Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Kristofo Biakoyɛ Mu A Yebekura Wɔ Adwuma Mu Nkitahodi Mu
    Ɔwɛn-Aban—1987 | April 1
    • Hia A Nhyehyɛe Ankasa A Wɔyɛ Ho Hia

      5. Ɔkwan bɛn so na asase bi a Abraham tɔe no kyerɛ bo a nhyehyɛe a wɔhyɛ da yɛ som?

      5 Sɛnea ɛbɛboa ma woasiw akasakasa wɔ adwuma mu nsɛm mu ano no, susuw ɔkwan a Abraham faa so tɔɔ asase bi no ho. Na Abraham “karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma tee no maa no, nnwetɛbona ahannan a aguadifo di no. Na wɔde Efron afuw a ɛwɔ Makpela . . . hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma nyinaa anim.” Na eyi nyɛ nnipa baanu ntam kokoam nhyehyɛe. Na ɛyɛ nhyehyɛe ankasa a wosii so dua wɔ adansefo anim. Akyinnyegye biara ansɔre wɔ nea na watɔ no ne ne bo ankasa ho.​—Genesis 23:2-4, 14-18.

      6. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi ayɛ krataa ato adwuma ho nhyehyɛe so?

      6 Saa ara na ɛyɛ nea nyansa wom ma Kristofo sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɛho hia ho nhyehyɛe. Sɛ ɛyɛ nea ɛfa biribi a wɔretɔn ho a, ebia wɔbɛkyerɛw ade ko a wɔretɔn no, ne bo, ɔkwan a wɔbɛfa so atua ka, bere bɛn ne ɔkwan a wɔn nsa bɛfa so aka, ne nneɛma afoforo a wɔapene so, ato hɔ. Sɛ ɛyɛ nea ɛfa adwuma bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho a, ebia wɔbɛkyerɛw adwuma ko no, bere ‘a ɛsɛ sɛ wowie yɛ, ne bo, ne nneɛma afoforo, ato hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ date wɔ krataa yi so na wɔde wɔn nsa hyɛ ase, na ɛsɛ sɛ afanu no nyinaa de biako sie. Nhyehyɛe a ɛte sɛɛ a wɔkyerɛw to hɔ ho hia titiriw wɔ adwuma a wɔbom yɛ mu. Ɛboa afanu no nyinaa ma wɔte wɔn nkitahodi no ase yiye na ɛboa wɔn ma wɔtra ase ma ɛne Yesu afotu no nso hyia sɛ: “Momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi dabi!” (Mateo 5:37) Wɔ nea emu nsɛm kɔ akyiri kɛse mu no, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobɛma obi a ɔwɔ ho nimdeɛ aboa mo ma moakyerɛw ɛho nhyehyɛe no ato hɔ.

  • Kristofo Biakoyɛ Mu A Yebekura Wɔ Adwuma Mu Nkitahodi Mu
    Ɔwɛn-Aban—1987 | April 1
    • [Mfonini wɔ kratafa 11]

      Abraham sii asase a ɔtɔe so dua denam ɛho nhyehyɛe ankasa a ɔne Efron yɛe no so

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena