-
Ɛhe Na Wode W’ani Hwɛ?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018 | July
-
-
5-7. Bere a Israelfo fii Egypt akyi bere tiaa bi no, ɔhaw bɛn na ɛsɔree, na dɛn na Mose yɛe wɔ ho?
5 Bere a Israelfo fii Egypt no, annu abosome mmienu koraa na ɔhaw kɛse bi sɔree; saa bere no, na wonnya nnuu Bepɔw Sinai ho mpo. Ɔman no fii ase nwiinwii efisɛ na nsu nni hɔ. Wofii ase nwiinwii hyɛɛ Mose, na na asɛm no mu yɛ den araa ma Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Dɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasiw me abo!” (Ex. 17:4) Enti Yehowa tiee Mose, na ɔmaa no akwankyerɛ pɔtee bi. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ ɔbotan a ɛwɔ Horeb no mu, na nsu befi mu aba. Bible ka sɛ: “Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanyimfo no anim.” Israelfo no nom bi maa wɔn ho tɔɔ wɔn, na ɔhaw no to twae.—Ex. 17:5, 6.
-
-
Ɛhe Na Wode W’ani Hwɛ?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018 | July
-
-
11. Mose poma a ɔde bɔɔ ɔbotan no mu no, adɛn nti na na ebetumi ama Israelfo no anya adwene sɛ Yehowa anyɛ anwonwade?
11 Ebetumi aba sɛ biribi foforo na ɛmaa Yehowa bo fuwii. Abotan a na ɛwɔ Meriba a edi kan no, na ntokuru nneda mu. Sɛ obi de ade bɔ abotan a ntokuru nneda mu no denneennen sɛ dɛn ara mpo a, obiara nhwɛ kwan sɛ nsu befi mu aba. Nanso, abotan a ɛwɔ Meriba a ɛto so mmienu no de, na ɛyɛ soronko koraa. Emu dodow no ara yɛ akado abotan a ɛyɛ mmerɛw. Esiane sɛ ntokuru deda akado abotan mu nti, mmeae a ɛte saa no, ɛyɛ a nsu taa gyina abotan no mu ma enti nkurɔfo tumi nya nsu wɔ hɔ. Enti bere a Mose de ne poma bɔɔ ɔbotan a ntokuru deda mu no mprenu no, ebetumi aba sɛ na ɔpɛ sɛ Israelfo no nya adwene sɛ nsu a efii mu bae no, ɛno ara na ɛbae, na ɛnyɛ Yehowa na ɔma ɛbae anaa? Bere a Mose ankasa ankyerɛ ɔbotan no, na mmom ɔde ne poma bɔɔ mu no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ nsu no ara na ɛbae, na ɛnyɛ Yehowa na ɔyɛɛ anwonwade no anaa?b Yɛrentumi nkyerɛ ankasa sɛ saa na ɛte.
-