Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 10/1 kr. 8-12
  • So W’ani “Ye”?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So W’ani “Ye”?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nipadua Kanea”
  • Tumi a Aniwa No Wɔ
  • Yɛn Ani a Yɛbɛma Ayɛ Nea ‘Eye’ a Ɛnyɛ Nea ‘Enye’
  • Yɛn Ani a Yɛbɛma Ayɛ Nea ‘Eye’ Mu Nhyira Horow
  • Fa W’aniwa Hwɛ Ade Yiye
    Nyan!—2012
  • “Aniwa Nsi Aniwa Ananmu”—Dɛn Na Saa Asɛm No Kyerɛ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ma W’ani Nhwɛ Tẽẽ
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • So W’aniwa Hwɛ Tee?
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 10/1 kr. 8-12

So W’ani “Ye”?

“Sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.’”​—MATEO 6:22.

1. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ aniwa no yɛ adebɔ mu nyansa a ɛyɛ nwonwa?

WƆTAA bu hu a wohu ade no sɛ biribi a ɛsom bo a ɛho hia sen biara​—titiriw no wɔ wɔn a wonhu ade bio no fam. Nyansahufo se wɔ anibu biara mu no, hann a etwam wɔ aniwa no kurutiayisi no so yɛ ɔpepepem du. Sɛ etwam wɔ so saa a, nkwa mmoawa ɔpehaha pii nso gye. Afei nkwa mmoawa a hann no akanyan wɔn no fi ase de eyi kɔma amemene no. Ɛhɔ na nkwa mmoawa ɔpepehaha pii foforo yɛ nea wɔn nsa aka no ho dwuma na wosi nea ɛho hia sɛ wɔyɛ ho gyinae. Eyi nyinaa gye anibu biako mu nkyem fa ketewa bi pɛ. Ampa, aniwa yɛ adebɔ a nyansa wom ho adanse a ɛyɛ nwonwa.​—Dwom 139:14.

2. Ade a ɛfa nea wohu ho bɛn na ɛda so ara yɛ nyansahufo nwonwa?

2 Ɛwom sɛ nyansahufo nim aniwa ne amemene no ho adwumayɛ no ho asɛm ara yiye de, nanso wonnim ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn ade wɔ nea yehu ho ne nea enti a ɛte saa no ho asɛm pii. Sɛ nhwɛso no, wɔnte nea enti a obi ani gye kɔkɔɔ ho sen bruu bere a ebia obi foforo nso pɛ bruu sen kɔkɔɔ, anaasɛ nea enti a yɛn anigye kɔla ahorow ho wɔ akwan horow so no ase nwie. Abusuabɔ a ɛda nea yehu ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ho ntam no da so ara yɛ nea ɛma wɔn ho dwiriw wɔn. Nanso Yehowa a ɔyɛɛ aniwa no ne ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ ne yɔnko dwumayeni no nim aniwa ankasa no dwumadi ahorow no yiye, na wonim sɛnea aniwa no nya yɛn nneyɛe ne yɛn asetra so tumi no.

“Nipadua Kanea”

3. Ɔkwan bɛn so na aniwa yɛ “nipadua kanea”?

3 Yesu kae sɛ “nipadua kanea ne aniwa.” (Mateo 6:22) Kanea ma baabi a sum wɔ hɔ yɛ hann na ɛma yehu baabi a yɛwɔ, sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade, faako a yɛbɛfa, ne nea ɛkeka ho. Ɛdenam gye a aniwa no gye hann ba yɛn nipadua mu so no, edi dwuma sɛ kanea ara pɛ. Ɛma yetumi hu nea ɛrekɔ so wɔ wiase a atwa yɛn ho ahyia no mu na yɛde nyansa yɛ ade wɔ ho wɔ ɔkwan pɔtee bi so sen sɛ yɛde yɛn ti bɛpempem, ahintiw, na ebia yɛapira yɛn ho.

4. Ɔkwan bɛn so na sɛnea aniwa no te no tumi ka yɛn?

4 Nanso faako a aniwa no betumi adi dwuma sɛ kanea ama nipadua no akodu no gyina sɛnea aniwa no te so kɛse. Esiane eyi nti Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum nomu bɛyɛ duru dɛn ara.” (Mateo 6:22, 23) Yetumi hu tumi kɛse a aniwa no wɔ wɔ yɛn asetra nyinaa so, wɔ ɔkwan a eye anaa nea enye so, no fi eyi mu.

Tumi a Aniwa No Wɔ

5. Ná aniwa no ho asɛm wɔ sɔ a Satan sɔɔ Hawa hwɛe no mu kodu he?

5 Susuw ɔbea a odi kan, Hawa, asɛm no ho. Yetumi hu faako a aniwa no nyaa ne nneyɛe so tumi kodui no fi Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔne Ɔdaadaafo, Satan Ɔbonsam, asɛm no ho no mu. (2 Korintofo 11:3; 1 Timoteo 2:14) Satan kae sɛ, sɛ obu n’ani gu Onyankopɔn ahyɛde no so na ɔfa “papa ne bɔne hu dua” no aduaba no bi di a, ‘n’ani bebue.’ Ɔyɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Bible ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani.” Ɔde n’ani hwɛɛ biribi a wɔabara no wɔ ho, Ɛno yɛ aniwa a wɔhyɛ da de di dwuma wɔ ɔkwan a ennye so. Dɛn na efii mu bae? “Ɔtew n’aba no bi, na odii.”​—Genesis 2:17; 3:4-6.

6. Ɔkwan bɛn so na aniwa no nya yɛn nneyɛe so tumi?

6 Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ eyi ne nea edi kan a Hawa rehu “papa ne bɔne hu dua” no anaa n’aduaba no. Nanso biribi soronko kɔɔ so. Saa bere yi de ɛbɛyɛɛ biribi a “ɛyɛ aniwa fɛ” na “dua no dɔ kɔn.” Akɔnnɔ ntaa nyɛ su a efi aniwa no, na mmom efi koma no mu. Nanso nea aniwa no hu ma koma no akɔnnɔ no mu bɛyɛ den araa ma ebia adeyɛ di akyi ba. Wɔ Hawa fam no, adeyɛ a ɛte sɛɛ de amanehunu na ɛbaa n’ankasa ne ne kunu Adam, ne afei wɔn asefo a na wɔbɛba daakye nyinaa a yɛn nso yɛka ho nnɛ no so.​—Romafo 5:12; Yakobo 1:14,.15.

7. Ɔkwan bɛn so na na aniwa ho asɛm wɔ mmɔden a ɛtɔ so abiɛsa a Satan bɔe sɛ ɔbɛdaadaa Yesu no mu, na dɛn na efii mu bae?

7 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛko atia nkɛntɛnso bɔne biara a ebia ɛnam aniwa no so bɛba no, yebetumi asusuw Yesu Kristo nhwɛso no ho. Ɛyɛ nea ɛfa Ɔsɔhwɛfo koro no ara, Satan, ho bio. Wɔ mmɔden a ɛto so abiɛsa a ɔbɔe sɛ ɔbɛtwe Yesu afi Onyankopɔn apɛdeyɛ ho no mu no, “ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.” Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ Satan ano ara kwa na ɔde kae sɛ ɔde wiase tumi ne emu anuonyam nyinaa bɛma Yesu bere a wakotow asɔre no no. Ɔde nneɛma yi ‘kyerɛɛ no,’ ɔde tumi a ano yɛ den a aniwa no wɔ no dii dwuma. Nanso esiane sɛ nea ɔde kyerɛɛ no antwetwe Yesu ani na mmom ɔde n’ani sii abusuabɔ a ɔne ne soro Agya, Yehowa, wɔ no so nti, otumi dii Satan anifere kwan a ɔfaa so no so nkonim.​—Mateo 4:8-10.

8. Dɛn na yebetumi asua afi Hawa ne Yesu nhwɛso no mu?

8 Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso ahorow yi mu? Nea edi kan ne sɛ, nea yɛde yɛn aniwa hwɛ betumi ahyɛ akɔnnɔ pa anaa akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn koma mu no mu den. Eyi betumi ama yɛayɛ ade a ɛde nhyira anaa amanehunu bɛba yɛn ankasa ne afoforo so. Nea etia abien ne sɛ, ɛda adi pefee sɛ aniwa no ne ɔkwan a eye ma Satan a ɔfa so daadaa wɔn a onya wɔn no. Wɔ “nnɛɛdɛe” akwan horow a Satan fa so daadaa adesamma no nyinaa mu no, ɛte sɛ nea aniwa de yi yɛ nea ano yɛ den sen biara no mu biako.​—2 Korintofo 2:11.

9. Ɔkwan bɛn so na Satan hyɛ “aniwa akɔnnɔ” ho nkuran nnɛ?

9 Satan da so ara fa ɔkwan koro no ara so nnɛ wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛtwe nnipa nyinaa afi Onyankopɔn apɛdeyɛ ho no mu. Satan nam wiase no mu afɛfɛde ahorow no so hyɛ “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa” ho nkuran. (1 Yohane 2:16) Yehu eyi pefee wɔ anifere kwan a wiase aguadifo fa so bɔ nneɛma ho dawuru no mu. So ɛnyɛ nokware sɛ nneɛma ho dawurubɔ a wogye tom kɛse ne nea ɛda nneɛma a wɔde aniwa hu adi no? Kyerɛw-apon akɛseakɛse fɛfɛɛfɛ pii a esisi akwan ho, mfonini ahorow fɛfɛ a ɛwowɔ nsɛmma nhoma ne atesɛm nkrataa ahorow mu, nneɛma ho dawurubɔ wɔ TV so​—ne sika ɔpepem pii a wɔsɛe de yɛ eyi​—no di nokwasɛm no ho adanse sɛ adwene a ɛhyɛ nneɛma ho dawuru a wɔbɔ no akyi ne sɛ wɔde bɛkanyan wɔn a wɔtɔ no “aniwa akɔnnɔ.”

10. Dɛn ankasa na aguadi wiase no rehyɛ ho nkuran?

10 Bere a ebia nsɛm ho dawurubɔ ahorow pii yi remma adwene no nsusuw nneɛma ho kɛse no, nea ɛyɛ nnɛɛdɛe kɛse ne sɛ, ɛnyɛ sɛ nsɛm ho dawurubɔ ahorow yi yɛ nea wɔde rehyɛ nneɛma a wɔayɛ a wɔbɛtɔ ho nkuran nko na mmom asetra kwan ahorow bi nso. Mpɛn pii wɔda no adi sɛ nneɛma no yɛ nea nnipa a wodi mũ, nnipa atitiriw, nnipa a wɔwɔ anigye, ne nnipa a wɔn ho yɛ fɛ na wɔde di dwuma. Nea wɔreka ara ne sɛ sɛ obi nya saa nneɛma no na ɔde di dwuma a, ‘n’asetra’ bɛba abɛyɛ sɛ saa nnipa ahorow no mu bi de. Nneɛma ho adawurubɔfo nim sɛ bere a obi agye asetra kwan bi atom no, ɛnyɛ den sɛ wobenya no ma wagye nneɛma a wɔretɔn a ɛne saa asetra no kɔ no nso atom. Esiane eyi nti, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so betie afotu a ɛwɔ Hebrifo 13:5 no! Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ [mo asetra kwan] mu, na mompene nea mowɔ.”

Yɛn Ani a Yɛbɛma Ayɛ Nea ‘Eye’ a Ɛnyɛ Nea ‘Enye’

11. Kyerɛkyerɛ nsɛmfua ‘aniwa a eye’ ne ‘aniwa a enye’ a Yesu kaa ho asɛm no mu.

11 Esiane sɛ yehyia nneɛma pii a ɛte sɛɛ a ɛtwetwe ani no da biara nti, yebetumi ahu nea enti a Yesu tuu yɛn fo sɛ yɛmma yɛn ani nyɛ nea ‘eye’ a ɛnyɛ nea ‘enye’ no kɛse. (Mateo 6:22, 23) Dɛn na ɛno kyerɛ? Wɔkyerɛɛ ani a ‘eye’ a wɔreka ho asɛm wɔ ha no ase fii Hela asɛmfua ha·plousʹ mu a nea ɛkyerɛ titiriw ne adwene koro a obi nya anaasɛ n’ani a ɔde si botae koro so. Wɔ ɔkwan foforo so no, nea wɔde gyinaa hɔ maa aniwa a ‘enye’ wɔ mfitiase Hela kasa no mu ne po·ne·rosʹ na nea ɛkyerɛ ne nea ɛnteɛ, nea ɛmfra, bɔne. Enti, sɛ́ anka ‘ani a eye’ no bɛma biribiara a ɛrekɔ so no atwetwe no ma wakɔhwɛ anaasɛ ama afi nea ɔreyɛ so no, ɛde si ade biako pɛ so mmom. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ‘ani a enye’ no nhwɛ faako, ɛdɛɛdɛe, ɛbere ade, na ɛtwetwe kɔ nneɛma a enye a ɛyɛ sum mu.

12. Tĩ Yesu asɛm a ɔkae no mu na kyerɛkyerɛ mu.

12 Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde ani no si so na ama ‘nipadua no nyinaa ayɛ hann’? Asɛm no mu a yɛbɛhwehwɛ bɛboa yɛn ma yɛanya ho mmuae. Wɔ nkyekyem a edi ɛno anim mu no, na Yesu aka ‘asase so ademude’ ne ‘ɔsoro ademude’ ho asɛm. Ɔkae sɛ “nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” Afei bere a waka aniwa no ho asɛm akyi no, osii hia a atirimpɔw koro pɛ a obi benya ho hia so dua, sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu,” Onyankopɔn ne Ahonyade. Wɔ nkyekyem a edi hɔ no mu no, ɔkaa adwene a obi benya wɔ da biara da asetra mu ahiade ho no ho asɛm na ɔde afotu yi wiei: “MonhwehwɛOnyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”​—Mateo 6:19-34.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so na ama yɛn ‘nipadua nyinaa ayɛ hann’? Dɛn ntia?

13 Adwene bɛn na yebetumi anya wɔ eyi nyinaa mu? Ɛha no, na Yesu reka asetra mu botae horow ho asɛm na ɔdaa ɔbrɛ hunu a ɛwɔ honam fam nneɛma akyidi mu ne nhyira a ɛwɔ honhom fam nneɛma ho anigye a obi benya mu no adi. Nokwarem no, ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛde yɛn ani si Ahenni nneɛma nkutoo so a, yɛn “nipadua nyinaa bɛyɛ hann.” Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛde Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ yɛ yɛn botae wɔ asetra mu a, yɛbɛpɛ sɛ yɛda asɛmpa no anuonyam no adi wɔ yɛn asetra mu biribiara mu. Ɛnyɛ daakye a ɛyɛ anigye nko na yebetumi ahwɛ kwan na mmom yebetumi ade yɛn ho afi esum mu nneɛma a asetra a wɔde di pɛsɛmenkominya nneɛma akyi de ba no ho.​—2 Korintofo 4:1-6.

14. Ɔkwan bɛn so na obi ani a ɔde si honam fam ahonyade so de “esum” ba?

14 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Yesu asɛm no mu den bere a ɔkyerɛkyerɛɛ eyi mu no: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.” (1 Timoteo 6:9) Asɛm yi yɛ nea ntease wom ampa! Nea yɛtaa te ho asɛm kɛse wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu ne mmarahyɛ baguafo, ahene, atemmufo, sika korabea adwumayɛfo, adwuma mu mpanyimfo ne afoforo pii a wɔkyere wɔn wɔ adwuma mu korɔn a wɔbɔ ho, a sɛnea amanneɛbɔ biako kyerɛ no, “anyɛ yiye koraa no ɛka a ɛma aban bɔ afe biara yɛ dɔla ɔpepepem 200” wɔ United States nkutoo. Pɛ a obi bɛpɛ sɛ onya ne ho ho ‘sɔhwɛ ne afiri’ no ama nnipa binom a na bere bi a wɔwɔ obu ma wɔn adan akorɔnfo ne nsɛmmɔnedifo. Ampa, yɛmpɛ sɛ ‘wɔtwe yɛn kɔ ɔsɛe ne ɔyera mu’ na ama “esum” a Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ ho no ato yɛn.​—Hwɛ Mmebusɛm 23:4,5

15, 16. (a) “Aniwa akɔnnɔ” foforo bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wode afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 27:20 no bedi dwuma wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ yi mu?

15 Nanso so wɔn a wɔde wɔn ani si ahonyade a wobenya so no nkutoo na wohyia esum mu a wɔnantew ho asiane no? Dabi, nneɛma afoforo pii nso ka “aniwa akɔnnɔ” no ho. Kae asɛm a ɛwɔ Mateo 5:28 no: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” Ɛda adi sɛ saa kɔkɔbɔ no yɛ nea wobetumi de adi dwuma wɔ obi ani a ɔde besi nneɛma a wɔahyɛ da ayɛ na akanyan akɔnnɔ bɔne ahorow so no ho.

16 Afei nso nea yebedi, nea yɛbɛnom ne nea yebefura ho adwennwene a Yesu kaa ho asɛm no wɔ hɔ. (Mateo 6:25-32) Bere a eyinom yɛ nneɛma a ɛho hia no, akɔnnɔ a emu yɛ den a yebenya sɛ yebenya nea aba so, nea ne bo yɛ den, nea nkurɔfo ani gye ho no bi bere nyinaa no betumi de yɛn adwene ne yɛn koma no ayɛ nkoa. (Romafo 16:18; Filipifo 3:19) Wɔ ahomegye, agorudi, apɔwmuteɛteɛ ne nea ɛtete saa mu mpo no, ɛsɛ sɛ yekari pɛ yiye na yɛhwɛ yiye na wiase no nneɛma a aba so ne n’anigyede no annya yɛn. Wɔ eyinom nyinaa mu no, ɛbɛyɛ nea eye ma yɛn sɛ yɛbɛma nsɛm a nyansa wom a ɛwɔ Mmebusɛm 27:20 no atra yɛn adwenem: “Asaman ne ɔsɛe amoa mmee da, na onipa aniwa nso mmee da.” Ampa, ɛho hia sɛ yenya ahosodi sɛnea ɛbɛyɛ a bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn aniwa amee no, yɛrempira yɛn ho wɔ honhom mu.

Yɛn Ani a Yɛbɛma Ayɛ Nea ‘Eye’ Mu Nhyira Horow

17. Ɔkwan bɛn so na ani no a wɔma ɛyɛ nea ‘eye’ aboa ebinom ma woadi Ahenni nneɛma akyi?

17 Wɔn a wɔakɔ so ama wɔn ani ayɛ nea ‘eye’ na wɔde asi Onyankopɔn Ahenni no bɔhyɛ ahorow so no anya nhyira pii afi Yehowa hɔ. Eyi ho nhwɛso ne nnipa ahorow ahorow a wofi wiase nyinaa osuahu ahorow no. Susuw nea edidi so yi ho:

“Bere a na meresom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse wɔ Colombia, South America no, na ɛsɛ sɛ midi bɛyɛ $100 ɔsram biara. Ná mafi akwampae adwuma ase, nanso ɔsram no mfiase na mehwee ase maa me nannweaa mu bui. Ɛho aduruyɛ ho ka maa me sika nyinaa sae na na merennya bi kosi sɛ ɔbosome no bewu. Ná me ntoboa a miyi wɔ Ahenni Asa so no bere adu, nanso sɛ miyi ntoboa no a, merennya sika ntɔ hwee dapɛn a edi hɔ no. Bere a masusuw asɛm no ho nna kakraa bi no, misii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ yetua asa no ho ka no, enti mede sika no kɔtoo ntoboa adaka mu. Ɛda a edi hɔ anɔpa no, me nsa kaa krataa fii onuawa bi a ofi United States a ɔbɛsraa me wɔ Colombia nkyɛn: Ɔde Colombiafo sika bi a ɛkaa ne nneɛma mu bere a ɔbaa hɔ no hyɛɛ krataa no mu brɛɛ me. Ɛne sika a mede yii ntoboa no yɛ pɛ.”

Benada awia bi a wim ayɛ hyew no, Ki a ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea bi wɔ Taechun, Korea, no mfɛfo adwumayɛfo baasa too nsa frɛɛ no sɛ ɔmma wɔnkɔ mpoano. Ɛwom sɛ na Ki ani gye asɛm no ho de, nanso na onim sɛ, sɛ ɔkɔ a, ɔremma fie ntɛm na wakɔ Asafo Nhoma Adesua saa anwummere no. Enti wankɔ. Ankyɛ na wɔsan de nnipa baasa no baa ayaresabea hɔ​—wɔawuwu! Wofii ayaresabea hɔ no, ankyɛ na wonyaa lɔre akwanhyia. Asɛm no maa Ki werɛ howee nanso ɛyɛɛ no dɛ sɛ onyaa ne ti didii mu esiane adesua ho su pa a wanya wɔ mfe a atwam no mu nti no.​—Hebrifo 10:24, 25.

18. Ɔkwan bɛn so na wobetumi akyerɛkyerɛ mmofra ma wɔakɔ so ama wɔn ani ayɛ nea ‘eye’?

18 Wobetumi akyerɛkyerɛ mmofra mpo ma wɔde wɔn ani asi Ahenni nneɛma so, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no:

“Bere a yɛte fii nnipa baanu a wɔbɛsraa yɛn no hɔ sɛ asafo abiɛsa bi a ɛwɔ Philippines no mu biara hia $1,000​—sika a ɛso ma wɔn​—na wɔasan de asi wɔn Ahenni Asa a ɛhyewee no, me ne me kunu sii gyinae sɛ yebeyi ho ntoboa. Na yɛn mma baanan a wɔadi fi asram anan kosi mfe asia no nso ɛ? Nnawɔtwe biara a wobetua me kunu ka no, ɔsesa dɔla biako ma mmofra no mu biara. Na me kunu yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛma wɔn mu biara hu sika a wanya so. Yɛka nneɛma ahorow a wɔde wɔn ani asi so sɛ wɔde sika no bɛtɔ no bi ho asɛm nso kyerɛ wɔn. Nanso mmuae koro no ara na yenya bere nyinaa​—wɔpɛ sɛ wɔde sika no ma anuanom no.” Mmofra no de krataa tiaa bi kaa $99 a wɔde kɔmae no ho. Wɔn dɔ ne ayamye no kaa anuanom a wɔwɔ Philippines no araa ma bere a wɔkenkan krataa no, wɔn mu pii sui.

19. Sɛ yɛde yɛn ani si dɛn so a na yebetumi anya daakye a ɛyɛ anigye mu ahotoso?

19 “Ma w’ani nhwɛ tẽẽ, na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim.” (Mmebusɛm 4:25) Hwɛ nyansa ara a ɛwom ma yɛn sɛ yebetie saa afotu no a yɛmma yɛn ani nkyinkyin na anntwetwe yɛn amfi ɔkwan no so! Paulo tuu fo sɛ: “Monhwɛ mo nantew so yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” Ɔkae nso sɛ: “Monyɛ nnipa a wohu ade a [Yehowa] pɛ yiye.” (Efesofo 5:15-17) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso sɛ yebetumi akɔ so ama yɛn ani ayɛ nea ‘eye’ na yebetumi de gyidi ahwɛ daakye a ɛyɛ anigye kwan​—daa nkwa wɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.​—Fa toto 2 Korintofo 4:17, 18 ho.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na aniwa no yɛ “nipadua kanea”?

◻ Ɔkwan bɛn so na aniwa no nya yɛn nneyɛe so tumi, sɛnea Hawa ne Yesu asɛm no yɛ ho nhwɛso no?

◻ Akwan horow bɛn so na Satan de “aniwa akɔnnɔ” di dwuma nnɛ?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn ani akɔ so ayɛ nea ‘eye’?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so mprempren?

[Kratafa 12 mfoni]

Nea yɛde yɛn ani si so betumi ama koma no mu akɔnnɔ ano ayɛ den

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena