Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 10/8 kr. 22-23
  • Bɔne Bɛn Na Ɛwɔ Ayere Dodow Aware Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔne Bɛn Na Ɛwɔ Ayere Dodow Aware Ho?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayere Dodow Aware Wɔ Bible no mu
  • Onyankopɔn Mfitiase Gyinapɛn
  • Ɔyere Biako Anaa Bebree—So Ɛfa Ho?
    Nyan!—1985
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Aware Dodow Ye?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Nyan!—1991
g91 10/8 kr. 22-23

Bible No Adwene

Bɔne Bɛn Na Ɛwɔ Ayere Dodow Aware Ho?

Jane haw no fii ase bere a ne papa nyaa adwuma wɔ kurom no.a Ɛhɔ, wɔ beae a ɛmmɛn wɔn fie wɔ Afrika akuraase ase no, ofii ase ne ɔbea foforo trae. Jane kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na asetra nyɛ mmerɛw mma yɛn, efisɛ na me papa mma yɛn sika; na ɔhwɛ ne yere a ɔto so abien no ne ne mma. Bere a aka kakraa na mawie sukuu no, na metaa de ɔkɔm da. Na yɛn fie asɛe koraa. Wɔ dapɛn awiei no mebɔɔ mmɔden sɛ mɛboa me maame denam nnuaba a metɔnee no so, nanso na yentumi nhwɛ yɛn ho. Na misu anadwo biara.”

JANE osuahu no kyerɛ amanehunu a ayere dodow aware taa ma ɛba wɔn a wɔn ho nni asɛm so no. Nnipa a wɔka Venda kasa wɔ Afrika kesee fam no wɔ edin, muhadzinga, a akorafo de frɛ wɔn ho wɔn ho. Efi asɛmfua a ɛkyerɛ “tõtõ” a ebia ɛkyerɛ ɔhaw a ayere dodow aware de ba ɔyerenom no ntam no.

Ebia wubebisa sɛ: ‘Nanso, so ayere dodow aware no yɛ mfomso? Sɛ saa a, ɛnde dɛn nti na na nnipa binom a wɔagye din wɔ Bible mu no wɔ yerenom pii?’

Ayere Dodow Aware Wɔ Bible no mu

Onyankopɔn maa ayere dodow aware ho kwan kosii bere bi, efisɛ ɛmaa ne bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no nyaa mmamu: “Na mɛyɛ wo ɔman kɛse.” (Genesis 12:2; Exodus 1:7) Saa bere no na Abraham yere Sara nni ba. Awiei koraa no ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔne n’afenaa Hagar nwo ba. Nanso Bible no ka ɔhaw a eyi de baa Abraham fie no ho asɛm pefee.​—Genesis 16:5, 6; 21:8-10.

Wɔ Abraham banana Yakob fam no, na anka ɔbea biako pɛ na ɔpɛe sɛ ɔware no, Rahel. (Genesis 44:27) Yakob asew Laban na ɔdaadaa no ma ɔwaree Laban mmabea baanu nyinaa, Rahel ne Lea. (Genesis 29:21-28) Na ɛyɛ mmea yi na wɔmaa Yakob ne wɔn mmaawa Bilha ne Silpa woo mma. Bio no, Bible no mfa ɔhaw dodow a ayere dodow aware de baa Yakob abusua kɛse no mu no nhintaw.​—Genesis 29:30, 31; 30:1-3, 15, 16, 20; 37:2-4; 44:20-29.

Bible no ka Elkana a na ɔyɛ odiyifo Samuel agya, ne Elkana yerenom baanu, Hana ne Penina no nso ho asɛm. Penina bɔɔ Hana atirimɔden araa ma na ɔtaa sũ na ontumi nnidi. Ɛda adi sɛ na Penina nso, twe kora efisɛ na Elkana dɔ Hana sen no.​—1 Samuel 1:4-7.

Nokwarem no, ayere dodow aware no de nsɛnnennen aba. Bere a wɔmaa ho kwan wɔ Onyankopɔn tete nkurɔfo mu no, Bible no kyerɛ pefee sɛ mfitiase no Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɛsɛ sɛ onipa ware mmea pii anaa sɛ ɛnte saa.

Onyankopɔn Mfitiase Gyinapɛn

Sɛ yɛbɛte Onyankopɔn gyinapɛn ma aware no ase a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ onipa abakɔsɛm mfiase. Onyankopɔn asɛm ka nkate a Adam nyae bere a wɔde ne yere biako Hawa a na afei na wɔabɔ no foforo no kyerɛɛ no no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Afei me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” Bible no toa so sɛ, “Ne saa nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.”​—Genesis 2:21-24.

Yesu de Onyankopɔn mfitiase gyinapɛn no na esii hɔ maa Kristofo aware​—ɔyere biako aware. (Mateo 19:4, 5) Bio nso, ɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ awarefo di saa ɔsoro nnyinasosɛm yi so afei: “Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” (Mateo 19:6) Enti ɛsɛ sɛ Kristoni ɔwarefo bɔ “ɔhonam koro” nkabom no a ɛda ɔne ne mmara kwan so ɔhokafo no ntam no ho ban.b Obi a ɔto so abiɛsa a wɔne no bɛda wɔ ayere dodow aware kwan so no bɛsɛe saa ɔsoro nhyehyɛe no. Wɔabara adeyɛ a ɛte saa wɔ Kristofo asafo no mu.​—1 Korintofo 5:11; 6:9, 16, 18; Hebrifo 13:4.

Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwnsɛm no bɔ Kristofo a na wɔwɔ yerenom mmiako mmiako no din pa. (1 Korintofo 9:5; 1 Timoteo 3:2) Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere, [ɛnyɛ ɔyerenom] na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu [ɛnyɛ ɔbarima a ɔwɔ mmara kwan so yere dedaw].”​—1 Korintofo 7:2; Mmebusɛm 5:18.

Ebinom a wɔahu sɛ Bible no bara ayere dodow aware no de akokoduru asi gyinae ama wɔn asetra ne Onyankopɔn apɛde ahyia. Fa John a ɔwɔ Afrika mfinimfini kurow bi mu no sɛ nhwɛso.c Na anka ɔwɔ yerenom baasa. Nanso bere a John ne Yehowa Adansefo asua Bible no akyi no, ɔne ne yerenom susuw ho na osii gyinae. Bere a wayɛ ne yere a ɔto so abien ne abiɛsa no ne wɔn mma a wonni saa ayere dodow aware mu bio daakye ɔhwɛ ho nhyehyɛe akyi no, wɔsan kɔɔ wɔn nkuraase. Ɛdenam eyi so no, John nyaa hokwan sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn wɔ ɛhɔnom asafo no mu. Onyaa nhyira afoforo nso.

Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Anadwo biara a mɛba fie no, na ɔhaw wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, ɔyerenom no mu bi ahu ɔfoforo mma ho mfomso, na mmofra no nso ne wɔn ho wɔn ho kõ. Nea midi kan yɛ ne sɛ mesiesie asɛm no. Mprempren a masua sɛ ɛsɛ sɛ me ne ɔyere biako pɛ na ɛtra yi, me fi ayɛ beae a ahotɔ ne asomdwoe wɔ.”

Nokwarem no, asomdwoe a Onyankopɔn nhyira ka ho fata mmɔdenbɔ no.​—Romafo 12:1, 2.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔamfa ne din ankasa anni dwuma

b The New International Dictionary of New Testament Theology ka sɛ Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɔhonam koro” wɔ Mateo 19:5b no kyerɛ Hebri nsɛm a ɛwɔ Genesis 2:24 no ho ade titiriw bi, na ɛkyerɛ “ɔbarima ne ɔbea ntam abusuabɔ a wɔrentumi ntetew mu a ɛrempira wɔn a wɔwɔ mu no.”

c Wɔamfa ne din ankasa anni dwuma

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

“Ɔbarima ne ɔbea nna ho akoratwe ne akasakasa yɛ nsɛnnennen a wɔtaa hu wɔ [ayere dodow aware] abusua mu; na ɛsɛ sɛ okunu no yɛ onyansafo, ɔyɛ den, anifere ne anitew na ama asomdwoe atra hɔ.”​—The New Encyclopædia Britannica

[Kratafa 22 mfoni]

Terra-cotta anwenne a ɛyɛ Afrika abusuakuw bi; Igbo okunu ne ɔyerenom

[Asɛm Fibea]

Courtesy of The British Museum

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena