Abraham Wosiee no wɔ Ha, Nanso Ɔte Ase?
Mfeha pii ni no, Yudafo, Nkramofo, ne Kristofo atu kwan akɔ saa beae yi.
Wubetumi akɔhwɛ hɔ wɔ tete kurow Hebron a ɛwɔ Yerusalem kesee fam no mu. Wɔfrɛ saa dan yi Haram el-Khalil anaa Tete Agyanom Bodan. Yiw, nnipa pii gye tom sɛ ɛha na wosiee tete agyanom Abraham, Isak, ne Yakob, ne afei wɔn yerenom Sara, Rebeka, ne Lea.
Kae sɛ Bible ka sɛ bere a Abraham yere Sara wui no, ɔtɔɔ ɔbodan ne asase wɔ Makpela, a na ɛbɛn Hebron de yɛɛ amusiei. (Genesis 23:2-20) Akyiri yi, wosiee Abraham nso ne n’abusuafo afoforo wɔ hɔ. Mfeha pii akyi no, Herode Ɔkɛseɛ sii dan kɛse bi twaa tetefo amusiei no ho hyiae, na bere kɔɔ so no, wɔn a wobegyee tumidi no siesiee hɔ, na wɔtrɛw mu de daa wɔn ankasa nyamesom mu gyidi adi.
Sɛ wokɔ mu a, wubehu nkaedum (anaa abodan a hwee nnim) asia. Nea ɛwɔ mfinimfini yi yɛ Abraham ba Isak de. Wɔatutu nkyɛn ntokuru wɔ fam, na ɛno na wɔfa mu kɔ ase. Nhwehwɛmufo akohu mpia a ɛbɛyɛ sɛ na tete nnompe pii wom.
Abraham nso ɛ? Sɛ wosiee no wɔ saa dan yi ase ɔbodan bi mu a, ɛnde na owui akyɛ, ɛnte saa? Wɔn a wɔkɔ hɔ pii begye atom. Nanso odiyifo bi a ɔsen Abraham kae sɛ Abraham da so ara te ase ɔkwan bi so. Ɔkwan bɛn so? Na eyi betumi aka wo gyidi dɛn?
Yɛsrɛ wo kenkan asɛm a wɔato din “W’adɔfo a Wɔawuwu—Ɛhe na Wɔwɔ?” (Kratafa 3) Ɛka asɛm a saa odiyifo kɛse no kae a ɛkyerɛ sɛ Abraham te ase no ho asɛm, na saa asɛm no so betumi aba wo ne w’abusua mfaso kɛse.