Hu Yehowa Denam N’asɛm So
“Na Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—YOHANE 17:3.
1, 2. (a) “Hu” ne “nim” a wɔde di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu no kyerɛ dɛn? (b) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛkyerɛ ntease yi mu?
SƐ WUNIM obi sɛ ɔmannifo kɛkɛ anaasɛ wowɔ biribi ho nimdeɛ a emu nnɔ a, ɛnde na ɛne nsɛmfua “hu” ne “nim” a wɔde di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu asekyerɛ nyɛ pɛ. Wɔ Bible mu no, nea ɛka ho ne “biribi a wɔnam osuahu so hu,” nimdeɛ a ɛka “nnipa ntam abusuabɔ a ahotoso wom” ho asɛm. (The New International Dictionary of New Testament Theology) Nea ɛka eyi ho ne Yehowa a wohu no denam ne nneyɛe pɔtee te sɛ nsɛm pii a esisii a wɔaka wɔ Hesekiel nhoma no mu a Onyankopɔn buu atɛn tiaa abɔnefo sɛ: ‘Na mubehu sɛ mene Yehowa’ no so.—Hesekiel 38:23.
2 Wobetumi de nhwɛso kakra akyerɛkyerɛ akwan horow a wɔfa so de nsɛmfua “hu” ne “nim” di dwuma no mu. Bere a Yesu kae sɛ “Minhuu mo da” kyerɛɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔde ne din adi dwuma no na ɔkyerɛ sɛ ɔne wɔn nyɛɛ hwee da. (Mateo 7:23) Korintofo Nhoma a Ɛto so Abien ti 5:21 ka sɛ Kristo “nnim bɔne.” Na ɛno nkyerɛ sɛ onnim dekode a wɔfrɛ no bɔne, na mmom na n’ankasa nyɛɛ bɔne da. Saa ara na bere a Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no,” na ɛkyerɛ pii sen Onyankopɔn ne Kristo ho biribi a wobehu ara kwa.—Fa toto Mateo 7:21 ho.
3. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa da nokware Nyankopɔn agyirahyɛde no adi?
3 Wɔnam Yehowa Asɛm Bible no so betumi ahu ne su horow pii. Eyi mu biako ne tumi a otumi hyɛ nkɔm ma ɛbam pɛpɛɛpɛ no. Eyi yɛ nokware Nyankopɔn no agyirahyɛde: “Wɔmfa mmra mmɛkyerɛ yɛn nea ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn kan nneɛma no, na yennwen ho nhu n’awiei, anaa nea ɛbɛba no, momma yɛnte. Monka yɛn nea ɛbɛba daakye no na yenhu sɛ anyame ne mo.” (Yesaia 41:22, 23) Yehowa ka nneɛma a edi kan a ɛfa asase no bɔ ne nkwa a ɛwɔ so ho asɛm kyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm Bible no mu. Ɔkaa nsɛm a na ebesisi too hɔ bere tenteenten ansa na ɛresisi. Na mprempren mpo ‘ɔkyerɛ yɛn nea ɛbɛba,’ titiriw nsɛm a ebesisi wɔ “nna a edi akyiri” yi mu.—2 Timoteo 3: 1-5, 13; Genesis 1:1-30; Yesaia 53:1-12; Daniel 8:3-12, 20-25; Mateo 24:3-21; Adiyisɛm 6:1-8; 11:18.
4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne su a ɛne tumi no adi dwuma, na ɔkwan bɛn so na ɔbɛsan de adi dwuma bio?
4 Yehowa su foforo ne tumi. Ɛda adi wɔ ɔsoro a nsoromma akuw a ɛka bom yɛ sɛ fononoo kɛse a ɛyɛ hyew ma hann ne ɔhyew pii no. Sɛ nnipa anaa abɔfo atuatewfo sɔre tia Yehowa tumidi a, ɔde ne tumi di dwuma sɛ “dɔmmarima” de bɔ ne din pa ne ne trenee gyinapɛn ho ban. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde ne tumi bɛsɛe wɔn pasaa, te sɛ nea ɔyɛɛ wɔ Noa Nsuyiri no, Sodom ne Gomora sɛe, ne bere a ogyee Israel wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no. (Exodus 15:3-7; Genesis 7:11, 12, 24; 19:24, 25) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn de ne tumi ‘bɛpɛtɛw Satan mo nan ase.’—Romafo 16:20.
5. Su foforo bɛn na Yehowa wɔ ka ne tumi ho?
5 Nanso, tumi a enni ano a ɔwɔ nyinaa akyi mpo no, ɔwɔ ahobrɛase. Dwom 18: 35, 36 ka sɛ: ‘W’ahobrɛase maa meyɛɛ kɛse. Wotrɛw m’anammɔn mu m’ase.’ Onyankopɔn ahobrɛase ma otumi “brɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so.”—Dwom 113:6, 7.
6. Yehowa su horow bɛn na egye nkwa?
6 Mmɔborohunu so a Yehowa ne nnipa di nsɛm no kyerɛ nkwagye. Mmɔborohunu bɛn ara na ɔdaa no adi kyerɛɛ Manase bere a ɔde ne mfomso firii no, ɛwom mpo sɛ na wayɛ atirimɔdenne a ɛyɛ hu de! Yehowa se: “Na meka mekyerɛ ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na ɔsan fi ne bɔne mu bɛyɛ atemmude ne atreneede a, ne bɔne a ɔyɛe no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmude ne atreneede, nkwa ara na obenya.” (Hesekiel 33:14, 16; 2 Beresosɛm 33:1-6, 10-13) Na Yesu reda Yehowa su adi bere a ɔhyɛe sɛ wɔmfa mfiri mpɛn 77, mpɛn 7 mpo da koro no!—Dwom 103:8-14; Mateo 18:21, 22; Luka 17:4.
Onyankopɔn a Ɔwɔ Nkate
7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ soronko wɔ Helafo anyame no ho, na hokwan a ɛsom bo bɛn na abue ama yɛn?
7 Na Helafo nyansapɛfo te sɛ Epikurofo gye anyame di, nanso na wobu wɔn sɛ wɔmmɛn asase no koraa na ama wɔanya onipa ho anigye bi anaasɛ ne nkate horow anya wɔn so tumi. Hwɛ sɛnea Yehowa ne ne nokware Adansefo ntam abusuabɔ yɛ soronko fa! “Yehowa ani sɔ ne man.” (Dwom 149:4) Nsɛmmɔnedifo a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no maa onuu ne ho na ‘odii yaw ne komam.’ Nokware a Israel anni no maa Yehowa dii yaw. Sɛ Kristofo anyɛ osetie a, wobetumi ahow Yehowa honhom no werɛ; nanso sɛ wodi nokware a, wobetumi ama n’ani agye. Hwɛ nwonwa ara a ɛyɛ sɛ wobesusuw sɛ onipa a ɔba fam a ɔwɔ asase so betumi ama amansan Bɔfo no adi yaw anaasɛ wama n’ani agye! Esiane nea ɔyɛ ma yɛn nyinaa no nti, hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛwɔ hokwan a ɛsom bo sɛ yɛde bɛma n’ani agye! —Genesis 6:6; Dwom 78:40, 41; Mmebusɛm 27:11; Yesaia 63:10; Efesofo 4:30.
8. Ɔkwan bɛn so na Abraham de ne kasa mu ahofadi dii dwuma bere a ɔne Yehowa kasae no?
8 Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ Yehowa dɔ ma yenya “kasa mu ahofadi” kɛse. (1 Yohane 4:17; NW) Hyɛ Abraham asɛm no nsow bere a na Yehowa rebɛsɛe Sodom no. Abraham ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “So wobɛpra ɔtreneeni ne ɔbɔnefo abom agu anaa? Ebia sesɛɛ atreneefo aduonum wɔ kurow no mu, so wobɛpra wɔn agu, na atreneefo aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa mfiri kurow no anaa? . . . Eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?” Nsɛm a wɔka kyerɛɛ Nyankopɔn bɛn ara ni! Nanso Yehowa penee so sɛ ɔnnsɛe Sodom sɛ na atreneefo 50 wɔ hɔ a. Abraham kɔɔ so na otumi maa dodow no so tew fi 50 beduu 20. Ɔbɔɔ hu sɛ ebia ɔrebisa pii dodo. Ɔkae sɛ: “Mma [Yehowa] bo mmfuw, na menkasa prɛko pɛ yi: Ebia wobehu edu wɔ hɔ.” Yehowa penee so bio sɛ: “Edu no nti merensɛe hɔ.”—Genesis 18:23-33.
9. Dɛn nti na Yehowa maa Abraham kwan ma ɔkasae sɛnea ɔyɛe no, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?
9 Dɛn nti na Yehowa maa Abraham nyaa kasa mu ahofadi ma ɔkasae wɔ saa kwan yi so? Ade biako ne sɛ na Yehowa nim sɛnea na Abraham ahaw afa. Ná onim sɛ Abraham wɔfase Lot te Sodom, na na Abraham resusuw n’ahobammɔ ho. Afei nso na Abraham yɛ Onyankopɔn adamfo. (Yakobo 2:23) Sɛ obi kasa abufuw so kyerɛ yɛn a, so yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nkate a ɛma ɔka ne nsɛm no, na yesusuw nea ɛma ɔyɛ saa no ho, tititiw no sɛ ɔyɛ yɛn adamfo a biribi rehaw no a? So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa benya yɛn kasa mu ahofadi ho ntease te sɛ nea onya maa Abraham no?
10. Ɔkwan bɛn so na kasa mu ahofadi boa yɛn wɔ mpaebɔ mu?
10 Bere a yɛahaw kɛse na yɛayɛ bɛsaa no titiriw na yɛhwehwɛ no sɛ yɛn “Mpaebɔ Tiefo,” na yɛpɛ sɛ yenya ɔkasa mu ahofadi yi de ka yɛn komam nsɛm nyinaa kyerɛ no. (Dwom 51:17; 65:2, 3) Mmere a yenhu nsɛm a yɛnka mpo no, “honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn,” na Yehowa tie. Otumi hu yɛn adwene: “Wuhu m’adwenem akyirikyiri. Na asɛm biara nni me tɛkrɛma so gye nea wo, [Yehowa], wunim ne nyinaa.” Saa mpo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bisa, yɛkɔ so hwehwɛ, na yɛkɔ so pem.—Romafo 8:26; Dwom 139:2, 4; Mateo 7:7, 8.
11. Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ Yehowa dwen yɛn ho ankasa?
11 Yehowa dwen yɛn ho. Ɔde nea n’abɔde a nkwa wom hia ma wɔn. “Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu. Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:15, 16) Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛhwɛ sɛnea ɔma wuram nnomaa aduan. Hwɛ sɛnea ofura wuram sukooko ntama. Yesu de kaa ho sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛsen saa ama yɛn. Enti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwennwen? (Deuteronomium 32:10; Mateo 6:26-32; 10:29-31) Petro Nhoma a Edi Kan ti 5:7 to nsa frɛ wo sɛ ‘fa wo dadwen ne wo haw nyinaa to no so, efisɛ odwen wo ho.’
“Ne Su Sɛso [Pɛpɛɛpɛ]”
12, 13. Wɔ abɔde a yɛnam so hu Yehowa ne ne nneyɛe a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu no akyi no, ɔkwan foforo bɛn so na yɛnam tumi hu no na yɛte ne nka?
12 Yɛnam Yehowa Nyankopɔn abɔde so tumi hu no; yɛnam ne nneyɛe a yɛkenkan wɔ Bible mu no so tumi hu no; yɛnam Yesu Kristo nsɛm a ɔkae ne nneyɛe a wɔakyerɛw ato hɔ no nso so tumi hu no. Yesu ankasa ka saa wɔ Yohane 12:45 sɛ: “Nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no.” Bio, ɔka wɔ Yohane 14:9 sɛ: “Nea wahu me no ahu agya no.” Kolosefo 1:15 ka sɛ: “[Yesu] ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wonhu no no suban.” Hebrifo 1:3 ka sɛ: “[Yesu] ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne [Onyankopɔn] su sɛso.”
13 Ɛnyɛ agyede a Yehowa Ba no de bɛma nkutoo nti na ɔsomaa no, na mmom sɛ ɔmmɛyɛ nhwɛso a yebesua wɔ nsɛm ne nneyɛe mu. Yesu kaa Onyankopɔn nsɛm. Ɔkae wɔ Yohane 12:50 sɛ: “Sɛnea agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.” Wanyɛ nea ɔno ankasa pɛ, na mmom ɔyɛɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ. Ɔkae wɔ Yohane 5:30 sɛ: “Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee.”—Yohane 6:38.
14. (a) Nneɛma a Yesu hui bɛn na ɛmaa ne yam hyehyee no? (b) Dɛn nti na ɔkwan a Yesu faa so kasae maa nkurɔfo tuu yuu kotiee no?
14 Yesu huu akwatafo, mmubuafo, asotifo, anifuraefo, ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, ne wɔn a wɔregyam wɔn awufo. Ayamhyehye ma ɔsaa ayarefo yare na onyanee awufo. Ohui sɛ nkurɔfokuw no abrɛ na wɔsam hɔ a wonni honhom mu akwankyerɛ, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. Ɛnyɛ nsɛm a ɛtɛe nko na ɔde kyerɛkyerɛɛ, na mmom nsɛm a ɛyɛ dɛ a efi ne komam a ɛkɔɔ nkurɔfo no komam tẽẽ, ɛtwee wɔn baa ne nkyɛn, ɛma wɔbaa asɔrefi hɔ ntɛm betiee no, ɛma wɔkɔɔ so dii n’akyi, na wɔde anigye tiee no nso. Wotuu yuu kotiee no, na wɔkae sɛ ‘onipa biara nkasae sɛ oyi da.’ Sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ no maa wɔn ho dwiriw wɔn. (Yohane 7:46; Mateo 7:28, 29; Marko 11:18; 12:37; Luka 4:22; 19:48; 21:38) Na bere a n’atamfo pɛe sɛ wɔde nsemmisa sum no afiri no, ɔmaa nsɛm no dan bɔɔ wɔn, na wɔkaa wɔn ano toom.—Mateo 22:41-46; Marko 12:34; Luka 20:40.
15. Na Yesu asɛnka no asɛmti titiriw ne dɛn, na ɔde afoforo dii dwuma bɔɔ ho dawuru koduu he?
15 Ɔbɔɔ dawuru sɛ “ɔsoro ahenni no abɛn,” na ɔhyɛɛ wɔn a wotiei no nkuran sɛ wɔnkɔ so “nhwehwɛ ahenni no kan.” Ɔsomaa afoforo sɛ wɔnkɔka sɛ “ɔsoro ahenni no abɛn,” na “wɔnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo,” na wɔnyɛ Kristo adansefo ‘nkɔpem asase ano nohɔ.’ Ɛnnɛ Yehowa Adansefo a wɔreyɛ adu ɔpepem anan ne fã di n’anammɔn akyi, na wɔreyɛ saa nnwuma no.—Mateo 4:17; 6:33; 10:7; 28:19; Asomafo no Nnwuma 1:8.
16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa su a ɛne ɔdɔ no hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den, na dɛn na etumi yɛ maa adesamma?
16 Wɔka kyerɛ yɛn wɔ 1 Yohane 4:8 sɛ Onyankopɔn ne dɔ.” Wɔmaa ne su titiriw yi hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara bere a ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so ma obewui no. Ebetumi aba sɛ amanehunu a Ɔba a ɔdɔ no yi faa mu, ne nteɛm a ɔde srɛɛ ne soro Agya no maa Yehowa dii yaw kɛse, ɛwom mpo sɛ Yesu maa Satan mpoatwa sɛ Yehowa ntumi nya nnipa a wobekura wɔn mudi mu ama No wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu wɔ asase so no yɛɛ atoro de. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu bo kɛse a Yesu ogye afɔre no som no, efisɛ Onyankopɔn somaa no baa ha sɛ ommewu mma yɛn. (Yohane 3:16) Ná ɛyɛ owu a ɛyɛ den na amma ntɛm so. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu ɛyaw a Onyankopɔn ne Yesu dii, na yɛnam saayɛ so ahu bo kɛse a afɔre a wɔbɔ maa yɛn no som no, momma yɛnhwehwɛ Bible no kyerɛwtohɔ a ɛfa nea ɛkɔɔ so no ho mu.
17-19. Yesu kaa amanehunu a na ɛda n’anim no ho asɛm dɛn?
17 Anyɛ yiye koraa no, Yesu kaa nea na ɛda n’anim no ho asɛm mpɛn anan kyerɛɛ n’asomafo no. Aka nna kakraa bi ma asi no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo ne mpanyin ne kyerɛwfo nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufo, na wɔagoru ne ho, na wɔafefe ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio.”—Marko 10:33, 34.
18 Yesu tee nea ebesi no ho nhyɛso nka, na na onim sɛnea na Romafo mpireka yɛ hu fa. Na wɔde nnade ne nguan nnompe ahyehyɛ mpire a wɔde aboa nhoma ayɛ a wɔde hwe nnipa no mu; enti bere a wogu so hwe obi no, n’akyi ne n’anan ho paapae na ɛpram mogya. Asram bi a na atwam no, na Yesu ada sɛnea amanehunu a ɛda n’anim no ma ne ho yeraw no adi, na ɔkae nea ɛwɔ Luka 12:50 sɛ: “Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho hiahia me kosi sɛ wobewie me bɔ!”
19 Ahoyeraw no mu yɛɛ den bere a ɛbere no bɛnee no. Ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne soro Agya sɛ: “Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.” (Yohane 12:27) Hwɛ sɛnea Yehowa Dɔba a ɔwoo no koro no adesrɛ yi bɛka no afa! Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu wɔ Getsemane no, na ne ho yeraw no kɛse ma ɔka kyerɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu.” Eyi akyi simma kakraa bi no, ɔbɔɔ ne mpae a etwa to wɔ asɛm no ho kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ. Na ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” (Mateo 26:38; Luka 22:42, 44) Ná eyi betumi ayɛ nea nnuruyɛfo frɛ no hematidrosis a ɛkyerɛ mogya a efifi were mu ba. Ɛntaa nsi nanso etumi ba wɔ ɔhaw tebea horow a emu yɛ den kɛse mu.
20. Dɛn na ɛboaa Yesu ma otumi faa n’amanehunu no mu?
20 Ɛdefa saa bere yi wɔ Getsemane ho no, Hebrifo 5:7 ka sɛ: “Ɔno na ne honam nna mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no.” Esiane sɛ “Nea obetumi agye no afi owu mu” annye no ammfi owu no mu nti, ɔkwan bɛn so na wotiee ne mpaebɔ? Luka 22:43 bua sɛ: “Na ɔbɔfo fii soro beyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.” Wotiee ne mpaebɔ ma enti ɔbɔfo a Onyankopɔn somaa no no hyɛɛ Yesu den maa otumi gyinaa amanehunu no ano.
21. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu dii amanehunu no mu nkonim? (b) Sɛ yɛn sɔhwɛ ahorow mu yɛ den a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛpɛ sɛ yetumi kasa?
21 Eyi daa adi wɔ nea efii mu bae no mu. Bere a apereperedi a ɛkɔ so wɔ ne mu gyaee no, Yesu sɔree, na ɔkɔɔ Petro, Yakobo, ne Yohane nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Monsɔre mma yɛnkɔ.” (Marko 14:42) Nea na ɔreka ankasa ne sɛ ‘Momma menkɔ na wɔmfa anofew nyi me mma, sakasakayɛfo nkyere me, wonni m’asɛm ɔkwan a ɛne mmara nhyia so, na wommu me atɛnkyea. Momma menkɔ na wonkodi me ho fɛw, ntete ntasu ngu me so, nka me mpire, na wommɔ me asɛnduam.’ Ɔsɛn dua no so nnɔnhwerew asia wɔ ɛyaw a ano yɛ den mu, na ogyinaa mu kosii awiei. Bere a ɔrewu no, ɔde nkonimdi teɛm sɛ: “Wɔawie!” (Yohane 19:30) Na wagyina pintinn akura ne mudi mu de agyina Yehowa tumidi akyi. Wawiee biribiara a Yehowa somaa no asase so sɛ ɔmmɛyɛ no. Sɛ yewu anaa Harmagedon pae gu a, so yebetumi aka wɔ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no ho sɛ: ‘Yɛawie’?
22. Dɛn na ɛkyerɛ beae a Yehowa ho nimdeɛ mu bɛtrɛw akodu?
22 Sɛnea ɛte biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔ Yehowa bere a ɛsɛ a ɛrebɛn ntɛmntɛm mu no, ‘Yehowa hu bɛyɛ asase nyinaa so ma, sɛ nsu kata po so no.’—Yesaia 11:9.
So Wokae?
◻ Dɛn na biribi a wobehu no ne nimdeɛ a wɔwɔ no kyerɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada ne mmɔborohunu ne ne fafiri adi akyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Abraham nam kasa mu ahofadi so ne Yehowa Kasae?
◻ Dɛn nti na yebetumi ahwɛ Yesu na Yɛahu Yehowa su horow wɔ ne mu?