Nea Bible No Ma Yehu
Nea ɛyɛe a asaase yi bae no, Bible no bɔ no mua. Ɛka sɛ, “Bere a wɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, ɛda a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ asaase ne ɔsoro no, ɛho nsɛm ni.” (Genesis 2:4) Nea Bible ka no ne nyansahu hyia anaa? Momma yensusuw nhwɛso ahorow yi ho.
Mfiase No: Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase
Amansan no wɔ mfiase, anaa enni mfiase?
Genesis 1:1 ka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.”
Afe 1950 mu hɔ baabi no, na anyansahufo a wɔagye din pii gye di sɛ amansan yi nni mfiase. Nanso nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ nnansa yi ama wɔahu sɛ, yɛn amansan yi wɔ mfiase.
Ná asaase no te sɛn?
Genesis 1:2, 9 ka sɛ, mfiase no, na asaase no “wɔ hɔ kwa a wunhu n’adeban.” Baabiara a wobɛfa biara, na nsu nko ara.
Nhwehwɛmu a anyansahufo ayɛ nnansa yi foa asɛm a Bible ka no so. Abɔde mu ɔbenfo a wɔfrɛ no Patrick Shih ka sɛ, mfiase no, “na mframa a yɛhome a wɔfrɛ no oxygen no bi nni asaase yi so . . . Ná ɛda hɔ saa a hwee nni so.” Nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Astronomy de too gua sɛ: “Nhwehwɛmu foforo a wɔayɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ, asaase a na ɛwɔ hɔ tete no, na nsu nko ara na agye afa.”
Ɛyɛɛ dɛn na asaase no bɛyɛɛ nea ayɛ yi?
Genesis 1:3-5 ma yehu sɛ, Onyankopɔn maa hann baa asaase so. Nanso sɛ obi gyina asaase so a, na ɛbɛyɛ den sɛ obehu baabi a hann no fi reba. Akyiri yi koraa na ewim tewee. Enti obi gyina asaase so a, na obehu owia ne bosome no.—Genesis 1:14-18.
Bible nka sɛ Onyankopɔn de nnansia a da koro biara yɛ nnɔnhwerew 24 na ɛbɔɔ asaase ne emu nneɛma nyinaa
Kuw bi a wɔfrɛ wɔn Smithsonian Environmental Research Center ka sɛ, sɛnea na wim te nti, na hann a efi soro ba asaase so no ano nyɛ den papa. Wɔka sɛ: “Ná biribi a ɛte sɛ ɛbɔ ama asaase so nyinaa ayɛ kusuu.” Akyiri yi, “wim tewee, enti afei sɛ na obi gyina asaase so a, obehu sɛ wim ada hɔ.”
Nea ɛwɔ he na edii kan bae?
Genesis 1:20-27 ma yehu sɛ, wodii kan bɔɔ ɛpo mu mpataa, ansa na wɔrebɔ wim nnomaa, ne asaase so mmoa, ɛnna akyiri yi, wɔbɔɔ nnipa. Nyansahufo gye di sɛ, mpataa a wodi kan no baa wiase koraa ansa na mmoa a wɔma wɔn mma nufu reba. Nnipa de, akyiri yi koraa ansa na wɔreba.
Bible nka sɛ bere rekɔ so no, abɔde a nkwa wom rentumi nsesa
Dɛn Na Bible No Nka?
Ebinom kyerɛ sɛ, nsɛm a Bible ka no, ɛne nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ no nnansa yi no nhyia. Wɔn a wɔka saa no, ɛte sɛ nea wɔnte nea Bible no ka no ase papa.
Bible nka sɛ amansan yi anaa asaase yi adi mfe 6,000 pɛ. Mmom nea ɛka ara ne sɛ, “mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.” (Genesis 1:1) Bible no nka bere pɔtee a wɔbɔɔ ɔsoro ne asaase.
Bible nka sɛ Onyankopɔn de nnansia a da koro biara yɛ nnɔnhwerew 24 na ɛbɔɔ asaase ne emu nneɛma nyinaa. Mmom, sɛ Bible no de asɛmfua “ɛda” yɛ adwuma a, etumi kyerɛ bere tenten bi. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Onyankopɔn de bɔɔ asaase, ne nnansia a ɔde bɔɔ nneɛma wɔ asaase so no, wɔkaa ne nyinaa boom kaa ho asɛm wɔ Genesis 2:4 sɛ, “ɛda a Yehowaa Nyankopɔn yɛɛ asaase ne ɔsoro.” Enti nnansia a Onyankopɔn de siesiee asaase bɔɔ ɛso nneɛma no, emu biara betumi ayɛ bere tenteenten bi.
Bible no nka sɛ bere rekɔ so no, abɔde a nkwa wom rentumi nsesa. Genesis nhoma no ma yehu sɛ, wɔbɔɔ mmoa “sɛnea wɔn su te.” (Genesis 1:24, 25) Sɛ Bible no ka sɛ wɔbɔɔ mmoa sɛnea wɔn “su te” a, ɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ mmoa ahorow ahorow a wɔn yɛbea sɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛfa aboa bi te sɛ agyinamoa a, yɛwɔ mmoa bi a wɔne ne yɛbea sɛ. Ebi ne gyata, sebɔ, ne mmoa a ɛtete saa. Afei nso sɛnea Bible ka asɛm no, ɛkyerɛ sɛ mmoa ahorow ahorow a wɔn yɛbea sesɛ no nso, sɛ wofa wɔn mu biara a, bere rekɔ so no, nsakrae betumi aba wɔn mu.
Wudwen ho sɛn?
Nea ɛyɛe a amansan yi ne nkwa bae, ne sɛnea na yɛn asaase yi te no, Bible no aka ho asɛm pɛpɛɛpɛ, na ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Sɛ Bible no atumi akyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu pɛpɛɛpɛ a, ɛnde wunnye nni sɛ ebetumi ama yɛahu Onii a ɔbɔɔ saa nneɛma yi nyinaa nso? Nhoma a wɔfrɛ no Encyclopædia Britannica no ka sɛ, “Adwene a ɛne sɛ tumi bi a ɛboro onipa de so na ɛmaa amansan yi ne nneɛma a ɛwom nyinaa bae no, ɛne nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ nnansa yi no hyia.”b