Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/1 kr. 15-19
  • Di Ɔba No, Yehowa Ɔnanmusifo Panyin No Ni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Ɔba No, Yehowa Ɔnanmusifo Panyin No Ni
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan Afoforo a Ebinom Nam so Hura Yesu Ho
  • Nea Nti a Ɛsɛ sɛ Yedi Ɔba no Ni
  • Nea Wayɛ Ama Yɛn
  • Sɛnea Yebetumi Adi Ɔba no Ni
  • Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Munni Nnipa Nyinaa Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Di Afoforo Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Momfa Nidi Mma Nea Nidi Sɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/1 kr. 15-19

Di Ɔba No, Yehowa Ɔnanmusifo Panyin No Ni

“Nea onni ɔba no ni no nni agya a ɔsomaa no no ni.”​—YOHANE 5:23

1. Ɔkwan bɛn so na Kristoman gyidi wɔ Baasakoro no mu no nni Yesu ni?

KRISTOMAN mufo pii ka nnɛ sɛ wodi Yesu Kristo ni, nanso nea ɛne ɛno bɔ abira na wɔyɛ ankasa. Ɔkwan bɛn so? Pii ka sɛ Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, ne sɛ Onyankopɔn, nneɛma nyinaa Bɔfo no, ba bɛtraa ase sɛ onipa wɔ asase so na owui sɛ onipa. Asɛm yi ne nea ɛwɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ, a ɛne Kristoman nkyerɛkyerɛ titiriw no mu. Nanso sɛ Baasakoro no yɛ atoro, sɛ Yesu ba fam sen Onyankopɔn na ɔhyɛ n’ase ampa a, so ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho nkontompo a ɛte sɛɛ yi renhaw Yesu anaa? Nokwarem no, obebu nkontompo a ɛte sɛɛ sɛ ɛmfa nidi mma ɔno ankasa ne biribiara a ɔkyerɛkyerɛe.

2. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ Yesu ba fam sen Onyankopɔn na ɔhyɛ n’ase?

2 Nokware no ne sɛ, Yesu anka da sɛ ɔne Nyankopɔn, nanso ɔkaa ɔno ankasa ho asɛm mpɛn pii sɛ “Onyankopɔn Ba.” N’atamfo mpo gyee eyi toom. (Yohane 10:36; 19:7) Yesu maa n’Agya a ɔbɛma no so na wabrɛ ne ho ase ama No no traa n’adwenem bere nyinaa, sɛnea ɔno ankasa kae sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na ɔba no nso yɛ. Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee . . . Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” Bio nso, ɔkae sɛ: “Mifi ne nkyɛn na ɔno na ɔsomaa me.” Ɔkae nso sɛ: “Mifi Nyankopɔn mu na mebae.” (Yohane 5:19, 30; 7:28, 29; 8:42) Yesu anka biribi a ɛbɛkyerɛ mpo sɛ ɔne Onyankopɔn anaa ɔne no yɛ pɛ da. Enti ade a ɛte sɛɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ no nni Yesu ni.

Akwan Afoforo a Ebinom Nam so Hura Yesu Ho

3. (a) Kristoman mufo binom nni Yesu ni denam Yesu ho dɛn a wonnye nni no so? (b) Adanse bɛn na Yesu de mae wɔ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ho?

3 Nea eye nwonwa ne sɛ, ebinom nso wɔ Kristoman mu nnɛ a wonni Yesu ni denam gye a wonnye n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ntom no so. Nanso sɛ yetumi hu sɛ Yesu fi soro baa asase so ankasa nkutoo a na yebetumi adi no ni yiye. Yesu ankasa kaa mpɛn pii sɛ ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. Ɔkae sɛ: “Obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa ba no.” Ɔkae akyiri yi sɛ: “Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no . . . Na afei, sɛ muhu onipa ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, nea ɔwɔ kan no nso ɛ?” Bio nso: “Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. . . . Nokware, nokware, mise mo sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.” (Yohane 3:13; 6:51, 62; 8:23, 58) Yesu kaa n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ho asɛm nso wɔ mpae a ɔbɔɔ ne soro Agya no wɔ anadwo a woyii no mae no mu.​—Yohane 17:5.

4. (a) Ɔkwan bɛn so bio na pii nni Yesu din ni? (b) Adanse bɛn na ɛsɛ sɛ ɛdɔɔso yiye na atumi akyerɛ sɛ Yesu traa ase ampa, na dɛn ntia?

4 Kristoman mufo binom mpo yɛ ade kɔ akyiri araa ma wogye abakɔsɛm mu nipa a Yesu yɛ, sɛ watra ase pɛn sɛ ɔdesani no ho kyim. Sɛ ɔntraa ase pɛn ankasa a, ɛho renhia sɛ yɛbɛka nea nti, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yedi no ni no ho asɛm. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wohuu no no adanse pii a wɔakora so wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no dɔɔso yiye a ebetumi akyerɛ pefee sɛ Yesu atra ase pɛn ampa. (Yohane 21:25) Eyi yɛ nokware, titiriw esiane sɛ tete Kristofo de wɔn nkwa ne ahofadi too asiane mu de kyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm nti. (Asomafo no Nnwuma 12:1-4; Adiyisɛm 1:9) Nanso, nea Yesu akyidifo kyerɛwee wɔ ne ho akyi no, so wobetumi de n’asetra ho adanse ama?

5, 6. Kyerɛwnsɛm akyi no, dɛn na abakɔsɛm mu adanse kyerɛ wɔ tra a Yesu Kristo traa ase ankasa no ho?

5 The New Encyclopœdia Britannica (1987) ka sɛ: “Ankorankoro kyerɛwtohɔ ahorow di adanse sɛ tete hɔ no, Kristosom asɔretiafo mpo annye tra a Yesu atra ase pɛn ho kyim.” Ankorankoro kyerɛwtohɔ ahorow yi bi ne nea ɛwɔ he? Sɛnea Yudani nhomanimfo Joseph Klausner kyerɛ no, tete Talmud nkyerɛwee no adanse no wɔ hɔ. (Jesus of Nazareth, kratafa 20) Afeha a edi kan abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus adanse no nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, ɔka sɛnea wosiw Yakobo abo no ho asɛm, na ɔda no adi sɛ ɔyɛ “Yesu a na wɔfrɛ no Kristo no nua.”​—Jewish Antiquities, XX, [ix, 1].

6 Bio nso, tete Romafo abakɔsɛm akyerɛwfo, titiriw Tacitus a wobu no yiye no, adanse no wɔ hɔ. Ɔkyerɛw ebinom ho asɛm wɔ afeha a ɛto so abien no mfiase mu sɛ “kuw a wɔn akyideyɛ nti wɔtan wɔn, a ɔmanfo frɛ wɔn Kristofo. Christus [Kristo] a wɔnam ne so nyaa edin Kristoni no huu asotwe a ɛsen biara mu amane wɔ Tiberio ahenni ase wɔ yɛn amrado biako nsam.” (The Annals, XV, XLIV) Ohuu sɛnea adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu atra ase pɛn ampa no dɔɔso fa no, afeha a ɛto so 18 Franseni abrabɔ ho nyansapɛfo Jean-Jacques Rousseau, kae sɛ: “Wonni Socrates ho abakɔsɛm, a obiara nnye ho kyim no ho adanse yiye te sɛ Yesu Kristo de no.”

Nea Nti a Ɛsɛ sɛ Yedi Ɔba no Ni

7. (a) Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na ɛhyɛ yɛn sɛ yɛmfa nidi mma Yesu Kristo? (b) Ɔkwan bɛn so bio na Yehowa adi ne Ba no ni?

7 Afei yɛnka nidi a yɛde bɛma Yesu Kristo no ho asɛm. Yebetumi ahu nea ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo de nidi ma no wɔ ne nsɛm a ɛwɔ Yohane 5:22, 23 no mu: “Na agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa, sɛ wɔn nyinaa nni ɔba no ni, sɛnea wodi agya no ni no. Nea onni ɔba no ni no nni agya a ɔsomaa no no ni.” Efi Kristo wusɔre so no, Yehowa de nidi kɛse a ɛsen kan de no mpo ama ne Ba no, ‘na owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.’ (Hebrifo 2:9; 1 Petro 3:22) Enti, onii ko a Yesu yɛ ne nea wayɛ no ma yehu nea nti a ɛsɛ sɛ yedi no ni titiriw.

8. Yesu Kristo ho nokwasɛm ahorow a ɛda nsow bɛn nti na nidi fata no?

8 Yesu fata nidi efisɛ, sɛ Logos, anaa Asɛm no, ɔne Yehowa kasamafo a ɔkyɛn so. Ɛda adi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ wɔde din “Asɛm no” maa Yesu ansa na ɔbaa asase so ne bere a ɔkɔɔ ɔsoro akyi nso. (Yohane 1:1; Adiyisɛm 19:13) Ɔka ɔno ankasa ho asɛm wɔ Adiyisɛm 3:14 sɛ “Onyankopɔn abɔde mfiase.” Ɔnyɛ “abɔde nyinaa abakan” nkutoo na mmom sɛ ‘Ɔba a ɔwoo no koro no’ ɔno nkutoo na Yehowa Nyankopɔn bɔɔ no tẽẽ. (Kolosefo 1:15; Yohane 3:16) Afei nso “ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.” (Yohane 1:3) Enti, sɛ yɛkenkan wɔ Genesis 1:26 sɛ Onyankopɔn kae sɛ ‘Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso’ a, Logos anaa Asɛm no ka saa ‘yɛn’ no ho. Nokwarem no, nokwasɛm a ɛne sɛ wɔ Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani mu no, onyaa hokwan a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ onyaa kyɛfa wɔ Yehowa Nyankopɔn adebɔ mu no ma ɔfata nidi kɛse.

9. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yesu ne ɔbɔfo Mikael, na ɔkwan bɛn so na Mikael dii Yehowa ni wɔ Mose amu ho?

9 Bio nso, Yesu Kristo fata nidi efisɛ ɔne Yehowa ɔbɔfo titiriw, anaa ɔbɔfo panyin. Dɛn so na yegyina hu eyi? “Panyin” a edi asɛmfua no akyi, a ɛkyerɛ “otitiriw” anaa “odikanfo” no kyerɛ sɛ ɔbɔfo panyin biako pɛ na ɔwɔ hɔ. Onyankopɔn Asɛm ka ne ho asɛm sɛ ɔne Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no no. Yɛkenkan sɛ: “Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan.” (1 Tesalonikafo 4:16) Saa ɔbɔfo panyin yi wɔ din, sɛnea yɛkenkan wɔ Yuda 9 sɛ: “Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi akameakame kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: [Yehowa] nka w’anim.” Esiane sɛ wanni Yehowa anim kan ammu Ɔbonsam atɛn nti, Yesu nam saa kwan yi so dii ne soro Agya no ni.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Mikael di anim ko ma Onyankopɔn Ahenni? (b) Dwuma bɛn na Mikael di maa Israel man?

10 Ɔbɔfo panyin Mikael ko ma Onyankopɔn Ahenni no, na odi anim ma wɔpam Satan ne n’adaemone fi soro de tew hɔ. (Adiyisɛm 12:7-10) Na odiyifo Daniel ka sɛ ‘ogyina hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo.’ (Daniel 12:1) Enti, ɛda adi sɛ Mikael ne “Onyankopɔn bɔfo a odi Israel dɔm anim no,” na ɔno na Onyankopɔn de no dii dwuma ma ɔde ne nkurɔfo baa Bɔhyɛ Asase no so. Onyankopɔn hyɛe sɛ: “Hwɛ wo ho yiye wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwen nhyɛ no, . . . efisɛ me din wɔ no mu.” (Exodus 14:19; 23:20, 21) Akyinnye biara nni ho sɛ na Yehowa bɔfo panyin no ani gye ɔman a Onyankopɔn din da wɔn so no ho kɛse. Sɛnea ɛfata yiye no, ɔbɛboaa ɔbɔfo foforo bi a wɔsomaa no sɛ ɔmmɛkyekye odiyifo Daniel werɛ, a adaemone hoɔdenfo bi kotwaree no ɔkwan mu no. (Daniel 10:13) Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔbɔfo a ɔsɛee Sanaherib akofo 185,000 no nyɛ ɔbɔfo foforo biara sɛ ɔbɔfo panyin Mikael.​—Yesaia 37:36.

11. Yesu asetra kwan wɔ asase so bɛn nti na ɔfata sɛ yɛde nidi ma no?

11 Ɛnyɛ onii ko a Yesu Kristo yɛ nkutoo nti na nidi fata no, na mmom ɔfata sɛ yedi no ni esiane nea wayɛ nti. Sɛ nhwɛso no, ɔno nkutoo ne ɔdesani a watra ase wɔ pɛyɛ mu. Wɔbɔɔ Adam ne Hawa a wɔyɛ pɛ, nanso wɔn pɛyɛ no ankyɛ. Nanso, na Yesu Kristo ‘ho tew, onni bɔne, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho’ wɔ sɔhwɛ ne ɔtaa a Ɔbonsam de baa no so nyinaa akyi. Ne nyinaa mu no, “wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.” Na obetumi abisa nyamesom asɔretiafo no ma afata sɛ: “Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn?” Na wɔn mu biara rentumi nyɛ saa! (Hebrifo 7:26; 1 Petro 2:22; Yohane 8:46) Na esiane sɛ okuraa ne mudi mu a wanyɛ bɔne biara nti, ɔsan ne soro Agya no din ho sɛ ɔno na ɔteɛ sɛ amansan Sodifo, na ɔdaa Ɔbonsam adi sɛ ɔtorofo bɔne.​—Mmebusɛm 27:11.

12. (a) Na Yesu yɛ onipa bɛn, na dɛn na ɔyɛe, na amane bɛn na ohu maa afoforo? (b) Dɛn nti na wobɛka sɛ Yesu fata yɛn nidi esiane nneɛma a ɔyɛe ne amane a ohui no nti?

12 Ɛnyɛ Yesu Kristo asetra a ɛyɛ pɛ, na bɔne nnim no nkutoo nti na ɛfata sɛ yedi no ni, na mmom esiane sɛ na ɔyɛ onipa pa, ɔnyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔde ne ho bɔɔ afɔre nso nti. (Fa toto Romafo 5:7 ho.) Odii nkurɔfo honhom ne honam fam ahiade ahorow ho dwuma a wammrɛ. Nnamyɛ bɛn na ɔdaa no adi wɔ n’Agya fi ho sɛɛ yi, na hwɛ sɛnea ɔtɔɔ ne bo ase maa n’asuafo no! Hwɛ amanehunu araa a na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma aba no so na ɔde ayɛ n’Agya apɛde! Bible no ka n’amanehunu wɔ Getsemane turo no mu ho asɛm sɛ: “Na ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” Yiw, “ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ . . . nteɛm a emu yɛ den ne nusu” mae. (Luka 22:44; Hebrifo 5:7) Hwɛ sɛnea Yesaia hyɛɛ n’amanehunu no ho nkɔm pɛpɛɛpɛ wɔ Yesaia 53:3-7!

13. Nhwɛso fɛfɛ bɛn na Yesu yɛ maa yɛn wɔ ne soro Agya a odii no ni no mu?

13 Ɛfata sɛ yɛde nidi ma Yesu esiane nidi a ɔde maa ne soro Agya no ho nhwɛso pa a ɔyɛ maa yɛn no nso nti. Na obetumi aka no yiye sɛ: “Midi m’agya no ni.” (Yohane 8:49) Ɔde ne nsɛm a ɔkae ne ne nneyɛe dii Yehowa Nyankopɔn ni bere nyinaa. Ne saa nti, bere a ɔsaa ɔbarima bi yare no, Bible kyerɛwtohɔ no nka sɛ nkurɔfo no hyɛɛ Yesu anuonyam, na mmom ese “wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.” (Marko 2:12) Enti, wɔ n’asase so ɔsom adwuma no awiei no, na Yesu betumi aka akyerɛ ne soro Agya no wɔ mpaebɔ mu ma afata sɛ: “Mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.”​—Yohane 17:4.

Nea Wayɛ Ama Yɛn

14. Dɛn na Yesu wu yɛ maa yɛn a ɛma ɔfata nidi?

14 Na hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛde nidi kɛse ma Yesu Kristo esiane nea wayɛ ama yɛn nyinaa nti! Owu maa yɛn bɔne sɛnea ɛbɛyɛ na wɔapata yɛn aka yɛn abɔ Yehowa Nyankopɔn ho. Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Mateo 20:28) Enti, ne wu no na ebuee nneɛma a Ahenni no betumi ayɛ ama nnipa no nyinaa ho kwan: asetra a owu nnim wɔ soro ma 144,000 no a wɔbom yɛ n’ayeforo no ne daa nkwa wɔ paradise asase so ma nnipa afoforo ɔpepem pii a wokuraa wɔn gyidi mu na wɔyɛɛ osetie wɔ sɔhwɛ mu no.​—Dwom 37:29; Adiyisɛm 14:1-3; 21:3, 4.

15. Dɛn ne Yesu Agya nipasu a oyii no adi kyerɛɛ yɛn ho nhwɛso biako?

15 Yesu Kristo fata nidi nso efisɛ, sɛ Ɔkyerɛkyerɛ Kɛse no, wayi n’Agya apɛde ne ne nipasu adi akyerɛ yɛn yiye. Sɛ nhwɛso no, ɔtwee adwene kɔɔ sɛnea n’Agya ayamye nti, ɔma owia pue na nsu tɔ ma nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa no so wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu, na afei ɔkae sɛ: “Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ.”​—Mateo 5:44-48.

16. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo kaa Yesu asetra kwan a ɛma ɔfata nidi no ho asɛm titiriw tiawa?

16 Ɔsomafo Paulo kaa Yesu asetra kwan a ɛfata nidi no ho asɛm tiawa bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wansusuw ho sɛ obetwa dwow, ɛne sɛ, sɛ ɔne Nyankopɔn bɛsɛ. Dabi, na mmom oyii ne mu (guu hɔ) faa akoa tebea bɛdan nnipa sɛso. Nea ɛboro ɛno so no, bere a ohui sɛ wayɛ sɛ onipa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu.”​—Filipifo 2:5-8, New World Translation.

Sɛnea Yebetumi Adi Ɔba no Ni

17, 18. Akwan horow bɛn so na yebetumi adi Yesu Kristo ni?

17 Esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ yɛde nidi ma Yesu Kristo nti, asemmisa yi sɔre sɛ: Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi Ɔba no ni? Yɛyɛ saa denam n’agyede afɔrebɔ no mu gyidi a yɛbɛkyerɛ so, na yɛda saa gyidi no adi denam nneɛma a ɛho hia a ɛne ahonu, adwensakra, ahosohyira, ne asubɔ a yɛbɛyɛ so. Sɛ yɛkɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu wɔ Yesu din mu a, yedi Yesu ni. Yɛde nidi ma no bio bere a yetie ne nsɛm a edi so yi: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24) Yedi Yesu Kristo ni bere a yetie n’ahyɛde sɛ yɛnkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan no, na yedi no ni bere a yetie n’ahyɛde sɛ yennya asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa no. Bio nso, sɛ yɛda onuadɔ a Yesu kae sɛ wɔde behu ne nokware akyidifo nyinaa no adi a, na yɛredi no ni.​—Mateo 6:33; 28:19, 20; Yohane 13:34, 35.

18 Bio nso, yɛde nidi ma Ɔba no denam ne din a yɛde to yɛn ho so, frɛ yɛn ho “Kristofo” so, na afei yɛtra ase ma ɛne saa din no hyia denam abrabɔ pa so no. (Asomafo no Nnwuma 11:26; 1 Petro 2:11, 12) Ɔsomafo Petro kae sɛ ɛsɛ sɛ yedi Yesu anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ. (1 Petro 2:21) Yɛnam sɛnea yesuasua no wɔ saa kwan yi so wɔ yɛn abrabɔ nyinaa mu no so di no ni nso. Na nokwarem no, sɛ yɛyɛ Kristo wu no Nkaedi afe biara a, yɛde nidi titiriw bi ma no.​—1 Korintofo 11:23-26.

19, 20. (a) Akatua bɛn na Yesu de ahyɛ n’akyidifo a wodi no ni no bɔ, mprempren ne daakye? (b) Awerɛhyem bɛn na Ɔba no ma yenya?

19 Akatua bɛn na Yesu de ahyɛ n’asuafo bɔ wɔ asetra kwan a ɛde nidi brɛ no so a wɔnam no ho? Ɔkae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nuabarimanom, anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.”​—Marko 10:29, 30.

20 Enti sɛ Yesu nti, yɛde nneɛma bɔ afɔre a, ɔbɛhwɛ sɛ yebenya akatua. Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mateo 10:32) Enti, sɛnea ɔsoro Agya no di wɔn a wodi no ni no ni no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Ba a ɔwoo no koro no besuasua n’Agya wɔ eyi mu, sɛnea Ɔba no yɛ wɔ nsɛm afoforo nso mu no ara pɛ.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristoman mufo pii nni Ɔba no ni?

◻ Adanse bɛn na Yesu de mae wɔ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ho?

◻ Nea nti a ɛsɛ sɛ yɛde nidi ma Yesu no bi ne dɛn?

◻ Dɛn ne akwan a yebetumi afa so adi Yesu ni no bi?

◻ Yesu Kristo a yebedi no ni no de mfaso bɛn na ɛbɛbrɛ yɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena