Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 4/1 kr. 10-14
  • Ahosohyira ne Ɛho Sɛnkyerɛnne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosohyira ne Ɛho Sɛnkyerɛnne
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnkyerɛnne Ma Wɔn A’Woyi Wɔn Yam Koraa De Wɔn Ho Ma’
  • “Nnipa Kuw Kɛsɛ” A Wɔayɛ Ahosohyira Ho Sɛnkyerɛnne
  • Ahosohyira​—Ma Hena? Dɛn Ntia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Yɛn Asetra a Yɛbɛma Ɛne Yɛn Ahosohyira Ahyia “Daa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nnipakuw Kɛse Bebree Bi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Wɔwoo Wɔn Sɛ Ɔman A Onyankopɔn Apaw Wɔn Mufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 4/1 kr. 10-14

Ahosohyira ne Ɛho Sɛnkyerɛnne

1. Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne a edi obi ho adanse betumi ayɛ ade pa, wɔ sɛnea ne ɛte wɔ Yudafo a na wɔyɛ nokwaredifo ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu ho no?

SƐNKYERƐNNE anaa agyiraehyɛde a edi obi anaasɛ ne gyinabea ho adanse betumi ayɛ adepa, yiw, ade a ɛho hia. Sɛ nhwɛso no, bere a aka kakra na woasɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no, wɔsomaa sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbarima” bi sɛ ɔnkɔhyɛ Israelfo a wɔyɛ komapafo no momaso agyirae na abɔ wɔn ho ban afi ɔsɛe mu. Saa nnipa kakraa bi a ‘akyide a wɔyɛe’ wɔ nea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn kurow kronkron no mfinimfini no huruu wɔn bo no nkutoo na wɔhyɛɛ wɔn agyirae maa nkwagye.​—Hesekiel 9:1-7.

2. Nokwasɛm ahorow a edi obi ho adanse bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 7, na ɔkwan bɛn so na eyi fa nkwagye ho?

2 Ɛnnɛ aka kakraa na “ahohiahia kɛse” apae agu wiase nyinaa so. Enti Adiyisɛm 7:1-8 kyerɛ yɛn sɛ wɔhyɛ “abɔfo baanan” a wogyinagyina asase afanan ano no sɛ wɔmmma mframa anan mmɔ na amfa ahum a ɛsɛe ade kɛse anaasɛ “ahohiahia” amma kosi sɛ wɔde agyirae besisi dodow a Onyankopɔn apaw wɔn no momaso ansa. Eyi nso ma “nnipakuw kɛse” no nya bere de tew wɔn ho wɔ “Oguammaa no mogya no mu” na ama woahu wɔn sɛ wɔfata sɛ wonya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” yi mu.​—Adiyisɛm 7:9-14; Mateo 24:21,22.

3, 4. Wɔ Yudafo sɔfo panyin fam no, ná dɛn na ‘ahosohyira ho sɛnkyerɛnne’ a ɛbɔ n’abotiri no anim no bɛkae wɔn?

3 Wɔde asɔfodi sii hɔ wɔ tete Israel. Ná Mose adi akwankyerɛ ahorow pɔtee a efi Yehowa hɔ sɛ ɔnwene ntade ahorow a ɛda nsow mma ɔsɔfo panyin no ho dwuma. Ɛdefa abotiri no ho no, wɔakyerɛw sɛ: “Na wɔyɛɛ sika amapa abɔnim sɛ wɔn ahosohyira kronkron no ho sɛnkyerɛnne na wɔakyerɛw so nkyerɛwee sɛ nsɔanode so nkurukyerɛwee sɛ, ‘Kronkron ma Awurade [“Wɔatew ho ama Yahweh,” The Jerusalem Bible], na wɔde biribi hama kyekyere fam abotiten no so.”a​—Exodus 39:30, 31; 29:6 Leviticus 8:9, The New English Bible; New World Translation.

4 Saa ‘ahosohyira ho sɛnkyerɛnne’ yi bɛyɛ ade a ɛbɛkae ɔsɔfo panyin no ne wɔn a wɔhwɛ sɛ ‘wɔatew ne ho’ anaasɛ Onyankopɔn ahyira no so sɛ onnyina nnipa a wɔahyira wɔn so ananmu mma ɔsom kronn bi. Ɔne ne mfɛfo asɔfo no bedi kan wɔ nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma nnipa no, ne bɔne ho mpata afɔre ahorow a ɛsɔ ani a wɔbɛbɔ, a ɛbɛboa wɔn ma wɔatra ase sɛnea wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no te no mu. Eyi bɛma ɔman no gyinabea kronkron a wɔahyira so no akɔ so, efisɛ wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wogyaw Yehowa a, ɔno nso begyaw wɔn na ɔde wɔn ahyɛ wɔn atamfo nsa.​—Deuteronomium 28:15, 25, 63.

5. Ɛwom sɛ nnɛ Yudani biara nni hɔ a wɔfrɛ no Kohen a obetumi akyerɛ se ɔne Aaron abusua mu sɔfo panyin de, nanso dɛn nti na yɛn tebea no nye nea anidaso nnim?

5 Ɔhaw ahorow a ɛbaa Israelfo so esiane twe a wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ahyɛde horow ne wɔn som a wɔahyira so ama no no ho nti no ayɛ wɔn abakɔsɛm a ɛyɛ hu no ma. Wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no nea ɛto so abien wɔ 70 Y.B. mu akyi no, ɔsɔfo panyin ne ahosohyira ho sɛnkyerɛnne a ɛbɔ n’abotiri anim no fii hɔ. Nnɛ Yudani biara nni hɔ a okura abusua din Kohen (a ase ne “‘Ɔsɔfo”) no a obetumi akyerɛ sɛ ɔne Israel sɔfo panyin. Ɛnde so yɛn tebea no yɛ nea anidaso biara nnim? Dabi! Efisɛ ɛdefa Onyankopɔn Ba a wɔahyɛ no anuonyam no ho no, yɛkenkan sɛ: “Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro. . . . na ɔde ne ho bɔɔ afɔre.”​—Hebrifo 7:26, 27.

6, 7. So wɔwoo Yesu wɔ Israel asɔfo busua no mu, na ɔkwan bɛn so na na obetumi abɛyɛ ɔsɔfo panyin?

6 Esiane sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba nti, na enhia sɛ ɔbɛyɛ Lewi abusua anaasɛ Aaron asɔfo busua no muni ansa na wabɛyɛ Onyankopɔn sɔfo. Na ɛno betumi ayɛ yiye esiane Yehowa Nyankopɔn nhyehyɛe ahorow a ɛyɛ nwonwa no nti. Onyankopɔn honhom kaa ɔhene Dawid ma ɔhyɛɛ nkɔm faa saa aseni nuonyamfo a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ kɛse sen n’agyanom ahemfo a wodii kan no ho: “[Yehowa] asɛm a osee me Wura ni: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. ‘Di hene w’atamfo mfinimfini!’ Wo man beyi wɔn yam koraa aba wo kõda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam. [Yehowa] aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfo, Melkisedek dibea so.”​—Dwom 110:1-4.

7 Enti, besi yɛn bere yi so no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no da so ara yɛ ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin a ɔkorɔn sen tete Israel asɔfo mpanyin no ne wɔn ahosohyira sɛnkyerɛnne no. Ɔresom sɛ ɔsɔfo, ɛnyɛ sɛ ɔyɛ Lewini sɔfo nti, na mmom denam ntam a Yehowa Nyankopɔn aka no so.

Sɛnkyerɛnne Ma Wɔn A’Woyi Wɔn Yam Koraa De Wɔn Ho Ma’

8. Dɛn nti na eyi ne Kristo “kõda” no, na ɔkwan bɛn na wɔn a mprempren woyi wɔn yam koraa de wɔn ho ma no fa so yɛ eyi?

8 Afei saa ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin, Yesu Kristo yi, asuafo no ‘yi wɔn yam koraa de wɔn ho ma’ wɔ ne “kõda no.” Wohyira wɔn ho so ma Yehowa Nyankopɔn wɔ saa ɔhene ne ɔsɔfo Panyin no din mu, wɔbɔ wɔn asu wɔ nsu mu de yɛ saa ahosohyira yi ho sɛnkyerɛnne. Eyinom ne wɔn a ɛsɛ sɛ awiei koraa no wɔsɔw wɔn dodow ano wie ansa na “ahohiahia kɛse” no apae agu no. Wɔne wɔn ahokafo “nnipakuw kɛse” no ‘yi wɔn yam koraa de wɔn ho ma’ sɛ obosu wɔ Onyankopɔn nkwagye asɛm a ɛma abotɔyam no a wɔde kɔma nkurɔfo mu.​—Adiyisɛm 7:2-4, 9, 10, 14.

9. Dɛn afotu na Paulo de ma Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ Romafo 12:1, 2?

9 Ɔrekyerɛw akɔma asuafo a na wɔwɔ hɔ mfe 1,900 a atwam ni no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”​—Romafo 12:1, 2

10, 11. (a) Enti Paulo de n’afotu no kɔmaa Amanaman mufo Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ nea edi asɛm bɛn akyi? (b) Ɔkwan bɛn so na na nhyehyɛe yi yɛ mmɔborohunu kɛse a wɔda no adi wɔ Onyankopɔn fam?

10 Paulo de afotu a ɛwɔ atifi hɔ no mae bere a waka sɛnkyerɛnne kwan so ngo dua no ho asɛm bere tiaa bi akyi. Te sɛ turo mu ngo dua ho nnubaa no, na Israel man a wɔahyira so no yɛ Onyankopɔn “adamfo” Abraham asefo ankasa. Ne saa nti na wɔn na ɛsɛ sɛ wodi kan bɛyɛ “Abraham aseni” sɛnea bɔ a wɔhyɛɛ no no te no. (Genesis 12:3; 22:17, 18; Galatifo 3:16, 29; Yakobo 2:23) Nanso Yudafo ankasa no nkaefo kakraa bi na wogyee Yesu toom sɛ Mesia no, na woyii wɔn fii asase so Abraham aseni ankasa a wɔyɛ no mu bɛyɛɛ wɔn Abraham Kɛse, Yehowa honhom mu aseni. (Romafo 11:5, 7) Wotwaa wɔn a aka no gui sɛ “nnubaa.” Ɔrehyɛ ananmu no, Onyankopɔn dan kɔɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo, anaa sɛnea wɔaka no no, sɛnkyerɛnne kwan so wuram ngo dua no so, koyii “nnubaa” a ɛbɛsõ fii mu de bɛhyɛɛ honhom fam turom ngo dua a na ɛsɛ sɛ enya nnubaa 144,000 a ne ntini wɔ Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, nhyira ahorow nyinaa Fibea no mu no so​—Romafo 11:13-33; Adiyisɛm 14:1.

11 Enti na ɛyɛ mmɔborohunu kɛse a wɔda no adi wɔ Onyankopɔn fam ma saa Romafo ne momonotofo afoforo a wɔnyɛ Yudafo no nyinaa sɛ wɔbɛba abɛyɛ honhom fam aseni no fã na wɔnam Onyankopɔn ahenni no so ahyira asase so mmusuakuw nyinaa (Efesofo 2:12; Galatifo 3:26-29) Eyi de ho a wɔde bɔ afɔre ho asɛyɛde bɛtoo wɔn so. Nanso na eyi ne hokwan koro pɛ a Onyankopɔn de ama adesamma abɔde saa bere no, na hwɛ hokwan titiriw ara a na eyi yɛ! Sɛnea ɛfata no, ɔsomafo Paulo kyerɛw see wɔn sɛ: “Momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wofi awufo mu te ase, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ trenee akode. Na bɔne renni mo so, efisɛ munni mmara [Mose mmara] ase, na mmom mowɔ ɔdom ase.”​—Romafo 6:13, 14.

12. Bere a wɔka kyerɛ Kristo asuafo a wɔde honhom asra wɔn no sɛ, “momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wofi awufo mu te ase” no, na dɛn na ɛbɛka ho?

12 Bere a Paulo rekyerɛw akɔma wɔn a na wɔyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so dedaw, “ahotefo” no, ommu n’ani ngu nea wɔadi kan ayɛ sɛ wɔahyira wɔn nkwa so no so, bere a ɔkae sɛ: “Momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wofi awufo mu te ase” no. Nanso ɛsɛ sɛ wɔtra ase sɛnea saa ahosohyira no te, wɔ wɔn ho a wɔde abɔ afɔre yi mu. Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnde sɛ́ nnubaa nsiananmu no, wobetwa wɔn nso akyene. (Romafo 1:7; 11:21, 22) Bio nso, na Yesu Kristo daakye asuafo bɛkenkan saa nsɛm a wofi honhom mu akyerɛw yi, na ɛbɛma wɔanya nkuranhyɛ a emu yɛ den ma wɔayɛ nneɛma a ɛho hia ma wɔne Onyankopɔn aba abusuabɔ a ahosohyira ne asubɔ de ba mu na wɔakura mu no nyinaa. Sɛ wɔbɛkora ahosohyira abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn abenya yi so bere a wɔayɛ eyi no a, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so bɔ mmɔden na wɔde wɔn honam akwaa no yɛ trenee akode mmom sen sɛ wɔde bɛyɛ bɔne nkoa. Ná eyi bɛyɛ di a wɔredi Yesu asɛm: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi,” no so.​—Mateo 16:24.

“Nnipa Kuw Kɛsɛ” A Wɔayɛ Ahosohyira Ho Sɛnkyerɛnne

13. So eye ma wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no sɛ wɔbɛyɛ ahosohyira ama Onyankopɔn na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne?

13 Ɛnnɛ wɔ asase so nyinaa no nnipa bɛboro 2,300,000 renya Ahenni no ho asɛmpa a wɔka no mu kyɛfa, na wɔn mu ɔfã kɛse no ara de wɔn ho ama ma wɔabɔ wɔn asu wɔ nsu mu de ayɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Wɔ afe afe Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase no, eyinom mu dodow a wonnu 10,000 na wodi sɛnkyerɛnne kwan sɔ abodoo no na wɔ nom sɛnkyerɛnne kwan so bobesa no de pae mu ka sɛ wɔyɛ Kristo asuafo a wɔwɔ ɔsoro anidaso. Nanso so afoforo no nyinaa hyira wɔn ho so yiye na wɔde nsu mu asubɔ yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne? Ɛda adi yiye sɛ wɔyɛ saa, efisɛ ɛsɛ sɛ wɔn nso ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa denam Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo so, na ama wɔatwa “ahohiahia kɛse” a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ no na wɔanya nkwa sɛ Onyankopɔn “asase foforo” no fã​—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4.

14. Abusuabɔ fɛfɛ a ɛfata bɛn na ɛkɔ so wɔ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo “kuw biako” no mu?

14 Enti Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so no fã kɛse ara nhwɛ ɔsoro anidaso a wɔne Yesu Kristo bɛyɛ yɔnko adedifo wɔ Ahenni a ɛwɔ soro no mu kwan. Wɔnka sɛ wɔyɛ honhom mu Israelfo a wɔde Yehowa honhom awo wɔn. Nanso wɔkɔ so de wɔn ho bɔ honhom mu Israelfo nkaefo no ho sɛ “kuw biako” mufo wɔ “ɔhwɛfo biako,” Yesu Kristo ase (Yohane 10:16) Eyi yɛ nea eye kyɛn so wɔ wɔn fam na Kyerɛwsɛm ma nso ɛteɛ.

15. (a) Henanom na wɔkaa Yudafo ankasa no ho fii misraim koduu Bɔhyɛ Asase no so awiei koraa no, na wobuu wɔn sɛ dɛn wɔ hɔ? (b) Wɔyɛ henanom ho mfonini nnɛ?

15 Afei momma yɛnyɛ nea kyerɛwsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:18 kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no, “Monhwɛ ɔhonam fam Israel.” Bere a wofii Misraim a na Mose di wɔn anim no, ɛnyɛ wɔn a wofii hɔ no nyinaa na na wɔyɛ Israelfo twetiafo ankasa. “Na afrafrafo pii nso ne wɔn kɔe, ne nguan ne anantwi.” (Exodus 12:38) Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, eyinom na wɔbɛyɛɛ ‘ahɔho a wɔwɔ wo fi apon ano’ no. (Exodus 20:10; Numeri 35:15; Leviticus 19:9, 10) Saa tete afrafrafo pii no yɛ “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo nnɛyi “nguan foforo” no ho mfonini.​—Yohane 10:14, 16; Adiyisɛm 7:9-17.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na “afrafrafo pii” no ne Israelfo no bɔɔ asu sɛnkyerɛnne kwan so? (b) Henanom na wɔaguan afi nnɛyi sɛnkyerɛnne kwan so Misraim, na henanom na wɔbɛsɛe wɔn wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no mu?

16 Wɔ Mose nna no mu no, “afrafrafo pii” a na wɔnyɛ Israelfo no ne Israelfo twetiafo no nyaa nneɛma ahorow mu kyɛfa, a asubɔ a ɛyɛ nwonwa ka ho. Ɛdefa saa asubɔ no ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ 1 Korintofo 10:1-4 sɛ: “Yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ omununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu, na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, omununkum ne ɛpo no mu, na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan koro, na wɔn nyinaa nom honhom fam anonne koro, na wɔnom fii honhom fam botan a edi wɔn akyi no mu; na ɔbotan no ne Kristo.” Enti, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Israelfo no ne “afrafrafo pii” no nyinaa bɔɔ asu, ɛwom sɛ wɔn ho amfɔw ankasa de.

17 Saa anwonwa kwan so asu a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ wɔn no de wɔn hyɛɛ Mose nsa sɛ ɔkannifo a Onyankopɔn de no ama wɔn, te sɛ nea wɔbɔɔ wɔn asu too no so ankasa. Nanso na eyi nyɛ asu a wɔbɔ kɔ owu mu, sɛnea na Misrifo a na wɔretiw wɔn no de te no. (Exodus 14:1-15:21) Nnɛ yɛrebɛn tebea a ɛte saa ara. Honhom mu Israelfo nkaefo anokwafo no ne wɔn mfɛfo “nnipakuw kɛse” no atu afi sɛnkyerɛnne kwan so Misraim. (Adiyisɛm 11:7, 8) Wɔto santen kɔ nneɛma Nhyehyɛe Foforo wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni ase no mu. Mose Kɛse, Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no di wɔn anim. Nea, ɔretiw wɔn ne ɔtamfo wiase, a ɛmpɛ sɛ wobedu asomdwoe mu no. Sɛnkyerɛnne kwan so Misrifo no de wɔn ani akyerɛ Onyankopɔn ko mo ano wɔ Harmagedon, faako a wɔde ogya, ɔsɛe bɛbɔ wɔn asu. Wɔn mu biara nni hɔ a ɔbɛka aka asɛm a ɛyɛ hu no akyerɛ. (Adiyisɛm 16:14-16; Mateo 3:11, 12) Te sɛ nea esii wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, honhom mu Israelfo anaasɛ “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ Mose Kɛse no “nguan foforo” no mufo biara nni hɔ a Harmagedon ɔsɛe no bɛka no.

18. Ɔkwan bɛn so na “nnipakuw kɛse” no bɛte nka te sɛ “afrafrafo pii” no, bere a wofii Misraim akyi a na Mose di wɔn anim no?

18 “Nnipakuw kɛse” no mu anokwafo nnyee wɔn ho nkaa akyi, a wɔn koma hinhim, pɛ sɛ wɔsan kɔ sɛnkyerɛnne kwan so Misraim a ɔhaw aka no wɔ ne Farao, Satan Ɔbonsam ase no. Bere a wɔhwɛ wɔn anim tẽe no, wɔkɔ so ne honhom mu Israelfo nkaefo no di nkitaho te sɛ “kuw biako.” (Yohane 10:16) Sɛnea “afrafrafo pii” no nyaa nkwa wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, saa ara na nnɛyi “nnipakuw kɛse” no benya nkwa wɔ “Onyankopɔn Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu.

19. Efi bere bɛn titiriw na wɔn a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” nnɛ no de wɔn ho ama nsu mu asubɔ, na ɔkwan bɛn so na wɔatew wɔn ho wɔ nea ɛda wɔn adi no mu ma wɔde ɔsom kronn ama Onyankopɔn?

19 Efi 1935 mu titiriw no, wɔn a nnɛ wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no de wɔn ho ma ma wɔbɔ wɔn asu wɔ nsu mu de yɛ wɔn ho so koraa a wɔahyira ama Onyankopɔn denam Mose Kɛse, Yesu Kristo so no ho sɛnkyerɛnne. ‘Wɔahohoro wɔn ntade a edi wɔn ho adanse no ma “ahoa Oguammaa,” Mose Kɛse no “mogya mu.” (Adiyisɛm 7:9-14) Wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn.

20. Ɛhe na saa “nnipakuw kɛse” no som Yehowa, na wɔkaa eyi siei dɛn wɔ Sakaria 8:20-23?

20 Saa, “nnipakuw kɛse” a wɔde ɔsom kronn ma yi wɔ Onyankopɔn honhom mu asɔrefi awia ne anadwo (Adiyisɛm 7:15-17) Wɔn na wɔde nnipa a odiyifo Sakaria dii kan huu wɔnsɛ wɔresom wɔ Yehowa asɔrefi bere a wogyaee Israelfo no fii Babilon wɔ 537 A.Y.B. mu na wɔsan besii asɔrefi no akyi wɔ Yerusalem no dii kan yɛɛ wɔn ho mfonini no.​—Sakaria 8:20-23.

21. Ɔkwan bɛn so na “nnipakuw kɛse” no ‘suso Yudani biako atade mmuano mu,’ na esiane dɛn nti na wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa “ahohiahia kɛse” mu?

21 Saa “mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu” no suban di kan kyerɛ wɔn ho a wode ama nokware Nyankopɔn teasefo koro, Yehowa Nyankopɔn! Nnɛ Ogye saa ahofama yi tom denam “Yudani” kɛse a watra asase so pɛn, “Oguammaa” a wɔde no bɔɔ afɔre pɛn koro, Yesu Kristo so. Wofi nokwaredi mu suasua Yesu denam nsu mu asubɔ a wonya so, a ɛnyɛ wɔn ho a wɔde rema ho sɛnkyerɛnne nko, na mmom, wɔ wɔn fam no, ɛsan yɛ wɔn koma nyinaa mu a wofi hyira wɔn ho so ma Onyankopɔn koro no ara. ‘Woso’ honhom mu Yudafo 144,000 no nkaefo ‘atade mmuano mu,’ na wɔne saa ‘nnipa’ a wɔkɔ ɔsoro Yerusalem no mu bom hyia. Wɔ ne honhom mu asɔrefi a nkaefo a wɔda so wɔ asase so no gyina hɔ mu no mu no, wɔde ‘ɔsom kronn’ ma Ɔsorosoroni, Yehowa Nyankopɔn, awia ne anadwo. Wɔn anidaso ne sɛ wobenya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu, na wɔatoa wɔn som woahyira so ama Onyankopɔn no so daa wɔ asase so. Hu a wohu wɔn yiye sɛ Onyankopɔn nkoa a wɔahyira wɔn ho so koraa, agye asubɔ no ma wɔfata ma eyi, ɛma wonya awerɛhyem sɛ, “wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ . . . wɔn a wɔsɔre no . . . honhom ne nokware mu.”​—Yohane 4:23, 24.

[Ase hɔ asɛm]

a Asɛm “ahosohyira ho sɛnkyerɛnne” kyerɛ Hebri asɛmfua nezer ase, nea Strong’s Exhaustiue Concordance of the Bible no kyerɛ ase sɛnea edidi so yi: “Ne nkyerɛase ankasa mu no, biribi a wɔayi asi hɔ, kyerɛ sɛ (ɔsɔfo anaa ɔhotuafo) ahosohyira; na enti ti nhwi atenten a wontwitwa: afei nso abotiri:​—kronkron a wɔyɛ obi, ahenkyɛw, nhwi, ntweho.

SƐ NTIMU NO, SO WUTUMI MA NSEMMISA YI HO MMUAE?

□ Ɔkwan bɛn so na wɔtwee adwene sii nhyira a ná Yehowa ahyira ɔsɔfo panyin no so ama ne som kronn no no so?

□ Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi bɛyɛɛ ɔsɔfo panyin?

□ Sɛnea Romafo 12:1, 2 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔba bɛyɛ Kristo asuafo no yɛ?

□ Ɛdefa asubɔ ho no, ɔkwan bɛn so na wɔde “nnipakuw kɛse” no toto “afrafrafo pii” a na wɔka Israelfo a wofii Misraim no ho no ho?

[Kratafa 11 mfoni]

Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no yɛ ɔhene Sɔfo Panyin, a ɔkorɔn sen tete Israel asɔfo mpanyin ne wɔn sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ama ɔsom kronn

[Kratafa 13 mfoni]

Wɔabɔ “nnipakuw kɛse” asu wɔ nsu mu de ayɛ wɔn ho so koraa a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn denam Yesu Kristo so no ho sɛnkyerɛnne. So wo nso woahyira wo ho so koraa ama Onyankopɔn ma woayɛ ho sɛnkyerɛnne?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena