Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkwa Yɛ Akyɛde—Kyerɛ Ho Anisɔ
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 5. Kyerɛ sɛ abofra a ɔhyɛ yafunu mu nkwa som bo ma wo

      Ɔpemfo bi de ne nsa refofa n’afuru so.

      Dawid kyerɛw anwensɛm bi. Anwensɛm no mu no, ɔkaa sɛ abofra a ɔhyɛ yafunu mu nkwa som bo ma Yehowa. Monkenkan Dwom 139:13-17. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Yehowa ani so no, bere bɛn na obi nkwa fi ase—ɛyɛ da a ne maame nyinsɛn no, anaa da a wɔbɛwo no?

      Mmara a Yehowa de maa tete Israelfo no, na ɛbɔ apemfo ne mmofra a wɔhyɛ yafunu mu no ho ban. Monkenkan Exodus 21:22, 23. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ biribi ma abofra a ɔhyɛ yafunu mu wu a, Yehowa hu onii no sɛn?

      • Sɛ obi hyɛ da kum abofra a ɔhyɛ yafunu mu a, Yehowa bɛte nka sɛn?b

      • Wohwɛ sɛnea abofra a ɔhyɛ yafunu mu nkwa som bo ma Onyankopɔn no a, ɛma wote nka sɛn?

      Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Nkwa Som Bo Ma Nyankopɔn—Ma Ɛnsom Bo Mma Wo (5:00)

      Ɛtɔ da a, biribi betumi asi ama ɔpemfo a nkwa som bo ma no mpo anya adwene sɛ, nea adu no de, gye sɛ otu nyinsɛn no gu. Ɛba saa a, dɛn na ɔbɛyɛ? Monkenkan Yesaia 41:10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ afoforo tutu gu ɔpemfo bi asom sɛ, ontu ne nyinsɛn ngu a, hena na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ mmoa fi ne hɔ? Adɛn ntia?

  • Nkwa Yɛ Akyɛde—Kyerɛ Ho Anisɔ
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • b Sɛ obi atu nyinsɛn agu pɛn a, ɛnsɛ sɛ obu ne ho fɔ dodo. Yehowa betumi de akyɛ no. Sɛ wohwɛ ɔfã a yɛato din Yɛ Nhwehwɛmu wɔ adesua yi mu a, wubehu asɛm a ɛne “Sɛ Obi Yi Nyinsɛn Gu a, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?” Kenkan saa asɛm no, na wubehu sɛnea Yehowa hu wɔn a wɔatu nyinsɛn agu pɛn no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena