Ti 3
Nea Ɔyɛɛ Nneɛma Nyinaa
MINIM biribi a ɛyɛ nwonwa. Wobɛpɛ sɛ wote anaa?— Hwɛ wo nsa. Ka wo nsateaa mua so. Afei fa biribi. Wo nsa tumi yɛ nneɛma bebree, na etumi yɛ no yiye nso. Wunim nea ɔyɛɛ yɛn nsa no?—
Yiw, ɛyɛ Onii ko a ɔyɛɛ yɛn ano, yɛn hwene, ne yɛn aniwa no ara. Ɛyɛ Onyankopɔn, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no Agya no. So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ Onyankopɔn maa yɛn aniwa?— Yetumi de hu nneɛma pii. Yebetumi ahwɛ nhwiren. Yebetumi ahwɛ sare momono ne wim a ayɛ bruu no. Yebetumi ahu nnomaa mma a wɔredidi te sɛ nea ɛwɔ mfonini no mu no. Nokwarem no, ɛyɛ anigye sɛ yetumi hu nneɛma a ɛte sɛɛ, anaa ɛnte saa?—
Nanso hena na ɔyɛɛ eyinom nyinaa? So onipa bi na ɔyɛe? Dabi. Nnipa tumi si dan. Nanso onipa biara ntumi nyɛ sare a enyin. Nnipa ntumi nyɛ anomaa ba, nhwiren, anaa ade biara a nkwa wom. So na wunim saa?—
Onyankopɔn ne nea ɔyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa. Onyankopɔn na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Ɔno ara nso na ɔyɛɛ nnipa. Ɔno na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no. Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no na ɔkyerɛkyerɛɛ eyi.—Mateo 19:4-6.
Ɛyɛɛ dɛn na Yesu hui sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea? So Yesu hui sɛ Onyankopɔn rebɔ wɔn?— Yiw, ohui. Bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea no, na Yesu ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Yesu ne obi a Onyankopɔn dii kan bɔɔ no. Ná Yesu yɛ ɔbɔfo, na ɔne N’agya traa ɔsoro.
Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn kae sɛ: ‘Ma yɛnyɛ onipa.’ (Genesis 1:26) So wunim onipa ko a na Onyankopɔn rekasa akyerɛ no no?— Ná ɔrekasa akyerɛ ne Ba no. Ná ɔrekasa akyerɛ nea akyiri yi ɔbaa asase so bɛyɛɛ Yesu no.
So ɛno nyɛ anigye? Wo de susuw ho hwɛ! Sɛ yetie Yesu a, na nea ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ bere a Onyankopɔn bɔɔ asase ne nneɛma foforo nyinaa no na ɔrekyerɛkyerɛ yɛn. Yesu suaa nneɛma pii fii ne soro Agya a ɔne no yɛɛ adwuma no hɔ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no!
So wususuw sɛ na Onyankopɔn ani nnye ansa na ɔrebɔ ne Ba no?— Dabi, ɛnte saa. Wiɛ, sɛ na ɔwɔ anigye a, dɛn nti na ɔbɔɔ nneɛma foforo a nkwa wom?— Ɔyɛɛ eyi efisɛ ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Na ɔpɛ sɛ afoforo tra ase na wɔn ani gye wɔ asetram. Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama yɛn nkwa.
Biribiara a Onyankopɔn ayɛ no kyerɛ ne dɔ. Onyankopɔn yɛɛ owia. Owia ma yɛn hann na ɛma yɛn ho yɛ yɛn hyew. Sɛ yɛannya owia a, anka biribiara bɛyɛ nwinwiinwini, na nkwa biara rentumi ntra asase so. So ɛnyɛ wo dɛ sɛ Onyankopɔn yɛɛ owia?—
Onyankopɔn na ɔma osu nso tɔ. Ɛtɔ mmere bi a worempɛ sɛ osu tɔ, efisɛ sɛ osu tɔ a wuntumi mfi adi nkodi agoru. Nanso osu na ɛboa ma nhwiren tumi nyin. Enti sɛ yehu nhwiren a ɛyɛ fɛ a, hena na yɛbɛda no ase wɔ ho?— Onyankopɔn. Na sɛ yedi nnuaba ne afumduan a ɛyɛ dɛ a, hena na ɛsɛ sɛ yɛda no ase?— Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase efisɛ ɛyɛ ne wia ne osu na ɛma nneɛma nyin.
Fa no sɛ obi bisa wo sɛ: ‘So Onyankopɔn na ɔbɔɔ onipa ne mmoa nso?’ Dɛn na anka wobɛka?— Ɛfata sɛ wobɛka sɛ: “Yiw, Onyankopɔn na ɔbɔɔ onipa ne mmoa.” Na sɛ obi nnye nni sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔbɔɔ nnipa nso ɛ? Na sɛ ɔka sɛ onipa fi mmoa mu na ɛbae nso ɛ? Nea ɛte ne sɛ, Bible no nkyerɛkyerɛ saa. Ɛka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom nyinaa.—Genesis 1:26-31.
Nanso ebia obi bɛka akyerɛ wo sɛ onnye Onyankopɔn nni. Sɛ ɛba saa a wobɛka dɛn?— Dɛn nti na womfa wo nsa nkyerɛ ofie bi so? Bisa onipa no sɛ: “Hena na osii saa ofie no?” Obiara nim sɛ obi na osii. Ɛnyɛ ofie no ankasa na esii ne ho!—Hebrifo 3:4.
Afei fa onipa no kɔ turo bi mu na kyerɛ no nhwiren. Bisa no sɛ: “Hena na ɔyɛɛ eyi?” Ɛnyɛ onipa biara na ɔyɛe. Na sɛnea ɛnyɛ ofie no ankasa na esii ne ho no, saa ara na ɛnyɛ nhwiren no ankasa na ɛyɛɛ ne ho. Obi na ɔyɛe. Onyankopɔn na ɔyɛe.
Ma onipa no nnyina na ontie anomaa bi su. Na bisa no sɛ: “Hena na ɔyɛɛ nnomaa na ɔkyerɛɛ wɔn su?” Ɛyɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne abɔde a nkwa wom nyinaa! Ɔno ne Nea ɔma nkwa.
Nanso, ebia obi bɛka sɛ nea otumi hu nkutoo na ogye di. Ebia ɔbɛka sɛ: ‘Sɛ manhu a, merennye nni.’ Enti nkurɔfo bi ka sɛ wonnye Onyankopɔn nni efisɛ wontumi nhu no.
Ɛyɛ nokware sɛ yentumi nhu Onyankopɔn. Bible ka sɛ: ‘Onipa biara ntumi nhu Onyankopɔn.’ Ɔbarima, ɔbea, anaa abofra biara nni asase yi so a obetumi ahu Onyankopɔn. Enti ɛnsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn ho mfonini anaa ne sɛso bi. Onyankopɔn mpo ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ne honi. Enti, na ɛrensɔ Nyankopɔn ani sɛ yɛde nneɛma a ɛtete saa ba yɛn fie.—Exodus 20:4, 5; 33:20; Yohane 1:18.
Na sɛ wuntumi nhu Onyankopɔn a, woyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ ankasa? Susuw eyi ho hwɛ. So wutumi hu mframa?— Dabi. Obiara ntumi nhu mframa. Nanso wubetumi ahu nneɛma a mframa yɛ no. Sɛ mframa bɔ fa dua bi nkorabata mu a, wutumi hu sɛ nhaban no keka wɔn ho. Enti ɛma wugye di sɛ mframa wɔ hɔ.
Saa ara nso na wutumi hu nneɛma a Onyankopɔn ayɛ no. Sɛ wuhu nhwiren frɔmfrɔm anaa anomaa bi a, wuhu biribi a Onyankopɔn ayɛ. Enti ɛma wugye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa.
Obi betumi abisa wo sɛ, ‘Hena na ɔbɔɔ owia ne asase?’ Bible ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Yiw, Onyankopɔn na ɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi nyinaa! Wote nka dɛn wɔ ho?—
So ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛwɔ nkwa mu? Yetumi te nnomaa su dɛdɛ no. Yetumi hu nhwiren ne nneɛma foforo a Onyankopɔn ayɛ no. Na yetumi di nnuan a Onyankopɔn de ama yɛn no.
Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho. Na nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛda no ase sɛ wama yɛn nkwa. Sɛ yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no ampa a, ɛnde yɛbɛyɛ biribi. Ɛyɛ dɛn?— Yebetie Onyankopɔn na yɛayɛ nea ɔka kyerɛ yɛn wɔ Bible mu no. Saa kwan no so no, yebetumi akyerɛ sɛ yɛdɔ nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa no.
Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa ho anisɔ. Ɔkwan bɛn so? Kenkan nea wɔakyerɛw wɔ Dwom 139:14; Yohane 4:23, 24; 1 Yohane 5:21; ne Adiyisɛm 4:11 no.
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Hena na ɔyɛɛ nneɛma a nkwa wom nyinaa?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22,23]
Sɛ obi na osii fie a, ɛnde na hena na ɔyɛɛ nhwiren, nnua, ne mmoa?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]
Woyɛ dɛn hu sɛ mframa wɔ hɔ?