BIBLE MU AKORADE | EXODUS 23-24
Nni Nnipa Dodow Akyi
Yehowa bɔɔ adansefo ne atemmufo a wɔwɔ Israel kɔkɔ sɛ, sɛ wɔredi asɛm a, wɔnhwɛ na wɔannyina nea nnipa dodow reka so ammu atɛnkyea anaa anni adansekurum. Ná ɛsɛ sɛ wɔde saa afotu no yɛ adwuma wɔ biribiara mu. Ɛnnɛ, abrabɔ bɔne ne adwene a ɛmfata abu so, na wiase no reyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma Kristofo asuasua.—Ro 12:2.
Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedi nnipa dodow akyi bere a
yɛate nsɛm a ɛnenam mframa mu no?
yɛrepaw nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani, ntaade a yɛbɛhyɛ ne sɛnea yebesiesie yɛn ti ho no?
yɛne nkurɔfo a ɛsono baabi a wofi, wɔn amammerɛ ne sɛnea wɔn sikasɛm te redi nsɛm no?