Asetra a Ahobammɔ Wom Daa
SƐ WO ho yɛ hyew a, ɛda adi sɛ wofa aduru mene ma tipae no gyae, na ebia wode nsukyenee to wo ti so ma edwo wo. Ɛwom sɛ aduru ne nsukyenee no ma wutumi gyina ɔyare ho nsɛnkyerɛnne no ano de, nanso enni nea ɛma wo ho yɛ hyew no ho dwuma. Na sɛ wo yare no mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ wunya oduruyɛfo bi a waben ma ɔsa wo yare.
Ahobammɔ a enni hɔ ma adesamma ho yɛ hyew bere nyinaa. Ɛfata sɛ yɛyɛ biribi de tew ɔyare no ho nsɛnkyerɛnne a ɛma yɛn ho yeraw yɛn no so bere tiaa mu, nanso obi a obetumi ahwehwɛ yɛn tebea no mu yiye ahu nea ɛde ba no nkutoo na obetumi asa yɛn yare. Na obiara nnim adesamma yiye nsen yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn. Onim sɛ esiane ɔhaw ahorow a wɔde aba yɛn so nti, yenni ahobammɔ wɔ asetra mu.
Wɔsɛee Mfiase a Ahobammɔ Wom No
Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no a na wɔyɛ pɛ, na ɔde wɔn kɔtraa baabi a ahobammɔ wɔ. Na wonni dadwen biara. Ná Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛtra ase daa wɔ paradise a ahobammɔ wom koraa mu. Na “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi” wɔ adesamma atrae a edi kan no. Hyɛ no nsow sɛ wɔmaa wɔn honam fam ahiade nyinaa; na wɔn nkate fam de ka ho, efisɛ wɔka beae hɔ ho asɛm sɛ “wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ.” Akyinnye biara nni ho sɛ eyi kyerɛ sɛ wɔde nnipa baanu a wodi kan no traa baabi a ɛma wonyaa abotɔyam, a na ɔhaw biara nni hɔ.—Genesis 2:9.
Adam ne Hawa poo Onyankopɔn amansan tumidi a ɔdɔ wom no, na wɔnam saayɛ so de adwenem naayɛ, osuro, aniwu, afobu, ne ahobammɔ a wonni baa wɔn asetra mu. Bere a Adam poo Onyankopɔn no, ogye toom sɛ na ‘osuro.’ Nnipa a wodi kan no kataa wɔn ho kohintaw fii wɔn Bɔfo a ɔwɔ dɔ a ebesi saa bere yi na wɔne no anya abusuabɔ a emu yɛ den na mfaso wɔ so no anim.—Genesis 3:1-5, 8-10.
Yehowa mfitiase atirimpɔw no nsesae. Bible ka sɛ yɛn Bɔfo no yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ, na ɛrenkyɛ ɔbɛma adesamma a wɔn aso yɛ mmerɛw de asase aba paradise tebea mu na wɔatra so wɔ asomdwoe mu daa. Bɔhyɛ a wɔnam odiyifo Yesaia so de mae ne sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo; . . . momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa.” (Yesaia 65:17, 18, NW) Ɛdefa ɔsoro foforo ne asase foforo yi ho no, ɔsomafo Petro ka sɛ: “Trenee bɛtra mu.”—2 Petro 3:13, NW.
Wɔbɛyɛ dɛn atumi anya eyi? Wɔnam nniso a Yehowa de bɛba so. Eyi yɛ Ahenni a Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.
Onyankopɔn Ahenni besi nnipa nniso ananmu, na adi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma ɔdɔ mu wɔ wiase nyinaa. (Daniel 2:44) Adwenem naayɛ, osuro, aniwu, afobu, ne ahobammɔ a enni hɔ a ahaw adesamma fi Adam bere so no befi hɔ. Sɛnea Bible kyerɛ no, saa Ahenni no abɛn. Mprempren mpo, wɔ yɛn wiase a ahotoso nnim yi mu no, wɔn a wɔhwɛ Onyankopɔn Ahenni kwan no wɔ ahobammɔ bi.
Fa Honhom Fam Nneɛma Di Kan
Ná Dawid yɛ Onyankopɔn somfo a onim nea osuro ne ahohia kyerɛ. Nanso Dawid kyerɛw wɔ Dwom 4:8 sɛ: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo; [Yehowa, “NW”], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Yehowa maa Dawid tee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ, ɛmfa ho sɛ Dawid hyiaa ɔhaw ahorow mmere bi no. So yebetumi asua biribi afi eyi mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahobammɔ bi wɔ wiase a ahobammɔ nnim yi mpo mu?
Susuw Adam ne Hawa ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis no ho hwɛ. Bere bɛn na wɔtee nka sɛ wonni ahobammɔ? Ɛyɛ bere a wɔne Ɔbɔadeɛ no twaa abusuabɔ mu, na wɔantra ase sɛnea n’atirimpɔw ma adesamma te no. Enti, sɛ yɛsan ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den, na yɛtra ase ma ɛne n’apɛde hyia a, mprempren mpo yebetumi anya asetra a ahobammɔ wom pii asen nea anka ɛbɛyɛ no.
Sɛ yɛnam Bible sua so hu Yehowa a, ɛboa yɛn ma yɛte nkwa atirimpɔw ase. Ɛno nkutoo na ɛma yehu nnipa ko a yɛyɛ ne nea enti a yɛwɔ ha. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, nim n’atirimpɔw ma adesamma, na yɛte nea yɛyɛ ase a, yebetumi anya asetra a ahobammɔ wom. Ɔbarima bi a ne din de Paul huu eyi mfe bi a atwam no.
Wɔwoo Paul tetee no wɔ supɔw a ɛwɔ Germany mpoano so. Esiane nea na n’awofo ahu wɔ Wiase Ko II no mu nti, na n’abusua no ani nnye nyamesom ho. Sɛ́ aberante no, Paul ka n’ankasa ho asɛm sɛ: “Na mennye biribiara nni, na na mimmu obiara. Na mede mmosa na ɛko m’awerɛhow, na na mebow mprenu anaa mprɛnsa dapɛn biara. Na minni ahobammɔ biara wɔ m’asetra mu.”
Afei Paul ne Yehowa Dansefo bi bɔɔ nkɔmmɔ. Paul gyee akyinnye pii, nanso asɛm biako a Ɔdansefo no kae maa osusuw nneɛma ho. “Biribiara mma kwa.” Ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ biribiara a atwa yɛn ho ahyia a yehu no nya Ɔyɛfo.
“Misusuw ɛno ho mpɛn pii, na na ɛsɛ sɛ migye tom.” Enti Paul ne Yehowa Adansefo suaa Bible, na obehuu Yehowa. Ɔka sɛ: “M’awofo akyi no, Yehowa ne obi a wadi kan ayɛ biribi ama me wɔ m’asetra mu.” Wɔbɔɔ Paul asu sɛ Ɔdansefo wɔ 1977 mu, na ɔka sɛ: “Afei na mahu asetra atirimpɔw ankasa. M’ani gye sɛ mebɔ me bra ma ɛne Yehowa apɛde hyia. Mete nka sɛ mewɔ ahobammɔ, efisɛ biribiara nni hɔ a ebetumi ato me anaa m’abusua a, Yehowa ntumi nsiesie daakye.”
Dɛn na yebetumi asua afi saa osuahu yi mu? Ɛnyɛ ahonyade na Paul de n’adwene sii so ma odii ahobammɔ a onni—nkate fam adesoa—no so, na mmom honhom fam nneɛma so. Ɔne Ɔbɔadeɛ no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Yehowa Adansefo ɔpepem pii wɔ abusuabɔ a ɛte saa. Eyi ma wonya ahoɔden bi wɔ wɔn mu a ɛboa wɔn ma wɔda ahofama adi wɔ wɔne afoforo nsɛnnii mu. Yehowa Adansefo de wɔn ankasa bere kɔ nkurɔfo afie mu kɔboa afoforo ma wonya ahobammɔ kɛse wɔ wɔn asetra mu denam honhom fam nneɛma a wɔde wɔn adwene si so no so. Nanso Adansefo no yɛ pii sen asɛnka ara kwa.
“Momfrɛ Mo Nyankopɔn, Yehowa No”
Wɔ July 1997 mu bere a Oder Asubɔnten yiri faa Europa kusuu fam mmeae pii no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany no tee Polandfo a wɔbɛn hɔ no awerɛhosɛm no. Dɛn na na wobetumi ayɛ? Adansefo ankorankoro a wɔwɔ Berlin ne ne mpɔtam no daa ayamye kɛse adi denam ntoboa bɛboro $116,000 a woyii wɔ nna kakraa bi mu no so.
Adansefo a na wɔwɔ adansi ho nimdeɛ no de nnɔnhwerew asia traa kar mu twaa kwan—wɔde wɔn ankasa kotoku mu sika—fi Berlin kɔɔ Wrocław mantam mu wɔ Poland. Wɔ kurow ketewa bi mu no, na afie no pii asɛɛsɛe kɛse. Ná Adansefo abusua bi fie si nsu a emu dɔ bɛyɛ mita 6 mu. Na wɔn babea ayɛ nhyehyɛe rebɛware ɔsram a edi hɔ no, na na ɔne ne kunu bɛtra saa fie no mu. Dɛn na na wobetumi ayɛ de asiesie fie no na wɔaboa abusua a ɛkame ayɛ sɛ na wɔahwere biribiara no?
Bere a nsu no twee no, ofipamfo bi kaa no fɛwdi kwan so sɛ: “Dɛn nti na momfrɛ mo Nyankopɔn, Yehowa no, nhwɛ sɛ ebia ɔbɛboa mo anaa?” Hwɛ sɛnea ofipamfo no ho dwiriw no, bere a ade kyee na kar pii fi Germany baa Adansefo abusua no fie hɔ no! Nnipakuw bi a wɔyɛ ahɔho fii kar ahorow no mu sisii, na wofii ase siesiee fie no. Ofipamfo no bisae sɛ: “Wɔyɛ henanom? Hena na obetua nneɛma no ho ka?” Adansefo abusua no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔyɛ wɔn honhom fam nuanom, na saa ahɔho yi na wobetua nneɛma no ho ka. Kurom hɔfo de ahodwiriw hwɛɛ wɔn bere a wɔresiesie fie no. Sɛnea ɛkɔbae no, ayeforohyia no baa so ɛda a wɔhyɛe sɛ wɔbɛyɛ no ara.
Saa abusua yi hui sɛ ɛnyɛ honhom fam mfaso nko na Yehowa Adansefo amanaman ntam onuayɛ kuw no muni a obi yɛ no ma onya, na mmom onya ahobammɔ bi nso wɔ wiase a ahobammɔ nnim yi mu. Ɛnyɛ wɔn nko na wɔyɛɛ eyi maa wɔn. Wosiesiee Yehowa Adansefo afie ne Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ baabi a nsu no yiri fae no nyinaa. Na wɔamma wɔn werɛ amfi wɔn a wɔnyɛ Adansefo no nso. Wɔyɛɛ wɔn afie ho nnwuma pii maa wɔn ma wɔn ani sɔɔ kɛse.
Trenee, Kommyɛ, ne Ahobammɔ
Sɛ ahoɔhyew no gyae na yɛn ho tɔ yɛn a, hwɛ sɛnea yɛda oduruyɛfo a ɔboaa yɛn no ase! Sɛ ahoɔhyew a ɛne ahobammɔ a adesamma nni no fi hɔ koraa—denam Onyankopɔn Ahenni so—a, hwɛ sɛnea yɛbɛda yɛn Bɔfo no ase! Yiw, ɔne nea wahyɛ yɛn asetra a ‘nokware trenee, kommyɛ, ne ahobammɔ wom daa’ ho bɔ no. Anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn ni!—Yesaia 32:17.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Ɛnyɛ ahonyade na yɛde yɛn adwene besi so ma yɛatumi adi nkate fam adesoa so na mmom honhom fam nneɛma so
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Onyankopɔn ahyɛ wiase foforo a obiara bɛtra ase wɔ ahobammɔ a ɛtra hɔ daa mu ho bɔ