Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 10/8 kr. 12-14
  • Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔkyerɛ Mma Dodow a Obi Nwo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔkyerɛ Mma Dodow a Obi Nwo?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awo Anosiw—Dɛn Nti na Wogye Ho Kyim?
  • Nea Bible no Ka
  • Si Gyinae a Wubetumi Agyina Ano
  • Mmofra​—Agyapade Anaasɛ Adesoa?
    Nyan!—1993
  • Awo Ho Nhyehyɛe​—Kristoni Adwene
    Nyan!—1993
  • Awofo—Montete Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Abawo a Wosusuw Ho Yiye wɔ Awiei Bere Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 10/8 kr. 12-14

Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔkyerɛ Mma Dodow a Obi Nwo?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ

WƆDE abarimaa a wadi nnansa pɛ too rɔba bag mu tow no kyenee asase ase keteke gyinabea bi. Nanso Brazilfo atesɛm krataa bi kae sɛ mmusua pii pɛe sɛ wogye abofra no yɛ wɔn de.

Ɛwom sɛ nsɛm a ɛte saa pɔtee ntaa nsi de, nanso mmofra a wɔmpɛ wɔn ne wɔn a wɔpow wɔn no redɔɔso wɔ wiase nyinaa. Mpɛn pii no, ɔbaatanpa yɛ ho yɛ den. So awo anosiw ne ano aduru? Ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi besusuw mma dodow a ɛsɛ sɛ ɔwo ho?

Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ no, nyinsɛn biara bɛyɛ ɔha mu 50 na wɔnhwɛ kwan wɔ wiase nyinaa. Mpɛn pii no, ɛnyɛ sɛ nyinsɛn yɛ ade a wɔnhwɛ kwan nko, na mmom ɛyɛ nea wɔmpɛ nso.

Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati nyinsɛn, ebia esiane akwahosan, atrae, anaa adwuma ho haw nti. Enti, akwan a wɔnam so siw awo ano, te sɛ nnuru a wɔfa de siw nyinsɛn ano anaa kɔndɔm abu so. Wɔde nyinsɛn a woyi gu ne awotwa nso di dwuma sɛ akwan a wɔfa so siw awo ano. Ɛdefa nyinsɛn a woyi gu wɔ Brazil ho no, atesɛm krataa O Estado de S. Paulo bɔ amanneɛ sɛ: “Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bu akontaa sɛ mmea ɔpepem 13 a wonyinsɛn afe biara wɔ Brazil no mu ɔpepem 5 na woyi nyinsɛn no gu kokoam.” Afei nso, Time nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ Brazil mmea a wɔadu awo mfe so a wɔne mmarima bi te no ɔha biara mu 71 na wosiw nyinsɛn ano. Eyinom mu ɔha biara mu 41 na wɔde nnuru di dwuma, na wɔn mu ɔha biara mu 44 na wɔatwa wɔn awo.

Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ Brazilfo ɔha biara mu 75 susuw sɛ ɛho hia sɛ obi yɛ mma dodow a ɔbɛwo ho nhyehyɛe. Afoforo pow awo ho nhyehyɛe esiane sɛ wogye nkrabea di anaasɛ wosusuw sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ abusua bi bɛwo ‘mma dodow biara a Onyankopɔn de ma’ nti. Hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ mma dodow a obi nwo—awarefo no anaa ɔman no anaa nyamesom adwene?

Awo Anosiw—Dɛn Nti na Wogye Ho Kyim?

Ɛwom sɛ wɔma awo anosiw a ɛne sɛ obi bɛtwe ne ho afi nna ho wɔ mmere bi mu ho kwan de, nanso Roma Katolek Asɔre a ɛne Brazil ɔsom a ɛsõ sen biara no pow akwan a wɔfa so siw awo ano, sɛ́ ebia ɛyɛ nyinsɛn a woyi gu anaa ɛnte saa no. Pope Paul VI kae sɛ: “[Ɛsɛ sɛ] ɔbarima ne ɔbea nna biara bue kwan ma nkwa.” Pope John Paul II kae sɛ: “Sɛ yesusuw atirimpɔw a wɔde siw awo ano no ho a, ɛyɛ ade bɔne koraa a yɛrentumi nnyina biribiara so nnye ntom da.” Nea afi mu aba ne sɛ, Katolekfo pii mpɛ sɛ wobesiw mma dodow a wɔwo ano, esiane sɛ wosusuw sɛ awo anosiw yɛ bɔne nti.

Ɔkwan foforo so no, aduruyɛ ho nsɛmma nhoma Lancet ka sɛ: “Nnipa ɔpepem pii bɛtra ase a worennya nhomasua, adwuma, wonnya afie pa, ne aduruyɛ, yiyedi ne ahotew ho mmoa a wɔde ma a ɛba fam sen biara mpo, na nnipa dodow a ɛrenya nkɔanim a wɔnhwɛ nsiw ano ne ade titiriw a ɛbɛma aba saa.” Esiane sɛ nniso ahorow bi suro sɛ nnipa no dodow bɛboro so na ohia aba nti, wɔhyɛ awo ho nhyehyɛe ho nkuran, ɛmfa ho sɛ asɔre no kasa tia. Sɛ nhwɛso no, abɔde a nkwa wom ho nimdefo Paul Ehrlich ka sɛ: “Costa Rica tew mma dodow a ɛsɛ sɛ [abusua biara] wo so fii 7 baa 3.”

UN nhoma Facts for Life—A Communication Challenge ka sɛ: “Sɛ ɔbea bi wo mma anan a, nyinsɛn a obenyinsɛn bio no de asiane kɛse ba ɛna no ne abofra no nyinaa nkwa ne wɔn akwahosan so. Ne titiriw no, sɛ mfe a ɛdeda ntam no nnu mfe abien a, awo, nufuma, ne mmofra nketewa a ɔbɛhwɛ wɔn mpɛn pii no bɛma wagow ntɛm.”

Baabi a mmofra wu kɛse, titiriw wɔ Afrika, Asia, ne Latin Amerika, nkuraase no, wɔda so ara wɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso no pii. Dɛn ntia? Nnipa pii nnim ɔkwan a wɔfa so siw awo ano. Sɛnea mmaranimfo bi kae no, ebia ade biako nti a ɛte saa wɔ mmeae bi ne sɛ “ɔbarima da so susuw sɛ sɛ ne yere nyinsɛn afe biara nkutoo a na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima.” Jornal da Tarde ka ade foforo a egyina so, titiriw adwene a ɔbea no kura, ho asɛm: “Mmofra yɛ agyapade a ɛma wɔn anigye kɛse no mu biako, na ɛkyerɛ nea wɔatumi ayɛ.” Afei nso, Paulo Nogueira Neto a kan no na ɔyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho soafo wɔ Brazil no kae sɛ: “Abofra yɛ ahiafo nkokorabere mu anidaso.”

Nea Bible no Ka

So wunim sɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible, no gyaw mma dodow a ɛsɛ sɛ obi wo ho gyinaesi no ma okunu ne ɔyere? Ɛsan kyerɛ sɛ aware yɛ ade a ɛfata, sɛ́ ɛma wɔwo anaa ɛma wonya ɔbarima ne ɔbea nna ho anigye no.—1 Korintofo 7:3-5; Hebrifo 13:4.

Nanso Onyankopɔn anka ankyerɛ Adam ne Hawa wɔ Paradise sɛ ‘wɔnwo, na wɔnnɔ, na wɔnhyɛ asase so ma’? (Genesis 1:28) Yiw, nanso biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ yɛhyɛ saa mmara koro no ara ase nnɛ. Nhomakyerɛwfo Ricardo Lezcano daa no adi sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛbɔ abira ɔkwan bi so sɛ yɛde asɛm koro no ara a na ɛfa nnipa baanu pɛ a na wɔte okyinsoromma no so no bedi dwuma ama nnipa [ɔpepepem pii].” Sɛ mpo obi si gyinae sɛ ɔrenwo koraa a, eyi yɛ n’ankasa gyinaesi a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu wɔ ho.

Anigyesɛm ne sɛ, New Catholic Encyclopedia no ka adwene a Yehowa Adansefo kura ho asɛm sɛ egyina Bible so. Ɛka sɛ: “Sɛ yɛde awo anosiw, a wogyaw ma awarefo no ankasa ma wosi ho gyinae, no to nkyɛn a, wɔn aware ne nna ho abrabɔ gyinapɛn yɛ nea emu yɛ den.” Ɛde ka ho sɛ: “Wobu Bible sɛ ɛno nkutoo so na wɔn gyidi ne wɔn abrabɔ ho mmara gyina.”

So akwan a wɔfa so tew mma dodow so nyinaa na eye? Dabi. Esiane sɛ nkwa yɛ kronkron nti, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wobu obi a oyi nyinsɛn gu sɛ owudifo. (Exodus 20:13; 21:22, 23) Ɛdefa awotwa, te sɛ mmarima a wɔyɛ wɔn oprehyɛn, ho no, esiane sɛ wɔnhyɛ da mmɔ eyi din wɔ Bible mu nti, gyinaesi no gyina obi ankasa ahonim so. “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5)a Na esiane sɛ akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so siw awo ano nti, aduruyɛ mu akwankyerɛ betumi aboa awarefo bi ma wɔasi gyinae sɛ ebia wɔpɛ sɛ wɔde emu biako bi di dwuma anaa wɔrenyɛ saa.

Si Gyinae a Wubetumi Agyina Ano

Ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ asetra mu. Nanso wobɛtɔ kar anaa ɔdan a worensusuw nea ɛwom ho anibere so? Wubetumi asan atɔn kar anaa ɔdan, nanso worentumi nsan mfa mma nkɔ baabi a wofi bae. Enti, sɛ okunu ne ɔyere resusuw nyinsɛn ho a, so ɛnsɛ sɛ wosusuw sɛnea wobetumi adi asetra mu ahiade ahorow ho dwuma ho?

Nokwarem no, yɛrempɛ sɛ ɔkɔm bɛde yɛn mmusua, saa ara na yɛrempɛ sɛ yɛbɛyɛ adesoa ama afoforo. (1 Timoteo 5:8) Bere koro no ara no, sɛ yɛde aduan ne atrae to nkyɛn a, mmofra hia nhomasua, abrabɔ ho gyinapɛn, ne ɔdɔ.

Ade a ɛsɛ sɛ wosusuw ho ka nea ehia wɔ adwuma, sika, ne boasetɔ ho ne ɔyere no akwahosan. Nyinsɛn a wofi nyansam ma mu tetew no kora nkwa so, na ɛde akwahosan pa ba. Facts for Life ka sɛ: “Akwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so tew nyinsɛn ne awo mu asiane so ma ɛna ne abofra no nyinaa ne sɛ wɔbɛtetew mmere a wɔde wo no mu. Awo mu asiane dɔɔso sen biara bere a ɛna no nnii mfe 18 anaa ɔboro mfe 35, anaasɛ wɔadi kan anyinsɛn anan anaa nea ɛboro saa, anaa bere a ɔwoo ne ba a otwa to no nnii mfe abien no.”

Ɛsɛ sɛ awarefo a wɔredwen awo ho no susuw ho sɛ, sɛnea Bible ka siei no, yɛwɔ wiase bi a nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, akodi, ne sikasɛm mu ahokyere ayɛ no mã mu. (Mateo 24:3-12; 2 Timoteo 3:1-5, 13; Adiyisɛm 6:5, 6) Ɔdɔ a efi komam a awarefo benya ama mmofra no bɛboa wɔn ma wɔasusuw wiase a yɛte mu no ho yiye, na wɔahu sɛ mmofra tete yɛ ɔhaw kɛse wɔ yɛn bere yi mu. Enti sɛ anka wɔbɛma nneɛma ho kwan kɛkɛ na wɔawo mma dodow biara a wobenya, a wɔn anidaso ne sɛ nneɛma bɛyɛ yiye no, nea pii pɛ ne sɛ wɔbɛpaw mma dodow a wɔbɛwo na ama wɔn mma no anya anigye ne ahobammɔ kɛse.

Wɔ boa a Onyankopɔn Asɛm boa yɛn ma yefi nyansam si abusuasɛm ho gyinae akyi no, ɛde daakye ho anidaso pintinn ma yɛn. Bible kyerɛ sɛ ɛyɛ Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw sɛ nnipa bɛtra asomdwoe ne anigye mu daa wɔ paradise asase so. Nea ɛbɛyɛ na wayɛ eyi no, ɛrenkyɛ Onyankopɔn de nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. Afei, wɔ trenee wiase foforo a ohia ne nnipa a wɔdɔɔso dodo nnim mu no, wɔrentow mmofra ngu bio esiane sɛ wɔmpɛ wɔn nti.—Yesaia 45:18; 65:17, 20-25; Mateo 6:9, 10.

Ɛda adi pefee sɛ, susuw a awarefo besusuw wɔn ho wɔn ho ne mmofra no ho, na wɔanya awo ho adwene a ɛkari pɛ no bɛboa wɔn ma wɔasi mma dodow a ɛsɛ sɛ wɔwo ho gyinae. Sɛ́ anka wobebu wɔn ani agu so no, ɛsɛ sɛ wɔde mpaebɔ hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma wɔyɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw bi nka ho.”—Mmebusɛm 10:22, NW.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ May 1, 1985, Ɔwɛn-Aban (Engiresi de) no kratafa 31.

[Kratafa 12 mfonini]

Wɔpow mmofra ɔpepem pii

[Kratafa 13 mfonini]

Mmofra hia ɔhwɛ a ɔdɔ wom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena