So Wowɔ Ayɛ?
Wɔ asɛmpatrɛwfo fie bi mu wɔ Afrika atɔe fam no, na ɔkraman bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Teddy. Bere a obi tow nam sini bi maa Teddy no, ntɛm ara na ɔmenee no prɛko pɛ a wanhuahua ho. Bere a ɔda owia a ɛrebɔ denneennen mu homee harehare no, ɔtwɛn maa ɔtow nam sini a aka no maa no. Bere a nam no sae no, ɔdan ne ho kɔe.
Teddy ankyerɛ nea onyae no ho anisɔ kakra mpo. Obiara anhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ saa. Efisɛ ɔyɛ kraman.
ƐDEFA anisɔ ho no, yɛtaa hwehwɛ pii fi yɛn mfɛfo nnipa hɔ sen mmoa. Mpɛn pii no wodi yɛn huammɔ. Nnipa pii hwim nea wɔn nsa betumi aka fi asetra mu, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya pii aka ho. Eyi nso nyɛ nwonwa. Bible no ka siei sɛ, wɔ nna a edi akyiri mu no, nnipa bɛyɛ bonniayɛfo.—2 Timoteo 3:1, 2.
Nanso, Onyankopɔn asomfo wɔ honhom soronko koraa. Wotie ɔsomafo Paulo afotu a ɔde maa mfɛfo gyidifo no: “Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.”—Kolosefo 3:15.
Yehowa Wɔ Ayɛ
Yehowa Nyankopɔn ma yɛn sɛnea wɔkyerɛ anisɔ no ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ. Susuw sɛnea obu ne nkoa anokwafo no ho. Paulo fi honhom mu kyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.”—Hebrifo 6:10.
Anisɔ a Yehowa yi no adi kyerɛ ne nkoa anokwafo ho nhwɛso dɔɔso pii. Ohyiraa Abraham denam n’asefo ankasa a ɔmaa wɔdɔɔso so, ma enti wɔbɛyɛɛ “sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea.” (Genesis 22:17) Bere a Yehowa rekyerɛ anisɔ wɔ nokware a Hiob dii wɔ sɔhwɛ mu ho no, ɛnyɛ ahonyade a na Hiob wɔ no nkutoo na ɔmaa ne nsa kae, na mmom ɔmaa onyaa no “mmɔho abien.” (Hiob 42:10) Sɛnea Yehowa ne nnipa adi nsɛm mfe mpempem pii a atwam ni no di nokware a asɛm yi yɛ ho adanse sɛ: “[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.”—2 Beresosɛm 16:9.
Anisɔ a Onyankopɔn kyerɛ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛma wɔn akatua no yɛ ne nipasu titiriw. Kristofo gyidi gyina eyi a wohu no so titiriw. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ . . . ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.
Sɛ Yehowa daa atirimɔden ne kateeyɛ honhom adi a, anka yɛn nyinaa bewuwu. Odwontofo no kaa eyi ho asɛm bere tenten ni sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛ akyi a, [Yehowa, NW] hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Yehowa nyɛ bonniayɛ, na ɔnyɛ katee nso. N’ani sɔ wɔn a wɔsom no no. Ɔwɔ ayɛ.
Yesu—Onipa a Ɔkyerɛɛ Anisɔ Kɛse
Bere a Yesu Kristo reda ne soro Agya su ahorow adi wɔ ɔkwan a edi mu so no, ɔkyerɛɛ nneɛma a afoforo fi gyidi mu yɛe no ho anisɔ. Susuw nea esii bere bi wɔ Yerusalem asɔrefi no ho: “Na [Yesu] maa n’ani so huu adefo a wɔde wɔn ayɛyɛde regu tow adaka no mu. Na ohuu ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mman abien beguu mu. Na ɔkae sɛ: Nokware, mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, na oyi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.”—Luka 21:1-4.
Wɔ sika fam no, titiriw sɛ wode toto adefo no de ho a, na ntoboa no sua. Anka ɛbɛyɛ den sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no mu pii ani bɛba no so. Nanso, Yesu huu saa okunafo no. Osusuw ne tebea no ho. Yesu huu no na ɔkyerɛɛ ne ho anisɔ.
Asɛm foforo a esii no fa ɔdefo bea, Maria ho. Bere a Yesu te adidii no, ohwiee ngo huamhuam a ne bo yɛ den guu Yesu nan ho ne ne mpampam. Ebinom kasa tiaa n’adeyɛ no, susuwii sɛ anka wobetumi atɔn ngo no de sika no aboa ahiafo. Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Ɔkae sɛ: “Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa. Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae.”—Marko 14:3-6, 9; Yohane 12:3.
Yesu annwiinwii katee sɛ wamfa ngo a ne bo yɛ den no anyɛ biribi foforo nti. Ɔkyerɛɛ ɔdɔ ne gyidi mu a Maria fi yɛɛ ayɛ no ho anisɔ. Wɔayɛ asɛm no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu sɛ ne nnwuma pa no ho nkae. Saa nsɛm yi ne afoforo kyerɛ sɛ na Yesu yɛ onipa a ɔkyerɛ anisɔ kɛse.
Sɛ woyɛ Onyankopɔn somfo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo kyerɛ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛma ɔsom kronn anya nkɔso no ho anisɔ kɛse. Nimdeɛ a ɛte saa no twe yɛn bɛn wɔn na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.
Satan Kateeyɛ Honhom
Afei ma yensusuw nhwɛso bi a ɛfa obi a onni ayɛ ho—Satan Ɔbonsam. Anisɔ a Satan ankyerɛ no na ɛmaa ɔsen ne kɔn tee atua tiaa Onyankopɔn a ekowiee ɔhaw mu no.
Bere a Satan maa anisɔ a onni ho kateeyɛ donnɔn ne koma no, ofii ase de duaa afoforo mu. Susuw nsɛm a esii wɔ Eden turo mu no ho hwɛ. Ná Yehowa abɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, na ɔde wɔn atra paradise turo bi mu, na na waka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Turom ha nnua nyinaa, munni bi.’ Nanso na anohyeto biako bi wɔ hɔ. Onyankopɔn kae sɛ: ‘Na papa ne bɔne hu dua no de, munnni, efisɛ da a mubedi bi no, owu na mubewu.’—Genesis 2:16, 17.
Nanso, ankyɛ, na Satan sɔre twaa fata a Yehowa fata no ho mpoa. Ɔkwan bi so no, ɔpɛe sɛ ɔma Hawa yi Yehowa bonniayɛ na ama watew atua atia no, sɛnea na ɔno Satan atew atua atia no no. Satan bisae sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” (Genesis 3:1) Ná nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ Onyankopɔn de biribi a ɛsom bo rekame Hawa, biribi a na ebebue n’ani na ama wayɛ sɛ Onyankopɔn ankasa. Sɛ anka Hawa bɛyɛ obi a ɔwɔ ayɛ ma nneɛma pii a Yehowa de ahyira no no, ofii ase maa ne kɔn dɔɔ nea na wɔabara no no.—Genesis 3:5, 6.
Yenim amanehunu a efi mu bae no yiye. Ɛwom mpo sɛ wɔmaa no edin Hawa “efisɛ ɔno na wayɛ ateasefo nyinaa na,” nanso wɔ ntease foforo mu no, ɔbɛyɛɛ awufo nyinaa na. Efi Adam so no, adesamma nyinaa anya bɔne a ɛde owu ba no.—Genesis 3:20; Romafo 5:12.
Suasua Onyankopɔn ne Kristo
Susuw nsonsonoe a ɛda Satan ne Yesu ntam no ho. Wɔka Satan ho asɛm sɛ “yɛn nuanom anototofo . . . , ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.” (Adiyisɛm 12:10) Yesu yɛ obi a “obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.”—Hebrifo 7:25.
Satan bɔ Onyankopɔn asomfo sobo. Yesu kyerɛ wɔn ho anisɔ na odi ma wɔn. Sɛ nnipa a wɔresuasua Kristo no, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ papa a afoforo yɛ, akyerɛ anisɔ na wɔabu wɔn ho wɔn ho sɛ wɔsom bo. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ ma nea ɔyɛɛ anisɔ ho nhwɛso a ɛsen biara, Yehowa Nyankopɔn.—1 Korintofo 11:1.
[Kratafa 17 mfonini]
Yesu kyerɛɛ Maria nnwuma pa no ho anisɔ