Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/15 kr. 17-22
  • Nhumu A Yehowa De Ama

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhumu A Yehowa De Ama
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Onyankopɔn yɛ Baasakoro?
  • Faako a Ɛfata sɛ Onyankopɔn Din no Tra
  • So Ɔdesani Kra no Nwu?
  • Kristofo Abrabɔ wɔ Wiase a Ayɛ Bagyabagya Mu
  • Bible Nkɔmhyɛ Ahorow Mmamu
  • Hwɛ Yehowa Ma Ɔmma Wo Nhumu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yehowa Maa Ne Din So
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Ahenni no Akyigyinafo Anokwafo
    “W’Ahenni Mmra”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/15 kr. 17-22

Nhumu A Yehowa De Ama

“Na ɔman no mu wɔn a wɔwɔ nhumu no bɛma nnipa bebree anya ntease.”​—DANIEL 11:33, New World Translation.

1, 2. (a) Ɛwom sɛ Israelfo no nyaa Onyankopɔn dom de, nanso dɛn nti na wɔtew atua? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛyɛ? (Yeremia 51:10)

NÁ TETE Israelfo no nim sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no. Na wɔaka ɔne wɔn agyanom nsɛnnii ho asɛm akyerɛ wɔn, na na wɔn ankasa anya ne dom mu osuahu. Nanso nea ɛboro pɛnkoro no, wɔyɛɛ ade wɔ ɔkwan a na nhumu nnim koraa so. “Wɔtew atua” tiaa Yehowa ne n’ananmusifo. Dɛn ntia? Efisɛ “wɔankae” nea na wayɛ ama wɔn no. (Dwom 106:7, 13) Ɛnyɛ sɛ na wonnim saa nneɛma yi; wɔamfa anisɔ annwen ho. Nea efii mu bae ne sɛ wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnipa a ‘wɔn kɔn dɔɔ bɔne.’​—1 Korintofo 10:6.

2 Wɔ yɛn bere yi so no, ɔkwan titiriw a Yehowa nam so ama n’adansefo ada nsow sɛ nnipa soronko ne nhumu a ɔnam n’ahyehyɛde a aniwa hu no so de ama no. Yɛn ankasa anisɔ ma ɔkwan a Yehowa nam so redi ne nkurɔfo anim no betumi ayɛ nea emu dɔ denam nhumu a ɛte saa no ho nhwɛso horow binom a yɛbɛpɛɛpɛɛ mu no so. Eyi mu biako fa yɛn gyidi mu ade titiriw ankasa​—onii a ɔne Onyankopɔn ankasa​—no ho.

So Onyankopɔn yɛ Baasakoro?

3. Dɛn na ɛboaa Yehowa nkoa, bɛboro mfirihyia ɔha ni, ma wohuu nokware a ɛfa onii a Onyankopɔn yɛ ho no? (1 Korintofo 8:5, 6)

3 Kristoman aka denneennen sɛ wɔn a wonnye Baasakoro nni no yɛ ɔsom mu atuatewfo. Nanso, sɛ́ anka Yehowa nkoa bɛma nnipa ahunahuna wɔn mmom no, wɔahu sɛ ɛnyɛ nnipa a honhom nkaa wɔn atetesɛm ne gyidikasɛm ne nnyinaso a wɔde hu nea ɛyɛ nokware na mmom Kyerɛw Kronkron no. Bere a wogyina saa fapem yi so no, wɔ 1882 mu tɔnn na saa Bible asuafo yi kyerɛe pefee wɔ Watch Tower mu sɛ: “Yɛn akenkanfo nim sɛ bere a yegye Yehowa Nyankopɔn ne Yesu, ne Honhom kronkron no di no, yɛpow nea wɔkyerɛkyerɛ sɛ eyinom yɛ Onyankopɔn ahorow baasa a wɔka bom yɛ onipa biako, nnipa baasa wɔ Onyankopɔn biako mu no sɛ ɛne kyerɛwsɛm nhyia koraa.”​—Yohane 5:19; 14:28; 20:17.

4. (a) Bere a Yehowa nkurɔfo hwehwɛɛ nneɛma mu kɔɔ akyiri no, dɛn na wohui sɛ ɛne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nnyinaso ne nea efi ɔkyerɛkyerɛ a ɛte saa no mu ba? (b) Dɛn nti na Yehowa maa ne nkoa nhumu a ɛte saa?

4 Na saa Bible nokware adɔfo yi ahwehwɛ nneɛma mu akɔ akyiri na wɔahu sɛ Baasakoro gyidi no ntini wɔ ɔsom ahorow a wɔnyɛ Kristofo mu. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm no a wosuaa no yiye so no, na wɔabehu nso sɛ sɛ ɛte sɛ nea Bible mu nsɛm bi boa Baasakoro nsusuwii no a, na efi asekyerɛfo adwenkyea, na emfi nea na ɛwɔ mfitiase kasa mu nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no mu. Wohui sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi a ɛda adi sɛ ɛde nidi ma Yesu no bɔ ne nkyerɛkyerɛ abira na ɛmmfa nidi mma Yehowa. Enti, Watch Tower a ɛbae a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kae sɛ: “Ɛda yɛn so sɛ́ nokware hwehwɛfo sɛ yɛne yɛn ho ne yɛn Agya no Asɛm a ɛno na ɛma yɛyɛ anyansafo ampa no bedi no nokware mu. Enti, bere a yebu yɛn ani gu nnipa a honhom nkaa wɔn ne nhyehyɛe ahorow a aporɔw atetesɛm ne gyidikasɛm ahorow so no, momma yenkura nsɛmpa a yenya fi yɛn Awurade ne Asomafo no nkyɛn no mu pintinn.” Esiane sɛ na wɔdɔ nokware no ankasa na ɛnyɛ Bible mu nkyekyem bi a wɔpɛ yiye so na wɔde wɔn adwene kɔe na mmom Onyankopɔn Asɛm mũ no nyinaa so nti, Yehowa maa wɔn nhumu a mfomso biara nni ho a ɛma wɔdaa nsow fii Kristoman ho.​—2 Timoteo 3:16, 17; hwɛ New World Translation Reference Bible, kratafa 1580, ɔfã 6B.

Faako a Ɛfata sɛ Onyankopɔn Din no Tra

5. Dɛn na akɔ so wɔ Onyankopɔn din no a wobeyi afi Bible nkyerɛase ahorow mu no mu? (Adiyisɛm 22:18, 19)

5 Susuw nhwɛso a ɛto so abien ho: Bere a Bible asekyerɛfo pii katakataa Onyankopɔn ankasa din so anaasɛ woyi fii mu koraa no, Ɔwɛn Aban Asafo no sii hia a edin no ho hia no so dua kɛse sen bere biara. Kristoman kyerɛe sɛ edin Yehowa no a wobeyi afi mu bɛma Asɛmpa no atumi ayɛ amansan nyinaa de kɛse, nanso Yehowa nkoa huu onii a na ɔhyɛ nhyehyɛe a wɔde reyi edin a ɛho hia sen biara no afi Kyerɛw Kronkron no mu akyi no. (Fa toto Yeremia 23:27 ho.) Onyankopɔn nkurɔfo hui sɛ Ɔbonsam na ɔkanyan eyi sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi nokware Nyankopɔn no din afi adesamma nkae mu.

6. Nea ɛne Kristoman kwan bɔ abira no, dɛn na Onyankopɔn nkoa anokwafo yɛe de kamfoo ne din? (Asomafo no Nnwuma 15:14)

6 Nea ɛne ɔkwan a na Kristoman nam so no bɔ abira no, Ɔwɛn-Aban no fi n’afe a edi kan a wotintimii (1879) no mu pɛɛ na ama Onyankopɔn din YEHOWA no so. Wɔ 1926 mu no, saa nsɛmma nhoma yi kyerɛw asɛm a ɛne “Hena na Obedi Yehowa Ni?” (Dwom 135:21) Wɔ 1931 mu no, Bible asuafo a wɔne Ɔwɛn Aban Asafo no bɔ fekuw no gyee edin Yehowa Adansefo no toom. (Yesaia 43:10-12) Wobehuu hia a ɛho hia kɛse sɛ wɔbɛtew Yehowa din no ho no nso. (Yesaia 12:4, 5) Wɔ 1944 mu no wofii ase tintim American Standard Version Bible a ɛde edin Yehowa no di dwuma bɛboro mpɛn 6,800 no. Nanso, wɔ Bible tintim ho no, nea ayɛ soronko kɛse, fi 1950 mu, ne New World Translation no. Ɛde Onyankopɔn din no to faako a ɛfata no wɔ Hebri ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.

7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn din no ne biribiara a ɛfa ho so duasi no aka nnipa pii wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so?

7 Onyankopɔn ankasa din no so duasi no ayɛ trenee adɔfo ɔpepem pii a wɔwɔ asase so nyinaa anigye. Aboa wɔn ma wɔanya anisɔ ama nokware Nyankopɔn no sɛ Obi. Na esiane sɛ wɔabehu n’akwan nti, wɔatumi de nyansa anaa nhumu abɔ wɔn bra.​—Mika 4:2, 5.

So Ɔdesani Kra no Nwu?

8. Wɔ Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm mfiase mu hɔ pɛɛ no, dɛn na wosua faa ɔkra ne awufo tebea ho?

8 Afei, nhwɛso a ɛto so abiɛsa: Yehowa nkoa nnɛyi abakɔsɛm mfiase mu hɔ baabi no, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn Asɛm buee wɔn ani wɔ nokware afoforo a ɛho hia ho. Bɛboro mfe ɔha no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tee ase ɔkwan a ɛteɛ so sɛ ɔkra no nyɛ honhom bi a enim de a etumi twe ne ho a ɛte adesamma mu na mmom ɛyɛ onipa no ankasa. (Mateo 24:45-47) Wɔ 1880 mu no, Watch Tower no pɛɛpɛe mfitiase kasa mu nsɛm a wɔakyerɛ ase Sheol ne Hades wɔ Bible mu no mu na wɔde baa awiei sɛ eyinom kyerɛ ɔdamoa. Ɛdaa no adi nso sɛ wɔsɛe wɔn a wɔde wɔn kɔ Gehena no na wɔnyɛ wɔn ayayade.​—Hwɛ New World Translation Reference Bible, nkratafa 1573-5.

9. Wɔ 1894 mu no, dɛn na Watchtower no kae wɔ ɔkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ adesamma akra nwu da no mfiase ho?

9 Wɔ 1894 mu no, Watch Tower no bisaa asɛm bi sɛ, “Ɛnde, ɛhe na adwene a abu so a ɛne sɛ adesamma wɔ wu a wonnwu da tumi a wɔde awo wɔn no fi bae?” Ɛde nhumu buae sɛ: “Sɛ yɛhwehwɛ abakɔsɛm mu a, yehu sɛ ɛwom sɛ Onyankopɔn adansefo a honhom kaa wɔn nkyerɛkyerɛ sɛ adesamma nwu de, nanso ɛyɛ ade titiriw wɔ abosonsomfo som nyinaa mu. . . . Enti, ɛnyɛ nokware sɛ Socrates ne Plato na wodii kan kyerɛkyerɛe: na ɛho kyerɛkyerɛfo bi wɔ hɔ ansa na wɔn baanu nyinaa reba, na na ne ho akokwaw sen wɔn. Nanso wɔma ɛyɛɛ nea ɛkanyan anigye . . . wɔde yɛɛ nyansapɛ ma enti ɛbɛyɛɛ nnaadaa ne nea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobegye atom maa wɔn bere so ne ɛno akyi anibuefo akuw no. Wohu saa atoro kyerɛkyerɛ yi ho kyerɛwtohɔ a edi kan no wɔ abakɔsɛm mu nhoma a akyɛ sen biara​—Bible no mu. Na atoro kyerɛkyerɛfo no ne Satan.”a

10. Nneɛma bɔne bɛn na afi nyamesom mu atoro a ɛfa ɔkra ne awufo tebea ho no mu aba, nanso dɛn na wɔyɛ de boaa nnipa a wɔwɔ ntease?

10 Ɛdenam atoro a ɛne sɛ adesamma nyinaa wɔ ɔkra a enwu ne sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade daa wɔ hellgya mu a Satan trɛw mu no so no, wasɛe Onyankopɔn din na waka ho abususɛm. Ɔwɛn-Aban no samufo a odi kan, C. T. Russell, huu saa. Ohui sɛ nnipa nimdefo repow daa ayayadeyɛ ho adwene no nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, na wɔrepow Bible no efisɛ wosusuwii sɛ emu na saa nkyerɛkyerɛ a ntease nnim no fi. Nea ɛbɛyɛ na Onua Russell apopa Esum Mmere no mu wusiw no afi nnipa a wɔwɔ ntease adwenem, sɛnea ɔkaa no no, ɔmaa baguam kasa a na ɛkanyan adwene a ɛne sɛ “Hell a Wɔakɔ Asan Aba! Henanom na Wɔwɔ Hɔ?”

11. (a) Bere a na ahonhonsɛmdi regye din no, kɔkɔbɔ bɛn na ‘akoa nokwafo’ kuw no de mae? (b) Henanom na wɔanya saa kɔkɔbɔ yi ho mfaso, na ɔkwan bɛn so?

11 Saa bere no na na ahonhonsɛmdi regye din. Nanso ‘akoa nokwafo’ no de nhumu a Yehowa Nyankopɔn ama wɔnam n’asɛm so tumi nya no hui sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔawuwu no ahonhom a na nkurɔfo ne wɔn di nkitaho no yɛ adaemone. Wɔde Kyerɛwnsɛm mu akyinnyegye a tumi wom mae wɔ baguam kasa ne nkrataa ahorow mu de buee komapafo ani wɔ asiane a ɛwɔ obi ho a ɔde hyehyɛ ahonhonsɛmdi nneyɛe ahorow mu no ho. (Deuteronomium 18:10-12; Yesaia 8:19) Nea efii saa nhumu a Yehowa de mae yi mu bae ne sɛ wɔagye nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa afi awufo suro, ahonhonsɛmdi, ne amanne a ɛbrɛ obi ase a ɛbatabata ahonhonsɛmdi ho no mu.

Kristofo Abrabɔ wɔ Wiase a Ayɛ Bagyabagya Mu

12, 13. Kyerɛkyerɛ Daniel 11:32, 33 mu. (b) Dɛn ne Bible mu mfitiase nokware ahorow a ɛyɛ ntease a “wɔn a wɔwɔ nhumu” no de ma no nnyinaso no mu binom?

12 Odiyifo Daniel daa no adi sɛ Onyankopɔn nkoa bɛda nhumu adi wɔ ade foforo a ɛto so anan a ɛyɛ ɔsɛmpɔw bi a ɛho hia kɛse​—afã biara a wonni​—mu. Bere a Daniel 11:32, 33, NW, aka apereperedi a ɛbɛkɔ so wɔ wiase amammui akuw akɛse no ntam ho nsɛm pii akyi no, ese: “Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusu no, ɔde tɛkrɛmakyene de wɔn bɛkɔ ɔwae mu.” Kyerɛ sɛ, kusuu fam hene katabaakofo no de wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo nanso wɔdɔ wiase no, wɔpɛ ne mpeneso, ma enti wɔbɔ Yehowa-Ahenni a emu na Kristo bedi asase nyinaa so ho apam no mmusu no bɛkɔ ɔwae mu. Daniel toa so sɛ: “Nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no begyina na wɔayɛ ade. Na ɔman no mu wɔn a wɔwɔ nhumu no bɛma nnipa bebree anya ntease.”

13 Wogyina Bible mu mfitiase nokware ahorow ho anisɔ so na enya nhumu a ehia a wɔde bedi tebea horow a ɛyɛ bagyabagya a ɛtaa twa yɛn ho hyia no ho dwuma nyansa mu no. ‘Akoa nokwafo’ no nam Yehowa akwankyerɛ so ahu saa nokware ahorow yi. Biako ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, sɛnea Yesu daa no adi no, wiase yi sodifo a aniwa nhu no no ne Satan Ɔbonsam. (Luka 4:5-8; Yohane 12:31) Nea ɛne saa nokware yi hyia no, 1 Yohane 5:19 de ka ho sɛ ɛnyɛ wiase no fã biako anaa foforo bi na mmom “wiase nyinaa [adesamma a wonni nokware Kristofo asafo no mu no nyinaa] da ɔbɔne no mu.” (Adiyisɛm 12:9) Esiane sɛ Yesu kae sɛ n’asuafo renyɛ “wiase no fã” nti, eyi hwehwɛ afã biara a Kristofo nni no wɔ wɔn fam.​—Yohane 17:16, NW.

14. (a) Nneɛma a na ɛyɛ ne bere mu de bɛn so na wɔtwee Yehowa nkoa adwene kɔe wɔ 1939 ne 1941 mu? (b) Ɔkwan bɛn so na nhumu a ɛte saa no aboa Yehowa Adansefo ma wɔayɛ ade nyansa mu?

14 Enti, ɛbae wɔ ne bere mu sɛ bere a na Wiase Ko II rema Europa aduru sum no, wosii afã biara a Kristofo nni no so dua wɔ November 1, 1939 Watchtower no mu no. Nea ɛne saa asɛm yi wɔ abusuabɔ ne mfitiase nokwasɛm foforo​—hia a amansan sodi ho ɔsɛmpɔw no ne afã a Mesia Ahenni no wɔ wɔ saa ɔsɛmpɔw yi a wobehu ano no mu no ho hia no. Sɛ́ nea ɛfata no, wɔkaa saa ɔsɛmpɔw yi ho asɛm wɔ 1941 mu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi a wɔyɛe wɔ St. Louis, Missouri, U.S.A., no ɔkasa bi mu, na afe a edi hɔ no wɔkaa ho asɛm wɔ nhoma The New World no mu. Onyankopɔn nhumu a ɛte saa no ayɛ ahobammɔ ama Yehowa nkoa wɔ wiase a emu apaapae na wodi ako yi mu dɛn ara! Ɛwom sɛ Kristoman nyamesom nhyehyɛe horow mu apaapae esiane sɛ wɔde wɔn ho ahyɛ amanaman ntam basabasayɛ ne akofofo akuw mu ma wotu nniso ahorow nti no de, nanso Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase nyinaa so de biakoyɛ akɔ so de wɔn ho ama Onyankopɔn Ahenni a wɔbɔ no dawuru sɛ ɛne adesamma anidaso koro pɛ no. Wɔreyɛ nkwagye adwuma a Yesu Kristo ka siei bere a ɔkaa eyi no a wonni adagyew: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Mateo 24:14.

Bible Nkɔmhyɛ Ahorow Mmamu

15. Dɛn nti na Yehowa nkoa anya nhumu?

15 Dɛn nti na Yehowa nkoa anya nhumu a ɛte saa? Efisɛ wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no mu ahotoso koraa, wotie, na Yehowa honhom wɔ wɔn so. Eyi aboa wɔn ma wɔate Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛho hia ase nso, na eyi ne asɛntitiriw a ɛto so anum a yebesusuw ho.

16, 17. (a) Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ɛsono mmerebu a Yehowa Adansefo de di dwuma no wɔ wiase abakɔsɛm akyerɛwfo de ho no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo anya mfaso afi ahotoso a wɔwɔ wɔ Bible no mu wɔ nea ɛfa Artasasta afe a ɛto so 20 ne bere a Babilonfo sɛee Yerusalem ho mu no mu?

16 Wiase abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔde wɔn ho to sɛnea wɔkyerɛ nea ɛwɔ abopon mmubui binom a fam tutufo akohu ase so wɔ nsɛm no bi mu no aka sɛ 464 A.Y.B. ne Artasasta Longimanus ahenni afe a edi kan ne sɛ na 604 A.Y.B. ne Nebukadnesar II ahenni afe a edi kan. Sɛ ɛno yɛ nokware a, ɛnde na Artasasta ahenni afe a ɛto so 20 no fii ase 445 A.Y.B. mu, na afe a Babilonfo sɛee Yerusalem (wɔ Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so 18 no mu) no bɛyɛ 587 A.Y.B. Nanso sɛ Bible osuani bi de saa nna no bu nkɔmhyɛ mmamu a, n’adwene betu afra kɛkɛ.

17 Yehowa Adansefo akyerɛ nea fam tutufo ahu ho anigye efisɛ eyinom fa Bible no ho. Nanso, faako a saa nneɛma yi nkyerɛase ne nea Bible ka a emu da hɔ pefee no bɔ abira no, yɛde ahotoso gye nea Kyerɛw Kronkron no ka no tom, sɛ ɛyɛ nea ɛfa mmerebu anaa asɛmti foforo bi ho no. Nea afi mu aba ne sɛ Yehowa nkoa ahu bere tenten ni sɛ ɛsɛ sɛ wɔkan nkɔmhyɛ bere a efii ase wɔ Artasasta afe a ɛto so 20 no mu no fi 455 A.Y.B. mu ma enti Daniel 9:24-27 de nsa kyerɛɛ afe 29 Y.B. ofupɛ bere mu so sɛ wɔbɛsra Yesu sɛ Mesia no wɔ ɔkwan a wotumi de ho to so so.b Ntease koro no ara nti, wɔahu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 4 a ɛfa “mmere nson” ho no fii ase wɔ 607-606 A.Y.B. mu ne sɛ ɛkyerɛe sɛ 1914 Y.B. ofupɛ bere mu ne afe a wɔde Kristo sii agua so wɔ ɔsoro sɛ Ɔhene a odi so na saa wiase yi hyɛn n’awiei bere mu.c Nanso sɛ wohinhimii wɔ wɔn ahotoso a wɔwɔ sɛ Kyerɛw Kronkron no fi honhom mu no mu a, anka wɔrenhu saa nkɔmhyɛ mmamu a ɛyɛ anigye yi. Enti, nhumu a wɔada no adi no yɛ nea ɛne Onyankopɔn Asɛm no a wɔde wɔn ho to so no wɔ abusuabɔ tee.

18. Ɛdefa Yehowa nkoa anokwafo honhom mu tebea ho no, dɛn na Yesaia 65:13, 14 hyɛ ho bɔ?

18 Yehowa rema nsonsonoe ada ne nkoa anokwafo honhom mu tebea ne ankorankoro ne akuw a wopia Kyerɛwnsɛm no to nkyɛn ntɛm ara na wɔpɛ nea aba so foforo mmom no mu no, ose: “Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu; hwɛ me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asũ yɔɔ.”​—Yesaia 65:13, 14.

19. (a) Titiriw no, ɛdenam dɛn so na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu ahorow ma? (b) Adesua nhyehyɛe bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya mfaso kɛse afi honhom fam aduan mu?

19 Sɛnea saa abakɔsɛm mu ntĩmu tiawa yi akyerɛ no, ɛdenam Ɔwɛn-Aban no so na Yehowa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a ɛho hia mu nkyerɛkyerɛmu ama yɛn. Ɔwɛn-Aban no ne adwinnade titiriw a “akoa” kuw no nam so de honhom fam aduan ma. So wurenya mu mfaso kɛse? So wokenkan nea ɛbɛba biara, na so kyerɛw nsɛm a wɔabɔ din nanso wɔamfa ɛhɔ nsɛm anka no a wobɛkenkan ka w’adesua nhyehyɛe no ho? So wode yɛ wo su nso sɛ wubedwen nea woasua no ho, woama anisɔ a wowɔ wɔ ho no ayɛ kɛse, woasusuw sɛnea ɛsɛ sɛ ɛka wo su, w’akɔnnɔ, wo da biara da dwumadi, wo botae ahorow wɔ asetra mu no ho? Saa a wobɛyɛ no betumi ayɛ ade titiriw wɔ gyinae ahorow a egyina nokware nhumu a Yehowa nkutoo na ɔde ama so a wubesisi mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Satan maa Hawa gye dii sɛ ɔrenwu wɔ honam mu koraa. (Genesis 3:1-5) Enti akyiri yi ansa na ɔrefi atoro nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ adesamma wɔ ɔkra a enwu a ɛkɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi no ase.​—Hwɛ September 15, 1957 Watchtower, kratafa 575.

b Insight on the Scriptures, Po 2, nkratafa 614-16, 899-901.

c “Let Your Kingdom Come,” nkratafa 186-9.

Dɛn Na Wokae?

◻ So Onyankopɔn yɛ Baasakoro, na dɛn nti na wubua saa?

◻ Ɛhe na ɛfata sɛ Onyankopɔn din to tra?

◻ So ɔdesani kra no nwu da?

◻ Kristofo abrabɔ ho nhumu bɛn na Yehowa de ama wɔ wiase a ayɛ bagyabagya yi mu?

◻ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu nhumu bɛn na Yehowa Adansefo anya?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛdenam Ɔwɛn-Aban no so no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de kyerɛw nsɛm nkyerɛase ne sɛnea ɛfa yɛn bere yi ho mu nhumu ma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena