Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lff adesua 6
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Nkwa Bae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Nkwa Bae?
  • Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA PII KA HO
  • NEA YƐASUA
  • YƐ NHWEHWƐMU
  • Nea Bible No Ma Yehu
    Nyan!—2021
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Adebɔ
    Nyan!—2014
  • Adebɔ Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
lff adesua 6
Adesua 6. Owia abɔ afifide bi so ama afifi.

ADESUA 06

Ɛyɛɛ Dɛn Na Nkwa Bae?

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

“Wo [Onyankopɔn] na nkwa fi wo.” (Dwom 36:9) Wugye saa asɛm no di anaa? Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ nneɛma bi na ɛkeka boom maa nkwa bae. Sɛ saa a, ɛnde nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ yɛn, na mmom yɛn ara na yɛbae. Nanso, sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara a, ɛnde wunnye nni sɛ biribi nti na ɔbɔɔ yɛn?a Wo de, hwɛ nea Bible no aka afa nea ɛyɛe a nkwa bae ho, ne nea enti a yebetumi aka sɛ saa asɛm no tɔ asom.

1. Ɛyɛɛ dɛn na ɔsoro ne asaase bae?

Bible ka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.” (Genesis 1:1) Abɔde mu nyansahufo pii gye tom sɛ, ɔsoro ne asaase anaa amansan yi amma prɛko pɛ; ɛwɔ mfiase. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asaase? Ɔde ne honhom kronkron anaa ne tumi a ɔde yɛ ade na ɛbɔɔ ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma nyinaa. Ebi ne nsorommakuw ahorow-ahorow ne okyinnsoromma ahorow.—Genesis 1:2.

2. Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asaase?

Yehowa ‘ammɔ asaase no kwa na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.’ (Yesaia 45:18) Osiesiee yɛn asaase yi fɛfɛɛfɛ, na ɔmaa yɛn biribiara a yehia a ebetumi ama yɛatena so daa. (Kenkan Yesaia 40:28; 42:5.) Abɔde mu nyansahufo ama yɛahu sɛ yɛn asaase yi yɛ soronko koraa. Asaase so nko ara ne baabi a nnipa betumi atena ama ayɛ yiye.

3. Dɛn na ɛma nnipa yɛ soronko fi mmoa ho?

Bere a Yehowa bɔɔ asaase wiei no, ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom wɔ so. Nea edi kan koraa no, ɔbɔɔ nnua ne mmoa. Ɛno akyi no, “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.” (Kenkan Genesis 1:27.) Dɛn na ɛma nnipa yɛ soronko? Ɛne sɛ, Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so. Ɛno nti, Onyankopɔn suban ahorow te sɛ ɔdɔ ne atɛntrenee no, yɛn nso yɛwɔ bi. Sɛnea ɔbɔɔ yɛn nti, yetumi sua kasa horow, yetumi hu nneɛma a ɛyɛ fɛ kyerɛ ho anisɔ, na yetumi tie nnwom ma yɛn ani gye. Afei nso, nnipa nko ara na etumi som yɛn Bɔfo no; mmoa ntumi nyɛ saa.

SUA PII KA HO

Adanse a ɛkyerɛ sɛ obi na ɔbɔɔ nkwa no, susuw ho hwɛ. Afei hwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ nea Bible ka fa adebɔ ho no tɔ asom. Dɛn na nnipa suban ma yehu fa Onyankopɔn ho?

4. Obi na ɔbɔɔ nkwa

Sɛ nnipa hwɛ abɔde so yɛ biribi a, wogye ho anuonyam. Ɛnde abɔde no ankasa nso ɛ, hena na ɛsɛ sɛ yɛde ho anuonyam ma no? Monhwɛ VIDEO no. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

VIDEO: Onyankopɔn mu Gyidi (2:43)

  • Abɔde mu nneɛma a nnipa ahwɛ so ayɛ biribi no, ebi ne nea ɛwɔ he?

Ɔdan biara, obi na osi. Ɛnde, abɔde a atwa yɛn ho ahyia nso, hena na ɔbɔe? Monkenkan Hebrifo 3:4. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Abɔde a atwa yɛn ho ahyia no, emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ wo fɛ paa?

  • Wohwɛ a, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ, ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma nyinaa, obi na ɔbɔe anaa? Adɛn nti na woreka saa?

Wunim biribi?

Sɛ wokɔ jw.org/tw na wohwɛ ɔfã a yɛato din “Wɔbɔe Anaa?” ne “Nea Ɛyɛe a Nkwa Bae, Nea Nkurɔfo Aka” a, wubenya video ahorow ne nsɛm pii a ɛfa nea yɛaka yi ho.

“Nea ɛwom ne sɛ, ofi biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.”

Papa bi a ɔwɔ Afrika de mpampuro akuru ne dan so, na ɔde hama rekyekyere.

5. Nea Bible ka fa adebɔ ho no tɔ asom

Genesis ti 1 ma yehu nea ɛyɛe a asaase ne nea ɛwɔ so nyinaa bae. Wohwɛ a nea Bible aka no yɛ nokware, anaa ɛyɛ anansesɛm bi kɛkɛ? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

VIDEO: Obi Na Ɔbɔɔ Amansan Yi Anaa?—Ne Fã Bi (3:51)

Mfoni ahorow: Video a yɛato din ‘Obi Na Ɔbɔɔ Amansan Yi Anaa?—Ne Fã Bi’ no, emu na woyii mfoni ahorow yi fii. 1. Nneɛma a Onyankopɔn de nna nsia bɔe no ho mfoni. 2. Ɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn de nna nsia bɔe no ho mfoni. Ebi ne owia, asaase, nsu, afifide, nnomaa, mmoa, ne nnipa.
  • Wohwɛ a Onyankopɔn de nnansia, a da koro biara yɛ nnɔnhwerew 24 na ɛbɔɔ asaase ne emu nneɛma nyinaa anaa?

  • Nea Bible ka fa adebɔ ho no, wohwɛ a ntease wom? Adɛn nti na woreka saa?

Monkenkan Genesis 1:1. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Abɔde mu nyansahufo ka sɛ amansan yi wɔ mfiase. Nea wokenkanee wɔ Bible mu no, wode toto nea nyansahufo ka no ho a, wuhu no sɛn?

Ebinom adwene ne sɛ Onyankopɔn nam adannandi so na ɛbɔɔ nneɛma. Nea wɔkyerɛ ne sɛ Onyankopɔn dii kan bɔɔ biribi ketekete bi a nkwa wom, ɛnna ɛdannanee ara kosii sɛ nneɛma a aka nyinaa bae. Monkenkan Genesis 1:21, 25, 27. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • So Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ biribi ketekete bi a nkwa wom, ɛnna ɛdannanee ara bɛyɛɛ mpataa, mmoa, ne nnipa anaa? Anaa ɛkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma ahorow-ahorow sɛnea ebiara “su te”?b

6. Nnipa yɛ Onyankopɔn abɔde a wɔyɛ soronko

Yehowa ammɔ yɛn te sɛ mmoa. Kenkan Genesis 1:26. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yɛwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye. Sɛ saa a, ɛnde suban bɛn na Onyankopɔn nso wɔ?

EBINOM KA SƐ: “Nea Bible ka fa adebɔ ho no yɛ anansesɛm.”

  • Wo nso, wudwen ho sɛn? Adɛn nti na woreka saa?

NEA YƐASUA

Yehowa na ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase ne nneɛma a ɛwom nyinaa.

Ntimu

  • Nea ɛyɛe a amansan yi bae no, dɛn na Bible ka fa ho?

  • So Onyankopɔn dii kan bɔɔ biribi ketekete bi a nkwa wom, ɛnna ɛdannanee ara kosii sɛ nneɛma a aka nyinaa bae, anaa ɔno ara na ɔbɔɔ biribiara?

  • Dɛn na ɛma nnipa yɛ soronko?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Abɔde a atwa yɛn ho ahyia no ma yehu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Kenkan asɛm a edi so yi na wubehu.

“Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Abɔde Mu?” (Nyan!, September 2006)

Nea Bible ka fa adebɔ ho no, hwɛ sɛnea agya bi betumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ ne ba ketewa.

‘Yehowa na Ɛbɔɔ Nneɛma Nyinaa’ (2:37)

Asɛm a ebi ka sɛ, biribi ketekete na ɛdannanee ara kosii sɛ nneɛma a aka nyinaa bae no, hwɛ sɛ Bible foa so anaa.

“Onyankopɔn Nam Adannandi So Na Ɛbɔɔ Nneɛma a Nkwa Wom Ahorow Nyinaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Nyansahufo ayɛ nnompe ahorow bi a akyɛ paa ho nhwehwɛmu ne nhwehwɛmu afoforo pii. Ɛyɛ a hwɛ sɛ, nea wɔahu no kyerɛ sɛ obi na ɔbɔɔ ade anaa nneɛma no ara na ɛbae.

Nea Ɛyɛe a Nkwa Bae—Nsɛm Nnum Bi a Ehia Sɛ Yebisa Yɛn Ho (nhomawa)

a Adesua a ɛto so 25 no bɛma yɛahu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa.

b Sɛ Bible ka sɛ wɔbɔɔ mmoa bi sɛnea wɔn “su te” a, ɛkyerɛ sɛ saa mmoa no su ne wɔn yɛbea sɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena