Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr20 April kr. 1-kr. 2
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • APRIL 13-19
  • APRIL 20-26
  • APRIL 27–MAY 3
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2020
mwbr20 April kr. 1-kr. 2

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

APRIL 13-19

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 31

it-1 883 ¶1

Galeed

Bere a Yakob ne Laban siesiee nsɛmnsɛm a ɛsɔree wɔ wɔn ntam wiei no, wɔyɛɛ apam sɛ wɔbɛma asomdwoe atena wɔn ntam. Wei nti, Yakob faa abo de yɛɛ nkaedum, na ɔka kyerɛɛ ne “nuanom” no sɛ, wɔmmoaboa abo ano; ɛbɛyɛ sɛ wɔboaboaa ano yɛɛ no te sɛ pon, na wodii apam no ho aduan wɔ so. Aram anaa Siria din a Laban de frɛɛ abokuw no ne “Yega-Sahaduta,” na saa din no ara na Laban de too baabi a wɔyɛɛ apam no. Nanso Hebri mu no, Yakob frɛɛ hɔ “Galeed.” Laban kaa sɛ: “Abokuw yi [Hebri mu no, gal] bɛyɛ adanse [Hebri mu no, ʽedh] wɔ me ne wo ntam nnɛ.” (Ge 31:44-48) Ná saa abokuw anaa nkaedum yi bɛyɛ adanse ama obiara a obetwam wɔ hɔ. Sɛnea nkyekyɛm 49 kae no, “Ɔwɛn Aban no [Hebri mu no, mits·pahʹ],” dii adanse sɛ Yakob ne Laban ayɛ apam sɛ wɔbɛma asomdwoe atena wɔne wɔn mmusua ntam. (Ge 31:50-53) Akyiri yi, afoforo nso de abo dii dwuma de yɛɛ adanse te sɛ nea Yakob ne Laban yɛe no.—Yos 4:4-7; 24:25-27.

it-2 1172

Ɔwɛn-Aban

Ɛyɛ abokuw bi a Yakob hyehyɛe a ɔfrɛɛ no “Galeed” (ɛkyerɛ “Adanse Kuw”) ne “Ɔwɛn-Aban.” Laban kaa sɛ: “Sɛ wokɔ na me nso mekɔ a, Yehowa nhwɛ me ne wo ntam.” (Ge 31:45-49) Ná saa abokuw no bɛma wɔn mmienu akae sɛ Yehowa rehwɛ sɛ wobedi asomdwoe apam a wɔayɛ no so anaa.

Tweetwee Bible Mu

it-2 1087-1088

Terafim

Wɔn a wotutu fam wɔ Mesopotamia ne ne mpɔtam hɔ no kyerɛ sɛ, na obi wɔ terafim honi no bi a, ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ abusua ti no ka baabi a, ɔno na obenya abusua no agyapade no. Ɔbo bi a wɔakyerɛw so a wohui wɔ Nuzi ka sɛ, sɛ ɔbarima bi kɔware ofie bi mu na ɔbea no papa wu, na sɛ abusua no terafim honi bedi ne nsam a, tebea bi betumi ama wakɔ asɛnnibea akogye ɔbea no papa a wawu no agyapade nyinaa. (Ancient Near Eastern Texts, edited by J. Pritchard, 1974, pp. 219, 220, ne ftn 51) Ebetumi aba sɛ na Rahel nim wei, enti bere a ne papa ne ne kunu Yakob anni no yiye no, onyaa adwene sɛ, sɛ ɔfa guan a, ɔnyɛɛ bɔne biara. (Fa toto Ge 31:14-16 ho.) Ná mmusua nni terafim honi ho agorɔ koraa. Wei ma yehu nea enti a na Laban awe ataa so sɛ, sɛnea ɛte biara ɛsɛ sɛ ne nsa ka terafim honi no. Laban faa ne nuanom no kaa ne ho twaa kwan nnanson tiw Yakob. (Ge 31:19-30) Ná Yakob nnim nea Rahel ayɛ no ho hwee. (Ge 31:32) Afei nso, Yakob anyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ, na ɔpɛ sɛ ɔde terafim honi no kogye Laban agyapade fi ne mma no nsam. Ná Yakob ne ahoni nni hwee yɛ. Bere a Yakob gyigyee ahoni a ɛwowɔ wɔn a wɔka ne ho no nkyɛn kosiee wɔ dua kɛse bi ase wɔ Sekem kurotia no, ɛbɛyɛ sɛ na terafim honi no ka ho.—Ge 35:1-4.

APRIL 20-26

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 32-33

it-2 190

Apakye anaa Obubuafo

Yakob Bɛyɛɛ Apakye. Bere a Yakob dii bɛyɛ mfe 97 no, ɔne Onyankopɔn bɔfo bi tentamee anadwo mũ no nyinaa. Wannyae ne mu ara kosii sɛ ɔbɔfo no hyiraa no. Bere a wogu so redi atentam no, ɔbɔfo no de ne nsa kaa Yakob dwonku ma ehuanee. Wei nti na Yakob tɔ gu ne nan so. (Ge 32:24-32; Ho 12:2-4) Ná wei bɛkae Yakob sɛ, ɛwom ɔne ‘Onyankopɔn adi apere nanso woatumi agyina mu,’ na ɛnyɛ sɛ odii Onyankopɔn bɔfo a ɔwɔ tumi no so nkonim. Nea enti a Onyankopɔn maa kwan maa Yakob ne ɔbɔfo no tentamee ne sɛ, na ɛne n’atirimpɔw hyia. Afei nso, na Onyankopɔn pɛ sɛ ohu sɛ Yakob ani gye ho paa sɛ obenya ne nhyira anaa.

it-1 1228

Israel

1. Wei ne edin a Onyankopɔn de maa Yakob bere a odii bɛyɛ mfe 97. Anadwo a Yakob twaa Yabok asutwaree sɛ ɔrekohyia ne nua Esau no, ohyiaa ɔbɔfo bi ne no tentamee. Esiane sɛ Yakob miaa n’ani ne ɔbɔfo no tentamee nti, Onyankopɔn hyiraa no na ɔsesaa ne din frɛɛ no Israel. Nea ɛbɛyɛ na Yakob akae nneɛma a esisii no, ɔtoo beae no din Peniel anaa Penuel. (Ge 32:22-31; hwɛ YAKOB No. 1.) Akyiri yi, bere a Yakob duu Betel no, Onyankopɔn tii mu kyerɛ no sɛ, wɔbɛfrɛ no Israel. Efi hɔ rekɔ no, na wɔtaa frɛ Yakob Israel kosii sɛ owui. (Ge 35:10, 15; 50:2; 1Be 1:34) Edin Israel no pue bɛboro 2,500 wɔ Bible mu. Emu pii wɔ hɔ a, wɔde ka Yakob asefo anaa Israel man no ho asɛm.—Ex 5:1, 2.

Tweetwee Bible Mu

it-1 980

Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn

Bere a Yakob ne Yehowa bɔfo tentamee wɔ Peniel no, Onyankopɔn sesaa ne din, na ɔfrɛɛ no Israel. Ɛno akyi no, ɔne ne nua Esau hyia siesiee wɔn ntam. Wowiei no, Yakob kɔtenaa Sukot, na ofii hɔ no, ɔkɔtenaa Sekem. Oduu hɔ no, ɔtɔɔ asase fii Hamor mma nkyɛn, na osii ne ntamadan wɔ so. (Ge 32:24-30; 33:1-4, 17-19) “Afei osii afɔremuka wɔ hɔ na ɔfrɛɛ no Onyankopɔn Israel Nyankopɔn,” anaa “Onyankopɔn yɛ Israel Nyankopɔn.” (Ge 33:20) Yakob de edin foforo a Onyankopɔn de maa no no too afɔremuka a osii no so. Ná wei kyerɛ sɛ, edin Israel a Onyankopɔn de maa no no, n’ani gye ho na na wagye atom. Afei nso, na ɛkyerɛ sɛ n’ani sɔ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne ho ban san de no baa Bɔhyɛ Asase so no. Asɛm “Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn” no pue pɛnkoro pɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.

APRIL 27–MAY 3

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 34-35

Tweetwee Bible Mu

it-1 600 ¶4

Debora

1. Ná ɔyɛ Rebeka afenaa anaa abaawa. Bere a Rebeka refi ne papa Betuel nkyɛn akɔ Palestina akɔware Isak no, Debora ne no kɔe. (Ge 24:59) Debora de mfe pii som Isak abusua no. Bere a Rebeka wui no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔsom Yakob abusua no nso. Ɛda adi sɛ, bere a Isak waree Rebeka bɛyɛ mfe 125 akyi no, Debora wui na wosiee no wɔ dua kɛse bi ase wɔ Betel. Wɔtoo dua no din “Alon-Bakut” a ɛkyerɛ Dua Kɛse a Wosui Wɔ Ase. Wei kyerɛ sɛ, na Yakob ne n’abusua dɔ Debora paa.—Ge 35:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena