-
“Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”Ɔwɛn-Aban—2014 | November 1
-
-
Yosef sei, bɔne a wannyɛ no kɔfaa nsɛm pii bae. Potifar yere we hinam so sɛ ɔbɛyɛ no biribi atua ka. Ɔhyɛɛ ase teɛteɛɛm maa fie hɔ nkoa no bae. Ɔtwaa asɛm too Yosef so sɛ ɔpɛ sɛ ɔto no mmonnaa, nanso wateɛteɛm ama waguan. Ɔde Yosef atade a ɛkaa ne nsam no guu hɔ twɛn ne kunu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛnya biribi de ayɛ adanse. Potifar bɛduu fie no, ne yere san sii atosɛm no so bio, na ɔkae nso sɛ nea aba no nyinaa fi ne kunu, efisɛ ɔno na ɔkɔfaa saa ɔnanani no baa fie hɔ. Dɛn na Potifar nso yɛe? Bible ka sɛ: “Ne bo fuwii,” na ɔma wɔde Yosef kɔtoo afiase.—Genesis 39:13-20.
“WƆDE NKƆNSƆNKƆNSƆN GUU NE NAN”
Yɛnhyɛ da nnim sɛnea na Egyptfo afiase te saa bere no. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tete nneɛma akɔhu baabi a tete no na saa afiase no bi wɔ. Ɛyɛ adan akɛse a nneduadan a emu yɛ sum hyehyɛ ase. Akyiri yi a Yosef reka afiase no ho asɛm no, ɔfrɛɛ hɔ “amoa” anaa amena. Asɛmfua a ɔde kaa n’asɛm no kyerɛ baabi a ɛhɔ yɛ tumm a ɛnsɛ sɛ yɛde nnipa to. (Genesis 40:15) Bible ka wɔ Nnwom nhoma no mu sɛ wɔyɛɛ Yosef ayayade pii. Ɛka sɛ: “Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ne nan, na wɔde dade kyekyeree no.” (Dwom 105:17, 18) Egyptfo no, na wɔtumi de nneduafo nsa gu wɔn akyi de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn abasa; ebi wɔ hɔ nso a, na wɔtumi de dade sɛn wɔn kɔn mu te sɛ kɔnmuade. Hwɛ sɛ Yosef nyɛɛ hwee na wɔredi n’ani sei. Ɛbɛyɛ sɛ ɔteetee paa.
Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ, nea ɛtoo Yosef no, na ɛnyɛ ɛnnɛ ne kyena asɛm. Bible ka sɛ Yosef kɔɔ so ‘daa afiase hɔ.’ Ɔdii mfe pii wɔ saa beae tantan no.a Ná Yosef nnim da a wɔbɛyi no. Ɛyɛɛ te sɛ nea anidaso asa, nanso wampa abaw. Dɛn na ɛboaa no?
-
-
“Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”Ɔwɛn-Aban—2014 | November 1
-
-
a Bible kyerɛ sɛ bere a wɔtɔn Yosef kɔɔ Potifar fie no, na wanya mfe 17 anaa 18 bi pɛ. Ɔtenaa hɔ ara kɔpem sɛ ɔnyinii. Wɔyii no fii afiase no, na wadi mfe 30.—Genesis 37:2; 39:6; 41:46.
-