Onyankopɔn Daa Atirimpɔw Ho Apam Ahorow
‘Yehowa akae n’apam no de kosi daa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoatoaso.’—DWOM 105:7, 8.
1, 2. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ apam bi anya yɛn mu pii so tumi?
ƐDA adi yiye sɛ apam bi anya wo so tumi—wo kan, mprempren ne daakye asetra. Ebia wubebisa sɛ, ‘Apam bɛn?’ Wɔ eyi mu no, ɛyɛ aware, efisɛ yɛn mu pii yɛ aware bi mu mma na yɛn mu pii ankasa nso aware. Wɔn a wonnya nwaree no mpo betumi asusuw aware a anigye wom mu nhyira horow ho daakye.
2 Mfehaha pii a atwam ni no, Hebrini diyifo Malaki kyerɛw “wo mmerantebere mu yere,” “w’apam yere” ho asɛm. (Malaki 2:14-16) Na obetumi afrɛ aware sɛ apam, efisɛ ɛyɛ nhyehyɛe anaa apam a wɔahyɛ da ayɛ, nhyehyɛe a nnipa baanu ayɛ sɛ wɔbɛbom ayɛ biribi. Aware nhyehyɛe no yɛ nnipa baanu ntam apam a wɔn baanu no apene so sɛ wɔbɛyɛ okunu ne ɔyere na wɔagye wɔn ho wɔn ho asɛyɛde ahorow atom wom na wɔahwɛ mfaso a ɛtra hɔ daa kwan.
3. Dɛn nti na apam afoforo betumi anya yɛn so tumi kɛse asen aware?
3 Ɛte sɛnea ebia aware yɛ apam a ɛka yɛn ankasa kɛse sen biara, nanso Bible no ka apam ahorow a emu trɛw kɔ akyiri kɛse ho asɛm. Bere a nhomakuw bi a ɛka wiase nneɛma horow nyinaa ho asɛm de Bible mu apam ahorow toto ɔsom ahorow a ennyina Bible so mu de ho no, ɛka sɛ Bible no nkutoo mu na “Onyankopɔn ne ne nkurɔfo ntam abusuabɔ dan yɛ nhyehyɛe a emu trɛw a awiei koraa no ɛka amansan no.” Yiw, saa apam ahorow no fa yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no daa atirimpɔw ho. *Sɛnea wubehu no, nhyira horow pii a wubenya no toa saa apam ahorow yi mu. Wowɔ nea ɛsɛ sɛ wugyina so bisa sɛ ‘Dɛn nti na ɛte saa?’
4. Apam a edi kan bɛn na ɛtwe adwene si Onyankopɔn daa atirimpɔw so?
4 Wunim amanehunu a ɛbae bere a Adam ne Hawa pow Onyankopɔn tumidi no yiye. Yenyaa sintɔ fii wɔn hɔ, nea ɛyɛ nokwasɛm a ɛhyɛ nyarewa ahorow a aka yɛn a ɛma yewuwu akyi no. (Genesis 3:1-6, 14-19) Nanso, yebetumi de aseda ama sɛ wɔn bɔne no antumi ansiw Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ wɔmfa nokware asomfo a wɔwɔ daa akwahosan ne anigye nhyɛ asase so ma no kwan. Ɛdefa eyi ho no, Yehowa yɛɛ apam a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Genesis 3:15 no: “Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” Nanso yɛ a asɛm yi yɛ tiawa ne ka a wɔkae wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no gyaw nsemmisa pii a wɔamma ho mmuae. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛma apam bɔhyɛ yi anya mmamu?
5, 6. (a) Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn sii gyinae sɛ ɔbɛfa so adi n’atirimpɔw ho dwuma? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anigye wɔ ɔkwan a Onyankopɔn nam so bɛyɛ eyi no ho?
5 Onyankopɔn san pawee sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama ɔsoro apam ahorow pɔtee bi a ne nyinaa ne Eden apam no ka bom yɛ ason. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara a ɔhwɛ kwan sɛ obenya daa nhyira mu anigye no te apam ahorow yi ase. Nea ɛka eyi ho ne hu a yebehu bere a wɔyɛɛ apam no, sɛnea wɔyɛe no, wɔn a wɔka ho, ne botae anaa ɛho nhyehyɛe, ne sɛnea ɛne wɔn ho wɔn ho wɔ abusuabɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde daa nkwa behyira adesamma asoɔmmerɛwfo no mu. Eyi ne bere a ɛfata sɛ yɛsan hwehwɛ apam ahorow yi mu, efisɛ Kristofo asafo ahorow no nyinaa behyiam March 22, 1989, na wɔakae Awurade Anwummeduan a ɛfa apam ahorow yi ho tee no.
6 Ɛwom, ebia apam ahorow ho adwene no bɛyɛ te sɛ nea anigye nnim, mmara so dua a wosi dodo a nnipa yiyedi kakraa bi na ɛwom. Nanso susuw nea Theological Dictionary of the Old Testament no ka no ho: “Wɔakyekyɛ ‘apam’ a wɔyɛe wɔ tete Apuei a Ɛbɛn ne Hela ne Roma ho nhyehyɛe ahorow no mu . . . sɛnea kasa mu ntease ho adesua abien kyerɛ: ntam ne bɔhyɛ wɔ ɔfã biako na ɔdɔ ne adamfofa nso wɔ ɔfã foforo.” Yebetumi ahu afã abien no nyinaa—sɛ Yehowa apam ahorow no nnyinaso titiriw.
Abraham Apam—Nea Wogyina so Nya Daa Nhyira Horow
7, 8. Apam bɛn na Yehowa ne Abraham yɛe? (1 Beresosɛm 16:15, 16)
7 Na tete agya Abraham, “gyidifo nyinaa agya,” yɛ “[Yehowa] adamfo.” (Romafo 4:11; Yakobo 2:21-23) Onyankopɔn nam ntamka so kaa no ntam na ɔhyehyɛɛ apam bi a ɛho hia titiriw a ɛbɛma yɛanya daa nhyira.—Hebrifo 6:13-18.
8 Bere a na Abraham wɔ Ur no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ontu nkɔ asase foforo so, nea ɛbɛyɛɛ Kanaan no. Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ saa bere no sɛ: “Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din asõ,. . . na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.”* (Genesis 12:1-3) Wɔ ɛno akyi no, Onyankopɔn de nkyerɛkyerɛmu kaa nea yɛka ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ Abraham apam no ho nkakrankakra: Abraham aseni anaa ɔdedifo, bɛtra Bɔhyɛ Asase no so; n’aseni no bɛdan ayɛ mma pii a wɔn dodow nni ano; ahene befi Abraham ne Sara mu.—Genesis 13:14-17; 15:4-6; 17:1-8, 16; Dwom 105:8-10.
9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ebetumi ayɛ nea yɛka Abraham apam no ho?
9 Onyankopɔn frɛɛ no ‘me ne wo [Abraham] ntam apam.’ (Genesis 17:2) Nanso ɛsɛ sɛ yɛte nka nokwarem sɛ yɛn nkwa ho asɛm wom, efisɛ Onyankopɔn trɛw apam no mu akyiri yi bere a ɔkaa eyi no: “Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea, na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so; na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:17, 18) Yɛyɛ saa aman no mufo; nhyira a yɛn nsa betumi aka retwɛn yɛn.
10. Ntease ahorow bɛn na yenya fi Abraham apam no mu?
10 Momma yennyina na yensusuw nea yebetumi asua afi Abraham apam no mu no ho. Te sɛ Eden apam a edi ɛno anim no, eyi twe adwene si ‘aseni’ a ɔbɛba no so, enti ɛkyerɛ sɛ aseni no benya nnipa abusua. (Genesis 3:15) Ɛno bɛyɛ fi Sem asefo so besi Abraham so ne denam Isak so. Saa abusua no benya ahenni, na ɔkwan bi so no ɛbɛma wɔahyira nnipa a wɔwɔ asase nyinaa so na ɛnyɛ abusua biako pɛ. Ɔkwan bɛn so na saa apam no nyaa mmamu?
11. Ɛyɛɛ dɛn na Abraham apam no nyaa mmamu wɔ honam fam?
11 Abraham asefo a wɔnam Yakob anaa Israel so no dɔɔso ma wɔbɛyɛɛ ɔman kɛse. Sɛ Abraham honam fam asefo a wɔn dodow nni ano no, wohyiraa wɔn ho so maa Abraham, Isak, ne Yakob Nyankopɔn no nokware som. (Genesis 28:13; Exodus 3:6, 15; 6:3; Asomafo no Nnwuma 3:13) Na Israelfo no taa twe wɔn ho fi nokware som ho, nanso “[Yehowa] dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn . . . n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pamee no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn.” (2 Ahene 13:23; Exodus 2:24; Leviticus 26:42-45) Bere a Onyankopɔn gyee Kristofo asafo no toom sɛ ne nkurɔfo mpo no, ɔkɔɔ so yii ɔdom titiriw bi adi kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɔman a wɔyɛ Abraham honam fam asefo kosii bere bi.—Daniel 9:27.
Abraham Honhom Mu Asefo
12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ɔne aseni titiriw wɔ Abraham apam no honhom mu mmamu no mu?
12 Abraham apam no nyaa mmamu foforo, honhom fam de. Wɔanhu mmamu kɛse yi ansa na bere a Yesu traa ase no reba, nanso yebetumi anya anigye sɛ ada adi wɔ yɛn bere yi mu. Yɛwɔ ne mmamu no mu nkyerɛkyerɛmu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Paulo kyerɛw sɛ: “Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ no. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom obiako: na w’aseni, a ɔne Kristo.”—Galatifo 3:16.
13 Yiw, na aseni no nam abusua biako pɛ so na ɔbɛba, na na ɛte saa wɔ Yesu a wɔwoo no sɛ honam fam Yudani, Abraham honam fam aseni no fam. (Mateo 1:1-16; Luka 3:23-34) Bio nso, na ɔyɛ Abraham Kɛse abusua no muni wɔ soro. Kae sɛ na tete agya Abraham nam gyidi a emu yɛ den so ada ɔpɛ a ɔwɔ adi sɛ ɔde ne babarima Isak bɛbɔ afɔre, sɛ Onyankopɔn pɛ no saa a. (Genesis 22:1-18; Hebrifo 11:17-19) Saa ara nso na Yehowa somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ ogye afɔre mma adesamma. (Romafo 5:8; 8:32) Enti ntease wɔ nea enti a Paulo huu Yesu Kristo sɛ Abraham aseni titiriw no mu sɛnea apam yi kyerɛ no.
14. Abraham asefo a wɔka aseni titiriw no ho ne henanom, na nkyerɛkyerɛmu foforo bɛn na eyi de ba?
14 Paulo kɔɔ so kyerɛe sɛ Onyankopɔn bɛma ‘Abraham asefo adɔɔso’ wɔ honhom mu mmamu no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.” (Genesis 22:17; Galatifo 3:29) Saafo no ne Kristofo 144,000 a wɔde honhom asra wɔn a wɔka bom yɛ Abraham asefo a wɔka aseni titiriw no ho no. Wɔnsɔre ntia aseni titiriw no na mmom “wɔyɛ Kristo dea.” (1 Korintofo 1:2; 15:23) Yenim sɛ wɔn mu pii renka sɛ wɔyɛ Abraham asefo, efisɛ wofi aman a wɔnyɛ Yudafo mu. Nanso, nea ɛho hia titiriw wɔ honhom mu mmamu no mu no, wɔnyɛ Abraham Kɛse, Yehowa, abusua mufo wɔ awo mu; mmom no wofi ɔbɔnefo Adam abusua a ɛnyɛ pɛ no mu. Enti ɛho hia sɛ yehu sɛnea wobetumi abɛyɛ “Abraham asefo” mufo wɔ apam ahorow a wɔyɛ akyiri yi no mu no.
Wɔde Mmara Apam Kaa ho Bere Tiaa Bi
15-17. (a) Dɛn nti na wɔde Mmara apam no kaa Abraham apam no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Mmara no dii botae horow yi ho dwuma?
15 Bere a Onyankopɔn yɛɛ Abraham apam no sɛ ade titiriw a ɛbɛma wadi n’atirimpɔw ho dwuma akyi no, ɔkwan bɛn so na wɔbɛbɔ Aseni no abusua no ho ban na efĩ anka no anaa ase antɔre koraa kosi sɛ bere bɛso ma Aseni no apue? Sɛ Aseni no ba a, nokware asomfo bɛyɛ den atumi ahu no? Paulo nam adwene a ɔtwe si nyansa mu a Onyankopɔn fi de Mmara apam no kaa ho bere tiaa bi no so de bua nsemmisa a ɛte saa no. Ɔsomafo no kyerɛw sɛ:
16 “Na afei mmara no ne dɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho de kosii sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba, na wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛe wɔ ntamgyinafo bi nsam. . . . Enti mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan, na wɔafi gyidi mu abu yɛn bem.”—Galatifo 3:19, 24.
17 Wɔ Sinai Bepɔw so no, Yehowa ankasa ne Israel yɛɛ ɔman apam soronko bi—Mmara apam a na Mose ne ne ntamgyinafo.a (Galatifo 4:24, 25) Nnipa no penee so sɛ wɔbɛtra saa apam yi mu na wɔde anantwi ne mpapo mogya hyɛɛ mu den. (Exodus 24:3-8; Hebrifo 9:19, 20) Ɛde teokrase mmara ahorow ne trenee nniso nsusuwso maa Israel. Apam no baraa ayeware a wɔne abosonsomfo bedi anaasɛ wɔn ho a wɔde bɛhyehyɛ ɔbrasɛe ne atoro som nneyɛe ahorow mu. Enti ɛbɔɔ Israelfo no ho ban na ɛyɛɛ tumi a wɔnam so bɔɔ aseni no abusua ho ban a ɛho angu fi. (Exodus 20:4-6; 34:12-16) Nanso esiane sɛ na Israelni a ɔnyɛ pɛ biara nni hɔ a obetumi adi Mmara no so awie koraa nti, ɛmaa bɔne daa adi. (Galatifo 3:19) Ɛtwee adwene sii hia a ɛho hia sɛ wonya daa ɔsɔfo a ɔyɛ pɛ ne afɔre a wɔrensan mmɔ afe afe. Na Mmara no te sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛɛ abofra bi kwan kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho hia a ɔbɛyɛ Mesia anaa Kristo no nkyɛn. (Hebrifo 7:26-28; 9:9, 16-22; 10:1-4, 11) Bere a Mmara apam no adi n’atirimpɔw ho dwuma awie no, ɛbɛba awiei.—Galatifo 3:24, 25; Romafo 7:6; hwɛ “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” kratafa 31.
18. Anidaso foforo bɛn na na ɛwɔ Mmara apam no mu, nanso dɛn nti na na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte eyi ase?
18 Bere a Onyankopɔn reyɛ apam a ɛbɛtra hɔ bere tiaa yi no, ɔkaa botae a ɛyɛ anigye yi nso ho asɛm: “Na afei sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode . . . Na . . . mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” (Exodus 19:5, 6) Anidaso bɛn ara ni! Ɔman a emufo yɛ ahene ne asɔfo. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Sɛnea Mmara no kaa akyiri yi no, wɔde asɛyɛde a ɛsono emu biara hyɛɛ abusua a na edi tumi (Yuda) ne asɔfo abusua (Lewi) no nsa. (Genesis 49:10; Exodus 28:43; Numeri 3:5-13) Onipa biara nni hɔ a obetumi ayɛ ɔman sodifo ne ɔsɔfo. Nanso, Onyankopɔn nsɛm a ɛwɔ Exodus 19:5, 6 no ma yenya biribi gyina so gye di sɛ wɔ ɔkwan bi a wɔankyerɛkyerɛ mu so no, Mmara apam no mufo benya hokwan de “asɔfo ahemman ne ɔman kronkron” no mufo ama.
Dawid Ahenni Apam
19. Ɔkwan bɛn so na wɔtwee adwene sii ahenni bi so wɔ apam horow no mu?
19 Bere tiaa bi akyi no, Yehowa de apam foforo a ɛsan kyerɛkyerɛe sɛnea obedi n’atirimpɔw ho dwuma ma ɛde daa nhyira abrɛ yɛn no mu kaa ho. Yɛahu sɛ Abraham apam no twee adwene sii ahenni a ɛbɛtra Abraham honam fam asefo no mu no so. (Genesis 17:6) Mmara apam no hwɛɛ ahene a wofi Onyankopɔn nkurɔfo mu no kwan, efisɛ Mose ka kyerɛɛ Israel sɛ: “Sɛ wudu [Bɔhyɛ Asase] a [Yehowa] wo Nyankopɔn de rema wo no so na wofa tra so, na woka sɛ: Mesi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a, fa nea [Yehowa] wo Nyankopɔn beyi no no si wo so hene. . . . Mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so.” (Deuteronomium 17:14, 15) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛyɛ nhyehyɛe ama ahenni a ɛte saa, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ nea ɛfa Abraham apam no ho?
20. Ɔkwan bɛn so na Dawid ne n’abusua ho baa asɛm no mu?
20 Ɛwom sɛ na Israel hene a odi kan ne Saul a ofi Benjamin abusua mu no de, nanso ɔkokodurufo ne ɔnokwafo Dawid a ofi Yuda abusua mu no sii n’ananmu dii hene. (1 Samuel 8:5; 9:1, 2; 10:1;16:1, 13) Bere a na Dawid adi hene mfe pii no, Yehowa pawee sɛ ɔne Dawid bɛyɛ apam. Nea edi kan no, ɔkae sɛ: “Mɛma w’aseni a ofi wo yam so w’akyi, na mama n’ahenni atim. Ɔno na obesi dan ama me din, na mama n’ahenni agua atim akosi daa.” (2 Samuel 7:12, 13) Sɛnea wɔakyerɛ wɔ hɔ no, Dawid babarima Salomo na ɔbɛyɛɛ ɔhene a odi hɔ, na wɔde no dii dwuma ma osii ofi anaa asɔrefi maa Onyankopɔn wɔ Yerusalem. Nanso na pii aka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.
21. Dawid Ahenni apam no yɛɛ nsiesiei maa dɛn?
21 Yehowa toaa so ne Dawid yɛɛ apam yi: “Na wo fi ne w’ahenni betim akosi daa w’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.” (2 Samuel 7:16) Ɛda adi pefee sɛ na Onyankopɔn nam saayɛ so rehyehyɛ ahenni abusua ama Israel wɔ Dawid abusua mu. Na ɛrenyɛ ahene a wɔyɛ Dawid asefo a wɔbɛtoatoa so abedi hene ara kwa. Awiei koraa no, Dawid abusua muni bi bɛba abedi tumi “daa, na n’agua ayɛ [Onyankopɔn] anim sɛ owia.”—Dwom 89:20, 29, 34-36; Yesaia 55:3, 4.
22. Ɔkwan bɛn so na apam a wɔne Dawid yɛe no fa Aseni no abusua ho, na dɛn na efii mu bae?
22 Enti ɛda adi sɛ Dawid apam no ma wobehuu Aseni no abusua no yiye. Yudafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu mpo hui sɛ Mesia no bɛyɛ Dawid aseni. (Yohane 7:41, 42) Yesu Kristo a na ɔne Abraham apam no aseni titiriw no fatae sɛ ɔbɛyɛ Dawid Ahenni yi daa ɔdedifo sɛnea ɔbɔfo bi dii ho adanse no. (Luka 1:31-33) Enti Yesu nyaa hokwan sɛ obedi Bɔhyɛ Asase no so, asase so ahemman a Dawid dii so tumi no. Ɛsɛ sɛ eyi ma Yesu mu ahotoso a yɛwɔ no yɛ kɛse; ɛnyɛ sɛ ɔnam tu a otuu obi fii agua so no so na odi tumi na mmom ɔnam mmara kwan so nhyehyɛe a wɔde asi hɔ, ɔsoro apam bi so.
23. Nsemmisa ne nsɛm bɛn na aka a ɛsɛ sɛ wobua?
23 Yɛasusuw ɔsoro apam ahorow a ɛfa sɛnea Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe sɛ obedi n’atirimpɔw ho dwuma ma ɛde daa nhyira horow abrɛ adesamma no mu anan pɛ ho. Ɛda adi sɛ wubetumi ahu sɛ nea yɛahu no nnɔɔso. Nsemmisa ahorow da so ara wɔ hɔ. Esiane sɛ nnipa da so ara nyɛ pɛ nti, ɔsɔfo anaasɛ afɔrebɔ bɛn na ebetumi asakra ɛno koraa? Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa atumi afata ma wɔabɛyɛ Abraham asefo no mufo? So ntease wom sɛ yebegye adi sɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wobedi tumi no mu bɛtrɛw ma asasesin a ɛnyɛ asase abɛka ho? Ɔkwan bɛn so na Abraham aseni titiriw no ne asefo a wɔka aseni titiriw no ho de nhyira bɛbrɛ “asase so amanaman nyinaa” a yɛn nyinaa ka ho? Momma yɛnhwɛ.
[Ase hɔ asɛm]
a Eyi yɛ onipa biako apam, efisɛ obiako pɛ (Onyankopɔn) na na ɛsɛ sɛ odi ɛho nhyehyɛe ahorow no ho dwuma.
“Na apam ho adwene no yɛ Israel som no fã titiriw, ɔsom biako pɛ a na ɛhwehwɛ nokwaredi a edi mũ a na esiw nokwaredi abien anaa ahorow pii te sɛ nea na wɔma ho kwan wɔ ɔsom afoforo mu no ho kwan.”—Theological Dictionary of the Old Testament, po II, kratafa 278.
Wubua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Abraham apam no too nhyɛase maa daa nhyira a yebenya no?
◻ Na hena ne Abraham honam fam aseni? Sɛnkyerɛnne kwan so aseni no nso ɛ?
◻ Dɛn nti na wɔde Mmara apam no kaa Abraham apam no ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na Dawid Ahenni apam no maa Onyankopɔn atirimpɔw nyaa nkɔanim?
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 13]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Eden apam Genesis 3:15
Abraham apam
Aseni titiriw
Asefo a wɔka aseni titiriw no ho
Daa nhyira horow
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 14]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Eden apam Genesis 3:15
Abraham apam
Mmara apam
Dawid Ahenni apam
Aseni titiriw
Asefo a wɔka aseni titiriw no ho
Daa nhyira horow
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bedi n’atirimpɔw ma adesamma ho dwuma no, ɔne ɔnokwafo Abraham yɛɛ apam