Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Anuanom Mmea A Wohuu Amane A ‘Wɔkyekyee Israel Fie’
    Ɔwɛn-Aban—2007 | October 1
    • Adesãa bi a Lea ba Ruben kɔfa baa fie no ma yehu sɛnea na Rahel ne Lea retwe kora no. Ná nkurɔfo susuw sɛ saa aduaba yi boa ma ɔbea tumi nyinsɛn. Bere a Rahel srɛɛ Lea sɛ ɔmma no adesãa no bi no, Lea kaa asɛm bi de twiw Rahel sɛ: “So ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu, na worebegye me ba adesãa nso anaa?” Ebinom anya adwene sɛ, saa asɛm yi a Lea kae no kyerɛ sɛ na Yakob taa kɔda Rahel nkyɛn sen Lea. Ɛbɛyɛ sɛ Rahel hui sɛ asɛm a Lea kae no yɛ nokware, efisɛ obuaa no sɛ: “Wo ba adesãa no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.” Enti, bere a Yakob baa fie anwummere no, Lea ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra me nkyɛn, efisɛ ɔtɔ na mede me ba adesãa matɔ wo.”—Genesis 30:15, 16.

  • Anuanom Mmea A Wohuu Amane A ‘Wɔkyekyee Israel Fie’
    Ɔwɛn-Aban—2007 | October 1
    • Adesãa no ammoa Rahel amma no anyinsɛn. Bere a Rahel waree no, mfe asia akyi na onyinsɛn woo Yosef. Na ɛyɛ Yehowa na ‘ɔkaee’ no na obuaa ne mpaebɔ. Ɛyɛ saa bere no na Rahel tumi kae sɛ: “Onyankopɔn ayi m’ahohora.”—Genesis 30:22-24.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena