So Wubetumi De Wo Ho Ato W’ahonim So?
MPƐN pii no, kɔmpase yɛ adwinnade a wotumi de ho to so. Ano paane a asase no mu twebo ahoɔden na ɛkyerɛ no kwan no, taa kyerɛ kusuu fam bere nyinaa. Saa nti akwantufo betumi de wɔn ho ato kɔmpase so ma akyerɛ wɔn kwan bere a asase so ahyɛnsode biara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ wɔn kwan no. Nanso sɛ wɔde biribi a twebo ahoɔden wɔ mu to kɔmpase no ho a dɛn na ɛba? Sɛ anka paane no bɛkɔ so akyerɛ kusuu fam no, ɛbɛdan akyerɛ twebo no. Ɛrenyɛ ɔkwankyerɛfo a wotumi de ho to so bio.
Biribi a ɛte saa pɛpɛɛpɛ betumi aka nnipa ahonim. Ɔbɔadeɛ no de saa tumi yi duaa yɛn mu na ɛde akwankyerɛ a yebetumi de yɛn ho ato so ama yɛn. Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so nti, ɛsɛ sɛ ahonim no kɔ so kyerɛ yɛn nea ɛteɛ bere a yɛresisi gyinae no. Ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yedi Onyankopɔn gyinapɛn ma abrabɔ pa no so. (Genesis 1:27) Mpɛn pii no, ɛyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, Kristoni somafo Paulo kyerɛwee sɛ ebinom mpo a wonni Onyankopɔn mmara a wɔada no adi no “de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma.” Dɛn ntia? Efisɛ “wɔn ahonim nso di wɔn adanse.”—Romafo 2:14, 15.
Nanso, ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ ahonim no kasa kyerɛ yɛn no nyinaa na ɛyɛ saa. Esiane nnipa sintɔ nti, yetumi yɛ nneɛma a yenim sɛ ɛyɛ bɔne. Paulo gye toom sɛ: “Me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.” (Romafo 7:22, 23) Sɛ yɛtaa gyae yɛn ho mu ma bɔneyɛ a, nkakrankakra yɛn ahonim no ano bekum na awiei koraa no, ɛrenkyerɛ yɛn bio sɛ nneyɛe a ɛte saa no yɛ bɔne.
Nanso, ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, yebetumi ama yɛn ahonim ne Onyankopɔn gyinapɛn ahyia. Nokwarem no, ɛho hia sɛ yɛyɛ saa. Ɛnyɛ abusuabɔ pa a yɛne Nyankopɔn benya sɛ ankorankoro nko na ahonim a emu tew, na wɔatete no yiye ma yenya, na mmom ɛho hia ma yɛn nkwagye nso. (Hebrifo 10:22; 1 Petro 1:15, 16) Bio nso, ahonim pa bɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom wɔ asetra mu, na ɛde asomdwoe ne anigye abrɛ yɛn. Odwontofo no kae wɔ onipa a ɔwɔ ahonim a ɛte saa ho sɛ: “Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne komam, na ne nan nwatiriw.”—Dwom 37:31.
Ahonim no a Yɛbɛtete No
Pii ho hia wɔ ahonim a yɛbɛtete no mu sen sɛ yɛbɛkye mmara horow a wɔahyehyɛ, agu yɛn tirim na yɛabata ho denneennen kɛkɛ. Saa na Yesu bere so Farisifo no yɛɛ wɔn ade. Ná saa nyamesom akannifo no nim Mmara no na na wɔahyehyɛ atetesɛm bebree, a wosusuw sɛ wɔde reboa nkurɔfo na wɔanto Mmara no. Eyi nti, wɔkasa tiaa Yesu asuafo no ntɛm bere a wɔpempan aburow mmɛtem wee no Homeda no. Na wɔbɔɔ Yesu sobo bere a ɔsaa ɔbarima a ne nsa awu yare wɔ Homeda no. (Mateo 12:1, 2, 9, 10) Sɛnea Farisifo atetesɛm kyerɛ no, na adeyɛ abien yi nyinaa, to mmara a ɛto so nan no.—Exodus 20:8-11.
Ɛda adi pefee sɛ, Farisifo no suaa Mmara no. Nanso so na wɔn ahonim ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia? Dabida! Anwonwasɛm ne sɛ, wɔ wɔn kasatia hunu a ɛfa nea na wosusuw sɛ ɛto Homeda mmara koraa no ho akyi pɛɛ no, Farisifo no tuu Yesu ho agyina “sɛnea wobekum no.” (Mateo 12:14) Susuw ho hwɛ—saa nyamesom akannifo a wobuu wɔn ho atreneefo yi bo fuwii wɔ aburow a wɔpempan wee no amono ne yare a wɔsaa no Homeda no ho; nanso wɔn ahonim ammu wɔn fɔ bere a wɔbɔɔ pɔ sɛ wobekum Yesu no!
Asɔfo mpanyin no nso daa adwenkyea a ɛte saa ara adi. Saa mmarima abɔnefo yi ante afobu biara nka bere a wɔde asɔrefie ayɛyɛde sika nnwetɛbona 30 maa Yuda sɛ onyi Yesu mma wɔn no. Nanso bere a Yuda san de sika no kɔe a na wɔnhwɛ kwan, na ɔtow guu asɔredan no mu no, asɔfo mpanyin no ahonim fii ase haw wɔn esiane mmara bi nti. Wɔkae sɛ: “Enni ho kwan sɛ wɔde [sika no] gu ayɛyɛde adaka mu, na ɛyɛ mogya bo.” (Mateo 27:3-6) Ɛda adi sɛ, asɔfo mpanyin no yɛɛ basaa sɛ afei de Yuda sika no ho ntew. (Fa toto Deuteronomium 23:18 ho.) Nanso, saa mmarima koro yi ara anhu mfomso biara a ɛwom sɛ wobetua sika ama obi ma wayi Onyankopɔn Ba no ama!
Sɛnea Yɛne Onyankopɔn Adwene Behyia
Nhwɛso horow a ɛwɔ atifi hɔ no da no adi sɛ, pii ho hia wɔ yɛn ahonim a yɛbɛtete no mu sen sɛ yɛde nea ɛfata sɛ yɛyɛ ne nea ɛmfata ho nsɛm bɛhyɛ yɛn tirim ma kɛkɛ. Onyankopɔn mmara ho nimdeɛ a yebenya ho hia, na ɛsodi ho hia ma yɛn nkwagye nso. (Dwom 19:7-11) Nanso, nea ɛka Onyankopɔn mmara a yebesua ho no, ɛsɛ sɛ yenya koma a ɛne Onyankopɔn adwene hyia. Ɛno ansa na nkɔmhyɛ a Yehowa nam Yesaia so de too gua no benya mmamu wɔ yɛn ho, nea ɛka sɛ: “W’aniwa behu w’akyerɛkyerɛfo no; na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.”—Yesaia 30:20, 21; 48:17.
Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ, sɛ yehyia gyinaesi a emu yɛ duru a, ɛnne ankasa bi bɛka nea yɛnyɛ akyerɛ yɛn. Nanso, sɛ yɛn adwene ne Onyankopɔn de hyia wɔ nsɛm ho a, yɛn ahonim bɛyɛ nea yɛasiesie no yiye, na aboa yɛn ma yɛasi gyinae a ɛbɛsɔ n’ani.—Mmebusɛm 27:11.
Susuw Yosef a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 A.Y.B. mu no ho. Bere a Potifar yere hyɛɛ no sɛ ɔne no nsɛe aware no, Yosef ampene so, na ɔkae sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” (Genesis 39:9) Wɔ Yosef bere so no, na mmara a wɔakyerɛw a efi Onyankopɔn hɔ biara nni hɔ a ɛbara awaresɛe. Bio nso, na Yosef te Misraim, a na ɛmmɛn n’abusuafo anaa tete agyanom koraa na ama wɔakyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛnde, dɛn, na etumi maa Yosef ko tiaa sɔhwɛ no? Sɛ yɛbɛka no tiawa a, ɛyɛ n’ahonim a na watete no no. Yosef nyaa Onyankopɔn adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere yɛ “ɔhonam koro” no bi. (Genesis 2:24) Ohui sɛ ɛyɛ bɔne sɛ ɔbɛfa ɔbarima foforo yere. Yosef adwene ne Onyankopɔn adwene hyiae wɔ asɛm no ho. Ɔtee nka sɛ awaresɛe nyɛ ɔbra pa.
Ɛnnɛ, nnipa kakraa bi a wɔte sɛ Yosef wɔ hɔ. Nna mu ɔbrasɛe abu so, na nnipa pii nte nka sɛ esiane wɔn Bɔfo no, wɔn ankasa anaa wɔn ahokafo yiyedi nti ɛsɛ sɛ wɔde abrabɔ a ɛho tew tra ase. Tebea no te sɛ nea wɔkaa ho asɛm wɔ Yeremia nhoma no mu pɛpɛɛpɛ: “Obiara nni hɔ a onu ne ho ne bɔne ho ka sɛ: Dɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.” (Yeremia 8:6) Eyi nti, ɛho abehia kɛse sen bere biara sɛ yɛbɛma yɛn adwene ne Onyankopɔn de ahyia. Yɛwɔ nsiesiei nwonwaso bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.
Ade a Ɛboa Ma Wɔtete Ahonim
Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ‘ye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.’ (2 Timoteo 3:16, 17) Bible no sua bɛboa yɛn ma yɛatete nea Bible no frɛ no “nkatede,” no na ama yɛatumi ayiyi papa ne bɔne mu. (Hebrifo 5:14) Ɛbɛma yɛatumi anya ɔdɔ ama nneɛma a Onyankopɔn dɔ na yɛakyi nneɛma a ɔtan.—Dwom 97:10; 139:21.
Ɛnde, botae a yɛde sua Bible ne sɛ, yebenya nokware no ho ntease ankasa ne mfaso a ɛwom sen sɛ yebenya Bible no mu nimdeɛ a emu dɔ ara kɛkɛ. Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ April 1, 1977, no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn nsa ka Onyankopɔn atemmu, ɔdɔ ne trenee wɔ Kyerɛwnsɛm no a yesua no mu na yedua eyinom wɔ yɛn komam sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛdan yɛn nipadua no fa te sɛ adidi ne ɔhome. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn ani da yɛn ho so yiye wɔ abrabɔ mu asɛyɛde a ɛda yɛn so no ho denam nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ a yebehu no pefee no so. Nea ehia kyɛn eyi no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ahonim te Mmara-Mafo ne Ɔtemmufo a ɔyɛ pɛ no asɛyɛde a ɛda ne so no nka denneennen. (Yes. 33:22) Enti bere a yɛresua Onyankopɔn ho ade no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua no wɔ yɛn asetra mu nneɛma nyinaa mu.”
“Kristo Adwene” a Yebenya
Afei nso Bible no a yebesua no bɛboa yɛn ma yɛanya “Kristo adwene,” osetie ne ahobrɛase adwene a Yesu daa no adi no bi. (1 Korintofo 2:16) Ná N’agya apɛde a ɔbɛyɛ no yɛ anigyesɛm ma no, na mmom ɛnyɛ sɛ asɛyɛde bi a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma kɛkɛ a ɔmfa n’adwene nkɔ so. Odwontofo Dawid kyerɛw Yesu su ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.”a—Dwom 40:8.
“Kristo adwene” a yebenya ho hia wɔ ahonim a yɛbɛtete no mu. Bere a na ɔwɔ asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no, Yesu daa N’agya su horow ne ne nipasu adi kosii ase koraa. Esiane eyi nti, otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu agya no.” (Yohane 14:9) Wɔ tebea biara a ohyiae wɔ asase so mu no, Yesu yɛɛ nea na N’agya pɛ sɛ ɔyɛ pɛpɛɛpɛ. Saa nti, sɛ yesua Yesu asetra ho ade a, ɛma yehu sɛnea Yehowa Nyankopɔn te ankasa.
Yɛkenkan sɛ Yehowa yɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ . . . dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) Na Yesu taa da saa su yi adi wɔ ɔne n’asomafo no nsɛnnii mu. Bere a wɔkɔɔ so gyee wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho akyinnye no, Yesu fi ntoboaseɛ mu nam ɔkasa ne nhwɛso so kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ “obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.” (Mateo 20:26, 27) Eyi yɛ nhwɛso biako pɛ a ɛkyerɛ sɛ, yebetumi ne Onyankopɔn adwene ahyia denam Yesu asetra a yebesusuw ho so.
Mpɛn dodow a yesua Yesu ho ade no, yɛn ho bɛkokwaw yiye wɔ yɛn soro Agya Yehowa a yebesuasua no no mu. (Efesofo 5:1, 2) Ahonim a ɛne Onyankopɔn adwene hyia no de yɛn bɛfa ɔkwan pa so. Yehowa hyɛ wɔn a wɔwɔ ne mu ahotoso bɔ sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.”—Dwom 32:8.
Mfaso a Yebenya Afi Ahonim a Yɛatete no Mu
Esiane sɛ na Mose nim sɛ adesamma a wɔtɔ sin aso yɛ den nti, ɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ: “Momfa mo koma nto nsɛm a meredi mo ho adanse nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.” (Deuteronomium 32:46) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛw Onyankopɔn mmara gu yɛn koma so. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ahonim betumi akyerɛ yɛn anammɔn kwan na aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa.
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Bible abebusɛm no ka sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.” (Mmebusɛm 14:12) Dɛn nti na eyi taa ba saa? Efisɛ, sɛnea Bible ka no no: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?” (Yeremia 17:9) Ne saa nti, ɛho hia sɛ yɛn nyinaa di afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 yi akyi: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu no, Ɔsomafo Paulo faa Dwom a ɛto so 40 mu nsɛm no de kaa Yesu Kristo ho asɛm.—Hebrifo 10:5-10.
[Kratafa 7 mfonini]
Te sɛ kɔmpase no, ahonim a yɛde Bible atete no no betumi akyerɛ yɛn ɔkwampa
[Asɛm Fibea]
Compass: Courtesy, Peabody Essex Museum, Salem, Mass.