Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 8/15 kr. 14-19
  • Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi a Yebenya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi a Yebenya
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa De Ne Ho Gye Nnipa Nsɛm Mu Kodu Baabi
  • Onyankopɔn Yɛ Ade De Ma N’apɛde Bam
  • Onyankopɔn Hu Nea Ɛbɛba Daakye
  • Adaka Kɛse Bi Ho Adwuma
  • Yehowa Gyina Adwuma no Akyi
  • Mpa Abaw Da!
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Wɔkoraa Ɔne “Nnipa Baason So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Noa Gyidi Bu Wiase no Fɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 8/15 kr. 14-19

Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi a Yebenya

“Me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no.”—YESAIA 46:9, 10.

1, 2. Adwenkyerɛ a egu ahorow a ɛfa Onyankopɔn ho a ɔde gye asase so nsɛm mu ho no bi ne dɛn?

ONYANKOPƆN de ne ho gye asase so nsɛm mu kodu he? Adwenkyerɛ no gu ahorow. Adwene biako ne sɛ ɔmfa ne ho nnye mu koraa. Bere a ɔnam adebɔ so maa nneɛma fii ase yɛɛ adwuma akyi no, ebia ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi ama yɛn anaasɛ onni tumi a ɔde bɛyɛ. Wɔ saa adwene yi mu no, Onyankopɔn te sɛ agya a ɔde ne ba si sakre foforo so, ɔma ɔtra so yiye, na opia no kakra de fi ne ka ase. Ɛno akyi no, agya no gyaw no hɔ kɔ. Ɛto gye abofra no ara; sɛ́ ɔbɛhwe ase, anaasɛ ɔrenhwe ase. Nea ebesi biara mfa agya no ho.

2 Adwenkyerɛ foforo ne sɛ Onyankopɔn rekyerɛ yɛn asetra mu biribiara kwan denneennen, ɛne sɛ efi adebɔ so no, ɔde ne ho agye biribiara a ɛkɔ so mu tẽẽ. Sɛ saa a, ɛnde na ebinom bɛka sɛ ɛnyɛ nneɛma pa nko na efi Nyankopɔn, na mmom nsɛmmɔnedi ne amanehunu a ɛhaw adesamma no nso. Ɔkwan a Onyankopɔn fa so yɛ nneɛma ho nokwasɛm a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ. Ɛbɛma yɛanya gyidi a emu yɛ den nso wɔ ne bɔhyɛ ahorow bi a ɛrenya ne mmamu mu.—Hebrifo 11:1.

3. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw? (b) Dɛn nti na wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ‘ɔrehyehyɛ’ na ‘ɔrenwene’ n’atirimpɔw?

3 Ade titiriw a ɛwɔ asɛm a ɛne sɛ ebia Onyankopɔn de ne ho gye nnipa nsɛm mu anaasɛ ɔmfa ne ho nnye mu no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa yɛ atirimpɔw Nyankopɔn. Ne din ankasa kyerɛ saa. “Yehowa” kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Yehowa kɔ so yɛ ade, na ɔyɛ obi a ɔma Ne bɔhyɛ ahorow bam. Enti, wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ‘ɔrehyehyɛ’ anaa ‘ɔrenwene’ n’atirimpɔw a ɛfa nsɛm a ebesisi anaa nneɛma a ɔbɛyɛ daakye ho. (2 Ahene 19:25; Yesaia 46:11) Saa nsɛm yi fi Hebri asɛmfua ya·tsarʹ, a ɛne asɛmfua a ɛkyerɛ “ɔnwemfo” hyia no mu. (Yeremia 18:4) Sɛnea ɔnwemfo a ne ho akokwaw betumi de dɔte ayɛ kuku a ɛyɛ fɛ no, saa ara na Yehowa betumi adannan nneɛma ma adi n’apɛde ho dwuma.—Efesofo 1:11.

4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn siesiee asase sɛ nnipa ntra so?

4 Sɛ nhwɛso no, na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ asase bɛyɛ beae a ɛyɛ fɛ yiye a nnipa asoɔmmerɛfo a wɔyɛ pɛ te. (Yesaia 45:18) Yehowa yɛɛ nsiesiei a ɔdɔ wom maa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no bere tenten ansa na ɔrebɔ wɔn. Genesis nhoma no atiri a edi kan no ka sɛnea Yehowa hyehyɛɛ adekyee ne adesae, asase ne ɛpo. Nea edi hɔ no, ɔyɛɛ nnɔbae ne mmoadoma. Egyee mfe mpempem pii ansa na ɔresiesie asase yi ama nnipa atra so. Owiee dwumadi no anigye mu. Ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no fii wɔn asetra ase wɔ Eden, paradise a na ɛhɔ yɛ anigye a na biribiara wɔ hɔ a ɛbɛma wɔatumi anya asetra mu anigye no. (Genesis 1:31) Enti Yehowa de ne ho gyee asase so nsɛm mu tẽẽ, na ɔde nkakrankakra hyehyɛɛ ne nnwuma ma ɛne n’atirimpɔw a ɛkorɔn no hyiae. So nnipa abusua a ɛtrɛwee no maa ogyaee ne ho a ɔde begye nsɛm mu no?

Yehowa De Ne Ho Gye Nnipa Nsɛm Mu Kodu Baabi

5, 6. Dɛn nti na ɛwɔ baabi a Onyankopɔn ne nnipa di nsɛm kodu?

5 Ɛwom sɛ Yehowa wɔ tumi sɛ ɔde ne ho begye adesamma dwumadi biara mu na wakyerɛ kwan de, nanso ɔnyɛ saa. Ɛwɔ nea enti a ɔnyɛ saa. Ade biako ne sɛ wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so, a wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ na wofi wɔn pɛ mu yɛ ade. Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea ɔpɛ; saa ara na yɛnyɛ nnipa a yentumi mfi yɛn pɛ mu nyɛ ade. (Deuteronomium 30:19, 20; Yosua 24:15) Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛma yɛabu nea yɛyɛ ho akontaa de, nanso ofi ɔdɔ mu ama yɛn hokwan pii a yɛde besi ɔkwan a yɛbɛfa so atra ase ho gyinae.—Romafo 14:12; Hebrifo 4:13.

6 Ade foforo nti a Onyankopɔn mfa ne ho nnye biribiara a esi mu no fa ɔsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree wɔ Eden no ho. Satan twaa Onyankopɔn tumidi mpoa. Ɔde hokwan bi a na ɛte sɛ nea ɛbɛma Hawa anya ahofadi sii n’anim—hokwan a ɔno, ne akyiri yi ne kunu, Adam, gye toom. (Genesis 3:1-6) Eyi ho no, Onyankopɔn ama adesamma kwan ma wɔadi wɔn ho so bere tenten bi na ama ada adi sɛ ebia Satan mpoatwa no fata anaa. Ne saa nti, yentumi mfa nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ no nnɛ no ho asodi nto Onyankopɔn so. Mose kyerɛw faa nnipa atuatewfo bi ho sɛ: “Wɔadi no nsɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ [Onyankopɔn] mma.”—Deuteronomium 32:5.

7. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw ma asase ne adesamma?

7 Nanso, bere a Yehowa ama nnipa kwan ma wɔapaw nea wɔn ankasa pɛ na wɔn ankasa di wɔn ho so no, onyii ne nsa mfii asase so nsɛm mu, ade a anka ɛmma yennya anidaso sɛ obedi ne bɔhyɛ ahorow ho dwuma. Ɛwom sɛ Adam ne Hawa tew atua tiaa Onyankopɔn tumidi de, nanso Yehowa ansesa n’atirimpɔw a ɔdɔ wom a ɔwɔ ma asase ne adesamma no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛdan asase paradise a nnipa asoɔmmerɛfo a wɔwɔ anigye na wɔyɛ pɛ ahyɛ so ma. (Luka 23:42, 43) Bible kyerɛwtohɔ a efi Genesis kosi Adiyisɛm no ka sɛnea Yehowa de nkakrankakra redi saa atirimpɔw no ho dwuma.

Onyankopɔn Yɛ Ade De Ma N’apɛde Bam

8. Dɛn na na ebegye ansa na wɔde Israelfo no aba Bɔhyɛ Asase so?

8 Wɔ Onyankopɔn ne Israel man no nsɛnnii mu no, ɔdaa no adi sɛ obedi n’atirimpɔw ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, Yehowa maa Mose awerɛhyem sɛ Obegye Israelfo afi Misraim na ɔde wɔn aba Bɔhyɛ Asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so no so. (Exodus 3:8) Ná eyi yɛ asɛntitiriw a ɛbɛma wɔanya awerɛhyem. Ná ɛbɛma wɔagye saa Israelfo no—a wɔne wɔn ahokafo nyinaa dodow bɛyɛ ɔpepem abiɛsa—no afi ɔman a wɔyɛ den a na wɔsɔre tia kɔ a wɔbɛkɔ denneennen no nsam. (Exodus 3:19) Ná aman a wɔyɛ den a wɔbɛsɔre atia wɔn na wɔte asase a wɔde wɔn rekɔ so no so. (Deuteronomium 7:1) Ná sare kwan da Israelfo no anim a na wobehia aduan ne nsu wɔ so. Eyi yɛ tebea a ɛmaa Yehowa daa ne tumi a ɛkorɔn ne ne Nyamesu adi.—Leviticus 25:38.

9, 10. (a) Dɛn nti na Yosua tumi dii adanse sɛ Onyankopɔn atirimpɔw yɛ nea wotumi de ho to so? (b) Dɛn nti na ehia sɛ yenya ahotoso wɔ tumi a Onyankopɔn tumi tua n’anokwafo ka no mu?

9 Onyankopɔn nam ahoɔdenne pii so dii Israelfo no anim fii Misraim. Nea edi kan no, ɔde ɔhaw ahorow du a ɛsɛe ade baa Misraim man no so. Nea edi hɔ no, ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu maa Israelfo no faa mu, na ɔma ɛfaa Misraim asraafo a na wɔtaa wɔn no. (Dwom 78:12, 13, 43-51) Ɛno akyi no, ɔhwɛɛ Israelfo wɔ mfe 40 a wɔde traa sare so no mu, na ɔmaa wɔn mana ne nsu, na mpo ɔhwɛ hui sɛ wɔn ntade rentetew na wɔn nan renhonhon. (Deuteronomium 8:3, 4) Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase so akyi no, Yehowa maa wodii wɔn atamfo so nkonim. Yosua a onyaa Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi a emu yɛ den no dii saa nneɛma yi nyinaa ho adanse. Enti, na obetumi de ahotoso aka akyerɛ ne bere so mpanyimfo no sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo.”—Yosua 23:14.

10 Te sɛ Yosua a ɔtraa ase tete mmere mu no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn wɔ ɔpɛ ne tumi sɛ obedi wɔn a wɔsom no no nsɛm ama wɔn. Saa ahotoso yi yɛ yɛn gyidi fã titiriw. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ . . . ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

Onyankopɔn Hu Nea Ɛbɛba Daakye

11. Nneɛma bɛn na ɛma Nyankopɔn di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma?

11 Ɛde besi ha yi, yɛahu sɛ ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn ma nnipa fi wɔn pɛ mu yɛ nneɛma na wɔn ankasa di wɔn ho so no, ɔwɔ tumi ne ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ade de adi n’atirimpɔw ho dwuma. Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam ɔkwan biara so. Yehowa tumi hu nea ɛbɛba daakye. (Yesaia 42:9) Onyankopɔn nam ne diyifo so kae sɛ: “Mónkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.” (Yesaia 46:9, 10) Okuafo a ne ho akokwaw nim bere ne baabi a ɛsɛ sɛ ogu aba, nanso ɛyɛ a na n’adwene nsi no pi wɔ sɛnea nneɛma no bɛyɛ ho. Nanso, “mmeresanten hene” no nim bere ne baabi pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de di n’atirimpɔw ho dwuma.—1 Timoteo 1:17.

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de nea ɛbɛba daakye ho nimdeɛ a ɔwɔ no dii dwuma wɔ Noa bere so?

12 Susuw sɛnea Onyankopɔn daa nimdeɛ a emu dɔ adi wɔ Noa bere so no ho hwɛ. Esiane sɛ na amumɔyɛ pii ahyɛ asase so ma nti, Onyankopɔn yɛe sɛ ɔbɛsɛe adesamma atuatewfo no. Ɔhyɛɛ bere a ɔde bɛyɛ eyi, na na mfe 120 betwam ansa. (Genesis 6:3) Bere a Yehowa rehyɛ bere pɔtee a ɔbɛyɛ saa no, osusuw biribi foforo ho kaa abɔnefo a ɔbɛsɛe wɔn, ade a na obetumi ayɛ no bere biara, no ho. Ná bere a Yehowa ahyɛ no bɛma wakora atreneefo so nso. (Fa toto Genesis 5:29 ho.) Ná Onyankopɔn fi nyansa mu nim bere a ɔbɛma wɔayɛ adwuma a ɛde saa awiei no bɛba. Ɔde ɔsɛe no ho nsɛm a ɛkɔ akyiri maa Noa. Na ɛsɛ sɛ Noa yɛ adaka ‘ma ne fifo nkwagye,’ na na wɔde wiase nyinaa nsuyiri bi na ɛbɛsɛe abɔnefo.’—Hebrifo 11:7; Genesis 6:13, 14, 18, 19.

Adaka Kɛse Bi Ho Adwuma

13, 14. Dɛn nti na na adaka no yɛ yɛ adwuma a ɛyɛ den?

13 Susuw sɛnea Noa buu saa adwuma yi no ho hwɛ. Esiane sɛ na Noa yɛ Onyankopɔn nipa nti, na onim sɛ Yehowa betumi asɛe abɔnefo. Nanso, ansa na ɛno bɛba no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma bi—adwuma a na ehia ma gyidi. Ná adaka no ho adwuma bɛyɛ adwuma kɛse. Ná Onyankopɔn wɔ adaka no nsusuwso ankasa. Ná adaka no bɛware asen nnɛyi agoprama no bi, na na ne tenten bɛyɛ sɛ abansoro a ɛtoa so anum. (Genesis 6:15) Ná adwumayɛfo no nyɛ nnipa a wɔn ho akokwaw wɔ adakayɛ mu, na na wosua. Ná wonni nnwinnade a edi mu a abu so nnɛ no bi. Bio nso, esiane sɛ na Noa nni tumi a ɔde behu nea ɛbɛba daakye te sɛ Yehowa nti, na onni ɔkwan biara a ɔbɛfa so ahu tebea ahorow a ɛbɛsɔre mfe no mu a ebia ɛbɛboa adaka no yɛ anaasɛ ɛbɛsɛe no. Ɛda adi sɛ Noa susuw nsɛm pii ho. Ɔbɛyɛ dɛn anya nneɛma a ɔde bɛyɛ adaka no? Ɔbɛyɛ dɛn aboaboa mmoa no ano? Aduan bɛn na wobehia, na dodow sɛn na wobehia? Bere bɛn ankasa na Nsuyiri a wɔaka ho asɛm no bɛba?

14 Afei na nnipa asetram nsɛm tebea nso wɔ hɔ. Ná amumɔyɛ abu so. Ná Nefilim a wɔn ho yɛ den—abɔfo amumɔyɛfo ne mmea mma a wɔyɛ abran no—ama basabasayɛ ahyɛ asase so ma. (Genesis 6:1-4, 13) Bio nso, na adaka no yɛ nyɛ adwuma a wobetumi ayɛ no kokoam. Ná nkurɔfo bebisa nea Noa reyɛ, na na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn. (2 Petro 2:5) So na wɔn ani begye ho? Dabida! Mfe bi a atwam no, na ɔnokwafo Henok aka abɔnefo sɛe ho asɛm. Ná nkurɔfo ani nnye n’asɛm no ho koraa ma enti, Onyankopɔn “faa no kɔe,” anaasɛ otwaa ne nkwa so, a ɛda adi sɛ ɔyɛɛ saa na N’atamfo ankum no. (Genesis 5:24; Hebrifo 11:5; Yuda 14, 15) Ná ɛnyɛ asɛm a nkurɔfo ani rennye ho no nko na ɛsɛ sɛ Noa bɔ no dawuru, na mmom na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adaka nso. Bere a ɔreyɛ adaka no, na ɛbɛkae ne bere sofo amumɔyɛfo no sɛ Noa yɛ ɔnokwafo!

15. Dɛn nti na Noa nyaa ahotoso sɛ obetumi ayɛ n’adwuma no?

15 Ná Noa nim sɛ Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no gyina saa adwuma no akyi, na na ne nhyira wɔ so. So ɛnyɛ Yehowa ankasa na ɔde adwuma no hyɛɛ ne nsa? Ná Yehowa ama Noa awerɛhyem sɛ sɛ wowie adaka no a, ɔne n’abusua bɛkɔ mu, na wakora wɔn so wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no mu. Onyankopɔn ne no yɛɛ apam mpo de hyɛɛ nokware a na asɛm no yɛ no mu den. (Genesis 6:18, 19) Ɛda adi sɛ, Noa hui sɛ na Yehowa asusuw adwuma no nyinaa ho abu ho akontaa ansa na ɔde adwuma no rehyɛ ne nsa. Bio nso, na Noa nim sɛ Yehowa wɔ tumi sɛ ɔde ne ho begye nsɛm mu, na wayɛ no mmoa bere a na mmoa ho hia no. Enti Noa gyidi kanyan no ma ɔyɛɛ adwuma no. Te sɛ n’aseni Abraham no, na Noa ‘nim yiye sɛ, nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.’—Romafo 4:21.

16. Bere a adaka no yɛ nyaa nkɔanim no, ɔkwan bɛn so na Noa gyidi mu yɛɛ den?

16 Bere a mfe bi twaam na adaka no dii mu no, Noa gyidi mu yɛɛ den. Wodii adaka no hyehyɛ ho nsɛnnennen so, na wonyaa ho nneɛma a wɔde bɛyɛ no. Wodii sɔhwɛ ahorow so. Ɔsɔretia biara antumi ansiw adwuma no kwan. Noa abusua nyaa Yehowa mmoa ne n’ahobammɔ. Bere a Noa miaa n’ani no, ‘ne gyidi ho sɔhwɛ a enyaa awiei pa no maa onyaa boasetɔ.’ (Yakobo 1:2-4) Awiei koraa no, wowiee adaka no yɛ, Nsuyiri no bae, na Noa ne n’abusua nyaa wɔn ti didii mu. Noa huu Onyankopɔn bɔhyɛ mmamu, sɛnea Yosua hui akyiri yi no. Noa nyaa ne gyidi so akatua.

Yehowa Gyina Adwuma no Akyi

17. Akwan bɛn so na yɛn bere yi ne Noa de no di nsɛ?

17 Yesu ka siei sɛ yɛn da yi bɛyɛ sɛ Noa nna no. Onyankopɔn asi gyinae bio sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo, na wahyɛ bere a ɔde bɛyɛ saa. (Mateo 24:36-39) Wasan ayɛ nsiesiei a ɔde bɛkora atreneefo so. Bere a adaka na na ɛsɛ sɛ Noa yɛ no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ka Yehowa atirimpɔw ho asɛm, kyerɛkyerɛ N’asɛm, na wɔma afoforo yɛ asuafo.—Mateo 28:19.

18, 19. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa gyina asɛmpaka adwuma no akyi?

18 Sɛ Yehowa ammoa Noa anwowaw no a, anka wantumi anyɛ adaka no. (Fa toto Dwom 127:1 ho.) Saa ara na sɛ Yehowa mmoa nka ho a, anka akyinnye biara nni ho sɛ nokware Kristosom ntumi nnyina, na kampɛsɛ anya nkɔso. Gamaliel, Farisini ne Mmara no kyerɛkyerɛfo a na wobu no no huu eyi wɔ afeha a edi kan no mu. Bere a Yudafo Sanhedrin no pɛe sɛ wɔsɛe asomafo no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso efi Onyankopɔn a, muntumi nsɛe wɔn.”—Asomafo no Nnwuma 5:38, 39.

19 Gyina a asɛnka adwuma no gyinaa afeha a edi kan no mu na agyina nnɛ nso no ada no adi sɛ saa adwuma yi mfi nnipa, na mmom efi Onyankopɔn. Asɛm a edi hɔ no bɛka tebea ne nneɛma a ɛyɛ anigye a aboa ma saa adwuma yi anya nkɔso kɛse saa no ho asɛm.

Mpa Abaw Da!

20. Hena na ɔboa yɛn bere a yɛka asɛmpa no?

20 Ɛwom sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa redi nneɛma nyinaa ho dwuma. Ɔboa ne nkurɔfo wowaw wɔn bere a wɔreyɛ adwuma de awie asɛmpa no ka ansa na bere a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔde nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei no adu. (2 Timoteo 3:1; Mateo 24:14) Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ‘n’adwumayɛboafo.’ (1 Korintofo 3:9) Wɔama yɛn awerɛhyem nso sɛ Kristo Yesu ka yɛn ho wɔ saa adwuma yi mu ne sɛ yebetumi de yɛn ho ato abɔfo mmoa ne wɔn akwankyerɛ so.—Mateo 28:20; Adiyisɛm 14:6.

21. Gyidi bɛn na ɛnsɛ sɛ yegyae mu da?

21 Esiane sɛ Noa ne n’abusua kyerɛɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi nti, wɔkoraa wɔn so wɔ nsuyiri no mu. Wɔbɛkora wɔn a wɔkyerɛ gyidi a ɛte saa nnɛ no so wɔ “ahohia kɛse” a ɛreba no mu. (Adiyisɛm 7:14) Yɛte mmere a ɛyɛ anigye ankasa mu. Nsɛm akɛse rebesisi! Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn de ɔsoro foforo ne asase foforo a emu yɛ anigye a trenee te mu bɛba. (2 Petro 3:13) Mpa abaw da biara da wɔ wo gyidi a wukura sɛ nea Onyankopɔn ka biara, obetumi ayɛ, no mu.—Romafo 4:21.

Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

◻ Dɛn nti na Yehowa mfa ne ho nnye nnipa asetra mu nsɛm nyinaa mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na tumi a Yehowa tumi di n’atirimpɔw ho dwuma no daa adi wɔ ɔne Israelfo nsɛnnii mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na tumi a Yehowa tumi hu nea ɛbɛba daakye no daa adi wɔ Noa bere so?

◻ Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena