Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 5/1 kr. 3-4
  • Wɔ Harmagedon Aboboano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔ Harmagedon Aboboano
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Ɔko Ba
  • Harmagedon​—Nea Ɛnkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn Ne Armagedon Ko No?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 5/1 kr. 3-4

Wɔ Harmagedon Aboboano

BƐYƐ mfe mpem anan ne fã a atwam ni no, ahyehyɛde akɛse abien nam ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔabɛpem anim. Nea ɛde bɛba wiase so no bɛyɛ ɔko a ɛbɛsɛe ade asen biara wɔ abakɔsɛm mu. Bible frɛ no “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko.” Nanso, ebia edin a ɛyɛ hu yi na wunim no yiye​—Harmagedon.​—Adiyisɛm 16:14, 16.

Saa ɔko yi nyɛ nea wɔafrɛ no saa bere nyinaa. Nanso ɔko no bɛyɛ nea asefo baanu a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no wɔ mu, faako a yɛkenkan sɛ: “[Me Onyankopɔn], mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”

Nkakrankakra no Yehowa Nyankopɔn ma ɛdaa adi sɛ tumi ankasa a na ɛhyɛ ɔwɔ no akyi a ɛte sɛ nea ɔno na wɔkasa kyerɛɛ no wɔ atifi ha asɛm yi mu no yɛ honhom abɔde a aniwa nhu no a wɔbɛfrɛɛ no “ɔbonsam ne Satan” no. (Adiyisɛm 12:9) ‘N’asefo’​—ɔsoro de ne asase so de​—no yɛ ahyehyɛde kɛse a edi wiase nyinaa so denneennen. (Yohane 8:44; Efesofo 6:12; Hebrifo 2:14) “Ɔbea” ankasa a Yehowa Nyankopɔn kaa ne ho asɛm no ne ne nokware soro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no. (Galatifo 4:26) Ɔno nso wɔ “aseni” anaasɛ ɔba, na oyi na Satan ɔbonsam ahyehyɛde no de ani si no so titiriw.

Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Ɔko Ba

Ɛdenam yɛn awofo a wodi kan a ɔdaadaa wɔn ma wosusuwii sɛ wobetumi adi wɔn ho so no so no, Satan haw Paradise a asomdwoe wom a na onipa te mu no. (Genesis 3:1-6) Ɔkyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ pɛsɛmenkominya ne sodifo a ɔmfata, a ne mmara horow ne nnyinasosɛm ho nhia na ɛyɛ anohyeto ahorow a atirimɔden wom. Ná amansan Hene no rentumi mma ne din ho fĩ a wogu yi nkɔso daa. Saa a ɔbɛyɛ no bɛma ayɛ te sɛ nea onni tumi, na bere bi akyi no, anka ɛde ɔsɛe bɛba amansan nyinaa mu.

Ne saa nti, esiane ɔno ankasa nti na ɛho behia sɛ Onyankopɔn yɛ biribi, a ɔmma wɔmmɔ ne din ahohora daa anaasɛ wɔnnkasa ntia n’amansan tumidi no daa a ɔnyɛ ho hwee. (Fa toto Yesaia 48:11, 12 ho.) Satan ahyehyɛde no so nkonim a wobedi wɔ Harmagedon no bɛsan Onyankopɔn din Yehowa a edin biara ne no nsɛ no ho. (Dwom 83:18) Na esiane sɛ Satan a wɔne no bɛko no bɛkɔ akowie nnipa pii a wɔbɛsɛe wɔn nso mu nti, Onyankopɔn ko no bɛsɛe Satan ahyehyɛde a ɛwɔ asase so anaasɛ ne nneɛma nhyehyɛe no. Eyi bɛyɛ “ahohiahia kɛse” a Yesu kaa ho asɛm siei wɔ Mateo 24:21, 22 a wobegye “ɔhonam” bi wɔ mu no. Mmɔden a onipa bɔe sɛ ɔbɛde ne ho no ama asase no ‘asɛe’ dedaw denam akodi, afĩde ne nneɛma a ɛtete saa so. Nanso Harmagedon ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Ɛdenam wɔn a wɔsɛe asase yi a wobetu wɔn afi hɔ so no, Onyankopɔn bɛbɔ kwan ama Paradise.

Nanso, bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na wɔbɛko Onyankopɔn ko no? Ebinom gye di sɛ ebefi ase wɔ Mfinimfini Apuei hɔ, titiriw esiane nea ɛkɔɔ so wɔ May 14, 1948 no nti. Saa da no Israel daa ne ho adi sɛ ɔman​—a ɛyɛɛ te sɛ nkonimdi ma nnipa a mfehaha pii no na wɔabɔ apete, wɔataa wɔn na mpo wɔakunkum wɔn mu dodow no ara no. Na ɛwom sɛ mfiase no na ɛte sɛ nea n’asase no sua koraa de, nanso ɔman ketewaa no atumi agyina n’anan so bɛboro mfirihyia aduasa wɔ Mfinimfini Apuei fam hɔ basabasayɛ no nyinaa mu. Nnipa pii bu nnɛyi Israel man a wɔde sii hɔ no sɛ Onyankopɔn ho a ɔde gyee mu ne sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Harmagedon abɛn.

Ampa, ɛnyɛ asɔfo nyinaa na wokura adwene a ɛte saa. Presbyterian sɔfo bi kae sɛ: “Migye di sɛ ɛyɛ bere sɛe sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nnɛyi nsɛnkyerɛnne ne nsɛm a esisi bɛtoto Bible nkɔmhyɛ ho na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ ɛfa onipa pɔtee bi ho.” Nanso, nhoma ahorow, sini ahorow ne TV so asɛmpakafo pii resi asɛm no so dua sɛ Mfinimfini Apuei hɔ ne baabi a wɔbɛko Harmagedon ko no daakye.

Nanso so wɔbɛko Harmagedon ko no wɔ Mfinimfini Apuei hɔ ampa? Nokwarem no, ɔkwan bɛn so na wɔbɛko “Onyankopɔn, Ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” yi? Dɛn na ɛbɛma afi ase? Ɔkwan bɛn na obi nam so betumi anya nkwa wɔ Harmagedon? Na dɛn na ebedi saa ɔko kɛse no akyi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena