So Mose Anni N’asɛm So?
ƆHAW a ɛto so akron—esum kabii a ɛbae nnansa—no akyi no, Farao ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fi me so kɔ, hwɛ wo ho yiye, na nhu m’anim bio; na da a wubehu m’anim no, wubewu.” (Ex. 10:28) Sɛnea Exodus 10:29 kyerɛ no, Mose buae sɛ: “Ɔsɛmpa! Merenhu w’anim bio.”
Nanso ti a edi hɔ wɔ Exodus nhoma no mu, nkyekyem 4 kosi 8 no, yɛkenkan ɔhaw a ɛto so 10 no ho asɛm a na Mose reka akyerɛ Farao. So Mose buu n’asɛm so? Dabi, ɛnyɛ saa na asɛm no te. Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yebu Exodus 11:1-3 sɛ ɛtoa so. Enti, bere a Mose kae sɛ: “Merenhu w’anim bio” no, wannyae kasa, na mmom ɔde ɔhaw a ɛto so 10 no ho asɛm toaa so. Afei, sɛnea kyerɛwtohɔ no ka no, Mose “de abufuhyew fii Farao nkyɛn kɔe.”—Ex. 11:8.
Esiane sɛ na onim sɛ ɔhaw a ɛto so 10 no bɛyɛ nea etwa to nti Mose tumi ka kyerɛɛ Farao sɛ ɔremmɔ mmɔden sɛ obehu n’anim bio. Sɛ ɛnyɛ saa a, anka ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ ɔbɛpene ade a ebia ɛne Yehowa apɛde nhyia so. Asɛm a ɛwɔ Exodus 11:1-3 no da no adi sɛ na Mose nim sɛ ɔhaw a ɛto so 10 no bɛyɛ nea etwa to, na saa asɛm yi nso maa Israelfo no huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a saa ɔhaw no aba Misrifo no so no.—Fa Exodus 11:2, 3 toto Exodus 12:35, 36 ho.
Sɛnea nneɛma yɛe no, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron. Bere a na ɔhaw a ɛto so 10 no ama ehu aka no no, Farao ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, na monkɔ nkɔsom Awurade [Yehowa], sɛnea mokae no. Mo nguan ne mo anantwi nso, momfa wɔn, sɛnea mokae no, na monkɔ, na munhyira me nso.” (Ex. 12:31, 32) Nsakrae bɛn ni! Farao a ɔka kyerɛɛ Mose sɛ obewu no resrɛ sɛ onhyira no. Na ɔmpɛ sɛ Israelfo no fi Misraim a wɔda so dome no na wɔhwehwɛ sɛ ɔhaw foforo ba no so.