-
“Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”Ɔwɛn-Aban—2014 | November 1
-
-
Yosef ammotow. Mmom no, adwuma biara a wɔde hyɛɛ ne nsa no, ɔyeree ne ho yɛɛ no yiye. Yehowa nso hwɛɛ ho hyiraa no. Ɛno nti, ankyɛ na ɔnyaa ne wura Potifar anim dom. Potifar huu sɛ Yosef Nyankopɔn Yehowa rehyira aberantewa no. Saa nhyira no bi kaa Potifar ma ɔnyaa ahode no bi kaa ho. Nkakrankakra, Potifar bɛgyee Yosef dii. Enti ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ aberante mmɔdenbɔfo yi nsa.—Genesis 39:3-6.
-
-
“Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”Ɔwɛn-Aban—2014 | November 1
-
-
Bible ka sɛ Yosef nyin bɛyɛɛ “ɔbarima hoɔfɛfo fi soro besi fam.” Saa asɛm no ma yɛhu sɛ na asɛm da Yosef so, efisɛ obi ho yɛ fɛ a, nkurɔfo mma ɔmfa ne ho nni.
Potifar yere huu sɛ aberantewa Yosef som ne wura yiye
-