Gyidi Kaa No Maa Ɔyɛɛ Ade!
DƆTE ntayaa kuw bi a ɛnyɛ fɛ si Persia Ɛpo Basa no ne Baghdad kurow no ntam kwan no mfinimfini. Ɛnyɛ hwee sɛ ɔwɛmfo ankonam bi a ɔwɛn asasetam tɛtrɛɛ a hwee nni so no. Bere a mfutuma pii abɔ no na owia a ano yɛ den ama akyenkyen no, mmubui a ɛredi awerɛhow yi si kommyɛ a bere ne bere mu anadwo-boa nteɛm nkutoo na wɔte wom mu. Eyi ne Ur a bere bi na ɛyɛ kurow kɛse no nkae nyinaa.
Nanso dan w’akyi mfe mpem anan. Ɛhɔ, wɔ nea saa bere no na ɛyɛ Eufrate Asubɔnten no apuei fam asukɔn no so no, Ur yɛ kurow a adagyew nnim! Adan a ɛho hyerɛn fitaa ne aguadidan sã ne mmorɔn a akonton no ho. Aguadifo ne adetɔfo di nneɛma ano wɔ gua ahorow no so. Adwumayɛfo yɛ adwuma awia ne anadwo de to oguan nhwi nkyekyeree a ɛte sɛ asorɔkye ma ɛyɛ asawa fitaa. Nkoa di ahyɛn a emu gyigye mu aforo-sian, a amanɔnne ahonyade nnesoa deda wɔn akyi.
Saa gyegyeegye yi nyinaa kɔ so wɔ apuei famfo dan kɛse bi a ɛkata kurow no so nyinaa sunsuma mu. Asɔrefo ba saa kronkronbea yi bɛsom onyame bi a wogye di sɛ ɔno na ɔde yiyedi aba Ur—ɔsram nyame Nanna anaa Sin no.
Nanso wɔ ɔbarima biako bi fam no, afɔre a wɔbɔ wɔ ɔdan ahinasa yi atifi no pampan no nyɛ kronkron. Ne din de Abram (akyiri yi ɛbɛyɛɛ Abraham) . Ɛbɛyɛ sɛ bere bi na n’agya Tera nya saa abosonsom yi mu kyɛfa. (Fa toto Yosua 24:2, 14, 15 ho.) Nanso afei Abram abehu nokware Nyankopɔn Yehowa no. Ɔkwan bɛn so? Ɛda adi sɛ ɛdenam ɔne Sem a wanyin a ofii Noa Nsuyiri no mu kae no fekubɔ so.
Ankyɛ na Abram kyerɛe sɛ ne gyidi wɔ Yehowa mu no nyɛ boturobodwo de. Ɛdenam ɔkwan bi so no, Onyankopɔn ‘yii ne ho adi’ kyerɛɛ Abram afei. (Asomafo no Nnwuma 7:2-4) Yehowa hyɛ sɛ: “Fi, w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din aso, na woayɛ nhyira. Na mehyira wɔn a wohyira wo, wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.”—Genesis 12:1-3.
Ɔfrɛ no a Ogyee So
Onnyaw Kaldeafo kurow Ur a sika wom no? Ɛdɛn, Ur afie binom yɛ ntayaa adan abansoro a ɛtoa so abien fɛfɛ a etwa mfinimfini adiwo ho hyia na adan a wɔda mu 14 na ɛwom! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Franseni abakɔsɛm kyerɛwfo Henri Gaubert buu Abram sɛ ɔyɛ otutradifo ara kwa na ɛyɛɛ no den sɛ obegye adi sɛ ogyaw “ofi a wɔde mpa ne sumii siesie n’adan mu, ne trabere a ahotɔ wom, emu yɛ nwini wɔ ahohuru bere mu na emu yɛ hyew wɔ awɔw bere mu, n’adekoradan a ayɛ ma, n’asubura a nsu pa a ɛyɛ nwini wom wɔ Ur” no. Sɛ obegyaw eyinom nyinaa na watra ase sɛ otutradifo? Wontumi nnye nni!
Na Abram abusua mufo nso—obegyaw ebinom wɔ akyi? Abusuabɔ a ɛte saa mu yɛ den wɔ Mfinimfini Apuei araa ma sɛ́ wotwa obi asu fi n’abusua ho no te sɛ nea wɔabu no kumfɔ. Ɔkwan bɛn so na na wɔbɛhwɛ kwan sɛ esiane bɔhyɛ ara kwa nti, Abram begyaw eyi wɔ n’akyi? Nokwarem no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛyɛ saa ɔbarima yi—a onnya nwoo ɔba no—“ɔman kɛse”? Saa bɔhyɛ asase yi wɔ he?
Nanso, Abram yɛ obi a ɔwɔ gyidi na ɔwɔ “ade a yɛn ani da so ho ahotoso.” (Hebrifo 11:1) Onim fi nneɛma a asisi atwam mu—te sɛ asase nyinaa so Nsuyiri no—sɛ Onyankopɔn asɛm bam nokware bere nyinaa. Abram nhawee esiane sɛ onnim ɔkwan, bere, anaa faako pɔtee a saa ɔsoro bɔhyɛ ahorow no benya mmamu no nti. Wɔ ne fam no, ofi fɛfɛ, asetra a ahobammɔ wom, anaa abusua mpo nsom bo sɛ Yehowa adamfofa. Enti wɔ Abram fam no, gyinaesi no yɛ biako pɛ: Tie Onyankopɔn na fi Ur!
So wo gyidi ka wo ma woyɛ ade saa ara? Mpɛn pii no wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛntrɛw yɛn kyɛfa a yenya wɔ asɛnka adwuma no mu no mu. Ebinom yɛ saa denam bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo a wɔbɛyɛ no so. Nanso so Kristofo binom twentwɛn wɔn nan ase esiane sɛ wɔ kokoam no wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ wɔn a wɔhwehwɛ Ahenni no kan no ho nti? (Mateo 6:33) Abram gyidi no kaa no ma ɔyɛɛ ade. Ɔde ne daakye too Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so!
Fi Ur Kɔ Haran
Bere a Abram sim no ɛnyɛ ne nkutoo. Te sɛ Yehowa Adansefo pii nnɛ no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔne n’abusua mufo kyɛ Onyankopɔn nokware ahorow no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛka Abram yere Sarai ne ne wɔfaase ayisaa bi a wɔfrɛ no Lot ma wotie Onyankopɔn ɔfrɛ no saa ara.a Ɛdɛn, Abram agya Tera—a ebinom susuw sɛ na ɔsene abosom no—nso fi kɔ!—Genesis 11:31.
Awiei koraa no, Abram abusua no ne ne nguankuw wɔ Ur afasu akyi. Wɔde akwantu nhyɛase sɛnkyerɛnne no ma, na akwantufo kuw no sã so pɛpɛɛpɛ. Bere a wodi ɔkwan bi a ɛda Eufrate Asubɔnten no apuei fam no akyi no, wotwa kwan wɔ owia a ano yɛ den mu a ɛbɛyɛ sɛ wɔnantew na wɔtra yoma so ma ɛne adɔmma a wɔde asinsɛn wɔn yoma no kɔn mu no nnyegyei hyia.
Wɔkɔ kusuu fam atɔe Eufrate nkontonoe no akyi. Wotwa akwansin 600 wɔ nna pii akyi. Akwantufo a wɔabrɛ no ani gye sɛ wohu asese a ɛte sɛ nnowa adan a atwa Haran kurow no ho ahyia no. Ɛyɛ akwantufo kuw gyinabea titiriw.—Genesis 11:31.
Wotwa Eufrate
Abram tra Haran a ɛda adi sɛ esiane Tera a wanyin no ho a osusuwii no nti. Nanso ɛdenam Yehowa nhyira so no, Abram nya ne ho. (Fa toto Ɔsɛnkafo 5:19 ho.) Mpɛn ahe ara na Onyankopɔn de honam fam ahiade ma wɔn a ‘wogyaw afie, nuabarimanom anaa nuabeanom’ Ahenni no nti nnɛ saa ara!—Marko 10:29, 30.
Wɔ Haran no, Abram ‘nyaa akra’ nso—nkoa dodow bi. (Genesis 12:5) Jerusalem Targum and the Chaldee Paraphrase nkyerɛase no se ɔsakraa wɔn anaasɛ ‘ɔbrɛɛ wɔn ase maa mmara no.’ (Fa toto Genesis 18:19 ho.) Yiw, ne gyidi no kaa no ma ɔkaa asɛm kyerɛɛ afoforo, sɛnea Yehowa Adansefo yɛ nnɛ no.
“Na Tera nna si mfe ahanu ne anum, na Tera wui wɔ Haran.” (Genesis 11:32) Abram agya wu no ma odi awerɛhow. Nanso bere a ayiyɛ bere no twam no, ɔyɛ nhyehyɛe bio sɛ wobesim. “Na Abram fii Haran no, na wadi mfe aduɔson anum.”—Genesis 12:4.
“Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne akra a wanya wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so.” (Genesis 12:5) Bere a wɔatwa akwansin 55 akodu Haran atɔe akyi no, ɛda adi sɛ Abram gyina Eufrate so baabi a wofi tete aguadi kurow Karkemis twa kɔ hɔ no. Akwantufo akuw taa twa nsu no wɔ ha.
Ɛyɛ da bɛn? Nisan 14. 1943 A.Y.B. Saa ɛda no ara wɔ mfe 430 akyi no, na wobegye Abram asefo afi Misraim nkoasom mu. (Exodus 12:40, 41) Na saa ɛda no ara wɔ bɛyɛ mfe mpem abien akyi no, na n’aseni Yesu Kristo bɛyɛ “ahenni apam” a “asase so mmusua nyinaa” behyira wɔn ho wɔ ase!—Luka 22:1, 28, 29.
Ɛdenam gyidi mu adeyɛ—twa a Abram twaa Eufrate no—so no, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde maa no no fi ase di dwuma. Abram tumi de n’ani bu “kurow a ɛwɔ nhyɛase,” trenee nniso a ebedi adesamma so no. Yiw, ɛdenam nnyinasode kakraa bi so no, na Abram afi ase rehu Onyankopɔn atirimpɔw nhyehyɛe sɛ obegye adesamma a wɔrewuwu no. Nkɔmhyɛ kanea no asɔ anidaso ogya bi wɔ n’adwene mu!—Hebrifo 11:10.
Yehowa Adansefo wɔ gyidi nnyinaso a ɛso kyɛn Abram de no nnɛ. Adanse pii kyerɛ sɛ “kurow” anaa ɔsoro Ahenni a Abram twɛnee no yɛ paa ara mprempren! Nanso so gyidi a wowɔ wom no ka wo ma wode mmɔdenbɔ ka ho asɛm, wudi akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama no akyi, wudi honhom mu nneɛma akyi mmom sen honam fam nneɛma a ɛma ahotɔ? Yɛwɔ anidaso sɛ ɛyɛ saa, efisɛ saa na na Abram gyidi no te. Ne gyidi kaa no ma ɔyɛɛ ade!
[Ase hɔ nsɛm]
a Abram nuabarima Nahor kaa fie, ebia sɛnea ɛbɛyɛ a obewie adwuma bi anaasɛ n’ankasa nneɛma bi nti. Nanso akyiri yi Nahor asefo nso fii Ur na wɔkɔsom Yehowa wɔ Haran.—Genesis 11:31; 24:1-4, 10, 31; 27:43; 29:4.
[Map/Pictures on page 18]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Abraham Akwantu
Ur
Haran
Karkemis
KANAAN
Mediterranean Po (Ɛpo Kɛse)
[Asɛm Fibea]
Based on a map copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel
[Mfoni]
Eufrate wɔ baabi a ɛbɛn Ur
[Mfoni]
Haran nnɛ
[Mfoni]
Eufrate wɔ baabi a ɛbɛn Karkemis