Dɛn Nti Na Ɔsɛmpɔw No Ano A Wobehu Akyɛ Saa?
BƐYƐ mfe 6,000 a atwam ni no, na Onyankopɔn tumidi ho mmaa asɛm ɛ. Owiee n’adebɔ nnwuma a ɛyɛ nwonwa no, “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” (Genesis 1:31) Afei ɔhyɛn “ɔhome” bere tenten bi mu, nanso na ɛnyɛ sɛ wabrɛ ɔhonam mu nti. Mmom no, ɔhomee a na ɛkyerɛ sɛ ogyaee n’adebɔ nnwuma wɔ asase so, a na ɔwɔ ahotoso sɛ n’atirimpɔw pa a ɔwɔ wɔ eyinom ho no bɛyɛ hɔ koraa.—Genesis 2:1-3; Yesaia 55:11.
Na dɛn ne saa atirimpɔw no? Yehowa de nnipa baanu a wodi kan no traa baabi a wɔfrɛ hɔ Eden turo mu. Na wɔn asɛyɛde a edi kan ne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn paradise fie no so, a mmoa ahorow ahorow pii a wɔwom no nso ka ho. Bio nso, na ɛsɛ sɛ wɔwo mma na wɔtete wɔn. Bere bi akyi, bere a wɔn abusua no yɛ kɛse no, na wɔbɛtrɛw Paradise mu akɔpem asase no ano de adi ahyɛde a Onyankopɔn de maa wɔn sɛ ‘wɔnhyɛ asase so’ no so. Enti, na awiei koraa no, asase bɛyɛ ofie fɛfɛ a abusua a wɔde anigye ne biakoyɛ som wɔn soro Agya no ahyɛ so ma. Na ɛno ne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw.—Genesis 1:27, 28; 2:8, 15, 20-22.
So na Adam ne Hawa benya atirimpɔw kɛse yi a wɔbɛma abam no mu kyɛfa akosi ase? Na ɛno gyina ɛho adwuma a wɔbɛkɔ so ayɛ denam wɔn Bɔfo no a wobetie no no so. Na ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛ osetie ara kwa a wonsusuw ho. Wɔmaa wɔn kwan sɛ womfi wɔn pɛ mu mpaw nea wɔpɛ, efisɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ wofi anisɔ koma mu som no. Ɔde sɔhwɛ a ɛyɛ mmerɛw bi mae sɛ ade a aniwa hu a ɛbɛkae wɔn ne tumidi a ɛfata no. Na wobetumi adi turo no mu nnuan nyinaa bi gye biako bi pɛ. Na dua bi a ɛsow aduaba wɔ hɔ a Onyankopɔn kaa ho asɛm sɛ: “Da a wubedi bi no, owu na wubewu.”—Genesis 2:16, 17.
Nsɛm yi ma yehu sɛ wɔammɔ Adam ne Hawa sɛ wonyin na wonwu. Sɛ wobu ahyɛde a ɛyɛ mmerɛw yi so nkutoo a na wobewu. Adam ne Hawa kɔɔ so yɛɛ osetie maa Onyankopɔn a, anka wɔda so te ase wɔ asase so nnɛ sɛ wiase nyinaa abusua a emufo yɛ pɛ no awofo.—Hwɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Dwom 37:29 no.
Nanso, Onyankopɔn abɔde a wɔyɛ abɔfo no mu biako, a mprempren wɔfrɛ no Satan, kasa tiaa ɔkwan a Onyankopɔn fa so di tumi no. Ɔhyɛɛ Hawa nkuran sɛ onni aduaba a wɔabara wɔn ne di no, na ɔde nyansahyɛ mae nnaadaa kwan so sɛ ne ho a ɔbɛde afi Onyankopɔn tumidi ho no bɛma asi no yiye. Nanso na Satan atirimpɔw ankasa ne sɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ adesamma abusua a na ɛrebɛba no nyame.—Genesis 3:1-5; Mateo 4:8, 9; Yohane 8:44.
Esiane sɛ na Yehowa ama nnipa baanu a wodi kan no biribiara a wohia nti, ɛsɛ sɛ anka Hawa gyina ne tumidi akyi na ɔpow Satan atoro nyansahyɛ no. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ obuu Onyankopɔn mmara so. Akyiri yi, Adam pawee sɛ ɔbɛkɔ akɔka ne yere ho wɔ ɔkwan a nyansa nnim a ɔfaa so no mu. Enti awarefo a wɔyɛɛ nea wɔn ankasa pɛ no, ne Satan, tew Onyankopɔn so atua, na ɛmaa ɔsoro tumidi ho ɔsɛmpɔw no sɔree.—Genesis 3:6.
Nsɛmpɔw a Ɛho Hia Ano a Wobehu Gye Bere
Na Yehowa betumi asɛe atuatewfo baasa no ɛhɔ ara. Nanso na ɛno rentumi mma wommua nsemmisa a wɔn atuatew no ma ɛsɔree no korakora. So onipa betumi akwati Onyankopɔn adi ne ho so yiye anaa? So ɛyɛ atɛntrenee sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ ne tumidi ase? Bio nso, esiane nnipa baanu a wodi kan no nneyɛe no nti, so nnipa befi wɔn ankasa pɛ mu asom Onyankopɔn a pɛsɛmenkominya nnim—sɛ Satan sɔ wɔn hwɛ mpo a? (Hiob 1:7-11; 2:4) Nsemmisa yi ho mmuaema begye bere. Nea afi mfitiase atuatew yi mu aba so nkonim a wobedi na wɔama Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛyɛ asase no paradise a adesamma abusua a wɔyɛ pɛ te so no abam no, nso begye bere. Yɛda so ara retwɛn nsɛmpɔw yi a wobehu ano korakora no.
Sɛnea ɛne ne mmara hyia no, Onyankopɔn gyee daa nkwa hokwan no fii Adam ne Hawa nsam. Na wɔmfata bio sɛ wobenya n’atirimpɔw kɛse no mmamu mu kyɛfa. Nanso wɔmaa wɔn kwan ma wɔwoo mma yɛn wɔn ansa na wɔrewu. Ampa, na Adam ne Hawa rentumi mma wɔn mma no nkwa a ɛyɛ anigye na bɔne nnim bio. (Romafo 5:12) Ɛwom sɛ wɔde sintɔ woo awo ntoatoaso a ɛbae wɔ wɔn akyi no, na na wobewuwu de, nanso ankorankoro pii nyaa hokwan de kyerɛɛ faako a wogyina wɔ tumidi ho ɔsɛmpɔw kɛse no mu.
Ɔsɛmpɔw no ho Mmuaema
Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛma ne tumidi ho nsɛm yi ho mmuae? Ɔkwan bi so no, wɔama nsemmisa a ɛsɔree wɔ Eden no ho mmuae mprempren. Adesamma abakɔsɛm mu mfe mpempem pii a atwam no ada no adi ɔkwan a ɛyɛ yaw so sɛ ka a Satan kae sɛ Hawa ho a ɔbɛde afi Onyankopɔn ho bɛma asi no yiye no yɛ atoro. Nnipa nniso a ɛkwati Onyankopɔn no akɔ so adi huammɔ. Sɛnea Bible no ka no: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.
Nneɛma pa pii nso aba wɔ bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi mfe pii a abɛsen no mu. Nnipa pii akyerɛ sɛ wɔbata Yehowa tumidi ho pintinn, a wɔn nhwɛsofo a ɔda nsow sen biara ne “onipa ba,” Yesu Kristo ankasa. (Mateo 20:18; Hebrifo 11:1-12:3) Wɔn a wɔadi Onyankopɔn mmara so na wɔagye ne tumidi atom no ahu sɛ eyi ne ɔkwan a eye kyɛn so ampa. Wɔahu nokware a abebusɛm yi ye, sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho.” (Mmebusɛm 10:22, New World Translation) Bio nso, owusɔre nsiesiei no nti, awiei koraa no, wobenya Onyankopɔn atirimpɔw kɛse no mmamu mu kyɛfa.—Yohane 5:28, 29.
Yehowa werɛ mfii ne mfitiase atirimpɔw no ɛ. Ɔremma wɔn a wɔpow ne tumidi nni asase so daa, na Bible bɔ kɔkɔ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ ade atia wɔn. Yɛkenkan sɛ: ‘Woyi Nyankopɔn abufuw adi fi soro de tia mmusubɔ nyinaa.’ (Romafo 1:18) Onyankopɔn abufuw a ɔrebɛda no adi yi a Bible no frɛ no Harmagedon no bɛma wɔahu no pefee sɛ ɔwɔ hɔ ampa. Wɔn a wogye ne tumidi tom nkutoo na wobefi mu aka. “Teefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase no so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.
Ɔsɛmpɔw Kɛse no ne Wo
Nokwasɛm ahorow yi nti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara—te sɛ Adam ne Hawa—paw biribi. So yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkwati Onyankopɔn atra ase anaa? Anaa so yɛde yɛn ho bɛhyɛ ne tumidi ase? Kae sɛ eyi ne ɔsɛmpɔw a ɛho hia sen biara a ɛda w’anim nnɛ. Nsɛmpɔw afoforo fa wo mprempren asetra ho, ɛmfa ho sɛ ebetumi ayɛ sɛ nea ɛho hia. Eyi de ɛfa daa nkwa ho. Wo gyinaesi no bɛka wo daakye daa asetra.
Ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ sɛ wugye Onyankopɔn tumidi tom? Ɛdenam n’Asɛm Bible no a wode nsi besua, ne mmɔden a wobɛbɔ sɛ wo ne nokware Kristofo afoforo bɛbom adi n’apɛde so no so. (Sefania 2:2, 3) Woyɛ saa a, wubenya anidaso a ɛyɛ anigye sɛ wubehu Onyankopɔn atirimpɔw kɛse no mmamu. Wubehu bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi mmamu: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:10, 11) Hwɛ sɛnea nea ebefi mu aba no bɛyɛ anigye ama wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn tumidi ase no nyinaa! Ntease pa a yebegyina so asi asɛm a ɛho hia sen biara yi ho gyinae nyansam bɛn ara ni!