Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 4/15 kr. 4-9
  • So Yebetumi Anya Daa Nkwa Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yebetumi Anya Daa Nkwa Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyɛɛ Yɛn Ma Yɛatra Ase Daa
  • Ɔpɛ a Ɛne sɛ Yɛbɛtra Ase Daa
  • Hena na Ɛsɛ sɛ Yenya Ne Mu Ahotoso?
  • So Ɛyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Ankasa?
  • Onyankopɔn Atirimpɔw Nsesae
  • Yebetumi Atena Ase Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Asetra a Enni Awiei Nyɛ Adaeso Ara Kwa
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nea Wobɛyɛ Atumi Atra Ase Daa
    Nyan!—1995
  • Wobɛyɛ Dɛn Atena Ase Daa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 4/15 kr. 4-9

So Yebetumi Anya Daa Nkwa Ankasa?

“Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”—MATEO 19:16.

1. Dɛn na yebetumi aka wɔ onipa nkwa nna ho?

NÁ Persia Hene Xerxes I, a wonim no wɔ Bible mu sɛ Ahasweros no rehwɛ n’asraafo bere a na aka kakra ma wɔakodi ako wɔ afe 480 A.Y.B. mu no. (Ester 1:1, 2) Sɛnea Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛ no, ɔhene no sui bere a na ɔrehwɛ ne mmarima no. Dɛn ntia? Xerxes kae sɛ: “Sɛ midwen onipa nkwa a ɛyɛ tia no ho a, ɛma me werɛ how. Hwɛ sɛ saa mmarima yi nyinaa, ebedu mfe ɔha no na wɔn mu biako mpo nte ase.” Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso woahu sɛ nkwa yɛ tia ma ɛyɛ awerɛhow, ne sɛ obiara mpɛ sɛ ɔbɔ akwakoraa anaa aberewa, ɔyare, na owu. Oo, sɛ anka yebetumi atra ase sɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ ahoɔden ne anigye mu ɛ!—Hiob 14:1, 2.

2. Anidaso bɛn na nnipa pii wɔ, na dɛn ntia?

2 Sɛnea ɛfata no, The New York Times Nsɛmma Nhoma, September 28, 1997 de no kaa asɛmti a ɛne “Wɔpɛ sɛ Wɔtra Ase” ho asɛm. Wɔfaa nhwehwɛmufo bi asɛm kae sɛ: “Migye di ankasa sɛ yɛne awo ntoatoaso a edi kan a yebetumi atra ase daa”! Ebia wo nso wugye di sɛ yebetumi anya daa nkwa. Ebia wubesusuw saa efisɛ Bible ka sɛ yebetumi atra ase daa wɔ asase so ha. (Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4) Nanso, nnipa binom susuw sɛ nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛbɛma yɛatumi anya daa nkwa a ennyina nea Bible ka so. Saa nneɛma yi mu kakra a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛagye atom sɛ yebetumi anya daa nkwa ankasa.

Wɔyɛɛ Yɛn Ma Yɛatra Ase Daa

3, 4. (a) Dɛn nti na ebinom gye di sɛ ɛsɛ sɛ yetumi tra ase daa? (b) Dɛn na Dawid ka faa sɛnea wɔnwenee no no ho?

3 Ade biako a ɛma nnipa pii gye di sɛ ɛsɛ sɛ nnipa tumi tra ase daa no gyina sɛnea wɔyɛɛ yɛn ma ɛyɛ nwonwa no so. Sɛ nhwɛso no, sɛnea wɔnwenee yɛn wɔ yɛn na yam no yɛ nwonwa ankasa. Ɔbenfo bi a wagye din kyerɛw onyin ho asɛm sɛ: “Bere a ɔdomankoma yɛɛ anwonwade a ɛde yɛn fi bere a wonyinsɛn yɛn kosi bere a wɔwo yɛn, ne afei bere a yɛn awo nkwaadɔm nyin wie kosi bere a yɛbɛyɛ mpanyin no, ohui sɛ saa anwonwade ahorow no ara bɛma yɛayɛ mmerante ne mmabaa daa. Yiw, sɛ yesusuw sɛnea wɔbɔɔ yɛn ma ɛyɛ nwonwa no ho a, asɛmmisa no da so wɔ hɔ sɛ, Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yewu?

4 Mfe mpempem pii a atwam no, Bible kyerɛwfo Dawid susuw saa anwonwade no ho ankasa, ɛwom sɛ na ontumi nhu yafunu mu ankasa sɛnea nyansahufo betumi ahu nnɛ no de. Dawid susuw sɛnea wɔyɛɛ n’ankasa ho, na sɛnea ɔkyerɛwee no, ‘wɔnwenee no ne nã yam.’ Saa bere no, ɔkae sɛ ‘wɔbɔɔ n’asaabo.’ Ɔka sɛnea wɔyɛɛ ne “nnompe” ho asɛm nso, na sɛnea ɔkaa no no, ‘wɔyɛɛ no ahintawee mu.’ Afei Dawid kaa ‘bere a na ɔyɛ mogya tɔw nko’ ho asɛm, na ɔka faa saa mogya tɔw no a na ɛwɔ ne nã yam no ho sɛ: “wɔakyerɛw ne nyinaa.”—Dwom 139:13-16.

5. Anwonwakwan bɛn so na wɔnam yɛɛ yɛn wɔ yafunu mu?

5 Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ sɛ na wɔakyerɛw sɛnea wɔnwenee Dawid wɔ ne nã yam no ho asɛm ato hɔ ankasa. Nanso bere a Dawid susuw sɛnea wɔyɛɛ ‘n’asaabo,’ ne “nnompe,” ne ne nipadua no afã foforo ho no, ɛyɛɛ no sɛ nea wɔyɛɛ eyi ho nhyehyɛe pɛpɛɛpɛ—ɛne sɛ, sɛnea yɛbɛka no no, na “wɔakyerɛw” ato hɔ. Na ɛte sɛ nea nkwaboaa a ɛwɔ ne nã yam no wɔ ɔdan kɛse a nhoma a nsɛm pii a ɛfa sɛnea wɔnwene abofra ho wom ayɛ no ma, na wɔde nsɛm a emu dɔ yi ma nkwaboaa biara a ɛba no. Enti, Science World nsɛmma nhoma no ka kasakoa sɛ, ‘nkwaboaa biara a ɛwɔ mogya tɔw a ɛrenyin mu no wɔ ɔdammaa mu a sɛnea edi dwuma ho nsɛm wom.’

6. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, sɛnea Dawid kyerɛwee no, ‘wɔyɛɛ yɛn maa ɛyɛɛ nwonwa’?

6 So woasusuw anwonwakwan a yɛn nipadua fa so di dwuma no ho pɛn? Abɔde a nkwa wom ho nimdefo Jared Diamond kae sɛ: “Yɛsesa nkwammoaa a wɔde adura yɛn nsono mu no pɛnkoro wɔ nna kakra biara mu, yɛsesa yɛn dwensɔtwaa mu de pɛnkoro asram abien biara, na yɛsesa yɛn mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ no pɛnkoro asram anan biara.” Ɔde baa awiei sɛ: “Abɔde mu tumi tutu yɛn hyehyɛ yɛn da biara.” Dɛn na ɛno kyerɛ ankasa? Ɛkyerɛ sɛ ɛmfa ho mfe dodow a yɛde atra ase—sɛ ɛyɛ mfe 8, 80, anaasɛ 800 mpo—no, yɛn nipadua no da so yɛ foforo koraa. Nyansahufo bi buu akontaa bere bi sɛ: “Ebedu afe biako no na yɛnam atom a yenya fi mframa a yɛhome, aduan a yedi, ne anonne a yɛnom mu so asesa atom a ɛwɔ yɛn nipadua mu seesei no bɛyɛ ɔha biara mu 98.” Nokwarem no, sɛnea Dawid kamfoe no, ‘wɔyɛɛ’ yɛn ‘ma ɛyɛ nwonwa.’—Dwom 139:14.

7. Dɛn na ebinom agyina sɛnea wɔyɛɛ yɛn nipadua no so aka?

7 Ɔbenfo bi gyinaa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nipadua no so kae sɛ: “Yenhu nea enti a ɛsɛ sɛ yenyinyin bɔ nkwakoraa ne mmerewa.” Ɛte sɛ nea anka ɛsɛ sɛ yɛtra ase daa. Na ɛno nti na nnipa rebɔ mmɔden sɛ wɔnam wɔn nyansahu mu nimdeɛ so bedu saa botae yi ho no. Ɛnkyɛe koraa na Ɔbenfo Alvin Silverstein de ahotoso kyerɛw ne nhoma Conquest of Death (Owu so Nkonimdi) mu sɛ: “Yɛbɛhwehwɛ sɛnea nkwa te mu. Yɛbɛte . . . sɛnea onipa nyin ase.” Dɛn na ebefi mu aba? Ɔkae sɛ: “Nnipa remmɔ ‘nkwakoraa ne mmerewa’ bio, efisɛ nimdeɛ a ɛbɛma wɔadi owu so nkonim no bɛma nnipa ayɛ mmerante ne mmabaa nso daa.” Sɛ wususuw nyansahu mu nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi wɔ sɛnea wɔyɛɛ nnipa no mu ho a, so ɛte sɛ nea yɛrentumi nnu adwene a ɛne sɛ yebenya daa nkwa no ho? Biribi foforo a emu yɛ den sen eyi wɔ hɔ a ɛma yegye di sɛ yebetumi anya daa nkwa.

Ɔpɛ a Ɛne sɛ Yɛbɛtra Ase Daa

8, 9. Ɔpɛ bɛn na nnipa fi awosu mu wɔ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu?

8 So woasusuw ho pɛn sɛ tra a yɛbɛtra ase daa no yɛ ɔpɛ a nnipa fi awosu mu wɔ? Oduruyɛfo bi kyerɛw wɔ German atesɛm krataa bi mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ daa nkwa ho anidaso a adesamma wɔ no akyɛ te sɛ wɔn ara.” Bere a The New Encyclopædia Britannica reka tete Europafo bi gyidi ahorow ho asɛm no, ɛka sɛ: “Nnipa a wɔfata bɛtra ase daa wɔ afie a ɛyɛ fɛ a wɔde sika kɔkɔɔ akuru so mu.” Na hwɛ sɛnea nnipa ayere wɔn ho abɔ mmɔden sɛ wobenya daa nkwa a wɔpɛ no!

9 The Encyclopedia Americana ka sɛ, bɛboro mfe 2,000 a atwam ni wɔ China no, “ahempɔn ne nnipa [mpapahwekwa] nyinaa, a na Taosom mu asɔfo di wɔn anim gyaee adwuma a na wɔyɛ nyinaa kɔhwehwɛɛ nkwa aduru”—nea wɔkyerɛ sɛ wɔfrɛ no asuti a ɛma nnipa kɔ so yɛ mmerante ne mmabaa no. Nokwarem, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa agye adi sɛ sɛ wɔnom dudo ahorow anaa nsu bi mpo a, wobetumi akɔ so ayɛ mmerante ne mmabaa.

10. Mmɔden bɛn na wɔabɔ nnɛyi sɛ wɔbɛma nnipa anya nkwa tenten?

10 Mmɔden a onipa rebɔ nnɛ sɛ obenya daa nkwa a ofi awosu mu pɛ no yɛ nwonwa ankasa. Ɛho nhwɛso titiriw ne obi a yare bi kum no a wɔde ne funu hyɛ frigye mu no. Adwene a wɔde yɛ eyi ne sɛ sɛ wonya yare no ano aduru daakye a, wɔde benyan no. Nea ɔde saa nsusuwii yi bae no kyerɛwee sɛ: “Sɛ nea yɛhwɛ kwan yi bam na yehu sɛnea yɛbɛsa nyarewa anaa yebesiesie nneɛma a asɛe no nyinaa—a nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu mmerɛwyɛ ka ho—a, ɛnde wɔn a ‘wowuwu’ mprempren no benya nkwa a enni awiei daakye.”

11. Dɛn nti na nnipa pɛ sɛ wɔtra ase daa?

11 Ebia yebebisa sɛ, dɛn nti na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebenya daa nkwa no agye ntini wɔ yɛn adwenem saa? So esiane sɛ “[Onyankopɔn] de nkwa a enni awiei ahyɛ onipa adwenem” ntia? (Ɔsɛnkafo 3:11, Revised Standard Version) Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho anibere so! Susuw ho hwɛ: Dɛn nti na yefi awosu mu pɛ nkwa a enni awiei—daa nkwa—sɛ na ɛnyɛ yɛn Bɔfo no atirimpɔw sɛ ɔde bɛma yɛn a? Na so ɛbɛkyerɛ ɔdɔ ama no sɛ ɔbɛbɔ yɛn de daa nkwa ho akɔnnɔ ahyɛ yɛn mu na afei wagyigye yɛn denam yɛn nsa a ɔremma ɛnka da so?—Dwom 145:16.

Hena na Ɛsɛ sɛ Yenya Ne Mu Ahotoso?

12. Ahotoso bɛn na ebinom wɔ, na so wugye di sɛ ɛwɔ nnyinaso pa?

12 Ɛhe, anaa dɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to hwehwɛ daa nkwa? So ɛyɛ nnipa nyansahu mu nimdeɛ a wɔanya wɔ afeha a ɛto so 20 anaa 21 mu so? The New York Times Magazine no mu asɛm bi a wɔtoo din “Wɔpɛ sɛ Wɔtra Ase” no kaa “onyame bi: nyansahu mu nimdeɛ” ne “anigye a nkurɔfo akyerɛ wɔ tumi a nyansahu mu nimdeɛ wɔ” no ho asɛm. Wɔkyerɛ mpo sɛ nhwehwɛmufo bi “anya ahotoso kɛse sɛ . . . bere rekɔ so no, wobetumi anya awosu ho nimdeɛ kɛse a ebegye [yɛn] denam nkwakoraa ne mmerewa a ɛremma yɛmmɔ, na ebia ɛbɛma nkwakoraa ne mmerewa adan mmerante ne mmabaa bio no so.” Nanso, nokwarem no, mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobedi onyin ne owu so nkonim no nyinaa ayɛ ɔkwa.

13. Ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔyɛɛ yɛn amemene no kyerɛ sɛ wɔyɛɛ yɛn sɛ yɛntra ase daa?

13 So eyi kyerɛ sɛ ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so anya daa nkwa? Ɛnte saa koraa! Ɔkwan bi wɔ hɔ! Ɛsɛ sɛ sɛnea yɛn amemene yɛ nwonwa, ne nneɛma pii a etumi sua no ma yegye eyi di. Abɔde mu nneɛma nketewa ho nimdefo James Watson frɛɛ yɛn amemene “ade a emu dɔ sen biara a ɛbɛpem saa bere yi yɛahu wɔ yɛn amansan yi mu.” Na amemene mu ntini ho ɔbenfo Richard Restak kae sɛ: “Amemene ne ade a biribiara ne no nsɛ koraa wɔ yɛn amansan yi mu.” Sɛ wɔammɔ yɛn sɛ yennya daa nkwa a, dɛn nti na yɛwɔ amemene a etumi kora nsɛm so na ɛkyere nsɛm a enni ano, ne nipadua a wɔyɛe sɛ ɛntra hɔ daa no?

14. (a) Dɛn na Bible akyerɛwfo ka fa onipa nkwa ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Nyankopɔn so, na ɛnyɛ onipa so?

14 Ɛnde, dɛn ne nokwasɛm biako pɛ a ntease wom a yebetumi agye atom? So wunnye ntom sɛ Ɔyɛfo nyansafo a ɔwɔ tumi sen biara bi na ɔbɔɔ yɛn na ama yɛatumi atra ase daa? (Hiob 10:8; Dwom 36:9; 100:3; Malaki 2:10; Asomafo no Nnwuma 17:24, 25) Enti, so ɛnsɛ sɛ yefi nyansam tie Bible mu dwontofo no ahyɛde a efi honhom mu a ese: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so” no? Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to onipa so? Efisɛ, sɛnea odwontofo no kyerɛwee no, “ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” Nokwarem no, ɛmfa ho sɛ nnipa wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtra ase daa no, sɛ wohyia owu a, wontumi nyɛ hwee. Odwontofo no de baa awiei sɛ: “Nhyira ne nea . . . n’ani da [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, so.”—Dwom 146:3-5.

So Ɛyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Ankasa?

15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ yɛbɛtra ase daa?

15 Nanso, ebia wubebisa sɛ, So ɛyɛ Yehowa atirimpɔw ankasa sɛ yenya daa nkwa? Yiw, ɛyɛ n’atirimpɔw! N’asɛm hyɛ ho bɔ mpɛn pii. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa.” Onyankopɔn somfo Yohane kyerɛwee sɛ: ‘Ɛbɔ a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn ne daa nkwa.’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ aberante bi bisaa Yesu sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” (Romafo 6:23; 1 Yohane 2:25; Mateo 19:16) Nokwarem no, ɔsomafo Paulo kyerɛw ‘daa nkwa anidaso a Onyankopɔn a ontumi nni atoro de fi teteete hyɛɛ bɔ’ no ho asɛm.—Tito 1:2.

16. Ntease bɛn mu na Onyankopɔn “fi teteete” ahyɛ daa nkwa ho bɔ?

16 Dɛn na asɛm Onyankopɔn “fi teteete hyɛɛ” daa nkwa ho bɔ no kyerɛ? Ebinom susuw sɛ nea na ɔsomafo Paulo repɛ akyerɛ ne sɛ ansa na Onyankopɔn rebɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa no, na wabɔ ne tirim sɛ ɛsɛ sɛ nnipa tra ase daa. Nanso, sɛ na Paulo reka asɛm a esii wɔ onipa bɔ akyi ne bere a Yehowa daa n’atirimpɔw adi ho asɛm a, ntease da so ara wom sɛ nea ɛka Onyankopɔn pɛ ho ne sɛ nnipa benya daa nkwa.

17. Dɛn nti na wɔpam Adam ne Hawa fii Eden turo no mu, na dɛn nti na wɔmaa kerubim kɔwɛn kwan no ano?

17 Bible ka sɛ wɔ Eden turo no mu no, ‘Yehowa Nyankopɔn maa nkwa dua fifii asase no so.’ Nea enti a wɔpam Adam fii turo no mu ne sɛ wɔyɛɛ saa na wantumi ‘anteɛ ne nsa antew nkwa dua no bi anni na ama watra ase daa’—yiw, watra ase afebɔɔ! Bere a Yehowa pam Adam ne Hawa fii Eden turom hɔ wiei no, ‘ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii hɔ sɛ wɔnwɛn nkwa dua ho kwan.’—Genesis 2:9; 3:22-24.

18. (a) Dɛn na anka nkwa dua no a Adam ne Hawa bedi no bɛkyerɛ ama wɔn? (b) Dɛn na na saa dua no a wobedi no gyina hɔ ma?

18 Sɛ wɔmaa kwan maa Adam ne Hawa dii nkwa dua no bi a, anka dɛn na ɛbɛkyerɛ ama wɔn? Anka wobenya hokwan atra Paradise daa! Bible ho nkyerɛkyerɛmufo bi kae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na tumi bi wɔ nkwa dua no mu a anka ɛremma nipadua no nyɛ mmerɛw bere a enyin, anaasɛ anka ɛremma nipadua nsɛe nkowie owu mu.” Ɔkyerɛe mpo sɛ “na nhabannuru bi wɔ paradise hɔ a na etumi ko tia nneɛma” a onyin de ba no. Nanso, Bible no nka sɛ na nneɛma bi wɔ nkwa dua no mu a ɛma nkwa. Mmom no, na dua no gyina hɔ ma daa nkwa hokwan a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔbɛma wɔatew dua no aba no bi adi no.—Adiyisɛm 2:7.

Onyankopɔn Atirimpɔw Nsesae

19. Dɛn nti na Adam wui, na dɛn nti na yɛn, sɛ n’asefo no, nso wuwu?

19 Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ɔhweree hokwan a na n’ankasa wɔ sɛ obenya daa nkwa ne n’asefo a na onnya nwoo wɔn no nyinaa de. (Genesis 2:17) Bere a esiane n’asoɔden nti ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo no, ɔbɛtɔɔ sin, na ɔnyɛ pɛ. Efi saa bere no reba no, sɛnea yɛbɛka no no, Adam nipadua sii owu kwan so. Sɛnea Bible ka no, “bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Afei nso, Adam asefo a wɔnyɛ pɛ no nso besii owu kwan so, wɔamfa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu so. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.

20. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔyɛɛ nnipa sɛ wɔntra asase so daa?

20 Na sɛ anka Adam anyɛ bɔne nso ɛ? Sɛ anka wanyɛ Onyankopɔn so asoɔden na wɔmaa no tee nkwa dua no bi dii nso ɛ? Ɛhe na anka ɔde Onyankopɔn akyɛde a ɛne daa nkwa no bɛtra? Ɔsoro? Dabi! Onyankopɔn anka biribiara a ɛkyerɛ sɛ na ɔde Adam bɛkɔ soro. Asase so ha na wɔmaa no adwuma sɛ ɔnyɛ. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘Yehowa Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii asase no so,’ na ɛka sɛ: ‘Yehowa Nyankopɔn de onipa no koduaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.’ (Genesis 2:9, 15) Bere a wɔbɔɔ Hawa maa Adam sɛ ne hokafo no, wɔmaa wɔn baanu adwuma foforo wɔ asase so ha. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”—Genesis 1:28.

21. Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn na na nnipa a wodi kan no wɔ?

21 Susuw asase so anidaso a ɛyɛ anigye a saa akwankyerɛ ahorow a Onyankopɔn de mae no maa Adam ne Hawa nyae ho! Ná wɔbɛtete mmabarima ne mmabea a wɔyɛ pɛ na wɔwɔ akwahosan pa wɔ Paradise asase so. Bere a wɔn mma a wɔdɔ wɔn yi nyinyin no, na anka wɔne wɔn bɛbom ayɛ turo a emu yɛ anigye no mu adwuma ahwɛ Paradise no so. Bere a mmoa no nyinaa hyɛ wɔn ase no, anka wɔn asetra bɛyɛ nea abotɔyam wom ankasa. Susuw anigye a anka wɔde bɛtrɛw Eden turo no mu ma enti awiei koraa no, asase nyinaa adan paradise no ho hwɛ! So w’ani begye asase so fie a ɛyɛ fɛ saa a wobɛwo wo mma a wɔyɛ pɛ mu asetra ho, bere a onyin ne owu ho adwennwen biara nna wo so? Fi wo komam ma saa asɛmmisa yi ho mmuae.

22. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ansesa n’atirimpɔw ma asase yi?

22 Wiɛ, ɛnde, bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden na wɔpam wɔn fii Eden turom hɔ no, so Onyankopɔn sesaa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma nnipa atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so no? Dabida! Sɛ Onyankopɔn yɛɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ wagye atom sɛ wadi nkogu wɔ ne mfitiase atirimpɔw a ɔbɛma abam no ho. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ma ne bɔhyɛ ahorow bam, efisɛ n’ankasa ka sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:11.

23. (a) Dɛn na esi so dua bio sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ treneefo bɛtra asase so daa? (b) Dɛn na edi hɔ a yebesusuw ho?

23 Wɔakyerɛkyerɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma asase a ɛnsesae no mu pefee wɔ Bible mu, baabi a Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem” no. Yesu Kristo mpo kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ ahobrɛasefo benya asase no adi. (Dwom 37:29; Mateo 5:5) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya daa nkwa, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nkwa a ɛte saa no? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na nnipa pii gye di sɛ yebetumi anya daa nkwa?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye di sɛ wɔyɛɛ yɛn sɛ yɛntra ase daa?

◻ Ná dɛn ne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma ne asase?

◻ Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bedi ne mfitiase atirimpɔw ho dwuma?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena