Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 9/15 kr. 10-15
  • Mmere Ne Nna A Ɛhyɛ Yehowa Nsa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmere Ne Nna A Ɛhyɛ Yehowa Nsa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Mmere ne Nna
  • ‘Ná Bere no Reyɛ Adu’
  • ‘Bere a Bere no Wiee Du No’
  • Egyina Nsɛm a Esisii So—Ɛnyɛ Mmerebu So
  • Ɔhene Mesia no Hu
    “W’Ahenni Mmra”
  • Fa Wo Ho To Yehowa So​—Ɔno Na Ɔhyɛ “Bere Ne Nna”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Wɔkyerɛ Bere a Mesia No Bɛba
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • “Yɛahu Mesia No”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 9/15 kr. 10-15

Mmere Ne Nna A Ɛhyɛ Yehowa Nsa

“Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu.”—ASOMAFO NO NNWUMA 1:7.

1. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa n’asuafo no nsɛmmisa a na ɛfa bere ho no ho mmuae?

DƐN na wobɛhwɛ kwan sɛ wɔn a “wosisi apini di akyide a wɔyɛ” wɔ Kristoman mu ne wiase nyinaa so “nkɔmmɔ” no bɛyɛ asen sɛ wobebisa bere a saa nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei ma wɔde Onyankopɔn trenee wiase foforo no asi ananmu? (Hesekiel 9:4; 2 Petro 3:13) Bere tiaa bi ansa na Yesu rebewu, ne ne wusɔre akyi no, n’asomafo no bisaa no nsɛm a ɛfa bere ho. (Mateo 24:3; Asomafo no Nnwuma 1:6) Nanso wɔ mmuaema mu no, Yesu amma wɔn biribi a wobegyina so abu mmere. Bere bi ɔmaa wɔn sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã pii, na bere foforo no, ɔkae sɛ ‘ɛnyɛ wɔn asɛm sɛ wobehu bere anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu.’—Asomafo no Nnwuma 1:7.

2. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na na Yesu nim N’agya bere nhyehyɛe wɔ nneɛma a na ebesisi wɔ awiei bere mu no ho?

2 Ɛwom sɛ Yesu ne Yehowa Ba a ɔwoo no koro no de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɔno mpo nim n’Agya bere nhyehyɛe ahorow. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri ho no mu no, ofi ahobrɛase mu gye toom sɛ: “Da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.” (Mateo 24:36) Ná Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔde boasetɔ bɛtwɛn ma N’agya akyerɛ no bere pɔtee a ɔde bɛyɛ ade de asɛe nhyehyɛe bɔne yi.a

3. Dɛn na yebetumi asua afi mmuae a Yesu de mae wɔ nsɛmmisa a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho no mu?

3 Nneɛma abien na yebetumi anya afi ɔkwan a Yesu faa so buaa nsɛmmisa a ɛfa bere a nneɛma besisi ama Onyankopɔn atirimpɔw aba mu ho no mu. Nea edi kan ne sɛ Yehowa wɔ bere nhyehyɛe; na nea ɛto so abien ne sɛ ne nkutoo na ɔhyehyɛ, na n’asomfo ntumi nhwɛ kwan sɛ obedi kan aka ne mmere ne nna pɔtee ho asɛm akyerɛ wɔn.

Yehowa Mmere ne Nna

4. Dɛn na Hela nsɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘mmere’ ne “nna” wɔ Asomafo no Nnwuma 1:7 no kyerɛ?

4 Dɛn na ‘mmere’ ne “nna” kyerɛ? Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Asomafo no Nnwuma 1:7 no kura bere ho ntease abien. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘mmere’ no kyerɛ “bere tenten a biribi di,” efi bere bi kosi bere bi (tenten anaa tiawa). “Nna” yɛ asɛmfua a wɔkyerɛ ase fi asɛm a ɛkyerɛ bere pɔtee anaa bere a wɔahyɛ ato hɔ, nna pɔtee, anaa bere bi a nneɛma bi sisi ho asɛm mu. Ɛdefa mfitiase nsɛmfua abien yi ho no, W. E. Vine ka sɛ: “Wɔ Asomafo no Nnwuma 1:7 no, ‘Agya no nam N’ankasa ne tumi mu ahyɛ’ mmere (chronos), mmere no tenten, ne nna (kairos), mmere titiriw a nsɛm bi sisi wom, nyinaa ato hɔ.”

5. Bere bɛn na Yehowa kaa ne tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛsɛe wiase a na aporɔw no ho asɛm kyerɛɛ Noa, na adwuma a ɛbɔ ho abien bɛn na Noa yɛe?

5 Ansa na Nsuyiri no bɛba no, Onyankopɔn hyɛɛ mfe 120 too hɔ maa wiase a na nnipa ne abɔfo a wɔadan wɔn ho nnipa no ama aporɔw no. (Genesis 6:1-3) Saa bere no, ná Noa a osuro Onyankopɔn no adi mfe 480. (Genesis 7:6) Ná onni mma, na ɔkɔɔ so traa hɔ saa ara mfe 20 bio. (Genesis 5:32) Akyiri yi koraa, Noa mmabarima no bɛyɛɛ mpanyimfo warewaree ansa na Onyankopɔn reda Ne tirim a na wabɔ sɛ obeyi amumɔyɛ afi asase so no adi akyerɛ Noa. (Genesis 6:9-13, 18) Saa bere no mpo, ɛwom sɛ na Ɔde dwumadi a ɛbɔ ho abien, adaka a ɔbɛpam ne asɛm a ɔbɛka akyerɛ ne bere sofo no ahyɛ Noa nsa de, nanso Yehowa amma Noa anhu ne bere nhyehyɛe.—Genesis 6:14; 2 Petro 2:5.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Noa kyerɛe sɛ ogyaee nsɛm a ɛfa bere ho no maa Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi Noa nhwɛso no akyi?

6 Wɔ mfe dudu pii—ebia mfe aduonum—mu no, “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa.” “Gyidi” na Noa de yɛɛ saa bere a na onnim bere pɔtee biara no. (Genesis 6:22; Hebrifo 11:7) Yehowa ankyerɛ no bere pɔtee a nneɛma bɛkɔ akowie kosii sɛ na aka nnawɔtwe ma Nsuyiri no afi ase no. (Genesis 7:1-5) Yehowa mu ahotoso ne gyidi koraa a na Noa wɔ no na ɛmaa ogyaee nsɛm a ɛfa bere ho no maa Nyankopɔn. Bere a Nsuyiri no bae a Noa huu Yehowa ahobammɔ na akyiri yi ofii adaka no mu baa asase a wɔatew so so no, hwɛ anisɔ ara a obenya! So ɛnsɛ sɛ yɛda gyidi a ɛte saa adi wɔ Onyankopɔn mu bere a yɛwɔ ogye ho anidaso a ɛte saa ara no?

7, 8. (a) Ɛyɛɛ dɛn na aman ne wiase tumidi ahorow bae? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘hyehyɛɛ mmere horow ne nnipa trabea ahye too hɔ’?

7 Nsuyiri no akyi no, Noa asefo no mu dodow no ara gyaee nokware som a wɔde ma Yehowa no. Bere a na wokura adwene a ɛne sɛ wɔbɛkɔ so atra faako no, wofii ase kyekyeree kurow bi, too abantenten maa atoro som. Yehowa hui sɛ bere aso sɛ ɔde ne ho gye nsɛm mu. Ɔyɛɛ wɔn kasa basabasa, na ‘ofi Babel bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.’ (Genesis 11:4, 8, 9) Akyiri yi, kasa horow no bɛdanee aman, na ebinom faa aman foforo dii so ma wɔbɛyɛɛ amansin tumi ahorow, ne mpo wiase tumi ahorow.—Genesis 10:32.

8 Nea ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia no, ɛtɔ bere bi a ɔkyerɛ aman ahye ne bere a ɔman bi bedi nkurɔfo so tumi, anaa ebenya wiase tumidi. (Genesis 15:13, 14, 18-21; Exodus 23:31; Deuteronomium 2:17-22; Daniel 8:5-7, 20, 21) Ɔsomafo Paulo kaa Yehowa mmere ne nna yi ho asɛm bere a ɔka kyerɛɛ Helafo animdefo wɔ Atene sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no . . . na ɔmaa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn.”—Asomafo no Nnwuma 17:24, 26.

9. Ɛdefa ahemfo ho no, ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘asakra bere ne nna’?

9 Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa na ɔma amammui mu nkonimdi ne nsakrae a ɛba wɔ amanaman mu no nyinaa ba. Nanso sɛ ɔpɛ a, obetumi de ne ho agye nsɛm mu de adi n’atirimpɔw ho dwuma. Ne saa nti, odiyifo Daniel a na obehu Babilon Wiase Tumidi no asehwe ne Medo Persia a na ɛbɛba abesi ananmu no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ.”—Daniel 2:21; Yesaia 44:24–45:7.

‘Ná Bere no Reyɛ Adu’

10, 11. (a) Bere tenten bɛn na Yehowa dii kan hyɛ too hɔ sɛ ebedi ansa na wagye Abraham asefo afi nkoasom mu? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Israelfo no nnim bere pɔtee a wobegye wɔn?

10 Yehowa dii kan kaa afe pɔtee a ɔde bɛbrɛ Misraim Wiase Tumi no hene ase na wagye Abraham asefo afi nkoasom mu no ho asɛm too hɔ bɛboro mfirihyia ahannan. Bere a Onyankopɔn reda n’atirimpɔw adi akyerɛ Abraham no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Ohu na hu sɛ w’asefo bɛyɛ ahɔho asase a ɛnyɛ wɔn de so, na wɔasom wɔn, na wɔbɛhaw wɔn mfirihyia ahannan. Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mebu wɔn atɛn, na akyiri no, wɔde ahode pii befi hɔ akɔ.” (Genesis 15:13, 14) Bere a Stefano reka Israel abakɔsɛm ho asɛm tiawa wɔ Sanhedrin no anim no, ɔkaa mfirihyia 400 yi ho asɛm sɛ: “Na bɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no bere redu no, ɔman no dɔe, na wɔyɛɛ bebree Misraim kosii sɛ ɔhene foforo bi a onnim Yosef sɔree.”—Asomafo no Nnwuma 7:6, 17, 18.

11 Farao foforo yi maa Israelfo danee nkoa. Ná Mose nnya nkyerɛw Genesis nhoma no, ɛwom sɛ ebia na ɛda adi sɛ Yehowa nam atetesɛm a wɔka kyerɛ anaa nkyerɛwee so akora ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham so de. Sɛ na ɛte saa mpo a, ɛda adi sɛ ɛho nimdeɛ a na Israelfo no wɔ no amma wɔantumi ammu bere pɔtee a na wɔde begye wɔn afi nhyɛso ase no. Ná Onyankopɔn nim bere a ɔde begye wɔn, nanso ɛda adi sɛ na Israelfo a na wɔrehu amane no nnim. Yɛkenkan sɛ: “Nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim. Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no. Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn hui.”—Exodus 2:23-25.

12. Ɔkwan bɛn so na Stefano kyerɛe sɛ Mose dii Yehowa bere anim yɛɛ ade?

12 Stefano nsɛm tiawa no nso boa yɛn ma yehu sɛ na Israelfo no nnim bere pɔtee a wobenya ogye. Bere a ɔreka Mose ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Odii mfirihyia aduanan no, ɛbaa ne komam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no. Na ohuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ogyee ne ti, na odii nea wɔrehyɛ no so no were kum Misrini no. Na osusuwii sɛ anuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebegye wɔn; nanso wɔanhu.” (Asomafo no Nnwuma 7:23-25, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛha no, Mose dii Onyankopɔn bere anim mfirihyia 40 yɛɛ ade. Stefano twee adwene sii so sɛ Mose twɛnee mfirihyia 40 bio ansa na Onyankopɔn ‘nam ne nsa so gyee Israelfo no.’—Asomafo no Nnwuma 7:30-36.

13. Ɔkwan bɛn so na yɛn tebea ne tebea a na Israelfo no wom ansa na wɔrenya ogye afi Misraim no di nsɛ?

13 Ɛwom sɛ na ‘bɔhyɛ no mmamu bere redu,’ ne sɛ na Onyankopɔn ahyɛ bere pɔtee no ato hɔ de, nanso na ɛsɛ sɛ Mose ne Israelfo nyinaa kyerɛ gyidi. Na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn Yehowa bere a wahyɛ, a na ɛda adi sɛ wontumi mmu nto hɔ no. Yɛn nso, yenim sɛ bere a wɔde begye yɛn afi mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu no abɛn. Yenim sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5) So ɛnsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛda yɛn gyidi adi na yɛatwɛn Yehowa bere a wahyɛ ato hɔ ama ne da kɛse no? (2 Petro 3:11-13) Sɛ saa bere no du so a, te sɛ Mose ne Israelfo no, yɛn nso yebetumi ato ogye ho dwom a ɛyɛ anigye de ayi Yehowa ayɛ.—Exodus 15:1-19.

‘Bere a Bere no Wiee Du No’

14, 15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Onyankopɔn ahyɛ bere a ne Ba no bɛba asase so no ato hɔ, na dɛn na adiyifo ne abɔfo mpo pɛe sɛ wohu?

14 Ná Yehowa ahyɛ bere pɔtee a ne Ba a ɔwoo no koro no bɛba asase so sɛ Mesia no ato hɔ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase.” (Galatifo 4:4) Ná eyi yɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛe sɛ ɔbɛma Aseni—‘Silo a aman bɛyɛ osetie ama no no aba’—no mmamu.—Genesis 3:15; 49:10.

15 Onyankopɔn adiyifo, ne abɔfo mpo kɔɔ so hwɛɛ “nna” a Mesia no bepue wɔ asase so ma adesamma abɔnefo anya nkwagye no kwan. Petro kae sɛ: “Saa nkwagye no na adiyifo a wɔhyɛɛ ɔdom a ɛbɛba mo so no ho nkɔm de too hɔ no pepɛe na wɔpɛɛpɛɛ mu, hwehwɛɛ bere ko ne bere horow a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu a edii Kristo amane a obehu ne anuonyam a ebedi akyiri no ho adanse no yi kyerɛe no. . . . nsɛm a abɔfo po pɛ sɛ wɔhwehwɛ mu no.”—1 Petro 1:1-5, 10-12.

16, 17. (a) Nkɔmhyɛ bɛn so na Yehowa nam boaa afeha a edi kan mu Yudafo no ma wɔhwɛɛ Mesia no kwan? (b) Ɔkwan bɛn so na Daniel nkɔmhyɛ no nyaa sɛnea na Yudafo no hwɛ Mesia no kwan no so nkɛntɛnso?

16 Ná Yehowa nam ne diyifo Daniel—ɔbarima a ne gyidi nhinhim—so ahyɛ “adapɛn aduɔson” bi ho nkɔm. Ná saa nkɔmhyɛ no bɛma afeha a edi kan mu Yudafo no ahu sɛ na Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no ba rebɛn. Nkɔmhyɛ no fã bi ka sɛ: “Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, [ne] adapɛn aduosia abien.” (Daniel 9:24, 25) Yudafo, Katolekfo, ne Protestantfo nhomanimfo nyinaa gye tom sɛ “adapɛn” a wɔbɔɔ din wɔ ha no gyina hɔ ma mfepɛn. Daniel 9:25 mu “adapɛn” 69 (mfe 483) no fii ase 455 A.Y.B., bere a Persia Hene Artasasta maa Nehemia ahyɛde sɛ “wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu” no. (Nehemia 2:1-8) Ɛbaa awiei mfe 483 akyi—wɔ 29 Y.B. mu, bere a wɔbɔɔ Yesu asu de honhom kronkron sraa no ma ɔbɛyɛɛ Mesia anaa Kristo no.—Mateo 3:13-17.

17 Sɛ́ ebia na afeha a edi kan Yudafo no nim bere pɔtee a mfe 483 fii ase no de, yennim. Nanso bere a Yohane Suboni no fii ne som adwuma ase no, ‘ná nkurɔfo no nyinaa hwɛ kwan, na na wosusuw wɔn komam sɛ ebia Yohane ne Kristo no.’ (Luka 3:15) Bible ho abenfo binom de akwanhwɛ yi bata Daniel nkɔmhyɛ no ho. Bere a na ɔreka nkyekyem yi ho asɛm no, Matthew Henry kyerɛwee sɛ: “Ɛha no, wɔka . . . sɛnea nkurɔfo no gyinaa Yohane som adwuma ne asu a na ɔbɔ no so susuw Mesia no ho, ne adwene a wonyae sɛ wabɛn pɛɛ no ho asɛm kyerɛ yɛn. . . . Ná Daniel adapɛn aduɔson no reba awiei afei.” Franse kasa mu Manuel Biblique a Vigouroux, Bacuez, ne Brassac kyerɛwee no ka sɛ: “Ná nkurɔfo nim sɛ mfepɛn aduɔson a Daniel hyɛ too hɔ no awiei rebɛn; bere a wɔtee sɛ Yohane Suboni no reka sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn no, anyɛ obiara nwonwa.” Yudani nhomanimfo Abba Hillel Silver kyerɛwee sɛ sɛnea “mmerebu a na wogye tom” saa bere no kyerɛ no, “na wɔhwɛ kwan sɛ Mesia no bɛba wɔ afe 25 ne 50 Y.B., ntam hɔ.”

Egyina Nsɛm a Esisii So—Ɛnyɛ Mmerebu So

18. Ɛwom sɛ Daniel nkɔmhyɛ no boaa Yudafo no ma wohuu bere a Mesia no bɛba de, nanso na dɛn na edi Yesu ho adanse koraa sɛ ɔne Mesia no?

18 Ɛwom sɛ ɛda adi sɛ mmerebu boaa Yudafo no ma wonyaa bere a na Mesia no bɛba ho adwene bi de, nanso nsɛm a esisii akyiri yi kyerɛ sɛ ammoa wɔn mu dodow no ara amma wɔannye Yesu antom sɛ Mesia no. Aka asram kakraa bi ma Yesu awu no, obisaa n’asuafo no sɛ: “Nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Mene hena?” Wobuae sɛ: “Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforo se: Tete adiyifo no mu bi na wasɔre.” (Luka 9:18, 19) Yenni kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛ Yesu faa sɛnkyerɛnne kwan so adapɛn no kaa asɛm de kyerɛe sɛ ɔne Mesia no da. Nanso bere bi ɔkae sɛ: “Me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ agya no na asoma me.” (Yohane 5:36) Sɛ́ anka wɔnam mmerebu bi a wɔdaa no adi so behu sɛ Yesu ne Mesia a Onyankopɔn asoma no no, wɔnam n’asɛnka, n’anwonwade horow, ne nsɛm a esisii wɔ ne wu ho (esum a eduruu anwonwakwan so, asɔrefie ntama mu a ɛtew abien, ne asasewosow) no so na edii ne ho adanse saa.—Mateo 27:45, 51, 54; Yohane 7:31; Asomafo no Nnwuma 2:22.

19. (a) Ná Kristofo bɛyɛ dɛn ahu sɛ Yerusalem sɛe abɛn? (b) Dɛn nti na na tete Kristofo a woguan fii Yerusalem no da so ara hia gyidi kɛse?

19 Saa ara na Yesu wu akyi no, wɔamma tete Kristofo no biribiara a wobegyina so de abu bere a Yudafo nneɛma nhyehyɛe no bɛba awiei no. Ɛwom, Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa sɛnkyerɛnne kwan so adapɛn ho no kaa saa nhyehyɛe no sɛe ho asɛm. (Daniel 9:26b, 27b) Nanso na eyi bɛba wɔ “adapɛn aduɔson” no awiei (455 A.Y.B.–36 Y.B.). Ɔkwan foforo so no, bere a Amanaman mufo a wodi kan no bɛyɛɛ Yesu akyidifo wɔ 36 Y.B. no, na Kristofo nni biribiara a wobegyina so de Daniel ti 9 abu mmere. Wɔn fam no, nsɛm a esisi na na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛnkyɛ na Yudafo nhyehyɛe no aba awiei, na ɛnyɛ mmerebu. Nsɛm a Yesu ka siei sɛ ebesisi no fii ase duu ne mpɔmpɔn so fi 66 Y.B., bere a Roma asraafodɔm bɛto hyɛɛ Yerusalem so na afei wɔtwe sanee no. Eyi maa Kristofo anokwafo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea a na wotie asɛm yiye no nyaa hokwan ‘guan kɔɔ mmepɔw so.’ (Luka 21:20-22) Esiane sɛ na saa tete Kristofo no nni mmerebu ho sɛnkyerɛnne biara nti, na wonnim bere a Yerusalem sɛe no bɛba. Hwɛ gyidi ara a na egye sɛ wobefi wɔn afie, mfuw, ne wɔn nnwumam atu afi Yerusalem akɔtra akyi bɛyɛ mfirihyia anan kosii sɛ Roma asraafo no san bae wɔ 70 Y.B. bɛsɛee Yudafo nhyehyɛe no!—Luka 19:41-44.

20. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso afi nhwɛso horow a Noa, Mose, ne afeha a edi kan mu Kristofo a na wɔwɔ Yudea no yɛe no mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Yɛn nso, te sɛ Noa, Mose, ne afeha a edi kan Kristofo a na wɔwɔ Yudea no, nnɛ yebetumi de ahotoso agyae mmere ne nna mu ahyɛ Yehowa nsam. Nim a yenim sɛ yɛwɔ awiei bere no mu, ne sɛ yɛn nkwagye abɛn no nnyina mmerebu kɛkɛ so, na mmom nsɛm a esisi ankasa a ɛma Bible nkɔmhyɛ ahorow bam so. Bio nso, ɛwom sɛ yɛte bere a Kristo aba mu de, nanso yɛmfaa yɛn ho nnii wɔ hia a ehia sɛ yɛkyerɛ gyidi na yɛkɔ so wɛn no ho. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de anigyina hwɛ nsɛm a ɛyɛ anigye a ebesisi a wɔaka ho asɛm asie wɔ Kyerɛwnsɛm mu no kwan. Eyi ne asɛm a yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Ɔwɛn-Aban, August 1, 1996, nkratafa 30-1.

Ntimu

◻ Ɛdefa Yehowa mmere ne nna ho no, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no?

◻ Bere bɛn na Noa dii kan huu bere tenten a aka ansa na Nsuyiri no afi ase?

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Mose ne Israelfo no nnim bere pɔtee a wobegye wɔn afi Misraim?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso afi Bible mu nhwɛso horow a ɛfa Yehowa mmere ne nna ho no mu?

[Kratafa 11 mfonini]

Noa gyidi boaa no ma ogyaee nsɛm a ɛfa bere ho no mu maa Yehowa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena