“Yɛn Daa Abodoo”
“MA YƐN yɛn daa abodoo nnɛ.” Akyinnye biara nni ho sɛ wunim saa nsɛm no sɛ ɛyɛ mpaebɔ a wonim sen biara a wɔabɔ pɛn no fã bi—nea wɔfrɛ no Awurade agyapanyin Abraham no Mpaebɔ no. (Mateo 6:9, 11, King James Version) Wɔ Yesu mmere so no, ná abodoo ne aduan titiriw a wodi wɔ Israel, ma enti ebetumi agyina hɔ ama honam fam aduan ma afata.
Wɔ wiase afã horow pii nnɛ no, abodoo nyɛ aduan titiriw a wodi no kɛse sɛnea na ɛte mmere bi no. Yɛn daa abodoo ankasa no yɛ nea wɔde ka aduan bi ho ara kwa. Nanso, abodoo da so ara wɔ ɔfã kɛse wɔ wiase yi mu nnipa ɔpepem pii asetram nnɛ.
Wɔ Mexico no, ɔyerenom yɛ abodoo nteanteaa bi a wɔfrɛ no tortillas. Wɔ Ethiopia no mmea yɛ abodoo ɔkwan tiawa so denam ade nsu nsu bi a ɛte sɛ nkwan a wohwiehwie de twa puruw gu kankyee tratraa a ɛyɛ hyew so no so. Wɔ Atɔe Fam nsase so no, wɔtõ abodoo pii a wɔabobɔ no akwan ahorow ahorow pii a ɛyɛ nwonwa so. Na saa nsase no so ɔyerenom pii kɔ so ara yɛ bi wɔ tie de gye wɔn mmusua ani.
Hena na abodoo a ɛyɛ hyew a wɔreyi afi fononoo mu foforo no hua nkanyan n’akɔnnɔ? Etumi twetwe wɔn a wɔretwam kɔ abodoo sotɔɔ mu. Nnipa pii fam no, ɛma wɔde anigye kae tie ne mmofraberem ahobammɔ.
Wonnim nea ɔde abodoo tõ bae ankasa. Wɔka kyerɛɛ nnipa abɔnefo a wodi kan no wɔ Genesis 3:19, New World Translation sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedi abodoo de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu.” Ɛda adi sɛ wɔde asɛmfua “abodoo” dii dwuma wɔ ha de gyinaa hɔ maa aduan biara. Nanso yɛkenkan wɔ Genesis 14:18, 19 sɛ bere a ɔsɔfo Melkisedek bae sɛ ɔrebɛhyira agyapanyin Abraham no, ɔde “abodoo ne bobesa brɛɛ no.” Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi kyerɛ abodoo bi a na ɛyɛ tetefo aduan titiriw a wodi. Wɔ Mfinimfini Fam Apuei afã horow bi no, abodoo da so ara di dwuma saa.
Ná wɔn a wɔtõ abodoo tɔn wɔ tete Misraim, sɛnea na ɛte wɔ aman a ɛbae akyiri yi, te sɛ Hela ne Roma no. Ebeduu afeha a ɛto so 19 no awiei no, na mfiridwuma mu nkɔso no gyina mu denneennen. Ná wɔregyae abodoo a wɔtõ wɔ afie mu no, na na wɔde rekɔ nnwinnan mu kɔtõ no bebree. Abɔrehude afoforo pii boae wɔ ne yɛ mu: mfiri ahorow a wɔde fra ade, nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde twe ade, fononoo a n’ankasa yɛ adwuma, ne mfiri a wɔde twitwa ade ne nea wɔde kyekyere ade ho. Ná abodoo tõ afi otie adeyɛ so abɛdan aguadi mu nyansahu.
Abodoo a wodi nnɛ wɔ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim mu no pii, sɛ ɛnyɛ dodow na ara mpo a, yɛ nea wɔyɛ tɔn. Na ɛda so ara yɛ nkurɔfo pii aduan fã titiriw. Sɛ Italifo abodoo a akyen no nka ho a, anka wɔbɛyɛ dɛn adi spaghetti? Anaa susuw sɛnea Germanfo aduan sauerkraut a ɛyɛ dɛ, a abodoo tuntum a wɔfrɛ no pumpernickel no nka ho bɛyɛ no ho! Hena na ɔrempɛ sɛ odi pancake tetare anɔpa bi a awɔw wom? Pancake tetare yɛ abodoo a wɔde aburosiam, awisiam, anaasɛ esiam a wonya fi aduaba mu kye no ntɛmntɛm ara kwa.
Abodoo foforo bi a agye din kɛse wɔ Atɔe Fam nsase so ne nea wɔde yɛ Italifo pizza no. Sɛnea wɔyɛ no no nso hwɛ yɛ anika; mpanyimfo a wɔanyin mpo de ahodwiriw bɛhwɛ sɛnea obi a ɔreyɛ pizza behim mmɔre no afa ne ti so te sɛ obi a ogye nkurɔfo ani no.
Biribi a obiara betumi adi? Ampa! Nanso ebia akwan a eye sen biara a wobɛfa so adi abodoo ma ayɛ wo dɛ no mu biako ne sɛ wobɛbɔ mmɔden atõ w’ankasa wo de. Abotɔyam a adeyɛ a w’ankasa yɛ yi de bɛba no betumi ayɛ wo nwonwa. Na ebetumi ama ɔyere ate nka sɛ n’ankasa atumi ayɛ biribi sɛnea ɔrente nka wɔ nneɛma horo anaa ade ho twitwiw mu.
Nnɛama a wɔakyerɛ wɔ asehɔ no bɛma watumi ayɛ abodoo a wɔde yeast ma etu, a wonim yiye wɔ Atɔe Fam nsase so no. Ɛho nneɛma a wubesusuw na wode afrafra no betumi ayɛ anigye. Na esiam no fɔtɔw betumi ayɛ ɔkwan pa a wɔnam so nya biribi yɛ de ko tia abasamtu! Sɛnea abodoo no tu a wɔhwɛ no nso yɛ abodoo tõ ho ade foforo a ɛyɛ anika. Buw a ebuw no na ɛma etu. Sɛ wɔde yeast fra mmɔre no a, ɛma carbon dioxide mframa ba mu, na ɛma ntokuwa ba mmɔre no mu. Afei womiamia mmɔre no so, na wɔbɔ no sebɔw, na wɔma etu bio wɔ abodoo nkankyee mu ansa na wɔato. Wɔde mmɔre sebɔw no hyɛ fononoo mu—na hwɛ hua dɛdɛ a eyi wɔ wo fie hɔ! Nea ɛsen biara ne sɛ wobɛka w’ano. Ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛsan adi abodoo a wɔtɔɔ no sotɔɔ mu. Na wunya hu sɛnea wɔyɛ abodoo a, wobɛpɛ sɛ wode esiam afoforo te sɛ awi, atoko, aburow, ɛmo, ntɔmmɔ, anaa adua de sɔ hwɛ.
Ampa, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛtɔ abodoo ahorow ahorow a wɔyɛ tɔn no bi ara kɛkɛ. Nanso sɛ́ ɛyɛ ne tõ anaa ne di na ɛyɛ wo anigye, anaa sɛ ɛyɛ w’aduan fã titiriw anaa wode ka aduan a wudi ho ara kɛkɛ no, bɔ mmɔden sɛ woremmu abodoo animtiaa. Ɛyɛ Onyankopɔn ankasa na ɔma yɛn “yɛn daa abodoo”!
[Box/Mfonini wɔ kratafa 26]
Nneɛma A Wɔde Yɛ Abodoo
Hono yeast 1 (anaasɛ yeast a awo boaa 3) wɔ nsuhyew nkuruwa 4 mu.
Fa fra esiam (awi nkutoo de anaa fitaa) nkuruwa 5
Ma entu nyɛ ne kɛse mmɔho abien wɔ baabi a ɛhɔ yɛ hyew
Fa nkyene atere nketewaa 2, asikre kuruwa fã, srade a wɔde nnuadewa ayɛ kuruwa fã ka ho
Fa fra yiye
Fa esiam bɛyɛ nkuruwa 4 ka ho na ama mmɔre no ayɛ den kakra
Fɔtɔw esiam no simma 15
Ma entu wɔ taforobɔtɔ a wɔde srade asrasra mu mu, ma ne kɛse mmɔ ho abien
Fɔtɔw no bɔkɔɔ, na bɔ no nsebɔw anan
Ma entu simma kakraa bi wɔ abodoo nkankyee a wɔde srade asrasra mu mu
To wɔ fononoo a emu hyew yɛ 163o sɛntigred mu dɔnhwerew biako