Dɛn na Wo Daakye Bɛyɛ?
SƐ ADE Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yɛ nimdeɛ farebae a onim nea atwam, nea ɛrekɔ so, ne nea ɛbɛba daakye nyinaa a, ɛnde so wɔnhyɛɛ biribiara a ebesi ntoo hɔ sɛnea Onyankopɔn ahu asie? Sɛ Onyankopɔn ahu obiara asetra ne nea ɛbɛkɔ akowie nyinaa asie a, so yebetumi aka ampa sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw asetra kwan a yɛpɛ, paw nea yɛn daakye bɛyɛ?
Wɔagye saa nsɛm yi ho akyinnye mfehaha pii. Anobaabae no da so ara de mpaapaemu ba ɔsom atitiriw no mu. So hu a Onyankopɔn tumi hu daakye asɛm no ne hokwan a nnipa wɔ sɛ wotumi paw nea wɔpɛ no hyia? Ɛhe na yebenya mmuae afi?
Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa begye atom sɛ Onyankopɔn nam N’asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ a ɔde faa n’akasamafo adiyifo no so de mae no so ne adesamma adi nkitaho. Sɛ nhwɛso no, Koran ka adiyi nsɛm ho asɛm sɛ efi Nyankopɔn hɔ na ɛbae: Taurāh (Torah, Mmara no, anaa Mose nhoma anum), Zabūr (Nnwom), ne Injīl (Asɛmpa no, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm, anaa “Apam Foforo” no), ne afei nea woyii no adi kyerɛɛ Israel adiyifo no.
Yɛkenkan wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16) Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ akwankyerɛ anaa nimdeɛ biara a yebenya no yɛ nea efi Nyankopɔn ankasa hɔ. Ɛnde so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn tete adiyifo no nkyerɛwee mu? Dɛn na ɛda no adi wɔ yɛn daakye ho?
Daakye Asɛm a Wɔkyerɛw Too Hɔ
Obiara a wakenkan Kyerɛw Kronkron no nim sɛ nkɔmhyɛ ɔhaha pii na ɛwom. Wɔhyɛɛ abakɔsɛm mu nsɛm te sɛ Babilon asehwe, Yerusalem a wɔbɛsan akyekye (afeha a ɛto so asia kosi anum A.Y.B.), ne tete Medo-Persia ne Hela ahemman no sɔre ne wɔn asehwe nyinaa ho nkɔm kyerɛkyerɛɛ mu kɔɔ akyiri. (Yesaia 13:17-19; 44:24–45:1; Daniel 8:1-7, 20-22) Saa nkɔmhyɛ ahorow no mmamu yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Kyerɛw Kronkron no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa no mu biako, efisɛ Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ tumi a ɛma ohu nea ɛbɛba daakye sie. Saa kwan yi so no, Kyerɛw Kronkron no yɛ daakye asɛm a wɔkyerɛw too hɔ ankasa.
Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ. . . . Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.” (Yesaia 46:9-11; 55:10, 11) Edin paa a Onyankopɔn de daa ne ho adi kyerɛɛ n’adiyifo a wodi kan no ne Yehowa, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “Ɔma Ɛbam.”a (Genesis 12:7, 8; Exodus 3:13-15; Dwom 83:18; NW) Onyankopɔn da ne ho adi sɛ Nea ɔma n’asɛm nya mmamu, Nea ɔma n’atirimpɔw ahorow bam bere nyinaa.
Enti, Onyankopɔn de ne tumi a ɛma ohu nea ɛbɛba sie no di n’atirimpɔw ho dwuma. Ɔde abɔ abɔnefo kɔkɔ mpɛn pii wɔ atemmu a ɛreba ho na afei nso ɔde ma n’asomfo nya ogye ho anidaso. Nanso so Onyankopɔn de tumi yi di dwuma de hu biribiara mu? So adanse bi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu a ɛkyerɛ sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a Onyankopɔn ampɛ sɛ ohu sie?
So Onyankopɔn Hu Nea Ɛbɛba Biara Sie?
Wɔn a wogye nkrabea di no nyinaa ka sɛ, esiane sɛ akyinnye nni ho sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɛma ohu daakye asɛm sie di ho dwuma nti, ɛsɛ sɛ ohu biribiara a ebesi sie, a nea onipa biara bɛyɛ daakye nso ka ho. Nanso so ntease wɔ adwenkyerɛ yi mu? Nea Onyankopɔn da no adi wɔ ne Kyerɛw Kronkron mu no nkyerɛ saa.
Sɛ nhwɛso no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe” bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ ɔhyew afɔre no. Bere a Abraham yɛɛ sɛ ɔde Isak rebɛbɔ afɔre ara pɛ na Onyankopɔn ma ogyaee, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Afei [na] mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.” (Genesis 22:1-12; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ na Onyankopɔn nim dedaw sɛ Abraham bedi saa ahyɛde no so a, anka ɔbɛka saa asɛm no? So anka ɛbɛyɛ sɔhwɛ a edi mũ?
Bio nso, tete adiyifo no bɔ amanneɛ sɛ Onyankopɔn kaa ne ho asɛm mpɛn pii sɛ ‘wanu ne ho’ wɔ biribi a wayɛ anaa wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ho. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn kae sɛ ‘onuu ne ho [efi Hebri asɛmfua na·chamʹ mu] sɛ ɔde Saul yɛɛ Israel hene.’ (1 Samuel 15:11, 35; fa toto Yeremia 18:7-10; Yona 3:10 ho.) Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ pɛ nti, nkyekyem yi ntumi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn dii mfomso sɛ ɔpaw Saul de no yɛɛ Israel hene a odi kan. Mmom no, ɛkyerɛ sɛ ɛyɛɛ Onyankopɔn yaw sɛ Saul bɛyɛɛ obi a onni gyidi na ɔyɛɛ asoɔden. Sɛ na Onyankopɔn nim dedaw sɛ saa na Saul bɛyɛ a, anka ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ ɔde asɛm a ɛte saa bedi dwuma ama ne ho.
Asɛm koro no ara pue wɔ Kyerɛwnsɛm no fã a akyɛ paa no mu, faako a ɛka Noa bere no ho asɛm sɛ: “Na [Yehowa, NW] nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam. Na [Yehowa, NW] kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani . . . efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.” (Genesis 6:6, 7) Eyi nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn nhyehyɛɛ nea nnipa bɛyɛ ntoo hɔ. Awerɛhow ne afei yaw mpo a Nyankopɔn dii no nkyerɛ sɛ n’ankasa dii mfomso, na mmom ɛyɛ nnipa amumɔyɛ a ɛdɔɔso ntia. Ɛyɛɛ Ɔbɔadeɛ no yaw sɛ ɛho abehia sɛ ɔsɛe adesamma nyinaa ma ɛka Noa ne n’abusua nkutoo. Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ.”—Hesekiel 33:11; fa toto Deuteronomium 32:4, 5 ho.
Enti so na Onyankopɔn ahu asie, anaa ɔno na ɔhyɛ too hɔ mpo, sɛ Adam bɛyɛ bɔne na ɛde ɔhaw kɛse abrɛ nnipa abusua no? Nea yɛasusuw ho no kyerɛ sɛ eyi ntumi mma saa. Nea ɛsen saa no, sɛ na Onyankopɔn ahu eyi nyinaa asie a, ɛnde anka ɔno na ɔde bɔne bae denam nnipa a ɔbɔɔ wɔn no so, na anka ɔno na ɔboa pa maa nnipa amumɔyɛ ne amanehunu nyinaa bae. Ɛda adi pefee sɛ, eyi ne nea Onyankopɔn da no adi wɔ ne ho wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nhyia. Ɔyɛ ɔdɔ ne atɛntrenee Nyankopɔn a okyi amumɔyɛ.—Dwom 33:5; Mmebusɛm 15:9; 1 Yohane 4:8.
Nneɛma Abien a Ɛda Hɔ Ma Nnipa
Kyerɛw Kronkron no nna no adi sɛ ɔkwan bi so no, Onyankopɔn nim nea yɛn daakye bɛyɛ, anaa ɔno na ɔhyɛ to hɔ. Mmom no, nea ɛda no adi ne sɛ nneɛma abien pɛ na Onyankopɔn kaa ho asɛm siei sɛ ɔde asi onipa biara anim. Onyankopɔn ma onipa biara hokwan ma ɔde paw nneɛma abien no mu nea ɔpɛ. Odiyifo Mose ka kyerɛɛ Israelfo no bere tenten a atwam ni sɛ: “Mede nkwa ne owu . . . masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow.” (Deuteronomium 30:19, 20; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Onyankopɔn diyifo Yesu de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:13, 14) Akwan abien, nneɛma abien na ɛda hɔ ma yɛn. Yɛn daakye gyina yɛn ankasa nneyɛe so. Sɛ yetie Nyankopɔn a, ɛbɛkyerɛ nkwa, sɛ yɛantie no a, ɛbɛkyerɛ owu.—Romafo 6:23.
Onyankopɔn de, “ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene, efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu.” (Asomafo no Nnwuma 17:30, 31) Sɛnea Noa bere so nnipa dodow no ara fi wɔn pɛ mu yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden na ɔsɛee wɔn no, saa ara na nnɛ nso nnipa dodow no ara ntie Nyankopɔn ahyɛde. Nanso, Onyankopɔn nhuu wɔn a wɔbɛsɛe wɔn ne wɔn a wobenya nkwa no nsiei. Nea ɛte ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm se “ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Amumɔyɛfo paa mpo betumi anu wɔn ho, abɛyɛ osetie, na wɔayɛ nsakrae a ɛho hia na ama wɔanya Onyankopɔn anim dom.—Yesaia 1:18-20; 55:6, 7; Hesekiel 33:14-16; Romafo 2:4-8.
Wɔn a wɔyɛ osetie no fam no, Onyankopɔn ahyɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛtra paradise a asomdwoe wom mu, asase a wɔayi amumɔyɛ, basabasayɛ, ne akodi nyinaa afi so, wiase a ɔkɔm, amanehunu, ɔyare, ne owu nni mu bio. (Dwom 37:9-11; 46:9; Yesaia 2:4; 11:6-9; 25:6-8; 35:5, 6; Adiyisɛm 21:4) Wobenyan awufo mpo na wɔama wɔn hokwan ma wɔasom Nyankopɔn.—Daniel 12:2; Yohane 5:28, 29.
Odwontofo no ka sɛ: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ; sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko.” (Dwom 37:37, 38) Dɛn na wo daakye bɛyɛ? Ne nyinaa gyina wo so. Nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo ani begye ho sɛ wɔbɛma wo ɛho nsɛm bi aka ho de aboa wo ma woayɛ nea ɛbɛma woanya daakye a ɛyɛ anigye na asomdwoe wom.
[Ase hɔ asɛm]
a Edin Yehowa no pue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ Kyerɛw Kronkron no mu; hwɛ asɛm “Edin a Ɛkorɔn Sen Biara no Ho Ahintasɛm a Wɔma Emu Da Hɔ” a epuee November 1, 1993, Ɔwɛn Aban no nkratafa 3-5 no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Onyankopɔn de ne tumi a ɛma ohu nea ɛbɛba sie no di n’atirimpɔw ho dwuma
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Onyankopɔn de, “ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” 2 Petro 3:9
[Kratafa 7 mfonini]
Sɛ na Onyankopɔn nim dedaw sɛ Abraham benya ɔpɛ sɛ ɔde ne ba no bɛbɔ afɔre a, so anka ɛbɛyɛ sɔhwɛ a edi mũ?