Yehowa Yɛ Onyankopɔn A Ɔyɛ Apam Ahorow
“Me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo.”—YEREMIA 31:31.
1, 2. (a) Afahyɛ bɛn na Yesu de sii hɔ Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no? (b) Apam bɛn na Yesu twee adwene sii so sɛ ɛbata ne wu ho?
NISAN 14, 33 Y.B. anadwo no, Yesu ne n’asomafo 12 no dii Twam no. Esiane sɛ na Yesu nim sɛ eyi ne bere a etwa to a ɔne wɔn bedidi, na afei nso aka kakra ma n’atamfo akum no nti, ɔde hokwan a onyae saa bere no kyerɛkyerɛɛ n’asuafo a wɔbɛn no paa no nneɛma a ɛho hia bebree mu.—Yohane 13:1–17:26.
2 Saa bere yi na bere a Yesu apam Yuda Iskariot awie no, ɔde afe afe nyamesom afahyɛ koro pɛ a wɔhyɛ Kristofo sɛ wonni no sii hɔ—ne wu ho Nkaedi no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.” (Mateo 26:26-28) Ná ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo fa ɔkwan tiawa a nidi wom so kae ne wu no. Na Yesu twee adwene sii apam bi a ɛbata ne wu no ho so. Luka kyerɛwtohɔ no frɛ no “apam foforo.”—Luka 22:20.
3. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ apam foforo no ho?
3 Dɛn ne apam foforo no? Sɛ ɛyɛ apam foforo a, ɛno kyerɛ sɛ apam dedaw bi wɔ hɔ anaa? So apam afoforo bi ne no wɔ abusuabɔ? Eyinom yɛ nsɛmmisa a ɛho hia efisɛ Yesu kae sɛ wobehwie apam no mogya agu “ama bɔne fafiri.” Yɛn nyinaa hia bɔne fafiri a ɛte saa denneennen.—Romafo 3:23.
Apam a Ɔne Abraham Yɛe
4. Tete bɔhyɛ bɛn na ɛboa yɛn ma yɛte apam foforo no ase?
4 Sɛ yɛbɛte apam foforo no ase a, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm a esisii bɛyɛ mfe 2,000 ansa na Yesu rebɛyɛ n’asase so som adwuma no ho, wɔ bere a Tera ne n’abusua—a Abram (a akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ no Abraham) ne Abram yere Sarai (a akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ no Sara) ka ho—twaa kwan fii Kaldeafo asase Ur a na sika wɔ hɔ no so kɔɔ Haran wɔ Mesopotamia atifi fam no. Wɔtraa hɔ kosii sɛ Tera wui. Afei, Yehowa hyɛɛ Abraham a na wadi mfe 75 no ma otwaa Eufrate Asubɔnten no de n’ani kyerɛɛ anafo fam atɔe kɔɔ Kanaan asase so kodii atutra wɔ ntamadan mu. (Genesis 11:31–12:1, 4, 5; Asomafo no Nnwuma 7:2-5) Ɛno sii wɔ 1943 A.Y.B. mu. Bere a na Abraham da so wɔ Haran no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din asõ, na woayɛ nhyira. Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.” Akyiri yi, bere a Abraham twa kɔɔ Kanaan no, Yehowa de kaa ho sɛ: “W’asefo na mede asase yi mɛma wɔn.”—Genesis 12:2, 3, 7.
5. Nkɔmhyɛ titiriw bɛn na bɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no bata ho?
5 Ná bɔ a wɔhyɛɛ Abraham no bata Yehowa bɔhyɛ foforo ho. Nokwasɛm ni, ɛmaa Abraham bɛyɛɛ onipa titiriw wɔ nnipa abakɔsɛm mu, nea nkɔmhyɛ a edi kan koraa a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ pɛn no nam ne so benya mmamu. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne wɔ Eden turo no mu no, Yehowa buu wɔn baanu nyinaa atɛn, na saa bere no ara na ɔka kyerɛɛ Satan a ɔdaadaa Hawa no sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne [n’aseni, NW] ntam. Ɔno [aseni no] na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Apam a Yehowa ne Abraham yɛe no kyerɛe sɛ Aseni a wɔnam ne so betu Satan nnwuma agu no bɛfa saa tete agya no so na aba.
6. (a) Hena na na Yehowa nam ne so bɛma bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no anya mmamu? (b) Dɛn ne Abraham apam no?
6 Esiane sɛ na Yehowa bɔhyɛ no bata aseni bi ho nti, na Abraham hia babarima a Aseni no nam ne so bɛba. Ná ɔne Sara mfe akɔ anim a na wonnya nwoe. Nanso ewiee ase koraa no, Yehowa hyiraa wɔn, na ɔnam anwonwakwan so buee wɔn awo ho kwan, na Sara woo babarima, Isak, maa Abraham, sɛnea ɛbɛyɛ a aseni ho bɔhyɛ no bɛba mu. (Genesis 17:15-17; 21:1-7) Mfe bi akyi no, bere a Yehowa sɔɔ Abraham gyidi hwɛe—ma ɛkaa kakraa bi mpo sɛ ɔde ne ba Isak a ɔdɔ no no rebɔ afɔre—no, Yehowa tĩĩ ne bɔhyɛ no mu kyerɛɛ Abraham sɛ: “Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea, na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so; na [w’aseni, NW] mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:15-18) Wɔtaa frɛ saa bɔhyɛ a emu trɛw yi sɛ Abraham apam no, na na wɔde apam foforo a ɛbɛba akyiri yi no bɛbata ho denneennen.
7. Ɔkwan bɛn so na Abraham asefo fii ase dɔɔso, na dɛn na ɛma wɔkɔtraa Misraim?
7 Bere kɔɔ so no, Isak woo nta, Esau ne Yakob. Yehowa paw Yakob sɛ ɔno na Aseni a wɔahyɛ ne ho Bɔ no bɛfa ne so aba. (Genesis 28:10-15; Romafo 9:10-13) Yakob woo mmabarima 12. Ɛda adi pefee sɛ afei na na bere adu sɛ Abraham asefo fi ase dɔɔso. Bere a Yakob mma no bɛyɛɛ mpanyimfo na wɔn mu pii benyaa wɔn ankasa mmusua no, ɔkɔm maa wɔn nyinaa tu kɔtraa Misraim, faako a ɛdenam Onyankopɔn nhyehyɛe so no, na Yakob ba Yosef akosiesie kwan mu no. (Genesis 45:5-13; 46:26, 27) Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔm a na ɛwɔ Kanaan no gyaee. Nanso Yakob abusua no kaa Misraim—mfiase no na wɔyɛ ahɔho, nanso akyiri yi, wɔbɛyɛɛ nkoa. Wɔtraa hɔ kosii 1513 A.Y.B., bere a Abraham twaa Eufrate no akyi mfe 430, ansa na Mose redi Yakob asefo no anim afi Misraim akɔ ahofadi mu. (Exodus 1:8-14; 12:40, 41; Galatifo 3:16, 17) Afei de na Yehowa rebedi apam a ɔne Abraham yɛe no ho dwuma ankasa.—Exodus 2:24; 6:2-5.
“Apam Dedaw” No
8. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa ne Yakob asefo yɛe wɔ Sinai, na dɛn na na eyi ne Abraham apam no wɔ yɛ?
8 Bere a Yakob ne ne mma no tu kɔɔ Misraim no, na wɔyɛ abusua santen, nanso wɔn asefo no fii Misraim sɛ mmusua bebree a wɔka bom yɛ kuw kɛse biako. (Exodus 1:5-7; 12:37, 38) Ansa na Yehowa de wɔn rekɔ Kanaan no, ɔde wɔn kɔɔ anafo fam wɔ bepɔw bi a wɔfrɛ no Horeb (anaa, Sinai) a na ɛwɔ Arabia no ase. Ɔne wɔn yɛɛ apam wɔ hɔ. Wɔbɛfrɛɛ eyi “apam dedaw” esiane “apam foforo” no nti. (2 Korintofo 3:14) Ɛdenam apam dedaw no so no, Yehowa maa apam a ɔne Abraham yɛe no nyaa mmamu wɔ ntotoho kwan so.
9. (a) Nneɛma anan bɛn na Yehowa nam Abraham apam no so hyɛɛ ho bɔ? (b) Apam a Yehowa ne Israel yɛe no buee hokwan afoforo bɛn, na na egyina dɛn so?
9 Yehowa kyerɛɛ nhyehyɛe a ɛwɔ apam yi mu mu kyerɛɛ Israel sɛ: “Sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode [titiriw, NW] afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” (Exodus 19:5, 6) Ná Yehowa ahyɛ bɔ sɛ Abraham asefo (1) bɛyɛ ɔman kɛse, (2) wobedi wɔn atamfo so nkonim, (3) wobenya Kanaan asase no adi, na (4) wɔnam wɔn so de nhyira bɛbrɛ amanaman. Afei ɔdaa no adi sɛ sɛ wotie n’ahyɛde ahorow a, wɔn ankasa betumi anya saa nhyira horow yi sɛ ne man titiriw, Israel, “asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” So Israelfo no penee so sɛ wɔne no bɛyɛ apam yi? Wɔde nokoro buae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.”—Exodus 19:8.
10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyehyɛɛ Israelfo no sɛ ɔman, na dɛn na ɔhwehwɛ fii wɔn hɔ?
10 Enti, Yehowa hyehyɛɛ Israelfo no sɛ ɔman. Ɔmaa wɔn mmara horow a ɛkyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so nsom na wɔmmɔ wɔn bra sɛ ɔmamma. Afei nso ɔmaa wɔn ahyiae ntamadan (akyiri yi, asɔrefie wɔ Yerusalem) ne asɔfokuw a wɔde ɔsom kronn bɛma wɔ ahyiae ntamadan no mu. Ná apam no a wobedi so no hwehwɛ sɛ wotie Yehowa mmara horow, na ne titiriw no, wɔsom ɔno nkutoo. Mmara Nsɛm Du a na mmara horow no gyina so no mu nea edi kan ne sɛ: “Mene [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no. Nnya anyame foforo nka me ho.”—Exodus 20:2, 3.
Nhyira Horow a Mmara Apam no De Bae
11, 12. Akwan bɛn so na apam dedaw no mu bɔhyɛ ahorow no nyaa mmamu wɔ Israel so?
11 So bɔhyɛ ahorow a na ɛwɔ Mmara apam no mu no nyaa mmamu wɔ Israel so? So Israel bɛyɛɛ “ɔman kronkron”? Sɛ́ Adam asefo no, na Israelfo no yɛ abɔnefo. (Romafo 5:12) Nanso, na wɔbɔ afɔre ahorow de pata wɔn bɔne wɔ Mmara no ase. Yehowa kaa afɔre ahorow a na wɔbɔ wɔ afe afe Mpata Da no ho asɛm sɛ: “Da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho atew afi mo bɔne nyinaa mu, [Yehowa, NW] anim.” (Leviticus 16:30) Enti, sɛ Israel di nokware a, na wɔyɛ ɔman kronkron a wɔatew ho ama Yehowa som. Nanso na saa ahotew tebea yi gyina Mmara no a wobedi so ne afɔre a wɔbɛbɔ no bere nyinaa no so.
12 So Israel bɛyɛɛ “asɔfo ahemman”? Efi mfiase pɛɛ no, na ɛyɛ ahemman a Yehowa di so sɛ ɔsoro Hene. (Yesaia 33:22) Afei nso, na nnipa adedi ho nhyehyɛe wɔ Mmara apam no mu, enti akyiri yi, ahene gyinaa Yehowa ananmu dii ade wɔ Yerusalem. (Deuteronomium 17:14-18) Nanso na Israel yɛ asɔfo ahemman anaa? Wiɛ, na wɔwɔ asɔfokuw a wɔde ɔsom kronn ma wɔ ahyiae ntamadan no mu. Ná ahyiae ntamadan (akyiri yi, asɔrefie) no ne faako a Israelfo ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo nyinaa de ɔsom kronn ma. Ná ɔman no nkutoo na wɔnam wɔn so yi nokware adi kyerɛ adesamma. (2 Beresosɛm 6:32, 33; Romafo 3:1, 2) Ná ɛnyɛ Lewi asɔfo nko, na mmom na Israelfo anokwafo nyinaa nso yɛ Yehowa ‘adansefo.’ Ná Israel yɛ Yehowa ‘akoa,’ a ɔnwenee wɔn sɛ ‘wɔnka n’ayeyi nkyerɛ.’ (Yesaia 43:10, 21) Ananafo ahobrɛasefo pii huu sɛnea Yehowa de ne tumi di maa ne nkurɔfo, na wɔn ani begyee ɔsom kronn ho. Wɔbɛdanee Yudafo. (Yosua 2:9-13) Nanso abusua biako pɛ na na wɔsom sɛ asɔfo a wɔasra wɔn ankasa.
Wɔn a Wɔdanee Yudafo Wɔ Israel
13, 14. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na wɔn a wɔadan Yudafo no nni Mmara apam no mu bi? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔadan Yudafo no baa Mmara apam no ase?
13 Ná dɛn ne saafo a wɔadan Yudafo yi gyinabea? Bere a Yehowa yɛɛ n’apam no, ɔne Israel nkutoo na ɛyɛe; ɛwom sɛ na “afrafrafo pii” ka wɔn ho de, nanso wɔammɔ wɔn din sɛ wɔka ho. (Exodus 12:38; 19:3, 7, 8) Wɔankan wɔn mmakan anka ho bere a wɔresẽsẽ agyede bo a wobetua wɔ Israel mmakan ho no. (Numeri 3:44-51) Mfe pii akyi no, bere a wɔtetew Kanaan asase no maa Israel mmusuakuw no, wɔantwa bi amma gyidifo a wɔnyɛ Israelfo no. (Genesis 12:7; Yosua 13:1-14) Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wɔadan Yudafo no na wɔne wɔn yɛɛ Mmara apam no. Nanso mmarima a na wɔadan Yudafo no yɛɛ setie maa Mmara no, twaa twetia. Wɔde emu ahyɛde no yɛɛ adwuma, na wonyaa nsiesiei ahorow a ɛwom no so mfaso. Wɔn a na wɔadan Yudafo ne Israelfo nyinaa bɛhyɛɛ Mmara apam no ase.—Exodus 12:48, 49; Numeri 15:14-16; Romafo 3:19.
14 Sɛ nhwɛso no, sɛ obi a wadan Yudani nsa pa kum obi a, na otumi guan kɔ guankɔbea kurow bi mu te sɛ Israelni ara pɛ. (Numeri 35:15, 22-25; Yosua 20:9) Sɛ edu Mpata Da a, na wɔbɔ afɔre ma “Israelfo asafo nyinaa.” Ná wɔn a wɔadan Yudafo no nya dwumadi no mu kyɛfa sɛ asafo no mufo, na na afɔrebɔ no pata ma wɔn nso. (Leviticus 16:7-10, 15, 17, 29; Deuteronomium 23:7, 8) Wɔn a na wɔadan Yudafo ne Israelfo no bɔe denneennen wɔ Mmara no ase araa ma, wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a wɔde ‘ahenni safe’ a edi kan no dii dwuma wɔ Yudafo ho no, wɔn a na wɔadan Yudafo no nso nyaa mu mfaso. Ne saa nti, “Nikolao a ɔyɛ Yudafo hokafo bi a ofi Antiokia” no bɛyɛɛ Kristoni, na na ɔka “mmarima baason a wɔwɔ din pa” a wɔpaw wɔn sɛ wonni Yerusalem asafo no ahiade ho dwuma no ho.—Mateo 16:19; Asomafo no Nnwuma 2:5-10; 6:3-6; 8:26-39.
Yehowa Hyira Abraham Asefo
15, 16. Ɔkwan bɛn so na apam a Yehowa ne Abraham yɛe no nyaa mmamu wɔ Mmara apam no ase?
15 Bere a wɔhyehyɛɛ Abraham asefo sɛ ɔman wɔ Mmara no ase no, Yehowa hyiraa wɔn, sɛnea ɔhyɛɛ tete agya no bɔ no. Wɔ 1473 A.Y.B. no, Yosua a obedii Mose ade no, dii Israel anim kɔɔ Kanaan. Asase no a akyiri yi, wɔkyekyɛɛ mu maa mmusuakuw no, maa bɔ a Yehowa hyɛe sɛ ɔde asase no bɛma Abraham asefo no nyaa mmamu. Bere a Israel dii nokware no, Yehowa dii ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma wɔadi wɔn atamfo so nkonim no so. Eyi baa mu titiriw wɔ Ɔhene Dawid nniso mu. Eduu Dawid ba Salomo bere so no, Abraham apam no fã a ɛto so abiɛsa nyaa mmamu. “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.”—1 Ahene 4:20.
16 Nanso na ɔkwan bɛn so na wobehyira amanaman no wɔ Abraham asefo Israel mu? Sɛnea yɛadi kan aka no, na Israel yɛ Yehowa man titiriw, n’ananmusifo ma amanaman no. Bere tiaa bi ansa na Israel rekɔ Kanaan no, Mose kae sɛ: “Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese.” (Deuteronomium 32:43) Ananafo pii gyee ɔfrɛ no so. Ná “afrafrafo pii” adi Israelfo akyi afi Misraim dedaw, na na wɔahu Yehowa ahoɔdenne wɔ sare no so, ate Mose mpaemuka a ese wɔmmɔ anigyese no. (Exodus 12:37, 38) Akyiri yi, Moabni bea Rut waree Israelni Boas, na ɔbɛyɛɛ Mesia no nanabea. (Rut 4:13-22) Kenini Yehonadab ne n’asefo, ɛne Etiopiani Ebed-Melek, daa wɔn ho adi sɛ nnipa a wɔbataa nnyinasosɛm pa ho bere a Israelfo ankasa no mu pii anni nokware no. (2 Ahene 10:15-17; Yeremia 35:1-19; 38:7-13) Bere a na wɔhyɛ Persia Ahemman ase no, ananafo pii bɛyɛɛ Yudafo na wɔne wɔn boom ko tiaa Israelfo atamfo.—Ester 8:17, NW ase hɔ asɛm.
Apam Foforo Ho Hia
17. (a) Dɛn nti na Yehowa poo Israel atifi ne anafo fam nhemman no? (b) Dɛn na ɛma wɔpoo Yudafo korakora?
17 Nanso, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn man titiriw no atumi ahu Onyankopɔn bɔhyɛ mmamu a edi mũ koraa no, na ɛsɛ sɛ wodi nokware. Wɔanyɛ saa. Ɛwom, Israelfo binom daa gyidi soronko adi. (Hebrifo 11:32–12:1) Nanso, mpɛn pii no, ɔman no de wɔn ho maa abosonsomfo anyame, de hwehwɛɛ honam fam mmoa. (Yeremia 34:8-16; 44:15-18) Ankorankoro de Mmara no dii dwuma ɔkwammɔne so anaa wobuu wɔn ani guu so koraa. (Nehemia 5:1-5; Yesaia 59:2-8; Malaki 1:12-14) Salomo wu akyi no, Israel mu bɛkyɛɛ abien bɛyɛɛ atifi fam ne anafo fam ahemman. Bere a atifi fam ahemman no bɛyɛɛ atuatewfo korakora no, Yehowa kae sɛ: “Wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: nni me sɔfo.” (Hosea 4:6) Wɔtwee anafo fam ahemman no nso asõ kɛse esiane sɛ wobuu apam no so nti. (Yeremia 5:29-31) Bere a Yudafo no annye Yesu antom sɛ Mesia no, Yehowa nso poo wɔn. (Asomafo no Nnwuma 3:13-15; Romafo 9:31–10:4) Awiei koraa no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe foforo a ɔde bɛma Abraham apam no anya mmamu korakora.—Romafo 3:20.
18, 19. Nhyehyɛe foforo bɛn na Yehowa yɛe na ama Abraham apam no anya mmamu korakora?
18 Nhyehyɛe foforo no ne apam foforo no. Ná Yehowa ahyɛ eyi ho nkɔm bere a ɔkae sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, [Yehowa, NW] asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo. . . . Eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, [Yehowa, NW] asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn [Nyankopɔn], na wɔn nso ayɛ me [man].”—Yeremia 31:31-33.
19 Eyi ne apam foforo a Yesu kaa ho asɛm wɔ Nisan 14, 33 Y.B. no. Ɔdaa no adi saa bere no sɛ Yehowa ne n’asuafo no rebɛyɛ apam a wɔhyɛɛ ho bɔ no, na Yesu na ɔbɛyɛ ntamgyinafo. (1 Korintofo 11:25; 1 Timoteo 2:5; Hebrifo 12:24) Ɛdenam saa apam foforo yi so no, na Yehowa bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no benya mmamu a nidi wom na ɛbɛtra hɔ akyɛ, asen nea etwaam no, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Bɔ bɛn na Yehowa hyɛe wɔ Abraham apam no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa Abraham apam no nyaa mmamu wɔ honam fam Israel so?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔn a na wɔadan Yudafo no nyaa apam dedaw no so mfaso?
◻ Dɛn nti na na apam foforo ho hia?
[Kratafa 9 mfonini]
Ɛdenam Mmara apam no so no, Yehowa maa Abraham apam no nyaa mmamu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so