Okununom Monkyerɛ Ɔdɔ A Ɛma Obi De Ne Ho Bɔ Afɔre
“Okununom monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.”—EFESOFO 5:25.
1. Dɛn nti na Kristofo tiyɛ yɛ nea asɛyɛde pii wom na ɛso wɔ mfaso nso?
“AWARE! Biribi foforo biara nni hɔ a ɛhwehwɛ pii fi ɔbarima hɔ saa!” Eyi ne asɛm a Norweni anwensɛm kyerɛwfo Ibsen kyerɛwee. Esiane nea Bible ka wɔ tiyɛ ho no nti, ebia wo ne no bɛyɛ adwene ntɛm ara. Nanso, sɛ wodi ho dwuma yiye a, Kristofo tiyɛ betumi ama moanya ofie asetra a ɔdɔ ne obu wɔ mu a wubetumi anya akomatɔyam wɔ hɔ. Nanso, dibea a wofi soro de ama wo sɛ ti no yɛ nea Onyankopɔn anim asodi kɛse ka ho.—Luka 12:48.
2. So anigye a ɛbɛba fie hɔ no gyina okunu mmɔdenbɔ nkutoo so anaa?
2 So eyi kyerɛ sɛ wo a woyɛ okunu no nkutoo na ɛyɛ wo asɛyɛde sɛ woma anigye ba mo fie anaa? Dabi, ɛsɛ sɛ wo ne wo yere nyinaa bɔ mmɔden sɛ mobɛma tebea a ɛwɔ fie hɔ no ayɛ yiye. (Mmebusɛm 14:1) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nea edi so yi fa okunu ho no nkyerɛ sɛ ɔyerenom yɛ pɛ. Na mmom wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ na aboa okununom ma wɔadi nea Kristoni tiyɛ hwehwɛ no ho dwuma. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi tiyɛ ho dwuma? Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa te ase, a wɔn a wɔnwaree mpo ka ho.
Dɔ Sɛnea Kristo Dɔɔ Asafo No
3. Efesofo 5:25 ka tiyɛ a ɛfata ho asɛm dɛn, na dɛn na eyi kyerɛ?
3 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:25) Esiane sɛ okununom wɔ Kyerɛwsɛm mu hokwan sɛ wosisi gyinae a etwa to ma abusua no nti, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛma kwan ma pɛsɛmenkominya abam. Nokwarem no, mmusua mu gyinaesi ahorow fã kɛse no ara yɛ nea egyina nea obi ankasa pɛ so kɛse. So nea wopɛ na edi so titiriw bere a Bible mu nnyinasosɛm biara ho asɛm nni mu no? Hyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ okunu suasua Yesu dɔ a ɛma ɔde ne ho bɔɔ afɔre no. Ɔde ne ho ma maa n’asuafo no. “Kristo nso ansɔ ne ho ani.” (Romafo 15:3) Sɛ́ obi de ne ho bɔ afɔre no kyerɛ sɛ ogyae biribi a n’ani gye ho anaasɛ ohyia ɔhaw anaa ɔma no ho kyere no sɛnea ɛbɛyɛ na ɔfoforo anya mfaso.
4. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa n’asuafo no ho anigye a ɔwɔ adi?
4 Ade a na Yesu ani kũ ho kɛse ne sɛ ɔbɛboa n’asuafo no honhom mu. Bere a ogyinaa pintinn maa nea ɛteɛ no, wanteɛteɛm bere a n’asuafo no kaa asɛm bi a ɛnteɛ, anaasɛ wɔyɛɛ ahantan, wɔn ho peree wɔn anaa sɛ wɔdaa ehu adi no. (Mateo 18:1-3: Luka 22:24-26, 47-51, 59-62) ‘Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm no so,’ ne ɛdenam ne nhwɛso so no, ɔboaa n’asuafo ma wodii mmerɛwyɛ ahorow a emu yɛ den so sɛnea ɛbɛyɛ na, sɛ́ kuw no, wɔbɛyɛ “kronkron a dɛm nso nni wɔn ho.”—Efesofo 5:26, 27.
5, 6. Ɔkwan bɛn so na okunu betumi asuasua Yesu dɔ a ɛma ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, na bere bɛn titiriw na ɛyɛ den?
5 So wokyerɛ ɔdɔ a ɛte sɛɛ a ɛma obi de ne ho bɔ afɔre no? Mmarima bi te nka sɛ ɔhonam fam nneɛma a wobenya ama wɔn yerenom no yɛ afɔrebɔ a ɛdɔɔso. Ampa, adwuma a ɛte saa yɛ den na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse. Nanso nea ɛwɔ Yesu nhwɛso no mu ne mmɔden a ɔbɔe sɛ obedi n’asuafo no honhom mu ne nkate fam ahiade ahorow ho dwuma aka honam fam de no ho. Wiase yi mu dadwen ne haw a wohyia wɔ honam fam nneɛma a wobenya ama wɔn abusua no nyinaa akyi no, ebia mmarima pii rempɛ sɛ wɔhaw wɔn ho bio. Bere a suban a ɛte sɛɛ wɔ mmusua pii a wɔmmɔ mmɔden sɛ wobedi Bible no akyi mu no, ɔyere Kristoni bi de awerɛhow kae sɛ: “Mekunu amma me akwankyerɛ biara. Mmere horow bi wɔ hɔ a mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma me akwankyerɛ wɔ nneɛma bi ho, nanso na n’adwene wɔ baabi foforo.
6 Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu ne asɛm no. Sɛ wo yere wɔ asɛm bi a ɛhaw adwene a, sɛ́ anka wobɛbɔ no agu denam asɛm bi a wobɛka anaasɛ sɛnea wobɛyɛ w’anim so no, saa ɔdɔ yi bɛka wo ma wode boasetɔ ne no asusuw nsɛm ho. Ne honhom mu yiyedi, Bible no a wo ne no besua na wo ne no anya ɔsom kronn mu kyɛfa no ho asɛm behia wo. Worennyaw gyinaesi ahorow a emu yɛ duru a ɛyɛ w’asɛyɛde a ɛfata no nto no so. Wobɛhwɛ nso sɛ obenya bere atra ase ahome kakra. (Marko 6:31) Adeyɛ a ɛte sɛɛ ma ɔyere nya obu ma ne ho na onya abotɔyam ankasa.
Ahobrɛase Wɔ Komam
7. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi tiyɛ ho dwuma ma akari pɛ no, su bɛn na ɛho hia?
7 Mpɛn pii no ɛyɛ den ma mmarima sɛ wobɛkari pɛ wɔ tiyɛ mu. Ɛtɔ da bi a ebinom bɛte nka sɛ wɔn yerenom mmu wɔn, sɛ ɔyere de nyansahyɛ bi ma anaasɛ ɔkasa tia adeyɛ bi wɔ ɔkwan bi so a. Yesu a ɔyɛ nhwɛso ma Kristofo a wɔyɛ ti no kae sɛ: “Midwo na mebrɛ me ho ase komam.” (Mateo 11:29) Ná n’ahobrɛase no nyɛ ani ani de, a sɛ obi ne no nyɛ adwene a na afi hɔ.
8, 9. (a) Dɛn na Sara nunuu Abraham wɔ ho, na dɛn ntia? (b) Dɛn nti na Abraham ammu no animtiaa anaasɛ wanteɛteɛm angu no so?
8 Ná Abraham nso yɛ ahobrɛase ho nhwɛso. N’afenaa Hagar yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ na ommu ne yere Sara. Ebia Abraham anhu saa ahantan adeyɛ yi anaasɛ wanyɛ ho biribi ntɛm. Sara kae sɛ: “Asɛmmɔne a wɔadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ohu sɛ wanyinsɛn nti, obu me animtiaa [Yehowa] mmu me ne wo ntam atɛn.”—Genesis 16:5.
9 Hwɛ sɛnea na saa asɛm no bɛka no! Efisɛ na Abraham dɔ Sara kɛse, na na ɔrempɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛbɛyɛ no yaw. Ebetumi aba sɛ na Sara wɔ biribi a enti obetumi de n’awerɛhow no ho asodi ato Abraham so de, nanso ebetumi aba sɛ ɔkasa ma ɛkɔɔ akyiri dodo efisɛ ɔde asɛm no hyɛɛ Onyankopɔn nsa mpo te sɛ nea na Abraham renyɛ nea ɛteɛ wɔ ho. Na, so Abraham teɛteɛɛm guu no so de bɔɔ ti a ɔyɛ no ho ban? So obuu no sɛ onni ahobrɛase? Ná onim sɛ Sara agyaw ofie fɛfɛ wɔ Ur, na bɛboro mfe 10 no watra ntamadan mu esiane sɛ ɔno Abraham dii Onyankopɔn akwankyerɛ akyi nti. Ɛno yɛ ahobrɛase. Ahobrɛase ne mmoa a ofi ayamye mu de ama no maa Abraham ani gyee ne ho. (1 Petro 3:5, 6) Mmuae bɔkɔɔ a ɔde mae ne sɛ: “Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛnea eye w’ani so.” (Genesis 16:6) Ná Abraham wɔ komam ahobrɛase. Hwɛ ɔbarima ara a na ɔyɛ!
10. (a) Ɔkwan bɛn so na okunu betumi asuasua Abraham? (b) So wubetumi ayɛ saa pɛpɛɛpɛ bere nyinaa?
10 Sɛ wo yere de biribi ho asodi to wo so a, bɔ mmɔden yɛ wo ade te sɛ Abraham. Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa. Mmere bi wɔ hɔ a wobɛtɔ sin. Nanso tie, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase na susuw nea ɔreka no ho. Ɛtɔ da bi a bere a ofi nkate mu rekasa no ebia ɔyere remfa nsɛmfua a ɛfata ankasa no nni dwuma. Ebia ɔbɛyɛ ade atra so, sɛnea Sara yɛe no. Bɔ mmɔden hwɛ ɔkwan a mubetumi afa so abom adi ho dwuma.
11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ okunu bu ne yere sɛ onipa a “ɔba fam”?
11 Ampa, okunu betumi ahyehyɛ mmara horow bi ama ne fifo. (Romafo 7:2) Nanso wo yere nyɛ abofra anaasɛ ‘onipa a ɔba fam.’ Yehowa kae sɛ, “Mɛyɛ [ɔbarima no] sɛso [a ɛkyerɛ, “obi a ɔte sɛ ɔno”] mama no.” (Genesis 2:18) Ná Hawa adwene bɛyɛ te sɛ Adam de no, ne hokafo, a otumi boa no ankasa wɔ adwuma a wofi soro de ama no no yɛ mu.
12. (a) Dɛn na ɛbae bere a okunu bi nyaa koma mu ahobrɛase no? (b) Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase ma anigye ba aware mu?
12 Ɔyere pa a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 31 no yɛ nea ne kunu nyaa ne mu awerɛhyem. Ɔbea no tɔɔ asase, na “ɔde ne nsa ano aba” yɛɛ bobeturo—ɛnyɛ adwuma ketewa. So ɛyɛɛ ne kunu yaw, tee nka sɛ wɔregye ti a ɔyɛ no? Dabi, oyii no ayɛ! (Nkyekyem 10, 11, 16, 28) Suban a ɛte saa bɛboa wo ma woakwati akyinnyegye a ɛmfata. Sɛ nhwɛso no, okunu bi ne ne yere gyee akyinnye bere nyinaa. Ɔbarima no gye toom sɛ na ɔyɛ “katee” wɔ ne tiyɛ dibea no ho dwumadi mu. Bere a ɔnam mpaebɔ so hwehwɛɛ n’ankasa ho mu akyi no, ɔde n’ahomaso su a ɛmfata no too nkyɛn. Ofii ase susuw ɔbea no nyansahyɛ ahorow ho. Awiei koraa no ɔmaa kwan ma ɔbea no dii nsɛm a ɛfa sika ho no binom ho dwuma. Na mprempren okunu no se: “Ɔbɔ mmɔden yiye!” Na ɔyere no de ka ho sɛ: “Nea mehwehwɛ ara ne sɛ wobenya me mu ahotoso. Eye sɛ wote nka wɔ wo mu sɛ wo kunu wɔ wo mu awerɛhyem.” Enti Mmebusɛm 13:10 bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu nyansa ne wɔn te.” Okunu a ɔwɔ ahobrɛase a onim n’ankasa ne sintɔ ahorow no, ani gye ne yere mmɔdenbɔ ahorow ho, ma ɛda adi sɛ ɔwɔ komam ahobrɛase.—Mmebusɛm 11:2.
Di “Anwenne A Ne Ho Nyɛ Den” No Ni
13. (a) 1 Petro 3:7 da no adi sɛ ɛsɛ sɛ okunu yɛ dɛn? (b) Nkate bɛn na ɛma ɔbea yɛ “anwenne a ne ho nyɛ den”?
13 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mo, okununom, monkɔ so ne wɔn [mo yerenom] ntra saa ara wɔ nimdeɛ mu, mfa nidi mma wɔn sɛ anwenne a ne ho nyɛ den, ɔbaa no.” (1 Petro 3:7, New World Translation) Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wo yere nkate te, a ɛno nti titiriw na wobu no sɛ ɔyɛ anwenne a ne ho nyɛ den no. Ɛsɛ sɛ ɔyere te nka sɛ ne kunu dɔ no na n’ani gye ne ho. Sɛ eyi nni hɔ a, ɔhonam fam nneɛma a ɔwɔ nyinaa akyi no, ɔbɛte nka sɛ ɔmfata. Ɛsɛ sɛ wɔma ohu sɛ ne kunu te nka wɔ ne ho te sɛ okunu bi a ɔtraa ase tete hɔ a ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa no.”—Mmebusɛm 31:28, 29.
14. Dɛn na ɛma ɔbea te nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ?
14 Nea ebia mmarima bi besusuw ne sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ me yere hu sɛ medɔ no. Mewaree no, ɛnte saa anaa?’ Nanso, mmea ani gye ɔdɔ a wɔda no adi ho. Ɔnokwafo Isak huu saa ahiade yi. Ɔwaree no akyi mfe 35 no, wohui sɛ ɔreyi ɔdɔ adi akyerɛ ne yere. (Genesis 26:8) Yɛ saa ara. Ɛdenam adwene a wode kɔ no so so no, ma onhu sɛ wo koma da ne ho, sɛ wɔ wo fam no ‘ɔsen mmea nyinaa.’
15. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde wɔn adwene asi wɔn yerenom so no, dɛn na ɛsɛ sɛ okununom hwɛ yiye wɔ ho, na dɛn nti na ɛho hia kɛse?
15 Adwene a wode bɛkɔ no so saa no gye bere ne nsusuwho. Ɛyɛ mmerɛw ma okununom bi sɛ wobetie obi a ɛte sɛ nea ɔyɛ nipa foforo na ne ho yɛ anika. Eyi baa Israel wɔ Malaki nna no mu. Yehowa ka kyerɛɛ saa pɛsɛmenkominya mmarima a na wɔreyɛ wɔn yerenom nea ɛmfata no sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho.” (Malaki 2:13-16) Yiw, na ɛsɛ sɛ eyinom hwɛ wɔn nkate ahorow yiye. Esiane sɛ ebia yɛne mmea afoforo bɛyɛ adwuma anaasɛ yɛbɛtra baabi a ɛbɛn wɔn nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. Egye mmɔdenbɔ ankasa ne ahosodi na woamma ahomaso, ahofono ne afoforo a wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea wɔte ansakra wo nkate wɔ wo yere ho.—Mateo 5:27-30.
Ɔyere ‘Asɛde’
16. Aware fã bɛn na nsɛm a, emu yɛ den pii wɔ, na ɔkwan bɛn so na wɔada pɛsɛmenkominya a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adi wɔ 1 Korintofo 7:3, 4?
16 Wo ho a wode bɛbɔ afɔre no ho hia titiriw wɔ aware aboade anaa ‘asɛde’ no fam. “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara. Ɔyere nni n’ankasa ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni n’ankasa ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.” (1 Korintofo 7:3, 4) Nsɛm a emu yɛ den dɔɔso wɔ saa nkitahodi a ɛho hia yi mu. Adesua horow bi ada no adi sɛ awarefo nyinaa fã behyia nna mu nsɛm a anibere wom bere bi wɔ wɔn aware mu.
17. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka ɔyere aware mu asɛde a wɔde ma no no ho? (b) Nhwehwɛmufo bi kyerɛkyerɛ nea ɔyere hia no mu dɛn?
17 Okununom pii taa de nea wɔn yerenom hia wɔ nna mu no toto wɔn ankasa de ho. Wɔ asɛm foforo koraa mu no, Paulo daa no adi sɛ ‘asɛde’ ahorow no sonsonoe. Wɔ Romafo 13:7 no, nea ɛsɛ aban mpanyimfo binom ne tow, afoforo de ne amanne, na afoforo nso de ne nidi. Nea ɛsɛ no gyina onii no ahiade pɔtee anaa nea onii hwehwɛ no so. Ɛdefa wo yere aware mu asɛde no ho de, pii ho hia sen wo ho a wode bɛka no ara kwa. Wɔ The Family, Society, and the Individual no mu no, nhwehwɛmufo William M. Kephart se: “Enti, nea ɔbea hwehwɛ wɔ nna mu no yɛ nea wobetumi aka ho asɛm tiaa sɛ ɛne ɔdɔ. . . .Wɔ nna mu no ɛkame ayɛ sɛ nea ɔbea biara hwehwɛ ne ne ho anigye a wɔbɛkyerɛ —aso no mu, amiamia no, afew n’ano . . . ɛte sɛ ɛyɛ mmea suban sɛ wobesusuw nna ho wɔ ɔdɔ ne wɔn ho anigye a wɔkyerɛ fam mmom sen wɔn ho a wɔde bɛka wɔn ara kwa.”
18. Dɛn na ebetumi ama obi de n’adwene akɔ ɔno nkutoo so?
18 Wo yere nkate sɛ “anwenne a ne ho nyɛ den” no hwehwɛ sɛ wode wo ho ma, a wunsusuw wo ankasa w’anigye nkutoo ho. Bio nso, nneɛma a ɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm a wode w’adwene bɛkɔ so no betumi ama woanya ‘akɔnnɔ ntraso’ a ɛmfata ma wode w’adwene akɔ wo ankasa wo ho so nkutoo, ma nea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade a anigye kɛse wom no ayɛ nea ɛhaw adwene. Kwati nneɛma a ɛtete saa te sɛ ɔyare bɔne bi! (Kolosefo 3:5) Na mmom boasetɔ mu, denam ɔdɔ a woda no adi so no, ma wo yere nnya nea ɛsɛ no nkosi ase.—1 Korintofo 10:24.
Ho A Wɔde Bɔ Afɔre Ka Koma
19. Sɛ okunu taa de nea ɔno ankasa pɛ bɔ afɔre a, so ɛsɛ sɛ ɔyere fi ase yɛ nea ɔpɛ biara?
19 Bere a wɔresi okunu ho a ɛsɛ sɛ ɔde bɔ afɔre so dua kɛse saa no, ebia wobɛte nka sɛ, ‘So ɔyerenom ho renyɛ wɔn den—na wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea wɔpɛ bere nyinaa anaa?’ Ɛnsɛ sɛ ɛba saa! Ɛsɛ sɛ ɔyerenom Kristofo yɛ wɔn ade sɛnea asafo no yɛe wɔ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu a Yesu yii adi kyerɛe no ho no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn . . . na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio.” (2 Korintofo 5:14, 15) Enti, ɛsɛ sɛ mo ɔyerenom nso de ayamye di dwuma. Sɛnea ɔyere Kristoni bi a ɔwɔ anigye kae no: “Mɛyɛ biribiara de aboa me kunu sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi akɔ so asom wɔ teokrase dwumadi a emu yɛ den mu, efisɛ minim sɛ odwen me ho.”
20. (a) Ɔkwan bɛn so na Genesis 3:16 ho a yesusuw no ma ɛda adi sɛ okununom ne ɔyerenom nyinaa betumi ayɛ nneɛma atra so? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔyerenom de ntɛmpɛ ka wɔn kununom mfomso ahorow ho asɛm?
20 Yiw, ɔyerenom, ɛho hia wɔ mo fam sɛ munya ayamye. Sɛnea ɔbarima betumi adi ti a ɔyɛ no ho dwuma ɔkwan a ɛmfata so denam ne yere so tumi a obedi no pɛsɛmenkominya kwan so no, saa nso na ɔyere betumi ahwehwɛ nea ɛboro so afi ne kunu nkyɛn. (Genesis 3:16) Kari a wubekari pɛ nyɛ mmerɛw. Esiane nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ wo kunu di ho dwuma, a asafo mu asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru ka ho nti, mmere bi wɔ hɔ a ebia ɔrentumi nni wo nkate fam ahiade ahorow nyinaa ho dwuma. Odwontofo no kae sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛ akyi a, [Yehowa] hena na anka obegyina?” Anka yɛn mu biara rentumi! (Dwom 130:3) Sɛnea wo kunu bebu akontaa akyerɛ Yehowa no, saa ara na wo nso wobɛyɛ. Nanso mprempren, nneɛma pa a ɔyɛ no ho anisɔ a wobɛkyerɛ, na woada mmɔborohunu adi no nyɛ nea wo kunu ani nko na ebehu, na mmom ɛbɛka ne koma nso.
Mmoa A Efi Soro
21. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn boa? Ma nhwɛso bi.
21 Ampa, asɛyɛde ahorow yi nyinaa betumi ayɛ te sɛ nea ɛboro so. Nanso Onyankopɔn bɛboa wo ma ‘woanya tumi mu ahoɔden emu nipa no mu.’ Ɛyɛ saa tumi a wubenya wɔ wo mu no na ɛbɛboa wo ma woatumi asoa adesoa biara, efisɛ ɛdenam ne tumi so no Yehowa tumi “yɛ ma ɛtra ade nyinaa ma ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw.” (Efesofo 3:16, 20) Kristofo awarefo bi ntam tetewee esiane nsɛm ahorow bi nti. Bere bi akyi no wɔboom traa ase sɛ wɔresusuw ka a wɔbɛsan aka abom no ho. Nteɛteɛm no fii ase bio. Enti okunu no hyɛɛ nyansa sɛ wɔmmɔ mpae. Wogyaee nteɛteɛm no. Okunu no kae akyiri yi sɛ: “Ɛda adi sɛ ɛno ne asɛm a emu yɛ den ankasa wɔ yɛn aware no mu. Bere biara no yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛn ankasa bedi yɛn nsɛm a emu yɛ den ho dwuma mmom sen sɛ yɛde Yehowa bɛba mu. Na na hwee nkɔ so yiye.” Wɔka boom bio no akyi bɛboro mfe anum no, ɔyere no kae sɛ: “Ɛreyɛ yiye bere nyinaa. Dodow a yɛde Bible mu nokware di dwuma no, dodow ara na yenya anigye. Afei yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Yehowa bɛba yɛn aware no fã biara mu. Yɛn ani gye kɛse sɛ yɛbom nantew wɔ asɛnka adwuma no mu.”
22, 23. (a) Dɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo aware gyina? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkamfo ɔyerenom pii?
22 Yiw, ɛsɛ sɛ Kristoni aware yɛ nea egyina abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn benya so, na ɛnyɛ ne hokafo no ani a ɔbɛsɔ ara kwa so. Sɛnea Paulo kyerɛwee no: “Ma . . . wɔn a wɔwɔ yerenom [nyɛ] sɛnea wonni bi.” (1 Korintofo 7:29) Ampa, ɛnyɛ sɛ na Paulo reka akyerɛ okununom sɛ wommu wɔn ani ngu wɔn yerenom so. Ɛyɛ nea ɛfata sɛ ɔbarima ɔwarefo bɛpɛ sɛ ‘ɔsɔ ne yere ani.’ (1 Korintofo 7:33) Nanso bere a ɔbarima nya honhom mu nkɔso na ɔda su horow a ɛfata okunu pa adi no, ebia wɔbɛpaw no de ɔsom dwumadi ahorow ahyɛ ne nea wɔ asafo no mu. Eyi begye ne bere a na anka ɔne ne yere de bom yɛ nneɛma no bi, ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a, ɔnkari pɛ de. Nanso ɛtɔ bere bi a, ebia ɛho behia sɛ ɔyere pene ɔbarima no adwene nyinaa a ɔrentumi mfa mma no so no so.
23 Mo a moyɛ ɔyerenom no pii de ayamye atwɛn bere a na ɛho hia sɛ mo kununom di asafo mu asɛyɛde ahorow a ɛho hia ho dwuma no. Ɛsɛ sɛ wɔkamfo mo yiye! Ayamye mu a wufi boa no yɛ nea wo kunu ne Yehowa ani sɔ. Wote sɛ nea Bible ka no—“abotiri” ma wo kunu ne nea “wanya [Yehowa] hɔ anisɔ”!—Mmebusɛm 12:4; 18:22.
24. Dɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ?
24 Enti, okununom, monkɔ so nkyerɛ ɔdɔ a ɛma obi de ne ho bɔ afɔre. Ɔyerenom, monkɔ so mfa mmoa a pɛsɛmenkominya nni mu mma. Momma mo aware no nyɛ nea egyina abusuabɔ a mo ne Onyankopɔn wɔ no so. Na yɛsrɛ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no behyira mo mmɔdenbɔ so pii!
So Wokae?
□ Ɔkwan bɛn so na okunu ‘dɔ ne yere sɛnea Kristo dɔɔ asafo no’?
□ Ɔkwan bɛn so na okunu betumi asuasua Abraham koma mu ahobrɛase no?
□ Ɔkwan bɛn so na okunu di ne yere ni sɛ anwenne a ne ho nyɛ den?
□ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere yɛ wɔ ayamye a ɛte sɛɛ ho?
[Kratafa 21 mfoni]
ƐSƐ SƐ OKUNU DI ANIM
Wɔ adansedi mu
Wɔ nea wɔde gye wɔn ani mu
Wɔ abusua mu nsɛm ho dwumadi mu
February Da Biara Da Asɛm
(wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)