Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ
    Ɔwɛn-Aban—1996 | November 1
    • 5 Saa kwan yi so no, awarefo abɔnefo no fii ase sɛ wɔrewu. Bere a Onyankopɔn rebu wɔn kumfɔ no, ɔka kyerɛɛ Adam bio sɛ: “Wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa, na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo, na woadi afuw so ahaban.” (Genesis 3:17, 18) Saa na Adam ne Hawa hweree hokwan a anka wɔde bɛyɛ asase a wɔnnɔw da no paradise. Bere a wɔpam wɔn fii Eden no, na ɛsɛ sɛ wobiri wɔn mogya ani de hwehwɛ aduan fi asase a wɔadome no so. Esiane sɛ wɔn asefo benyaa bɔne ne owu tebea fii awo mu nti, wobehiaa awerɛkyekye kɛse.—Romafo 5:12.

  • Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ
    Ɔwɛn-Aban—1996 | November 1
    • 8 Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe saa wiase bɔne no denam wiase nyinaa nsuyiri bi so, nanso odii kan maa Noa yɛɛ adaka bi a ɔde bɛbɔ nkwa ho ban. Enti, wogyee adesamma abusua ne mmoadoma nkwa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Noa ne n’abusua ho tɔɔ wɔn wɔ Nsuyiri no akyi bere a wofii adaka no mu bɛtoo asase a wɔatew so no! Hwɛ awerɛkyekye a na ɛyɛ sɛ wohui sɛ wɔayi nnome a ɛwɔ asase so no afi hɔ ma kuayɛ ayɛ mmerɛw koraa no! Nokwarem no, Lamek nkɔmhyɛ no nyaa mmamu, na Noa traa ase ma ɛne ne din no asekyerɛ hyiae. (Genesis 8:21) Sɛ́ Onyankopɔn somfo nokwafo no, Noa di boae ma adesamma nyaa “awerɛkyekye.” Nanso, Nsuyiri no amma Satan ne n’adaemone abɔfo no nkɛntɛnso bɔne no to antwa, na adesamma gu so resi apini wɔ bɔne, ɔyare, ne owu nhyɛso ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena