-
Ɛyɛɛ Dɛn Na Nkwa Bae?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
3. Dɛn na ɛma nnipa yɛ soronko fi mmoa ho?
Bere a Yehowa bɔɔ asaase wiei no, ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom wɔ so. Nea edi kan koraa no, ɔbɔɔ nnua ne mmoa. Ɛno akyi no, “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.” (Kenkan Genesis 1:27.) Dɛn na ɛma nnipa yɛ soronko? Ɛne sɛ, Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so. Ɛno nti, Onyankopɔn suban ahorow te sɛ ɔdɔ ne atɛntrenee no, yɛn nso yɛwɔ bi. Sɛnea ɔbɔɔ yɛn nti, yetumi sua kasa horow, yetumi hu nneɛma a ɛyɛ fɛ kyerɛ ho anisɔ, na yetumi tie nnwom ma yɛn ani gye. Afei nso, nnipa nko ara na etumi som yɛn Bɔfo no; mmoa ntumi nyɛ saa.
-
-
Ɛyɛɛ Dɛn Na Nkwa Bae?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
6. Nnipa yɛ Onyankopɔn abɔde a wɔyɛ soronko
Yehowa ammɔ yɛn te sɛ mmoa. Kenkan Genesis 1:26. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yɛwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye. Sɛ saa a, ɛnde suban bɛn na Onyankopɔn nso wɔ?
-