Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 January kr. 32
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ogya! Adwinnade Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wode Dum No?
    Nyan!—2001
  • Gyidi Ho Sɔhwɛ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Onyankopɔn Sɔ Abraham Gyidi Hwɛ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ogya A Ɛhyew Nneɛma —Ɔhaw A Nigeria Hyia
    Nyan!—1985
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 January kr. 32
Isak so nnyina ɛnna Abraham kura ahina a nnyansramma gu mu

So Wunim?

Tete no sɛ wɔde ogya retu kwan a, na wɔyɛ no sɛn?

BIBLE mu asɛm a ɛwɔ Genesis 22:6 ma yehu sɛ na Abraham rebetwa kwan akɔbɔ afɔre wɔ akyirikyiri baabi. Enti ɔde “nnyina a ɔde bɛbɔ afɔre no soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu siim kɔe.”

Biribiara nni Kyerɛwsɛm no mu a ɛma yehu sɛnea na wɔsɔ gya tete no. Bible mu nkyerɛkyerɛmufo bi gye di sɛ, “ɛbɛyɛ den paa sɛ obi bekura ogya a ɛredɛw de atwa kwantenten a ɛrennum” te sɛ ɔkwan a Abraham ne Isak twae no. Enti ɛbɛyɛ sɛ nneɛma a wɔde sɔ gya na Abraham fae.

Ebinom nso ka sɛ na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛsɔ gya tete no. Saa bere no sɛ obi pɛ sɛ ɔsɔ gya a, ebetumi aba sɛ na ɔkɔso nnyansramma fi n’afipamfo hɔ. Ná ɛno yɛ mmerɛw sen sɛ ɔno ara bɛsɔ ne gya. Enti abenfo pii gye di sɛ, nea Abraham fae no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ahina a na nnyansramma gu mu a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn aso mu. Ebetumi aba sɛ ade rebɛkye ama wɔasim no, egya a wɔsɔe no bi na wɔde guu ahina no mu. (Yes. 30:14) Sɛ obi de nnyansramma twa kwantenten saa, na sɛ odu baabi a ɔpɛ sɛ ɔsɔ gya a, nea ohia ara ne mmabaa anaa nnua a yɛatwitwa no nketenkete.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena