Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 12/1 kr. 5-7
  • Adam Ne Hawa Anansesɛm Anaasɛ Asɛm Paara?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adam Ne Hawa Anansesɛm Anaasɛ Asɛm Paara?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔne Ne Agyede No
  • Adanse Ahorow Abien A Emu Yɛ Duru
  • Wiase No Nyansa Anaasɛ Onyankopɔn Nyansa?
  • “Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yesu Wuo ne Ne Wusɔreɛ​—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 12/1 kr. 5-7

Adam Ne Hawa Anansesɛm Anaasɛ Asɛm Paara?

“SO ƐNYƐ nea ɛbɔ Bible no abira kɛse sɛ wɔbɛka sɛ Adam ne Hawa fi mmoa ahemman no mu na ɛbae?” Asɛm a Roman Katolekfo da biara da atesɛm krataa a wɔfrɛ no La Croix bisae no da nea ɛhaw Kristofo pii no adi tiawa. Wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ nea Kristosom fa ho no ho ankasa, sɛ ɛyɛ nea wogye adebɔ ho kyim saa a. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte ɛho asɛm no ase yiye no, ɛho behia sɛ yɛhwehwɛ nea Bible no wɔ ka wɔ asɛm a ɛfa bɔne ne owu ho no mu. Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ nsɛm a ɛfa nea esii wɔ Eden turo mu ho no so.

Bɔne Ne Agyede No

Genesis ti 2 kyerɛ sɛ Onyankopɔn de ahyɛde maa onipa a odi kan no. Na ɛnsɛ sɛ odi dua bi a wɔfrɛ no “papa ne bɔne hu dua no.” (Genesis 2:17) Sɛnea The Jerusalem Bible kyerɛkyerɛ mu wɔ ase hɔ asɛm bi mu no, bere a onipa buu Onyankopɔn ahyɛde so no, ɔfaa hokwan bi a ɛnyɛ ne de, “tumi a ɔwɔ sɛ obesi gyinae ama ne ho wɔ nea eye ne nea enye ho na wayɛ ade ma ɛne no ahyia no, pɛ a onipa pɛe sɛ obenya abrabɔ mu ahofadi koraa a ɔnam so powee sɛ obegye ne gyinabea sɛ obi a wɔbɔɔ no no atom no.”

Ɛdenam Onyankopɔn mmara a obuu so no so no, Adam yɛɛ bɔne na ɔde sintɔ baa adesamma abusua no so a nea efii mu bae ne owu, sɛnea na Onyankopɔn aka ato hɔ no. Bere a na pɛ a wɔyɛ no afi wɔn nsa no, na nea nnipa baanu a wodi kan no betumi de ama wɔn asefo ara ne sintɔ. Na Adam asefo a wɔbɛba daakye nyinaa​—ɔkwan foforo so no, adesamma abusua no nyinaa​—bewu wɔ ɔkwan biara so.​—Genesis 3:6; Dwom 51:5; Romafo 5:14, 18, 19.

Na ɛbɛyɛ dɛn na adesamma asan atumi anya daa nkwa anidaso a Adam ma ɛhweree wɔn no? “Nkwa nsi nkwa ananmu” nnyinasosɛm a wɔdaa no adi wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔnam Mose so de mae no mu no da nea wɔhwehwɛ no adi pefee: ɛsɛ sɛ wɔde nkwa a ɛyɛ pɛ ma de si nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam yeraa no no ananmu. (Deuteronomium 19:21, The New English Bible) Ná Yesu Kristo a ɔyɛ Kristosom nhyɛase no fata yiye sɛ ɔbɛyɛ eyi. Sɛ́ obi a onni bɔne ne sintɔ no, ɔno nkutoo na otumi de ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ mae sɛ “agyede a ɛsɛ maa nnipa ahorow nyinaa.” (1 Timoteo 2:5, 6, NW) Kristo kyerɛe sɛ na eyi yɛ atirimpɔw atitiriw nti a ɔbaa asase so no mu biako, bere a ɔkae sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii” no.​—Mateo 20:28.

Ade koro a wɔhwehwɛ yi ara​—a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi a ɔkorɔn sen onipa a ɔnyɛ pɛ de agyede no ma no​—yɛ nea wɔda no adi wɔ Dwom 49:7 nso, faako a yɛkenkan wɔ nnipa tebea ho sɛ: “Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade” no. Dɛn nti na obi rentumi ‘nnye ne nua’? Efisɛ nkwa a ɛnyɛ pɛ biara nni hɔ a wobetumi de apata wɔ nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam yeraa no no ho.

Adanse Ahorow Abien A Emu Yɛ Duru

Ɛdenam nea ɔsomafo Paulo ne Kristo ankasa kae wɔ asɛm no ho mu a yɛbɛhwehwɛ so no, yɛn ankasa betumi ahu sɛ ebia na Adam ne Hawa ho kyerɛwtohɔ no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de ne sɛ ebia wɔtraa ase ankasa anaasɛ dabi.

Ɔsomafo Paulo ma wohu nsonsonoe a ɛda nea Adam yɛe ne nea Yesu Kristo yɛe no ntam na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae . . . Na sɛ ɛnam obiakofo no so na owu de obiakofo no mfomso dii hene a, wɔn a wɔanya ɔdom ne trenee akyɛde a ɛboro so no nam obiakofo no, Yesu Kristo, so bedi ahene, nkwa mu mmom.” (Romafo 5:12, 17) Ɔdaa asɛm koro yi ara adi wɔ ne nkrataa ahorow no foforo mu, faako a ɔfrɛɛ Yesu sɛ “Adam a odi akyiri” no, na ɔnam saa yɛ so kyerɛe sɛ Yesu nkutoo na obetumi agye nea Adam ma ɛyerae no. Akyiri yi, bere a wɔanyan no akɔ honhom asetra mu wɔ ɔsoro no, na Yesu betumi abɛyɛ “honhom a ɔma nkwa” ama wɔn a wɔagye wɔn no nyinaa. (1 Korintofo 15:45) Afei, sɛ na Adam yɛ adesamma abusua no ho sɛnkyerɛnnede ara kwa, anaasɛ sɛnea Fransefo Traduction Ecuménique de la Bible ase hɔ asɛm bi da no adi no, “nea ogyina hɔ ma nnipa nyinaa” a, dɛn na Paulo asɛm no bɛyɛ nea egyina so?

Nanso, adanse a ɛho hia sen biara a ɛfa nokware a kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no yɛ no yɛ nea Kristo ankasa de mae a ɛno na ɔtwee adwene sii so bere a ne bere so nyamesom asɔfo no bisaa no asɛm no. Ɔkae sɛ: “Monkanee [Genesis] sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro? . . . Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” (Mateo 19:4-6) So yebetumi asusuw sɛ Yesu de ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa kronkron a aware yɛ ho no gyinaa biribi a wɔbɔ tirim ka anaasɛ anansesɛm so?

Wiase No Nyansa Anaasɛ Onyankopɔn Nyansa?

Fransefo Jesuit asɔre no sɔfo Teilhard de Chardin na ɔde nsakrae ahorow akɛse wɔ Katolekfo nsusuwii mu no biako bae. Obuu adannandi sɛ nea wɔnam so de nkakrankakra bɛforo adu ase a wɔtra wɔ honhom mu ho. Sɛnea ne nkyerɛkyerɛ no kyerɛ no, nkwa mu nneɛma ahorow no di adannan na ɛba bɛyɛ aboa na afei edu onipa tebea so a wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ awiei koraa no, ɛbɛyɛ biako wɔ nea etwa to no mu​—Kristo. Ɛwom sɛ asɔre no kasa tiae mfiase no de, nanso Katolek asɛnkafo pii gyee nkyerɛkyerɛ no toom. Nanso, na ɛne Kyerɛwnsɛm mu adanse no bɔ abira koraa na ɛde ahohorabɔ baa Onyankopɔn ankasa so na ɛpow hia a adesamma hia agyede no na ama wɔasan anya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ no.

Saa atoro nkyerɛkyerɛ yi aka asɔre no wɔ ɔkwan a enye so kɛse. Sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma, L’épopee des adamites a Jean Rondot kyerɛwee no mu no: “Atuatew anaa mansotwe a akɔ so wɔ asɔre no mu wɔ asɔfo ne asɔremma fam no sɔree esiane nea Teilhard ma ɛbae no nti. Mprempren a wɔde Kyerɛwsɛm mu nkyerɛkyerɛmu hokwan bi ma (sɛ ɛyɛ nea ɛkyerɛ sakra a wɔbɛsakra kyerɛwsɛm no mu ntease mpo a) no, dɛn nti na momfa nni dwuma kɛse na monhyehyɛ nyamesom foforo a ɛne nea ankorankoro pɛ hyia?”

Wohu aba a adeyɛ yi asow no titiriw nnɛ. Nhwehwɛmu bi a Fransefo dwumadibea titiriw bi yɛe wɔ 1980 mu daa no adi sɛ Franse Katolekfo ɔha biara mu 40 pɛ na wogye Adam ne Hawa mfitiase bɔne ho asɛm no di. Adwenem naayɛ asɛe wɔn adwene nso wɔ nneɛma afoforo a ɛho hia saa ara ho, efisɛ Katolekfo a wɔwɔ Franse no mu ɔha biara mu 59 pɛ na wogye Kristofo nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛfa Yesu Kristo wusɔre ho no di mprempren.

Sɛ́ anka wɔde wɔn ho bɛfam nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ no ho kɛse mmom no, asɔreasɔre a wɔagye adannandi nkyerɛkyerɛ no atom no da no adi sɛ nea wɔpɛ sɛ wogye tom titiriw ne nyansapɛ ahorow a agye din a ɛyɛ nea aba so. Paulo bɔɔ tete Kristofo no kɔkɔ wɔ nsusuwii a ɛte sɛɛ ho. ɔkaee Korintofo no sɛ Kristosom ne adwene ne nyansapɛ ahorow a na agye din wɔ ne bere so no nni hwee yɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Anyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wi yi ase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wi yi ase nyansa nkwaseasɛm anaa? Efisɛ Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa; na yɛn de, yɛka Kristo a wɔsen no no ho asɛm; . . . ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufo.”​—1 Korintofo 1:20-23.

Saa ara na nnɛ “wi yi ase nyansa” a ɛte sɛɛ rentumi mma onipa nnya Onyankopɔn ho nimdeɛ na saa ara na ɛremma ɔnsɔ n’ani. (Fa toto Yohane 17:3 ho.) Nkwagye a ɛde kɔ daa nkwa mu wɔ hɔ ma wɔn a wogye Kristo afɔrebɔ, agyede a otua de tɔɔ nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam ma ɛyerae no tom koraa no nyinaa. Afɔrebɔ yi nkutoo so na nnipa betumi agyina akɔ Onyankopɔn anim na wɔde wɔn bɔne afiri wɔn. Na ɔsomafo Petro gye eyi di kɛse bere a ɔkaa eyi wɔ nyamesom asɔfo a na wɔahyiam wɔ Yerusalem no anim no: “Nkwagye nni obiara mu [wɔ Yesu akyi], nanso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”​—Asomafo no Nnwuma 4:12.

Nnipa mpem ɔhaha pii anya “honhom a ɔma nkwa” no mu gyidi dedaw. Wɔde aho pere retwɛn nea ɛrenkyɛ ɛbɛba, bere a wɔbɛsan de Paradise asi asase so na wɔatumi ahu anidaso a Adam ma ɛyerae a ɛne tra a wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no mmamu. Wubetumi anya Bible mu nimdeɛ a ɛho hia yi denam Yehowa Adansefo a wo ne wɔn besua ade a wonnye ho hwee ne wɔn Kristofo nhyiam ahorow a wobɛkɔ ase no so, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a. Ɛdenam ɛno so no, wubehu nea wɔhwehwɛ na ama obi abɛyɛ Yesu asuafo no mu biako. Ɛdenam ɔno, “Adam a odi akyiri” no so no, wo nsa betumi aka nhyira ahorow a ɛyɛ nwonwa a efi Onyankopɔn hɔ.​—1 Korintofo 15:45; Adiyisɛm 21:3, 4.

[Kratafa 6 mfoni]

Na Yesu ne Adam a ɔyɛ pɛ no kari pɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena