Ɔbea Afa A Wɔka Ho Asɛm Wɔ Kyerɛwnsɛm Mu
“Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbea, efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”—GENESIS 2:23.
1, 2. (a) Ebinom susuw sɛ Bible no bu mmea dɛn? (b) Ntotoho bɛn na ɛfata sɛ yɛyɛ, na dɛn na nhwehwɛmu nhoma bi kae?
KYERƐW KRONKRON no bu mmea dɛn? Nkurɔfo adwene wɔ eyi ho gu ahorow. Nhoma bi a wɔyɛe nnansa yi a ɛka eyi ho asɛm se: “Nsusuwii bi a enni nnyinaso biara a nnipa anya mprempren ne sɛ Bible no bu mmea abomfiaa.” Ebinom ka sɛ Bible no nka mmea ho nsɛm pa wɔ afã a wɔde Hebri ne Hela kyerɛwee no nyinaa mu. So eyi yɛ nokware?
2 Ɛfata sɛ yedi kan hwehwɛ sɛnea wɔne mmea di fae wɔ Bible mmere so nnipa a na wɔnsom Yehowa no mu. Wɔ tete mmeae bi a anibuei baa hɔ, a na wɔsom ɛna-anyamewa wɔ hɔ no, wodii mmea ni sɛ wɔyɛ abawo ho sɛnkyerɛnne. Ɛte sɛ nea na wobu wɔn yiye wɔ Babilon ne Misraim. Nanso ansi wɔn yiye pii wɔ mmeae afoforo. Wɔ tete Asiria no, na ɔbarima bi betumi agyaa ne yere bere biara a ɔpɛ, na sɛ onni nokware a, otumi kum no mpo. Sɛ opue fi fie a, na ɛsɛ sɛ ɔkata n’anim. Wɔ Hela ne Roma no, na mmea asikafo, a wɔn mu bebree yɛ nguamman a wɔne asikafo ne akɛsefo bɔ nkutoo na wotumi sua nhoma na wonya ahofadi bi. Enti, ɛyɛ anigye sɛ yɛkenkan wɔ The New International Dictionary of New Testament Theologya mu sɛ: “Nea ɛne apuei fam (nyamesom) wiase no bɔ abira no, na wobu no (Hebri Kyerɛwnsɛm mu ɔbea) sɛ onipa ne ɔbarima hokafo.” Wɔaka eyi ho asɛm yiye wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a etwa to no mu, faako a Yehowa diyifo ka ɔbarima yere ho asɛm sɛ ne “hokafo,” na ɔde ka ho sɛ: “Ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo.”—Malaki 2:14, 15.
Wɔbɔɔ no sɛ Ɔbarima Sɛso
3. ne ase hɔ asɛm. (a) Yehowa bɔɔ Adam wiei no, nnwuma bɛn na ɔde hyɛɛ ne nsa? (b) Ɛmfa ho sɛ na Adam nnyaa ɔyere no, na dɛn ne ne tebea ansa na wɔrebɔ Hawa, na na dɛn ne “Adam a odi akyiri,” Yesu, nso tebea?
3 Bible no kyerɛ sɛ Yehowa “de fam dɔte” na ɛbɔɔ Adam na ɔde no kɔtraa Eden turo mu sɛ ɔnnɔw hɔ. Onyankopɔn de wuram mmoadoma ne wim nnomaa brɛɛ no sɛ ɔnhwɛ wɔn mma wɔn din. Mmere dodow biara a Adam de yɛɛ eyi no, na ɔno nkutoo na ɔwɔ hɔ. Ɛde besi ha no, na ɔyɛ pɛ, odi mũ, a hwee ho nhia no wɔ dwumadi a na Yehowa de ahyɛ ne nsa no mu.b Na onni ‘ne sɛso boafo biara.’—Genesis 2:7, 15, 19, 20.
4, 5. (a) Bere a na afei ennye mma Adam sɛ ne nkutoo bɛtra no, dɛn na Yehowa yɛe? (b) Dwumadi a ebegye bere tenten bɛn na Yehowa de maa Adam ne Hawa, na na eyi behia sɛ wɔn baanu nyinaa nya dɛn?
4 Nanso, bere bi akyi no, Yehowa kae sɛ “ennye sɛ onipa nko tra,” na ɔmaa Adam ɔhokafo a ɔne no bɛyɛ nnwuma a ɛda n’anim no. Ɔmaa Adam daa nnahɔɔ, oyii ne mparow mu biako, na ɔde bɔɔ ɔbea a ɔyɛ ‘ne nnompe mu dompe ne ne honam mu nam.’ Na afei Adam benya “ɔboafo,” “ne sɛso,” anaa nea ɔsɛ no. “Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”—Genesis 1:25, 28; 2:18, 21-23.
5 Hyɛ no nsow sɛ wɔde dwumadi yi maa “wɔn,” ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa. Na ɛnyɛ asase a wɔbɛwo ahyɛ so ma no nkutoo ne ade a wɔbɛbom ayɛ. Na nea ɛka ho nso ne sɛ wobedi asase no ne abɔde a wɔba fam no so ɔkwan pa so. Na ebehia sɛ wonya nimdeɛ ne honham fam su horow, na na ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa wɔ nea ehia na wɔatumi anya su horow yi ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia.
Ɔbea Afã a Ɛfata
6. (a) Sɛ wɔde toto ho a, dɛn na Bible no kyerɛ wɔ ɔbarima ne ɔbea honam fam ahoɔden ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛfata sɛ mmea susuw nsɛm ho na ama wɔatumi agye sɛnea Yehowa ahyehyɛ nneɛma no atom?
6 Ɛyɛ ampa sɛ asase so a wobedi no behia honam fam ahoɔden nso. Wɔ ne nyansa a enni ano mu no, Yehowa bɔɔ Adam kan, “ansa na Hawa dii hɔ.” Wɔbɔɔ no ‘fii ɔbarima mu,’ ‘maa ɔbarima,’ na ɛda adi sɛ ne honam fam ahoɔden sua sen ɔbarima de. (1 Timoteo 2:13; 1 Korintofo 11:8, 9; fa toto 1 Petro 3:7 ho.) Eyi yɛ asetra mu nokwasɛm bi a ɛte sɛ nea ɛyɛ den ma mmea ahofadi akyigyinafo pii, ne mmea afoforo bi nso, sɛ wobegye atom. Nokwarem no, sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte nea enti a Yehowa yɛɛ nneɛma ho nhyehyɛe wɔ saa kwan no so no ase, ma enti wogye afã a Onyankopɔn de ama wɔn no tom a, wobenya anigye pii. Wobetumi de nnipa a wonwiinwii wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe ho no atoto anomaa bi a ɔte sɛ apatuprɛ a esiane sɛ ne ho nyɛ den sɛ po so asomfena nti, ɔde abufuw pow sɛ ɔbɛto dwom wɔ ne berebuw mu, bere a anka ɛsɛ sɛ otu kosi dubaa bi a ɛwɔ sorosoro so na ɔto dwom de aseda ma wɔ akyɛde ahorow a ɛda nsow a Onyankopɔn de ama no ho no ho.
7. Dɛn nti na na Adam betumi adi ne tiyɛ wɔ Hawa ne mma biara a wɔbɛwo wɔn no so ho dwuma yiye, nanso so na eyi bepira Hawa anaa?
7 Ansa na wɔrebɔ Hawa no, akyinnye biara nni ho sɛ Adam nyaa asetra mu osuahu pii. Saa bere yi mu no, Yehowa maa no ahyɛde ahorow bi. Na ɛsɛ sɛ Adam ka eyinom ho asɛm kyerɛ ne yere, na ama wayɛ sɛ Onyankopɔn kasamafo. Na ntease wom sɛ obedi anim wɔ ɔsom ne nnwuma pa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔatumi awie dwumadi a wɔde ahyɛ wɔn nsa no mu. Sɛ wɔwo mma a, na ɔno na ɔbɛyɛ abusua no ti. Nanso na ɔrenyɛ eyi mfa mpira ne yere no. Mmom no, na obenya ho mfaso efisɛ obenya okyigyinafo bere a ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no di ne mma so no.
8. Nneɛma ho nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛe bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Bible no mu?
8 Sɛnea Onyankopɔn yɛɛ nneɛma ho nhyehyɛe no, na Adam bebu nneɛma ho akontaa akyerɛ Yehowa, Hawa wɔ Adam tiyɛ ase, mmofra biara wɔ wɔn awofo akwankyerɛ ase, na mmoa no hyɛ nnipa ase. Na ɔbarima ne ɔbea no wɔ wɔn afã horow, na na wɔn mu biara betumi anya asetra a ɛyɛ anigye na mfaso wom. Enti, ‘na ade nyinaa betumi akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ ano wɔ ano.’—1 Korintofo 11:3; 14:33, 40, ase hɔ asɛm.
Bɔne Sɛee Ɔbea Afã
9, 10. Dɛn na bɔne a ɔbarima ne ɔbea yɛe no de bae, na dɛn na eyi de aba mmea pii so?
9 Sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan no, bɔne ne sintɔ a ɛbaa Paradise a edi kan no mu no sɛee nneɛma ho nhyehyɛe a wɔayɛ no pɛpɛɛpɛ yi (Romafo 7:14-20) Ɛde ahokyere baa ɔbarima otuatewfo no ne ne yere ɔsoɔdenfo no so. (Genesis 3:16-19) Efi saa bere no, mmarima pɛsɛmenkominyafo pii de wɔn tiyɛ hokwan no adi dwuma ɔkwammɔne so, na wɔde amanehunu pii aba mmea so wɔ mmere a atwam no nyinaa mu.
10 Yehowa huu ade pɔtee a ebefi bɔne mu aba yi siei, na ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ: “W’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16) Nhyɛso bɔne yi anyɛ tiyɛ a wɔde di dwuma ɔkwan pa so. Ama bɔne a ɛwɔ ɔbarima ho ne ɔbea nso sintɔ ada adi, efisɛ mmea ahu amane wɔ mmere bi mu esiane sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobegye wɔn kununom tumi afi wɔn nsam nti.
11. Dɛn na ɛyɛ nokware wɔ mmea pii ho, na dɛn na ɔkyerɛwfo bi kyerɛw faa agyanom mpanyimfo no mmere so mmea ho?
11 Nanso mpɛn dodow a wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma no, mmea pii anya akomatɔyam ne anigye. Na eyi te saa wɔ agyanom mpanyimfo no mmere so mpo. Ɔkyerɛwfo Laure Aynard reka saa bere no ho asɛm wɔ ne nhoma La Bible au Féminin ( Sɛnea Wɔaka Mmea ho Asɛm wɔ Bible Mu) mu no, ɔkyerɛw sɛ: “Nea ɛda nsow titiriw wɔ kyerɛwtohɔ yi nyinaa mu ne afã titiriw a na mmea wɔ, sɛnea agyanom mpanyimfo no buu wɔn, akokoduru a wɔde dii nneɛma ho dwuma, ne ahofadi a na wɔwɔ wɔ wɔn asetra mu no.”
Mmea a na Wɔwɔ Mose Mmara no Ase
12, 13. (a) Na dɛn ne mmea dibea wɔ Mose Mmara no ase? (b) Honhom fam no, esii mmea dɛn wɔ Mmara no ase?
12 Sɛnea mmara horow a Yehowa nam Mose so de mae kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ‘wɔdɔ’ ɔyerenom. (Deuteronomium 13:6) Na ɛsɛ sɛ wɔde obu ma ɔyerenom wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm mu, na na ɛnsɛ sɛ wɔto ɔbea biara mmonnaa. (Leviticus 18:8-19) Na Mmara no bu mmarima ne mmea sɛ wɔyɛ pɛ bere a wɔadi awaresɛe, mogyafra, anaa mmoa a wɔne wɔn da ho fɔ no. (Leviticus 18:6, 23; 20:10-12) Na mmara a ɛto so anum no hwehwɛ sɛ wɔde nidi koro ma agya ne ɛna.—Exodus 20:12.
13 Nea ɛsen biara no, Mmara no maa mmea nyaa hokwan a ɛdɔɔso, a wɔde bedi wɔn honhom fam nkɔso ho dwuma. Wonyaa Mmara no akenkan mu mfaso. (Yosua 8:35; Nehemia 8:2, 3) Na wɔhwehwɛ sɛ wodi ɔsom mu afahyɛ ahorow. (Deuteronomium 12:12, 18; 16:11, 14) Na wonya dapɛn dapɛn Homedadi no mu kyɛfã, na na wobetumi aka Ahotuafo ntam no bi. (Exodus 20:8; Numeri 6:2) Na abusuabɔ wɔ wɔne Yehowa ntam na wɔbɔɔ no mpae sɛ ankorankoro.—1 Samuel 1:10.
14. Dɛn na Katolekni Bible nhomanimfo bi ka wɔ Hebrifo mmea ho, na dɛn na wobetumi aka wɔ ɔbea afã wɔ Mmara no ase ho?
14 Katolekni Bible nhomanimfo Roland de Vaux reka Hebrifo mmea ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, ɔno na ɔyɛɛ ofie nnwuma a ɛyɛ den nyinaa; ɔhwɛɛ nguan, yɛɛ adwuma wɔ afuw mu, noaa aduan, too asaawa, ne nea ɛkeka ho. Nanso, sɛ anka adwuma a ɛte sɛ nea ɔbrɛ wom yi bɛbrɛ no ase mmom no, ɛma wosusuw no ho. . . . Na nsɛm kakraa bi a ɛma yehu sɛnea na abusua asetra te fa no kyerɛ yɛn sɛ na Israelni ɔyere yɛ nea ne kunu dɔ no na otie no, na ɔyɛ no sɛ ɔne no yɛ pɛ. . . . Na akyinnye biara nni ho sɛ na saa na nsɛm tebea no te bere nyinaa. Ɛma wohu nkyerɛkyerɛ a wɔakora so yiye wɔ Genesis, faako a ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ ɔbea sɛ ɔbarima boafo, a ɛsɛ sɛ ɔbata ne ho no pefee (Gn 2:18, 24); na Mmebusɛm ti a etwa to no kamfo ɔyere pa, a ne mma hyira no, na ne kunu de no hoahoa ne ho no (Mmeb. 31:10-31).” (Ancient Israel—Its Life and Institutions) Akyinnye biara nni ho sɛ bere a wɔde Mmara no dii dwuma wɔ Israel no, wɔne mmea dii no yiye.
Mmea a Wɔda Nsow
15. (a) Ɔkwan bɛn so na Sara suban yɛ ɔbarima ne ne yere ntam abusuabɔ pa ho nhwɛso? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛhyɛ Rahab ho asɛm no nsow?
15 Mmea a na wɔyɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔda nsow ho nhwɛso pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Sara yɛ sɛnea ɔbea a osuro Onyankopɔn betumi abrɛ ne ho ase ama ne kunu, na bere koro no ara mu no, waboa no wɔ gyinaesi ahorow mu ho nhwɛso. (Genesis 21:9-13; 1 Petro 3:5, 6) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Rahab ho asɛm no nsow. Ɛma sɛnea wɔbɔ Yehowa sobo sɛ onni mmea a wofi mmusua bi mu ho adwempa na ɔbɔ wɔn atirimɔden no yɛ atoro. Na Rahab yɛ aguaman a ɔnyɛ Israelni. Ɛnyɛ sɛ Yehowa gyee no toom sɛ ne somfo nko, na mmom ne gyidi a emu yɛ den, a ɔde nnwuma ne n’asetra kwan a ɔsakrae kaa ho nti, obuu no ɔtreneeni nso. Bio nso, ɔde hokwan a ɛso nni a ɛne sɛ ɔbɛyɛɛ Mesia no nenabea no tuaa no ka.—Mateo 1:1, 5; Hebrifo 11:31; Yakobo 2:25.
16. Abigail nhwɛso no kyerɛ dɛn, na dɛn nti na ntease wɔ ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ ade no mu?
16 Abigail ho asɛm no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nhwehwɛ sɛ ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu wɔ biribiara mu. Na ne kunu yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan ne mmirekyi bebree. Nanso na “ɔyɛ den, na ne nneyɛe nnye.” Abigail powee sɛ obedi ne kunu no akyi wɔ ne kwammɔne no mu. Ɔnam atɛmpa, nyansa, ahobrɛase, ne gyinae a osii ntɛm so kwatii tebea bi a anka ebetumi de ɔsɛe aba ne fifo so, na Yehowa hyiraa no pii.—1 Samuel 25:2-42.
17. (a) Hokwan a ɛda nsow bɛn na mmea bi nyae wɔ Israel? (b) Asuade bɛn na Miriam nhwɛso no wɔ ma Kristofo mmea a wobenya ɔsom hokwan ahorow bi no?
17 Na mmea kakraa bi yɛ adiyifo mpo. Obiako ne Debora wɔ Atemmufo no mmere so. (Atemmufo, atiri 4 ne 5) Na Hulda yɛ odiyifobea wɔ Yuda, bere tiaa bi ansa na wɔresɛe Yerusalem. (2 Ahene 22:14-20) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Miriam ho asɛm no nsow. Ɛwom sɛ wɔkaa ne ho asɛm sɛ odiyifobea a Yehowa somaa no de, nanso ɛda adi sɛ eduu mmere bi no, hokwan ahorow yi ma ɔyɛɛ ahomaso. Wannye tumi a Yehowa de maa ne nuabarima kumaa Mose sɛ onni Israel anim no antom, na wɔtwee n’aso wɔ ɛno ho, ɛwom sɛ ɛda adi sɛ onuu ne ho ma wɔsan gyee no toom de.—Exodus 15:20, 21; Numeri 12:1-15; Mika 6:4.
Mmea a na Wɔwɔ Yudasom Ase
18, 19. Na dɛn ne mmea dibea wɔ Yudasom mu, na ɛyɛɛ dɛn na eyi baa saa?
18 Sɛnea yɛahu no, Mose Mmara no bɔɔ mmea hokwan ahorow ho ban, na bere a wodii so no, ɛmaa mmea nyaa asetra a ahotɔ wom. Nanso bere kɔɔ so no, titiriw wɔ Yerusalem sɛe wɔ 607 A.Y.B. mu akyi no, Yudasom a egyina atetesɛm a wɔde ano ka so titiriw sen Yehowa Mmara a wɔakyerɛw so no bae. Efi afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu reba no, Yudasom gyee Helafo nyansapɛ pii toom. Mpɛn pii no na Helafo nyansapɛfo no nkyerɛ obu kɛse biara mma mmea hokwan ahorow, enti ɛmaa mmea dibea so tew saara wɔ Yudasom mu. Efi afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu reba no, wofii ase tew mmarima fii mmea ho wɔ Yudafo hyia adan mu, na wɔanhyɛ Torah (Mose Mmara) no a wɔbɛkenkan ho nkuran. Encyclopaedia Judaica no gye tom sɛ: “Eyi nti na mmea kakraa bi pɛ na wonim nhoma.” Na mmarimaa titiriw na wosua nhoma.
19 Wɔ ne nhoma Jerusalem in the Time of Jesus mu no, J. Jeremias kyerɛw sɛ: “Nea yehu wɔ nsɛm yi nyinaa mu no ne sɛ, wobetumi de asɛm a wɔtaa ti mu ka yi aka mmea gyinabea wɔ nyamesom mu mmara fam ho asɛm: ‘Mmea, (Amanaman Mufo) nkoa ne mmofra.’ . . . Yebetumi de aka eyinom nyinaa ho sɛ wɔkaa mmea ho nsɛm pii a ɛda animtiaabu adi. . . . Enti ɛma yenya adwene sɛ na Yesu mmere so Yudasom mmu mmea ahe biara.”
Mmea Anokwafo a na Wɔrehwɛ Mesia no Kwan
20, 21. (a) Sɛnea Yudafo nyamesom akannifo buu mmea animtiaa nyinaa akyi no, na henanom na wɔka wɔn a na wɔrewɛn bere a Mesia no ba rebɛn no ho? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Elisabet ne Maria wɔ onyamesom pa ahofama a emu dɔ?
20 Animtiaa a wobuu mmea saa nso yɛ ɔkwan foforo a Yudafo rabifo no nam so ‘de wɔn atetesɛm no sɛee Onyankopɔn asɛm.’ (Marko 7:13) Nanso animtiaabu yi nyinaa akyi no, bere a Mesia no ba rebɛn no, na mmea bi a wosuro Nyankopɔn de anidahɔ rewɛn. Wɔn mu biako ne Lewini sɔfo Sakaria yere Elisabet. Na ɔne ne kunu “teɛ Onyankopɔn anim di [Yehowa] ahyɛde ne treneede nyinaa so a ɛho nni asɛm.” (Luka 1:5, 6) Yehowa dom Elisabet, na ɛwom sɛ ɔyɛ obonin a ne mfe akɔ anim de, nanso ɔwoo Yohane Osuboni.—Luka 1:7, 13.
21 Honhom kronkron kaa Elisabet ma ɔdaa ɔdɔ a emu dɔ a ɔwɔ ma ne bere so ɔbea foforo bi a osuro Nyankopɔn, ne busuani Maria no adi. Bere a ɔbɔfo Gabriel bɔɔ Maria amanneɛ wɔ bɛyɛ 3 A.Y.B. awiei sɛ obenyinsɛn ɔba (Yesu) anwonwa kwan so no, ɔfrɛɛ no sɛ, ‘Wo a wɔadom wo yiye,’ na ɔde kaa ho sɛ: “[Yehowa] ka wo ho.” Ankyɛ na Maria kɔsraa Elisabet, na ohyiraa ɔne abofra a ɔda yafunu mu no nyinaa, frɛɛ Yesu sɛ ne “Wura” ansa na wɔrewo no mpo. Ɛno maa Maria yii Yehowa ayɛ ma edii sɛnea onyamesom pa ahofama a ɔwɔ no mu dɔ fa ho adanse pefee.—Luka 1:28, 31, 36-55.
22. Yesu awo akyi no, ɔbea a osuro Nyankopɔn bɛn na ɔkyerɛe sɛ na ɔka wɔn a wɔretwɛn Mesia no ho?
22 Bere a wɔwoo Yesu na Maria de no kɔɔ Yerusalem asɔrefi hɔ sɛ ɔde no kɔkyerɛ Yehowa no, ɔbea foforo bi a osuro Nyankopɔn, a ɔne odiyifobea Hana a ne mfe akɔ anim no, daa n’anigye adi. Ɔde aseda maa Yehowa na ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔde ahopere retwɛn Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no nyinaa.—Luka 2:36-38.
23. Ɔsomafo Petro ka mmea anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no ho asɛm dɛn, na nsemmisa bɛn na yɛbɛhwehwɛ mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
23 Enti, bere a Yesu asase so ɔsom adwuma no rebɛn no, na “mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn so” da so ara wɔ hɔ. (1 Petro 3:5) Mmea yi mu binom bɛyɛɛ Kristo asuafo. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne wɔn dii? Na so mmea wɔ hɔ nnɛ a wɔde anigye gye afã a wɔwɔ no tom sɛnea Bible no ada no adi no? Yɛbɛhwehwɛ nsemmisa yi mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm
a Po 3, kratafa 1055.
b Na “Adam a odi akyiri,” Yesu Kristo, nso yɛ ɔbarima a ɔyɛ pɛ, na odi mũ, ɛwom sɛ na onni ɔyere a ɔyɛ onipa de.—1 Korintofo 15:45.
Ntimu Nsemmisa
◻ Ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔne mmea dii wɔ Israel ne nsase afoforo so no bɔ abira?
◻ Na dɛn ne Adam ne Hawa sɛso kwan so dibea, na dɛn nti na ɛte saa?
◻ Na dibea bɛn na Israelfo mmea wɔ wɔ Mmara no ase, na so ɛmaa wɔhweree biribi wɔ honhom fam anaa?
◻ Asuade ahorow bɛn na yetumi nya fi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu mmea bi a wɔda nsow asetra mu?
◻ Nsusuwii ahorow a na Yudasom kura nyinaa akyi no, gyidi ho nhwɛso pa bɛn na ɛwɔ hɔ?
[Adaka wɔ kratafa 10]
‘ƆBEA A OSURO YEHOWA’
“10 Ɔyepa, hena na obenya? Nanso ne bo sen nhene pa koraa. 11 Ne kunu koma da no so, na siade ade nhia no. 12 Ɔyɛ no yiye, na ɔnyɛ no bɔne bi, ne nkwa nna nyinaa. 13 Odwen kuntu ne asaawa ho, na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛw so. 14 Ɔte sɛ oguadini ahyɛn, ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba. 15 Ade nnya nkyee a, na wasɔre, na wama ne fifo aduan, na wama ne mmaawa nnwuma. 16 Odwen afuw ho na ɔtɔ, ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo. 17 Ɔde ahoɔden bɔ n’asen, na ɔhyɛ n’abasa mu den. 18 Ɔte ne dwumadi mu dɛw, ne kanea nnum anadwo. 19 Ɔteɛ ne nsa so tadua mu, na ne nsateaa so kyekye mu. 20 Ɔbae ne nsam ma ɔbrɛfo, na ɔteɛ ne nsa ma ohiani. 21 Onsuro sukyerɛmma mma ne fifo, na ne fifo nyinaa furafura atankɔkɔɔ. 22 Wanwene mmommo afa, ne ntama yɛ nwera pa ne ntama a ɛberedum. 23 Wonim ne kunu kurow apon mu, bere a ɔte asase no so mpanyimfo mu no. 24 Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn, na ɔde abɔso ma oguadini. 25 Ahoɔden ne ahoɔfɛ ne n’adurade, na ɔserew da [bɔne] a ɛbɛba. 26 Obue n’ano nyansa mu, na adɔe kyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so. 27 Ɔhwɛ ne fifo kɔree ne bae, na onni anihaw aduan. 28 Ne mmabanin sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ: 29 Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa 30 Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa] na wobeyi no ayɛ. 31 Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛe nyi no ayɛ kurow apon mu,”—Mmebusɛm 31:10-31.
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Na ɔbea afã wɔ abusua no mu no yɛ nea obu wom