-
Adɛn Nti na Onyankopɔn Ama Kwan Ma Amanehunu Rekɔ So?Ɔwɛn-Aban—2014 | January 1
-
-
Eunice: Ɛnyɛ den. Ɛkan sɛ: “Na ɔwɔ yɛ anifere sen wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Enti obisaa ɔbea no sɛ: ‘Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?’ Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: ‘Yetumi di turo yi mu nnua so aba. Na mmom dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ, “Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka na moanwu.”’ Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Ɛnyɛ owu na mubewu. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’”
-
-
Adɛn Nti na Onyankopɔn Ama Kwan Ma Amanehunu Rekɔ So?Ɔwɛn-Aban—2014 | January 1
-
-
Felicia: Ampa. Satan kaa asɛm bi kaa ho, na ɛno ma yehu sɛ ɔde sobo kɛse bi bɔɔ Onyankopɔn. Woahu sɛ ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Ná Satan repɛ akyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo!
Eunice: Eyi de, mentee da.
Felicia: Ka a Satan kae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo no, ɛkɔpagyaa asɛnkɛse bi bae, na na ɛbɛkyɛ ansa na yɛahu mu nokware. Wunim nea enti a ɛte saa?
Eunice: Dabi oo.
Felicia: OK. Ma memfa mfatoho bi nkyerɛkyerɛ mu. Fa no sɛ da koro mabegyina w’anim aka akyerɛ wo sɛ me ho yɛ den sen wo. Dɛn na wode bɛkyerɛ sɛ nea mereka no meboa?
Eunice: Gye sɛ yɛsɔ yɛn ahoɔden hwɛ.
Felicia: Ɛno ara ne no. Ebia yɛbɛpɛ biribi a emu yɛ du na yɛahwɛ nea obetumi ama so. Woahu sɛ nea ne ho yɛ den sen ne yɔnko de, yɛpɛ sɛ yehu a, yɛrenkyɛ ho.
Eunice: Mate ase.
Felicia: Afei fa no sɛ manka sɛ me ho yɛ den sen wo, na mmom mise me na meka nokware. Wunhu sɛ eyi de, ɛbɛkyɛ ansa na yɛahu?
Eunice: Ɛyɛ me saa.
Felicia: Yɛrenhu no ntɛm, efisɛ nokware nte sɛ ahoɔden na yɛde da koro ahu.
Eunice: Ampa.
Felicia: Nea ɛwom ara ne sɛ, gye sɛ yɛma bere begu mu de hwɛ obiara suban ansa na yɛahu nea ɔka nokware paa.
Eunice: Ntease wom.
Felicia: Afei yɛnhwɛ Genesis asɛm no bio. Wohwɛ a, Satan kae sɛ ne ho yɛ den sen Onyankopɔn?
Eunice: Dabi.
Felicia: Sɛ ɔkaa saa a, anka ɛrenyɛ den koraa sɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ n’ahoɔden. Satan kae sɛ ɔno na ɔka nokware. Nea ɔka kyerɛɛ Hawa no, nea na ɔrepɛ aka ara ne sɛ ‘Onyankopɔn redi atoro kyerɛ wo; me na mereka nokware.’
Eunice: Eyi de, woreka me asɛm paa.
Felicia: Onyankopɔn nyansa nti ohui sɛ ɔkwampa a obetumi afa so ama asɛm no mu nokware ada adi ne sɛ ɔbɛma bere pii abegu mu. Enti ɛnyɛ dɛn ara a, nokware no bɛda adi ama yɛahu nea n’asɛm yɛ nokware ne nea ɔretwa atoro.
-