Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Anuanom Mmea A Wohuu Amane A ‘Wɔkyekyee Israel Fie’
    Ɔwɛn-Aban—2007 | October 1
    • Rahel Mma

      Saa bere no, sɛ obi nwo a, na ɛyɛ ɔhaw. Ná Onyankopɔn ahyɛ Abraham, Isak, ne Yakob bɔ sɛ “aseni” no befi wɔn abusua mu, na wɔnam no so na wobehyira mmusuakuw nyinaa. (Genesis 26:4; 28:14) Nanso, na Rahel nni mma. Yakob kae sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama Rahel awo mma, na watumi aboa ma saa nhyira no abam. Nanso, na Rahel repere ne ho. Rahel ka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Hwɛ, m’afenaa Bilha ni, kɔ ne ho, na ɔnwo ngu me srɛ so, na me nso minnya ne ho mma.”—Genesis 30:2, 3.

      Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛte nea Rahel yɛe no ase. Nanso, wɔ aware ahorow a wɔhyehyɛe wɔ tete mmere mu ho kyerɛwtohɔ bi a wohui wɔ aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no so mu no, na wɔkyerɛ sɛ sɛ ɔyere bi nwo a, na obetumi de n’afenaa ama ne kunu ma wawo ama no.a (Genesis 16:1-3) Ɛtɔ mmere bi a, na wotumi bu afenaa no mma no sɛ wɔyɛ ɔyere a ɔnwo no mma.

      Bere a Bilha woo ɔbabarima no, Rahel de anigye kae sɛ: “Onyankopɔn adi m’asɛm, na watie me nne nso ama me ɔba.” Enti ɔtoo ne din Dan a ase ne, “Ɔsennifo.” Ɛda adi sɛ, ná Rahel nso abɔ ne haw no ho mpae. Bere a Bilha woo ɔbabarima a ɔto so abien a ɔtoo ne din Naftali a ase ne “M’akodi” no, Rahel kae sɛ: “Ako akɛse na me ne me nuabea adi, nso matumi no.” Edin ahorow a wɔde totoo mmofra no ma yehu sɛnea na wɔretwe kora denneennen no.—Genesis 30:5-8.

      Ebia Rahel nyaa adwene sɛ Bilha a ɔde no maa Yakob no yɛ mpae a ɔbɔe no ho adwuma na na ɔreyɛ, nanso na ɛnyɛ saa kwan yi na na Onyankopɔn bɛfa so ama no anya mma. Yebetumi asua biribi afi saa asɛm yi mu. Sɛ yɛsrɛ Yehowa hɔ biribi a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho wɔ ho. Obetumi abua yɛn mpaebɔ wɔ ɔkwan bi a yɛn anni nna so so ne bere a yɛnhwɛ kwan.

  • Anuanom Mmea A Wohuu Amane A ‘Wɔkyekyee Israel Fie’
    Ɔwɛn-Aban—2007 | October 1
    • a Aware ho kyerɛwtohɔ no biako a wohui wɔ Nuzi a ɛwɔ Iraq no kenkan sɛ: “Wɔde Kelim-ninu ama Shennima aware. . . . Sɛ Kelim-ninu anwo [mma] a, Kelim-ninu bɛpɛ ɔbea bi [afenaa bi] a ofi Lullu asase so ama Shennima aware no.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena