ADESUA 14
Yɛbɛyɛ Dɛn Asom Onyankopɔn Ma Asɔ N’ani?
Sɛnea yehui wɔ adesua 13 mu no, ɛnyɛ ɔsom biara na Onyankopɔn pene so. Nanso wunim? Ɔkwampa bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ‘asom’ yɛn Bɔfo no. Ɛyɛ ɔkwan bɛn? (Yakobo 1:27) Hwɛ nea Bible ka.
1. Yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so som Onyankopɔn?
Bible no betumi aboa yɛn ama yɛahu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so som Onyankopɔn. Yesu kaa sɛ, Onyankopɔn ‘asɛm yɛ nokware.’ (Yohane 17:17) Ɔsom ahorow bi wɔ hɔ a, nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no, wɔapia ato nkyɛn, ɛnna wɔde nnipa nkyerɛkyerɛ ne amammerɛ asi anan. Wɔn a ‘wopia Onyankopɔn mmara to nkyɛn’ no, Yehowa ani nnye wɔn ho. (Kenkan Marko 7:9.) Nanso sɛ yedi Bible no akyi pɛpɛɛpɛ na yɛde emu afotu bɔ yɛn bra a, yɛbɛma Yehowa ani agye.
2. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so som Yehowa?
Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, enti ɛsɛ sɛ yɛsom ɔno nko ara. (Adiyisɛm 4:11) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdɔ no, na ɛnsɛ sɛ yɛsom obiara ka ne ho. Enti ahoni oo, mfoni oo, ɛnsɛ sɛ yɛkotow emu biara na yɛka sɛ yɛde resom Onyankopɔn.—Kenkan Yesaia 42:8.
Ɛsɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no ‘yɛ kronn, na ɛsɔ n’ani.’ (Romafo 12:1) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde ne mmara nsɛm bɔ yɛn bra. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nea Yehowa aka afa aware ho no, wɔn a wɔdɔ no no de yɛ adwuma. Afei nso, nneɛma bi a ebetumi asɛe wɔn apɔwmuden te sɛ sigaret, tawa, ne asabow no, wɔtwe wɔn ho fi ho.a
3. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne nnipa a wɔdɔ Yehowa bom som no?
Nnawɔtwe biara, sɛ yehyiam a, ɛma yenya hokwan yi ‘Yehowa ayɛ wɔ asafo no mu.’ (Dwom 111:1, 2) Ɔkwan baako a yɛfa so yɛ wei ne sɛ, yɛto nnwom. (Kenkan Dwom 104:33.) Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam efisɛ ɔdɔ yɛn, na onim sɛ, sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, ebetumi aboa yɛn ama yɛatena ase daa, na yɛn ani agye afebɔɔ. Sɛ yehyiam saa a, yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.
SUA PII KA HO
Hwɛ nea enti a Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛfa mfoni anaa ahoni so asom no. Afei, hwɛ akwan titiriw bi a yebetumi afa so ayi Onyankopɔn ayɛ.
4. Ɛnsɛ sɛ yɛfa ahoni so som Onyankopɔn
Yɛyɛ dɛn hu sɛ, sɛ yɛyɛ saa a Onyankopɔn ani nnye ho? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.
Tete no, bere a Onyankopɔn nkurɔfo bi yɛe sɛ wɔbɛfa ahoni so asom no no, dɛn na esii?
Ebinom te nka sɛ, sɛ wobetumi abɛn Onyankopɔn a, gye sɛ wɔfa ahoni so som no. Nanso ɛno mmom ma Onyankopɔn twe ne ho fi wɔn ho. Adɛn ntia? Kenkan Exodus 20:4-6 ne Dwom 106:35, 36. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Ahoni anaa nneɛma bɛn na woahu sɛ ebinom fa so som Onyankopɔn?
Sɛ Yehowa hu sɛ nkurɔfo fa ahoni ne nneɛma a ɛtete saa so som no a, ɔte nka sɛn?
Wohwɛ a, eye sɛ nkurɔfo bɛfa ahoni ne nneɛma a ɛtete saa so asom Onyankopɔn anaa? Adɛn nti na woreka saa?
5. Sɛ yɛsom Yehowa nko ara a, ɛbɛma yɛade yɛn ho afi atosɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ papa ho
Ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no, sɛ yɛsom no saa a, ɛbɛma yɛade yɛn ho afi atosɛm ne atoro nkyerɛkyerɛ ho. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu wei ho nhwɛso.
Monkenkan Dwom 91:14. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Ɔkwan baako a yɛbɛfa so akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne sɛ yɛbɛsom ɔno nko ara. Sɛ yɛyɛ saa a, dɛn na ɔno nso ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn?
6. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, yenya hokwan som Onyankopɔn
Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, yɛto nnwom de yi Yehowa ayɛ, na yɛma mmuae de hyɛ yɛn ho yɛn ho den. Kenkan Dwom 22:22. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Mmuae a nkurɔfo ma wɔ asafo nhyiam ase no, ɛyɛ a w’ani gye ho?
W’ani begye ho sɛ wo nso wubesiesie wo ho ama mmuae anaa?
7. Sɛ yɛka nea yɛresua no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛma Yehowa ani gye
Nokwasɛm a yɛresua afi Bible mu no, yebetumi afa akwan pii so aka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Kenkan Dwom 9:1 ne 34:1. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Dɛn na woasua afi Bible mu a wopɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ obi?
EBINOM KA SƐ: “Nyamesom yɛ den.”
Wo nso ɛ? Wudwen ho sɛn?
NEA YƐASUA
Sɛ yɛsom yɛn Bɔfo no nko ara, na yeyi no ayɛ wɔ asafo nhyiam ase a, ɛma n’ani gye. Afei nso, sɛ yɛka nea yɛresua no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛma ne koma tɔ ne yam paa.
Ntimu
Sɛ yɛpɛ sɛ yehu ɔkwampa a yɛbɛfa so asom Onyankopɔn a, yebehu wɔ he?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nko ara?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn bom som no?
YƐ NHWEHWƐMU
Ná maame bi som abosom. Nanso akyiri yi, ogyaee, na wei maa n’ani gyei paa. Kenkan ne ho asɛm wɔ asɛm a yɛato din “Mensom Abosom Bio“ a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.
Hwɛ nea ebetumi aboa wo ama woama mmuae wɔ asafo nhyiam ase.
Ná ɛyɛ den ma aberante bi sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam. Nanso wampa abaw. Hwɛ sɛnea aboa no.
Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ krɔɔs yɛ Kristofo ahyɛnsode. Nanso wohwɛ a ɛsɛ sɛ yɛfa so som Onyankopɔn anaa?
a Akyiri yi, yebesusuw saa nsɛm yi ho wɔ nhoma yi mu.