Nnipa Dodow Anohyeto Ne—Wiase Nyinaa Nniso
WIASE nyinaa nniso biako, Onyankopɔn Ahenni! Ɛno yɛ Bible no asɛmti titiriw. Ne nniso no ahengua wɔ ɔsoro. Yehowa Nyankopɔn de bedi dwuma de ayi yɛn mprempren haw ahorow no afi hɔ koraa a nea nnipa a wɔadɔɔso dodo de aba no ka ho.
So yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ Onyankopɔn soro ahenni no mu sɛ ɛde nniso pa bɛba? Yiw, efisɛ Bible no ka sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” (Adiyisɛm 11:15) Nnipa wɔ sintɔ, Yehowa nte saa. So wokae obi a ɔfata sɛ odi hene sen Amansan Hene Yehowa ne ne Ba Kristo Yesu?
Esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ ɔsoro nti, so ɛbɛma n’ani akũ asase so ɔhaw ahorow ho ankasa? Yiw. Yesu Kristo tuu n’akyidifo fo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Bere a ɔyɛ onipa no, na wonim Yesu sɛ obi a ɔwɔ tema na ɔka nokware. Ɔremfa anidaso bi a ɛyɛ adwene mu nsusuwii ara kwa nnaadaa nnipa.—Mateo 14:14; 1 Petro 2:22.
Wɔwoo Yesu wɔ ahiafo abusua mu. (Fa Luka 2:24 toto Leviticus 12: 8 ho) Ná ne na kunu, Yosef, yɛ duadwumfo na ɔtetee n’abusua no wɔ kurow a ennyee din kɛse biara mu. Yesu bɛyɛɛ abusua a ɛso a anyɛ yiye koraa no emufo bɛyɛ baakron no fã: ne nã, ne ne nã kunu; ne nuanom mmarima baanan, Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda; ne anyɛ yiye koraa no ne nuanom mmea baanu ne n’ankasa. (Mateo 13:55, 56; Yohane 1:46) Enti, Yesu Kristo yɛ sodifo a onim abusua nkate ne ahiade horow yiye. Adesamma abusua no, adefo ne ahiafo, benya Ɔhene a ɔte sɛɛ ma watie wɔn haw ahorow.
Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn sɛ́ Ɔbɔadeɛ no na ɔde nnipa baanu a wodi kan no baa nkwa mu. Enti, Yehowa sɛ́ Ɔhenkɛse no kyerɛ adesamma ne wɔn haw ahorow ho dwuma a wobedi ho anigye a efi ɔdɔ mu. Ade biako a ɔbɛyɛ wɔ eyi mu ne yi a obeyi nniso biara a ɛhyɛ ne mma koma pafo so na ɛhaw wɔn no afi asase so. (Daniel 2:44) Saa kwan yi so no wobetumi de nneɛma a ɛwɔ asase so no nyinaa adi dwuma de aboa adesamma nyinaa, efisɛ Onyankopɔn Ahenni no remma ahopɛfo kuw biara kwan wɔ ne wiase nyinaa abusua no mu.—Yesaia 11:3-5; fa toto 65:21, 22 ho.
Ebegye bere tenten ahe ansa na adesamma anya nhyira horow yi? Ɛrenkyɛ. Amanehunu ahorow a efii ase fi Wiase Ko I so, ne nneɛma ahorow a ɛyɛ hu wɔ yɛn afeha yi mu no yɛ adanse a emu da hɔ. Bible asuafo anokwafo hu wɔ nneɛma a asisi yi mu sɛ wɔn gye denam Ahenni no so abɛn.—Luka 21:10, 11, 25-28.
Afei nnipa a wɔredɔɔso dodo renyɛ ɔhaw bio. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no bɛbam. Bible no ka kyerɛ yɛn pefee sɛ: “Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”—Genesis 1:28.
Hyɛ no nsow, ɔsoro ahyɛde no ne sɛ wɔbɛhyɛ asase so ma, ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛ ma aboro so. Wosiesiee asase sɛ adesamma nhyɛ so ma wɔ ahotɔ mu sɛnea tumi a ɛde ma aduan ne nneɛma afoforo no te na ama nnipa a wɔwɔ so no dodow nso ayɛ nea ɛfata. Ɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ saa bere no du a, Ɔbɔadeɛ a ɔbɔɔ nnipa awo tumi no bɛyɛ ɔkwan a wɔfa so de di dwuma no ho nhyehyɛe sɛnea ɛfa asase no ho.
Afei adesamma asoɔmmerɛwfo a wɔwɔ anisɔ benya ɔpɛ sɛ wobedi aboa nneɛma foforo biara a wɔhwehwɛ a ebia wɔbɛda no adi. (Fa toto Adiyisɛm 20:12 ho.) Nnipa a wɔredɔɔso dodo biara remma na abehunahuna adesamma daakye asetra. Ɛnam Onyankopɔn nyansa, sɛnea wɔada no adi denam n’Ahenni no so no nkutoo so na nsakrae a ɛte sɛɛ betumi ayɛ yiye na ama asase yi akɔ so ayɛ “ɔbohene wɔ wim” a ɛyɛ fɛ.—Yesaia 55:8-11; Romafo 16:27.
[Kratafa 10 mfoni]
Adam ne Hawa asefo bɛhyɛ asase so ma wɔ ahotɔ mu wɔ Onyankopɔn Ahenni ase