Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/1 kr. 21-26
  • Fa Wo Ho To Yehowa Ne N’asɛm So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Ho To Yehowa Ne N’asɛm So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfa Wo Ho Nto Wiase Nyansa So
  • Ko Tia Adwenem Naayɛ
  • Yehowa Akwankyerɛ a Wɔde Bedi Dwuma Wɔ Aware Mu
  • Mmofra—Muntie Onyankopɔn Asɛm
  • Mmofra—Dɛn Na Mudi Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ahotoso Wɔ Wiase A Akyinnyegye Ahyɛ No Ma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • So Woagye Nokware No Atom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Mma Adwenem Naayɛ Nnsɛe Wo Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/1 kr. 21-26

Fa Wo Ho To Yehowa Ne N’asɛm So

“Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so.”—DWOM 9:10.

1. Dɛn nti na yebetumi akɔ so anya Yehowa ne n’Asɛm no mu ahotoso wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu?

WƆ NNƐYI wiase mu no, ebetumi ayɛ sɛ nea ntease nnim na ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛto nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn ne n’Asɛm, Bible, so. Nanso, Onyankopɔn nyansa ayɛ saa bere tenten. Ɔbarima ne ɔbea Bɔfo no ne aware ne abusua Farebae, na onim yɛn ahiade sen onipa foforo biara. Sɛnea nnipa ahiade atitiriw no nsesae no, saa ara na akwan titiriw a wɔfa so di saa ahiade ahorow no ho dwuma no te nea ɛte. Ɛmfa ho sɛ wɔkyerɛw Bible mu afotu a nyansa wom no too hɔ mfehaha pii ni no, ɛda so de akwankyerɛ a ɛkyɛn so a ɛma asetra kɔ so yiye na wɔde di nsɛnnennen ho dwuma ma. Tie a yetie no de anigye pii ba—wɔ wiase a wɔanya nkɔanim wɔ nyansahu mu a yɛte mu yi mpo mu!

2. (a) Aba pa bɛn na Onyankopɔn mmara a Yehowa nkurɔfo de adi dwuma wɔ wɔn asetra mu no asow? (b) Dɛn bio na Yehowa de hyɛ wɔn a wɔyɛ aso ma ɔno ne n’Asɛm no bɔ?

2 Yehowa mu ahotoso ne Bible mu nnyinasosɛm ahorow a wɔde di dwuma no de mfaso pa ba da biara da. Eyi ho adanse da adi wɔ Yehowa Adansefo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔanya gyidi ne akokoduru de Bible afotu adi dwuma no asetra mu. Ɔbɔadeɛ no ne n’Asɛm mu ahotoso so aba wɔn mfaso. (Dwom 9:9, 10) Onyankopɔn mmara sodi ama wɔayɛ nnipa pa wɔ ahotew, nokwaredi, nsiyɛ, obu a wɔwɔ ma afoforo nkwa ne wɔn agyapade, ne adidi ne nsa a wɔmma ɛntra so mu. Ama wɔanya ɔdɔ ne ntetee a ɛfata wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu—ma wɔpɛ ahɔhoyɛ, wonya boasetɔ, mmɔborohunu, ne bɔne fafiri—ɛne nneɛma foforo pii. Wɔatumi akwati aba bɔne te sɛ abufuw, ɔtan, awudi, ahoɔyaw, ehu, anihaw, ahantan, atorodi, ntwiri, ahohwi, ne ɔbrasɛe kɛse. (Dwom 32:10) Nanso ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ kɛkɛ sɛ ebesi wɔn a wodi ne mmara so no yiye. Yesu kae sɛ wɔn a wodi Kristofo asetra kwan akyi no benya “ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.”—Marko 10:29, 30.

Mfa Wo Ho Nto Wiase Nyansa So

3. Bere a Kristofo kɔ so de wɔn ho to Yehowa ne n’Asɛm so no, ɔhaw bɛn na ɛtɔ da bi a wohyia?

3 Ɔhaw a nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ ne sɛ wɔtaa brɛ Onyankopɔn ahwehwɛde ase anaa wɔn werɛ fi. Ɛnkyɛ na wɔafi ase asusuw sɛ wonim biribiara anaa wiase yi nhomanimfo nyansa korɔn sen Onyankopɔn de, na ɛno mmom na ɛyɛ ne bere mu de. Onyankopɔn asomfo nso betumi anya saa su yi, esiane sɛ wɔte wiase yi mu nti. Enti, bere a yɛn soro Agya no fi ɔdɔ mu reto nsa afrɛ nnipa sɛ wontie n’afotu no, ɔde kɔkɔbɔ ahorow a ɛfata nso kaa ho sɛ: “Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho. Fa wo koma nyinaa bata Awurade ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan. Nyɛ w’ani so onyansafo, suro Awurade, na dan fi bɔne ho.”—Mmebusɛm 3:1, 2, 5-7.

4. ‘Wiase nyansa’ atrɛw adu he, na dɛn nti na ɛyɛ “nkwaseasɛm Onyankopɔn anim”?

4 Wiase yi nyansa abu so na wotumi nya fi mmeae pii. Nhomasuabea pii na ɛwɔ hɔ, na “nhoma bebree yɛ nni awiei.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Wɔwɔ anidaso seesei sɛ ɛkame ayɛ sɛ nea wɔfrɛ no nkitahodi kwan kɛse wɔ kɔmputa dwumadi mu no betumi de biribiara ho nsɛm a enni ano ama. Nanso saa nimdeɛ yi nyinaa a ɛwɔ hɔ no mma wiase no nhu nyansa kɛse anaa wontumi nni ne haw ahorow ho dwuma. Mmom no, wiase tebea no kɔ so sɛe da biara da. Sɛnea ntease wom no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “wi yi ase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim.”—1 Korintofo 3:19, 20.

5. Kɔkɔbɔ bɛn na Bible de ma wɔ ‘wiase nyansa’ ho?

5 Wɔ awiei bere no nna a edi akyiri yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔdaadaafo panyin, Satan Ɔbonsam, bedi atoro pii de abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe ahotoso a nkurɔfo wɔ sɛ Bible yɛ nokware no. Bible mudi ho akyinnyefo abɔ wɔn tirim akyerɛw nhoma ahorow a egye nokware a Bible yɛ ne sɛnea wotumi de ho to so no ho kyim bebree. Paulo bɔɔ ne yɔnko Kristoni bi kɔkɔ sɛ: “O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; dan wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm no ho. Ɛno na ebinom yi kyerɛe teree gyidi no ho.” (1 Timoteo 6:20, 21) Bible kɔ so bɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”—Kolosefo 2:8.

Ko Tia Adwenem Naayɛ

6. Dɛn nti na anidahɔ ho hia na adwenem naayɛ annye ntini wɔ koma no mu?

6 Anifere kwan foforo a Ɔbonsam fa so ne sɛ ɔbɛma obi adwene mu ayɛ no naa. Ɔhwehwɛ bere nyinaa sɛ obehu gyidi mu mmerɛwyɛ bi na wafa so de anya obi. Ɛsɛ sɛ obiara a n’adwene mu bɛyɛ no naa no kae sɛ onii a ɔhyɛ adwenem naayɛ a ɛte saa akyi ne nea ɔkaa eyi kyerɛɛ Hawa no: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Bere a Ɔsɔhwɛfo no de adwenem naayɛ hyɛɛ ɔbea no mu wiei no, nea na edi hɔ ne sɛ ɔbɛka atosɛm akyerɛ ɔbea no, na ogye dii. (Genesis 3:1, 4, 5) Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati sɛ yɛbɛma adwenem naayɛ asɛe yɛn gyidi te sɛ Hawa no, ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Sɛ adwenem naayɛ ketewaa bi a ɛfa Yehowa, n’Asɛm no, anaa n’ahyehyɛde no ho afi ase wɔ wo koma mu a, yɛ ntɛm yi fi hɔ ansa na anyin abɛyɛ biribi a ebetumi asɛe wo gyidi.—Fa toto 1 Korintofo 10:12 ho.

7. Dɛn na wobetumi ayɛ de ayi adwenem naayɛ afi hɔ?

7 Dɛn na wubetumi ayɛ? Ɛno nso ho mmuae ne sɛ wubenya Yehowa ne n’Asɛm mu ahotoso. “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no. Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.” (Yakobo 1:5, 6; 2 Petro 3:17, 18) Enti ade a edi kan ne sɛ wubefi komam abɔ Yehowa mpae. (Dwom 62:8) Afei, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi asafo no mu ahwɛfo a wɔwɔ dɔ hɔ. (Asomafo no Nnwuma 20:28; Yakobo 5:14, 15; Yuda 22) Wɔbɛboa wo ma woahu nea ama w’adwenem ayɛ wo naa no, a ebetumi afi ahantan anaa nsusuwii a ɛmfata bi.

8. Ɔkwan bɛn so na awaefo nsusuwii taa fi ase, na dɛn ne ano aduru?

8 Awaefo nsusuwii anaa wiase nyansapɛ bi ho nsɛm a woakenkan anaa woatie no de adwenem naayɛ a ɛyɛ hu ahyɛ wo mu anaa? Bible no tu fo nyansa mu sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ. Na nsɛnhuhuw a ɛho ntew no de, yi wo ho fi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu.” (2 Timoteo 2:15-17) Ehia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nnipa pii a wɔabɛyɛ awaefo no fii ase faa ɔkwammɔne no so nea edi kan denam sɛnea na wɔte nka sɛ wɔne wɔn redi wɔ Yehowa ahyehyɛde mu a wonwiinwii wɔ ho no so. (Yuda 16) Gyidi ahorow ho mfomso a wɔhwehwɛe bae wɔ ɛno akyi. Sɛnea oduruyɛfo yɛ ade ntɛm twa yare bɔne fi hɔ no, yɛ ade ntɛm yi biribiara a ɛbɛma woanwiinwii na ama sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ Kristofo asafo no mu no ahaw wo fi w’adwene mu. (Kolosefo 3:13, 14) Twa biribiara a ɛma saa adwenem naayɛ no kɔ so fi hɔ.—Marko 9:43.

9. Ɔkwan bɛn so na teokrase dwumadi nhyehyɛe pa bɛboa yɛn ma yɛn gyidi atu mpɔn?

9 Bata Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho denneennen. Fa nokwaredi suasua Petro a ɔkaa eyi pen no: “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.” (Yohane 6:52, 60, 66-68) Yɛ nhyehyɛe pa fa sua Yehowa Asɛm no na ama wo gyidi ayɛ den, te sɛ kyɛm a ebetumi “adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efesofo 6:16) Fa wo ho hyɛ Kristofo som adwuma no mu denneennen, fi ɔdɔ mu ka Ahenni asɛm no kyerɛ afoforo. Fi anisɔ mu dwennwen sɛnea Yehowa ahyira wo no ho da biara. Fa aseda ma sɛ wowɔ nokware no ho nimdeɛ. Saa nneɛma yi nyinaa a wobɛyɛ aka Kristofo dwumadi nhyehyɛe pa ho no bɛboa wo ma w’ani agye, woakura wo mudi mu, na woakɔ so akwati adwenem naayɛ.—Dwom 40:4; Filipifo 3:15, 16; Hebrifo 6:10-12.

Yehowa Akwankyerɛ a Wɔde Bedi Dwuma Wɔ Aware Mu

10. Dɛn nti na ɛho hia titiriw sɛ yɛbɛhwehwɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ wɔ Kristofo aware mu?

10 Bere a Yehowa yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbarima ne ɔbea mmom ntra sɛ awarefo no, ɛnyɛ sɛ ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma asase no so ayɛ ma ahotɔ mu nko, na mmom sɛ ɔbɛma wɔn anigye ayɛ kɛse nso. Nanso bɔne ne sintɔ de ɔhaw akɛse aba aware abusuabɔ no mu. Kristofo mfaa wɔn ho nnii wɔ eyinom mu, efisɛ wɔn nso wɔnyɛ pɛ na wohyia nnɛyi da biara asetra mu nhyɛso. Nanso bere dodow a wɔde wɔn ho to Yehowa ne n’Asɛm so no, ebetumi asi Kristofo yiye wɔ aware ne wɔn mma ntetee mu. Wiase nneyɛe nni ɔfã biara wɔ Kristofo aware mu. Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”—Hebrifo 13:4.

11. Sɛ awarefo redi wɔn aware mu ɔhaw ahorow ho dwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn baanu no nyinaa hu?

11 Ɔdɔ, ahofama, ne ahobammɔ wɔ aware a wɔde Bible afotu di dwuma wom mu. Okunu ne ɔyere nyinaa te tiyɛ nnyinasosɛm no ase na wɔkyerɛ obu wɔ ho. Sɛ nsɛnnennen sɔre a, ɛtaa fi Bible afotu a wɔmfa nni dwuma. Sɛ awarefo redi ɔhaw bi a ɛkonkɔn hɔ ho dwuma a, ɛho hia sɛ wɔn baanu nyinaa fi nokwaredi mu de wɔn adwene si ɔhaw no so ankasa, na wodi nea ɛde ba no ho dwuma sen nneyɛe a wɔda no adi no. Sɛ ntease anyɛ adwuma papa anaa anyɛ adwuma koraa wɔ nnansa yi nkɔmmɔbɔ mu a, awarefo no betumi ahwehwɛ mmoa afi ɔhwɛfo bi a ɔwɔ dɔ a wɔn mu biara nhwɛ kwan sɛ obegyina n’akyi.

12. (a) Ɔhaw ahorow bɛn na ɛtaa ba aware mu a Bible de ho afotu ma? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ awarefo baanu no nyinaa yɛ wɔn ade Yehowa kwan so?

12 So asɛm no fa nkɔmmɔbɔ, obu a obiara bɛkyerɛ ama ne yɔnko nkate horow, obu a mobɛkyerɛ ama tiyɛ, anaa ɔkwan a mobɛfa so asi gyinae ho? Ɛfa mmofra ntetee ho, anaa kari a mobɛkari pɛ wɔ nna mu ho? Anaasɛ ɛyɛ abusua no sikasɛm, ahomegye, fekubɔ, adwuma a ebia ɔyere no bɛyɛ, anaa baabi a mobɛtra ho? Sɛnea ɔhaw no te biara no, Bible no nam mmara ahorow so de afotu a mfaso wɔ so ma tẽẽ anaa ɛnam nnyinasosɛm ahorow so ma wonya ho adwene bi. (Mateo 19:4, 5, 9; 1 Korintofo 7:1-40; Efesofo 5:21-23, 28-33; 6:1-4; Kolosefo 3:18-21; Tito 2:4, 5; 1 Petro 3:1-7) Sɛ awarefo baanu no nyinaa anhwehwɛ nea wɔn ankasa pɛ na wɔde ɔdɔ di dwuma wɔ wɔn aware no mu biribiara mu a, ɛde anigye kɛse ba. Ɛsɛ sɛ awarefo baanu no nyinaa nya ɔpɛ a emu yɛ den yiye sɛ wɔbɛyɛ nsakrae horow a ɛho hia, na wɔyɛ nneɛma wɔ Yehowa akwan so. “Nea odwen asɛm so no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to Awurade so.”—Mmebusɛm 16:20.

Mmofra—Muntie Onyankopɔn Asɛm

13. Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ Kristofo mmofra benyin abenya Yehowa ne n’Asɛm mu gyidi a emu yɛ den?

13 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ Kristofo mmofra benyin abɛyɛ den gyidi mu bere a wiase bɔne no atwa wɔn ho ahyia wɔ akwan nyinaa so no. Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ ‘wiase nyinaa da ɔbɔnefo,’ Satan Ɔbonsam, ‘nsam.’ (1 Yohane 5:19) Mmofra wɔ saa ɔtamfo tirimɔdenfo yi a otumi ma bɔne dan papa wɔ nnipa ani so no ntua ase. Ahopɛ su, pɛsɛmenkominya botae horow, ɔbrasɛe ne atirimɔden ho akɔnnɔ, ɛne anigyede a ɛbɔ nkurɔfo dam—eyinom nyinaa ka bom yɛ nsusuwii koro a edi akoten a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no.” (Efesofo 2:1-3) Satan nam anifere kwan so akamfo saa “honhom” yi akyerɛ wɔ sukuu adesua nhoma ahorow mu, nnwom a ɛwɔ hɔ no pii mu, agumadi mu, ne anigyede foforo mu. Ehia sɛ awofo ma wɔn ani da hɔ na wosiw nkɛntɛnso a ɛtete saa ano denam boa a wɔbɛboa wɔn mma ma wɔanyin abenya Yehowa ne n’Asɛm mu ahotoso no so.

14. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi ‘aguan mmerante bere mu akɔnnɔ’?

14 Paulo tuu ne yɔnko Timoteo fo te sɛ agya sɛ: “Guan mmerante bere mu akɔnnɔ, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.” (2 Timoteo 2:22) Bere a ɛnyɛ “mmerante bere mu akɔnnɔ” nyinaa na ɛyɛ bɔne ankasa no, ɛsɛ sɛ mmofra ‘guan fi’ ho kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma saa nneɛma yi gye wɔn adwene, ma ɛkɔba sɛ, sɛ wonya bere ma Onyankopɔn fam nnwuma mpo a, ɛyɛ kakraa bi. Ɛwom sɛ apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ de pɛ ahoɔden, agumadi, nnwom, anigyede, nneɛma a obi yɛ de gyigye n’ani, ne akwantu nyɛ bɔne ankasa de, nanso sɛ obi de yɛ asetra mu ade titiriw a, ebetumi asum no afiri. Kwati koraa sɛ wobɛbɔ nkɔmmɔ a mfaso nni so, wobɛnenam hɔ a wonyɛ hwee, wobɛkyerɛ nna ho anigye a ɛnsɛ, wobɛtra hɔ kɛkɛ ma w’ani ahaw, na wubenwiinwii sɛ w’awofo nte wo ase.

15. Nneɛma bɛn na ebetumi akɔ so wɔ kokoam wɔ fie a ebetumi ama mmofra afa asetra akwan abien so?

15 Mmofra betumi mpo akɔ asiane mu wɔ kokoam wɔ fie. Sɛ wɔhwɛ TV so dwumadi ne video ahorow a ɔbrasɛe anaa basabasayɛ wom a, ebetumi ama wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nnebɔne. (Yakobo 1:14, 15) Bible tu fo sɛ: “Mo a modɔ Awurade, munkyi bɔne.” (Dwom 97:10; 115:11) Sɛ obi rebɔ mmɔden sɛ ɔde asetra akwan abien bɛtra ase a, Yehowa nim. (Mmebusɛm 15:3) Kristofo mmofra, monhwehwɛ mo dan mu nhwɛ. Mode nnipa a wogye nkurɔfo ani wɔ agumadi anaa nnwonto mu a wɔn bra asɛe ho mfonini abobɔ mo dan ho, anaa mode nneɛma a eye a ɛkae mo nnepa na abobɔ hɔ? (Dwom 101:3) Ntade a ɛwɔ wo nneɛma mu no yɛ nea ɛfata, anaa wo ntade no bi te sɛ wiase ntade a ɛtra so no? Sɛ wugyaa wo ho mu ma sɔhwɛ a ɛne sɛ wubesuasua nea enye a, Ɔbonsam betumi afa nnɛɛdɛe akwan so asum wo afiri. Bible tu fo nyansa mu sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.”—1 Petro 5:8.

16. Ɔkwan bɛn so na Bible afotu betumi aboa abofra ma wayɛ nea ɛbɛma obiara a ɔbɛn no ani agye ne ho?

16 Bible ka kyerɛ wo sɛ hwɛ wo fekubɔ yiye. (1 Korintofo 15:33) Ɛsɛ sɛ wofa nnamfo a wosuro Yehowa. Mma atipɛnfo nhyɛso nnnya wo so nkɛntɛnso. (Dwom 56:11; Mmebusɛm 29:25) Tie w’awofo a wosuro Onyankopɔn no. (Mmebusɛm 6:20-22; Efesofo 6:1-3) Hwehwɛ akwankyerɛ ne nkuranhyɛ fi mpanyimfo no hɔ. (Yesaia 32:1, 2) Fa w’adwene ne w’ani si honhom mu nneɛma a ɛsom bo ne botae horow so. Hwehwɛ hokwan horow a wubetumi de anya honhom mu nkɔso na woanya asafo dwumadi ahorow mu kyɛfa. Sua sɛnea wode wo nsa bɛyɛ ade. Nyin benya gyidi a ɛyɛ den na etu mpɔn, na ɛno bɛma woakyerɛ sɛ woyɛ obi ankasa—obi a ɔfata Yehowa wiase foforo no mu asetra! Yɛn soro Agya no ani begye wo ho, w’asase so awofo bɛpɛ w’asɛm, na wobɛyɛ nkuranhyɛ ama wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea. Ɛno ne ade a ɛho hia!—Mmebusɛm 4:1, 2, 7, 8.

17. Mfaso horow bɛn na wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa ne n’Asɛm so no nya?

17 Wɔde honhom kaa odwontofo no ma ɔkyerɛw anwensɛm sɛ: “Yehowa ankasa remfa ade pa biara nkame wɔn a wɔnam tee. Oo, asafo Yehowa, anigye ne onipa a ɔde ne ho to wo so.” (Dwom 84:11, 12, NW) Yiw, anigye ne nkonimdi na wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa ne n’Asɛm Bible no so nyinaa benya, na ɛnyɛ abasamtu ne nkogudi.—2 Timoteo 3:14, 16, 17.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho to ‘wiase nyansa’ so?

◻ Sɛ obi adwenem yɛ no naa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na nneɛma a wɔyɛ no Yehowa akwan so no ma aware si yiye na anigye ba mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Bible boa mmofra ma ‘woguan mmerante bere mu akɔnnɔ’?

[Kratafa 23 mfonini]

Kristofo dan kɔ Yehowa ne n’Asɛm so, na wɔpow ‘wiase nyansa’ sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm

[Kratafa 25 mfonini]

Esi mmusua a wɔwɔ Yehowa ne n’Asɛm mu ahotoso no yiye, na wonya anigye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena