsoro. Na asase renyɛ baabi a wɔbɛsɔ Adam ahwɛ sɛ ɔbɛfata ama ɔsoro asetra kɛkɛ. Onyankopɔn nwenee asase no sɛ “wɔntra so,” na Adam ne onipa a odi kan a ɔtraa so. (Yesaia 45:18; 1 Korintofo 15:45) Akyiri yi, bere a Onyankopɔn bɔɔ Hawa sɛ ɔyere maa Adam no, na Onyankopɔn atirimpɔw ma wɔn ne sɛ wɔbɛwo ahyɛ asase so ma, na wɔayɛ no paradise sɛ adesamma daa ofie.—Genesis 1:26-31; Dwom 37:29.
8. (a) Na kɔ a Adam bɛkɔ so atra ase no gyina dɛn so? (b) Adam anyɛ bɔne a, anka ɛhe na ɔbɛkɔ so atra?
8 Bible no nka wɔ baabiara sɛ na Adam fã bi renwu da. Mmom no, na kɔ a ɔbɛkɔ so atra ase no gyina biribi so, na egyina osetie a ɔbɛyɛ ama Onyankopɔn mmara so. Sɛ obu saa mmara no so a, dɛn na ɛbɛba? So na obenya daa nkwa wɔ honhom atrae? Dabida. Mmom no, na “owu na [obewu].” (Genesis 2:17) Na ɔbɛsan akɔ baabi a ofi bae: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 2:7; 3:19) Na Adam nni baabiara ansa na wɔrebɔ no, na na ɔrentra baabiara ne wu akyi. Enti na nneɛma abien pɛ na obetumi apaw mu bi: (1) osetie ne nkwa anaa (2) asoɔden ne owu. Sɛ Adam anyɛ bɔne a, anka ɔbɛtra asase so daa. Na ɔrenkɔ ɔsoro da.
9. Bible no frɛ owu dɛn wɔ ɔkwan a ɛfata so, na dɛn ntia?
9 Adam yɛɛ asoɔden, na owui. (Genesis 5:5) Na owu ne n’asotwe. Na ɛnyɛ ade a ɛbɛma wanya ‘osuahu a ɛyɛ anigye,’ na mmom nea ɔnam so befi asetra mu. Enti, owu nyɛ adamfo na mmom ɛyɛ nea Bible frɛ no no, “ɔtamfo.” (1 Korintofo 15:26) Sɛ na Adam wɔ ɔkra a enwu da a sɛ ɔyɛ osetie a, ɛbɛkɔ soro a, ɛnde anka owu bɛyɛ nhyira. Nanso na ɛnte saa. Na ɛyɛ nnome. Na esiane Adam bɔne no nti, owu nnome no trɛw kaa adesamma nyinaa efisɛ wɔn nyinaa yɛ n’asefo.—Romafo 5:12.
10. Sɛ yegye di sɛ na Adam wɔ ɔkra a enwu da a, asɛnnennen bɛn na ɛsɔre?
10 Bio nso, sɛ wɔbɔɔ Adam a na ɔwɔ ɔkra a enwu da a sɛ ɔyɛ bɔne a wɔbɛyɛ no ayayade daa wɔ hellgya bi mu a, dɛn nti na wɔammɔ no kɔkɔ wɔ eyi ho? Dɛn nti na nea wɔka kyerɛɛ no ara ne sɛ obewu na wasan akɔ dɔte mu? Hwɛ nsisi ara a eyi bɛyɛ sɛ asoɔden nti, wobebu Adam fɔ ayɛ no ayayade daa, bere a wɔammɔ no ɛno ho kɔkɔ! Nanso, Onyankopɔn de, “nkontompo nni no mu.” (Deuteronomium 32:4) Na ɛho nhia sɛ wɔbɛbɔ Adam kɔkɔ wɔ hellgya bi a ɛwɔ hɔ ma abɔnefo akra a enwu da ho. Na hell bi a ɛte saa nni baabiara, na saa ara nso na na akra a enwu da nni baabiara. (Yeremia 19:5; 32:35) Wɔnnyɛ daa ayayade biara wɔ fam dɔte mu.
Sɛnea Bible no de “Ɔkra” Di Dwuma
11. (a) Wɔ Bible mu no, Engiresi asɛmfua “soul” no fi Hebri ne Hela nsɛmfua bɛn mu? (b) Ɔkwan bɛn so na King James Version no kyerɛ Hebri ne Hela nsɛmfua ma “ɔkra” no ase?
11 Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, Enyiresi asɛmfua “soul” a ɛkyerɛ ɔkra wɔ Twi kasa mu no fi Hebri asɛmfua neʹphesh, a epue bɛboro mpɛn 750 no mu. Nea ɛne no hyia wɔ Hela Kyerɛwnsɛm mu ne psy·kheʹ, a epue bɛboro mpɛn 100 no. New World Translation of the Holy Scriptures no kyerɛ saa nsɛmfua yi ase sɛ “soul” anaa ɔkra bere nyinaa. Ebia Bible afoforo de nsɛmfua ahorow ahorow di dwuma. Akwan horow a King James Version no kyerɛ neʹphesh ase no bi ne: akɔnnɔ, aboa, nipadua, ɔhome, abɔde, funu, ɔpɛ, koma, nkwa, onipa, adwene, obi, obi ankasa ho, ɔkra, biribi. Na ɛkyerɛ psy·kheʹ ase sɛ: koma, nkwa, adwene, ɔkra.
12. Ɔkwan bɛn so na Bible no de Hebri ne Hela nsɛmfua ma “ɔkra” no di dwuma?
12 Bible no frɛ ɛpo mu abɔde neʹphesh: “Ade a ɛwɔ ɔkra teasefo, nsu mu nyinaa.” (Leviticus 11:10) Asɛmfua no betumi akyerɛ asase so mmoadoma: “Asase mma akra a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma.” (Genesis 1:24, New World Translation) Mpɛn haha pii no, neʹphesh kyerɛ nnipa. “Akra a wofi Yakob asen mu nyinaa si akra aduɔson.” (Exodus 1:5) Psy·kheʹ a wɔde dii dwuma ɔkwan yi so ho nhwɛso biako ne 1 Petro 3:20. Ɛka Noa adaka no a “akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu” wom no ho asɛm.
13. Akwan horow bɛn so na Bible no de asɛmfua “ɔkra” no di dwuma?
13 Bible no de asɛmfua “ɔkra” no di dwuma wɔ akwan afoforo pii so. Genesis 9:5, New World Translation, ka sɛ: “Na mo akra mogya de, mebisa.” Ɛha no, wɔka ɔkra no ho asɛm sɛ ɔwɔ mogya. Exodus 12:16, New World Translation, ka sɛ: “Nea ɔkra biara bedi nko na wɔbɛyɛ ama mo.” Wɔ eyi mu no, wɔka ɔkra no ho asɛm sɛ odidi. Deuteronomium 24:7, New World Translation, ka obi a “owia ne nuanom kra” ho asɛm. Nokwarem no, ɛnyɛ ɔkra bi a enwu da na wowiaa no. Dwom 119:28, New World Translation ka sɛ: “Awerɛhow mma me kra nna.” Enti nna mpo betumi abɔ ɔkra no. Bible no kyerɛ nso sɛ ɔkra no tumi wu. Ewu. “Wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.” (Leviticus 7:20) “Ɔnnkɔ ɔkra a wawu biara ho.” (Numeri 6:6, New World Translation) “Yɛn akra nwu.’ (Yosua 2:14) “Ɔkra biara a ɔrentie odiyifo no, wɔbɛsɛe no.” (Asomafo no Nnwuma 3:23) “Akra a ɛte ase nyinaa wuwui.”—Adiyisɛm 16:3.
14. Bible no da no adi pefee sɛ ɔkra no yɛ dɛn?
14 Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea Bible no de neʹphesh, ne psy·kheʹ di dwuma no kyerɛ sɛ ɔkra no ne onipa no anaasɛ, wɔ mmoa fam no, abɔde no. Ɛnyɛ onipa fã bi a enwu da. Nokwarem no, wɔde neʹphesh di dwuma de ka Onyankopɔn ankasa ho asɛm mpo: “Nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.”—Dwom 11:5.
Nhomanimfo Pii Gye Tom
15. Ɔkwan bɛn so na nhomanimfo nhoma ahorow a wɔakyerɛw no ka ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no ho asɛm?
15 Nhomanimfo pii gye tom sɛ Bible no nka ɔkra a enwu da ho asɛm. The Concise Jewish Encyclopedia ka sɛ: “Bible no nka ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ bi ho asɛm, na saa ara nso na empue pefee wɔ tete rabifo nhoma mu.” The Jewish Encyclopedia no se: “Gyidi a ɛne sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi no yɛ nyansapɛ anaa nyamesua mu nsusuwii mmom na ɛnyɛ gyidi ara kwa, na ne saa nti, baabiara nni hɔ a wɔkyerɛkyerɛ no fann wɔ Kyerɛw Kronkron mu.” The Interpreter’s Dictionary of the Bible ka sɛ: “Neʹphesh no . . . nnkɔ so ntra ase wɔ nipadua no akyi, na mmom ɛne no wu. . . . Bible mu asɛm biara nka sɛ ‘ɔkra’ no tew ne ho fi nipadua no ho wɔ owu mu.”
16. Ɔkwan bɛn so na nhomanimfo bi ka ɔkra no ho asɛm?
16 Bio nso, Expository Dictionary of Bible Words no se: “Ɛnde, ‘ɔkra’ a ɛwɔ Apam Dedaw no mu no nkyerɛ onipa fã bi a aniwa nhu a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. [Neʹphesh] asekyerɛ ankasa ne nkwa, na ateasefo nkutoo na wɔwɔ bi. . . . Nea ɛne [psy·kheʹ] hyia wɔ Apam Dedaw no mu no na ɛma nea ɛkyerɛ ankasa da adi, na mmom ɛnyɛ nea ɛkyerɛ wɔ Helafo amammerɛ mu.” The Eerdmans Bible Dictionary no ka sɛ, Bible no mu no, asɛmfua ɔkra no “nkyerɛ onipa fã bi, na mmom onipa mũ no nyinaa. . . . Wɔ ntease yi mu no, nnipa nni akra—wɔyɛ akra.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
17. Dɛn na Katolekfo nhoma abien bi gye tom wɔ “ɔkra” no ho?
17 New Catholic Encyclopedia no mpo gye tom sɛ: “Bible mu nsɛmfua a egyina hɔ ma ɔkra no taa kyerɛ onipa mũ no nyinaa.” Ɛde ka ho sɛ: “Nkyekyem biara nni nipadua ne ɔkra mu wɔ Apam Dedaw no mu. . . . Ɛwom sɛ wɔakyerɛ asɛmfua [neʹphesh] ase sɛ ɔkra de, nanso ɛnkyerɛ ɔkra a ɛsono no wɔ nipadua no anaasɛ onipa no ho. . . . Asɛmfua [psy·kheʹ] ne Apam Foforo no mu asɛmfua a ɛne [neʹphesh] hyia. . . . Adwene a ɛne sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ owu akyi no nyɛ nea wotumi hu wɔ Bible no mu ntɛm ara.” Na Georges Auzou, Franseni Katolekni Kyerɛw Kronkron no ho Ɔbenfo no kyerɛw wɔ ne nhoma La Parole de Dieu (Onyankopɔn Asɛm) no mu sɛ: “Adwene a ɛne sɛ ‘ɔkra,’ kyerɛ honhom mu ade pɔtee a aniwa nhu a ɛwɔ hɔ ankasa, na atew ne ho afi ‘nipadua,’ no ho no. . . nni Bible mu.”
18. (a) Dɛn na encyclopedia bi ka wɔ asɛmfua “ɔkra” a Bible no de dii dwuma no ho? (b) Ɛhe na nyamekyerɛfo konyaa biribi a ɛkɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi ho adwene?
18 Enti, The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Adwene a Apam Dedaw no kura wɔ onipa ho no fa biakoyɛ ho, ɛnyɛ ɔkra ne nipadua nkabom. Ɛwom sɛ wɔtaa kyerɛ Hebri asɛmfua [neʹphesh] ase sɛ ‘ɔkra’ de, nanso ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛte ase sɛnea na Helafo te ase no. . . . Wonsusuw [neʹphesh] ho da sɛ ɛtew ne ho fi nipadua no ho di dwuma. Wɔ Apam Foforo no mu no, wɔtaa kyerɛ Hela asɛmfua [psy·kheʹ] ase sɛ ‘ɔkra,’ nanso bio no, ɛnsɛ sɛ yɛte ase ntɛm ara sɛ nea ekura ntease a asɛmfua no kyerɛ ma Helafo nyansapɛfo no. . . . Bible no mfa sɛnea obi kɔ so tra ase wɔ owu akyi no ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ mma.” Ɛde ka ho sɛ: “Na ɛsɛ sɛ nyamekyerɛfo dan kɔ nyansapɛfo nkyerɛkyerɛmu so ansa na wɔatumi anya nsɛm a ɛdɔɔso a wɔde bɛka onipa a ɔkɔ so tra ase wɔ owu akyi no ho asɛm.”
Ɛnyɛ Bible no na Mmom Nyansapɛ
19. Ɔkwan bɛn so na Helafo nyansapɛ ne ɔkra a enwu da gyidi no wɔ abusuabɔ?
19 Ɛyɛ nokware sɛ nyamekyerɛfo faa nyansapɛfo abosonsomfo nsusuwii ahorow na wɔde hyehyɛɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no. Fransefo Dictionnaire Encyclopédique de la Bible (Encyclopedic Dictionary of the Bible) ka sɛ: “Ɔkra a enwu da ho adwene no yɛ nea wonya fii Helafo nsusuwii mu.” The Jewish Encyclopedia si so dua sɛ: “Yudafo no benyaa ɔkra a enwu da gyidi no ho adwene denam Helafo nsusuwii a wohui, ne titiriw no Plato, a odii nkyerɛkyerɛ yi mu akoten, a ɔtraa ase afeha a ɛto so anan ansa na Kristo reba no nyansapɛ so.” Na Plato gye di sɛ: “Ɔkra no nwu na wontumi nsɛe no da, na yɛn akra bɛtra ase wɔ wiase foforo bi mu ampa!”—The Dialogues of Plato.
20. Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na abosonsomfo nyansapɛ baa Kristosom mu?
20 Bere bɛn na saa abosonsomfo nyansapɛ yi baa Kristosom mu? The New Encyclopœdia Britannica ka sɛ: “Efi afeha 2 Y.B. no mfinimfini no, Kristofo a na wɔanya Helafo nyansapɛ mu ntetee bi no fii ase tee nka sɛ ɛho hia sɛ wɔka gyidi a wɔanya wom no ho asɛm, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn ankasa ate nka sɛ wonim nhoma, na wɔde asakra nhomanimfo a wɔyɛ abosonsomfo nso. Nyansapɛ a na eye ma wɔn kyɛn biara no ne Plato de no.” Enti, sɛnea Britannica no ka no, “tete Kristofo nyansapɛfo no gyee ɔkra a enwu da ho adwene a na Helafo no kura no toom.” Paapa John Paul II mpo gye toom sɛ “Helafo nyansapɛ nsusuwii ahorow bi” ka ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no ho. Nanso Helafo nyansapɛ nkyerɛkyerɛ a wogye tom no kyerɛ sɛ Kristoman apow nokware a asete nyɛ den a ɛwɔ Genesis 2:7 no: “Onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”
21. Ɔkra a enwu da gyidi no nyaa ne mfiase fii bere bɛn mu tɔnn?
21 Nanso, ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no bae ansa na wɔwo Plato. Yɛkenkan wɔ nhoma The Religion of Babylonia and Assyria, a Morris Jastrow kyerɛwee no mu sɛ: “Asetra a owu nni mu ho asɛnnennen no . . . yɛ nea Babilon nyamekyerɛfo no susuw ho anibere so. . . . Na owu yɛ ɔkwan bi a wɔnam so kɔ asetra foforo mu.” Bio nso, nhoma Egyptian Religion, a Siegfried Morenz kyerɛwee no ka sɛ: “Tete Misrifo no buu owu akyi asetra sɛ asase so asetra ntoaso ara kwa.” The Jewish Encyclopedia ka abusuabɔ a ɛda saa tete nyamesom ahorow no ne Plato mu no ho asɛm bere a ɛka sɛ “wɔnam Orpheus ne Eleusis ahintasɛm ahorow a na ɛne Babilonfo ne Misrifo nsusuwii adi afra anwonwa kwan so no so” maa Plato nyaa ɔkra a enwu da ho adwene.
22. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ woguu ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ aba no ankasa wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ?
22 Enti, ɔkra a enwu da adwene no fi tete. Nokwarem no, efii ase fii adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ! Wɔka kyerɛɛ Adam sɛ sɛ ɔyɛ asoɔden tia Onyankopɔn a, obewu akyi no, wɔkaa nsusuwii a ɛne eyi bɔ abira ho asɛm kyerɛɛ Adam yere, Hawa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Ɛha na woguu ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ aba no. Na efi saa bere no reba no, wɔagye nsusuwii a ɛne sɛ ‘worenwu ankasa na mmom wobɛkɔ so atra ase’ yi atom wɔ amammerɛ ahorow ahorow mu. Kristoman a ɛde n’akyidifo kɔɔ ɔwae mu de sɔre tiaa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ne n’apɛde no ka eyinom ho.—Genesis 3:1-5; Mateo 7:15-23; 13:36-43; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3, 7.
23. Hena na ɔde ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no bae, na dɛn ntia?
23 Hena na ɔmaa adesamma gyee saa atosɛm no dii? Yesu daa onii no adi bere a ɔka kyerɛɛ ne bere so nyamesom mu akannifo no sɛ: “Mo de, mo agya a mufi ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. . . . Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Yiw, Satan na ɔde ɔkra a enwu da nsusuwii no bae, na ɔde adan nnipa afi nokware som ho. Enti obi de n’asetra kwan ne ne daakye anidaso fa ɔkwan a ɛnteɛ so bere a ogye nkyerɛkyerɛ a efi atoro a edi kan a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu no mu bae no di no, ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ saa bere no de, Hawa tee nea ɔwɔ no kae no ase sɛ ɛkyerɛ sɛ ɔrenwu koraa wɔ honam mu.
24. Nsɛm bɛn na wobetumi abisa wɔ ɔkwan a ɛfata so afa daa nkwa ne ɔkra a enwu da ho?
24 Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ nnipa wɔ ɔkra a enwu da. Ɛnde, dɛn nti na ɛka daa nkwa anidaso ho asɛm? Afei nso, so Bible no nka wɔ 1 Korintofo 15:53 sɛ: “Etwa sɛ . . . nea ewu yi hyɛ nea enwu no”? Na so Yesu ankɔ ɔsoro wɔ ne wusɔre akyi, na wankyerɛkyerɛ sɛ afoforo nso betumi akɔ soro? Yɛbɛhwehwɛ eyinom ne nsemmisa afoforo mu wɔ yɛn asɛm a edi hɔ no mu.
Ntimu Nsemmisa
◻ Dɛn ne ɔsom ahorow mu dodow no ara gyidi wɔ ɔkra no ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ sɛ wɔammɔ onipa a ɔwɔ ɔkra a enwu da?
◻ Dɛn na ɛda adi pefee wɔ dwuma a Bible no de Hebri ne Hela nsɛmfua ma “ɔkra” di no ho?
◻ Dɛn na nhomanimfo pii ka wɔ sɛnea Bible no ka ɔkra no ho asɛm ho?
◻Ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no nyaa ne mfiase wɔ bere bɛn mu tɔnn wɔ abakɔsɛm mu?
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Wɔn nyinaa yɛ akra