Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So
    Ɔwɛn-Aban—2007 | September 15
    • Bible ka nea esii kyerɛ yɛn. Satan Ɔbonsam faa ɔwɔ so ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Bere a Hawa san kaa ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn kyerɛɛ Satan no, Satan kae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Afei Hawa hui sɛ aduaba no yɛ akɔnnɔ, na “ɔtew n’aba no bi, na odii.” Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.” (Genesis 3:1-6) Adam ne Hawa nyinaa amfa hokwan a na wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no anni dwuma yiye, na wɔnam Onyankopɔn so asoɔden a wɔyɛe no so yɛɛ bɔne.

      So wuhu aniberesɛm a ɛwɔ asɛm a esii no mu? Ɔbonsam totoo Onyankopɔn ano wɔ nea ɔka kyerɛɛ Adam no ho. Nea Satan kae no kyerɛ sɛ na Adam ne Hawa renhia Yehowa mmoa na wɔasi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae. Asɛm a Satan ma ɛsɔree no maa asɛm baa fata a Yehowa fata sɛ odi nnipa so tumi no ho. Enti asɛm a ɛho hia a Satan ma ɛsɔree no ne sɛ, so Yehowa fata sɛ odi adesamma so tumi? Nokware Nyankopɔn no dii asɛm no ho dwuma dɛn?

  • Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So
    Ɔwɛn-Aban—2007 | September 15
    • Bɛyɛ mfe 6,000 ni na Satan gyee fata a Onyankopɔn fata sɛ odi tumi no ho kyim. Dɛn na bere a atwam no ama ada adi? Susuw sobo a Satan bɔɔ Onyankopɔn no afã abien ho hwɛ. Satan ka kyerɛɛ Hawa pefee sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Genesis 3:4) Bere a Satan kae sɛ sɛ Adam ne Hawa di aduaba a Yehowa abara no a wonwu no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo. Eyi yɛ aniberesɛm ankasa! Sɛ Onyankopɔn anni nokware wɔ asɛm yi mu a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wɔagye no adi wɔ nneɛma afoforo mu? Nanso dɛn na bere a atwam no ama ada adi?

      Adam ne Hawa yaree, wɔtee yaw, wonyinyinii, na awiei koraa no, wowuwui. Bible ka sɛ: “Adam nna a odii nyinaa si mfirihyia ahankron aduasa, na owui.” (Genesis 3:19; 5:5) Adam de ɔhaw yi agyaw nnipa nyinaa. (Romafo 5:12) Bere a wɔama atwam no ama ada adi sɛ Satan yɛ “ɔtorofo ne atoro agya,” na ama ada adi sɛ Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn.”—Yohane 8:44; Dwom 31:5.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena