Nnyinasosɛm Anaa Nea Agye Din—Nea Ɛwɔ He Na Ɛkyerɛ Wo Kwan?
NÁ NORIHITO a ɔwɔ ne sukuu afe a ɛto so asia mu no renya agumadi mu kyɛfa. Ná ɛsɛ sɛ osi gyinae bi mpofirim. Ná wɔhwehwɛ sɛ sukuufo no nyinaa de wɔn ho hyɛ ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ bi mu. So ɛsɛ sɛ ɔne ne mfɛfo sukuufo no bom wɔ adeyɛ a ɛte sɛ nea wɔyɛ daa yi mu?
Ná Norihito asua afi Bible no mu sɛ ɛntɛe sɛ wɔ Yehowa akyi no, obi de ne ho bɛhyɛ ɔsom mu adeyɛ biara a wɔde ma onyame foforo biara mu. (Exodus 20:4, 5; Mateo 4:10) Ná onim nso sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo nya ɔfã biara wɔ wiase amammuisɛm nyinaa mu. (Daniel 3:1-30; Yohane 17:16) Enti ɛmfa ho sɛ ne mfefo sukuufo hyɛɛ no sɛ ɔmfa ne ho nhyem no, ofi obu mu de akokoduru de ne nan sii fam. Dɛn na anka wobɛyɛ wɔ tebea a ɛte sɛ eyi mu?
Ɔpɛ a Yɛwɔ sɛ Yebetumi ne Nkurɔfo Abɔ
Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wɔn ani nnye fekubɔ ho, wɔne wɔn ho wɔn ho ntra anigye mu, na wommom nyɛ nneɛma. Ɛyɛ awosu sɛ obi bɛpɛ sɛ ɔne n’atipɛnfo bɛnantew, afoforo begye no atom, na ɔne nkurɔfo abɔ. Nkate horow a ɛtete saa ma asetra yɛ anigye na ɛma yɛne afoforo di wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu.—Genesis 2:18; Dwom 133:1; 1 Petro 3:8.
Ɔpɛ a yefi awosu mu wɔ sɛ yɛne nkurɔfo bɛbɔ no da adi wɔ sɛnea ɛnnɛ mpo wosi nnipakuw nneyɛe a wobedi akyi so dua wɔ mmeae pii no mu. Sɛ́ nhwɛso no, wɔtete Japanfo fi wɔn mmofraase pɛɛ ma wohu nea nnipa dodow no ara yɛ na wodi akyi. Wɔn amammere kyerɛ wɔn sɛ wɔn asɛyɛde akɛse no mu biako ne sɛ wobedi ɛhɔ amanne akyi. Edwin Reischauer, kan U.S aban nanmusifo a ɔwɔ Japan a ɔyɛ obi a ɔhwɛ Japanfo amanne ahorow yiye kae sɛ: “Japanfo taa bom yɛ ade sɛ kuw sen Atɔe Famfo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Faako a Atɔe Famfo bɛda wɔn ho adi sɛ wɔde wɔn ho na ɛsono obiara no, Japanfo dodow no ara ani begye ho sɛ wɔn ahosiesie, wɔn nneyɛe, wɔn asetra kwan, ne wɔn nsusuwii mpo ne wɔn mfɛfo de behyia.” Nanso, ɛnyɛ Japanfo nkutoo na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade te sɛ wɔn yɔnkonom. Ɛte saa wɔ baabiara.
Nhyɛso Horow a Ɛma Yɛdi Afoforo Akyi
Ɛwom sɛ ɛyɛ sɛ obi bɛbɔ mmɔden biara sɛ ɔne afoforo bɛbɔ yiye de, nanso asiane wom sɛ obi bedi nea wogye tom akyi ara kwa. Dɛn ntia? Efisɛ nea nnipa pii ani gye ho no ne Onyankopɔn apɛde nhyia mpɛn pii. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Satan nam nnɛɛdɛɛ kwan so de nea ɔwɔ nyinaa—honam fam ade dodowpɛ, ɔbrasɛeɛ, abusua mu mpaapaemu, nyamesom nsusuwii mu kateeyɛ, ɔmampɛ honhom, ne afoforo—di dwuma de kanyan nkurɔfo de dan wɔn fi Onyankopɔn ho. Sɛnea ɛte no, nneyɛe a ɛtete saa a obi di akyi no ma obegyina hɔ sɛ obi a ɔsɔre tia Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow. Ɛno nti na wotu Kristofo fo sɛ: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”—Romafo 12:2.
Bere a Kristofo te nneɛma nhyehyɛe yi mu no, wohyia nhyɛso a ɛbɛma wɔadi nea wogye tom akyi bere nyinaa. Mmofra titiriw na eyi taa nya wɔn. Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ sɛ wɔn mfɛfo sukuufo na wɔayɛ ade te sɛ wɔn no mu yɛ den yiye. Egye akokoduru ankasa na wɔatumi akyerɛkyerɛ nea nti a wɔmfa wɔn ho nhyɛ nneyɛɛ bi mu no akyerɛ wɔn atipɛnfo. Nanso, sɛ wɔamfa akokoduru anna wɔn gyinabea adi a, ebetumi akowie honhom mu asiane mu ama wɔn.—Mmebusɛm 24:1, 19, 20.
Mpanyimfo nso hyia nhyɛso a ɛte saa ara wɔ wɔn nnwuma mu. Ebia afoforo bɛhwɛ kwan sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ anigyede ahorow mu bere a wɔapɔn adwuma anaa nnapɔnna bi mu. Pow a wɔbɛpow sɛ wɔbɛyɛ saa no bɛma ayɛ te sɛ nea wɔatew wɔn ho anaa wɔmmoa afoforo, na ɛde ɔhaw bɛbrɛ wɔn wɔ adwuma mu. Ebinom bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma nnɔnhwerew pii bere a wɔapɔn akyi, esiane yɛ ara kwa a afoforo yɛ saa na wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa no nti. Wɔn ho mu a wobegyaa ama nsɛm a ɛtete sɛɛ no betumi asɛe wɔn honhom mu yiyedi, na ɛremma wontumi nni wɔn asɛyɛde afoforo ho dwuma.—1 Korintofo 15:33; 1 Timoteo 6:6-8.
Wɔ sukuu ne adwuma mu akyi mpo no, nhyɛso a ɛbɛma obi adi nea afoforo yɛ akyi wɔ hɔ. Ɛna bi a ɔyɛ Kristoni kae sɛ ɛmfa ho sɛ na ehia kɛse sɛ ɔteɛ ne ba so no, ɔkwatii sɛ ɔbɛyɛ saa esiane susuw ara kwa a na osusuw sɛ mmea awarefo afoforo a na wɔwɔ hɔ no ani rennye ho nti.—Mmebusɛm 29:15, 17.
Nnipa Dodow Betumi Adi Mfomso
Bible no ma yɛn afotu a ɛmu da hɔ yiye wɔ nnipa dodow akyi a obi bɛdi ho. Sɛ́ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkm nkodi nnipa dodow akyi nnan asɛm ani.” (Exodus 23:2; fa toto Romafo 6:16 ho.) Wɔanni afotu yi so bere nyinaa. Wofii Misraim akyi bere tiaa bi, bere a na Mose nni hɔ no, ankorankoro bi kanyan Aaron ne nkurɔfo no sɛ wɔnyɛ nantwi ba honi na wɔnsom no mfa ‘nhyɛ fã mma Yehowa.’ Nkurɔfo no didi nomee na wɔde nnwonto ne asaw gorui bere a wɔbɔɔ afɔre maa nantwi ba honi no. Esiane mmaratode ne abosonsom adeyɛ yi nti, wokunkum nnipa bɛyɛ 3,000 a wodii mu akoten no. Nanso Yehowa de ɔhaw baa wɔn a wɔaka no pii so esiane sɛ wodii nnipa dodow akyi wɔ ɔkwan a nyansa nnim so nti.—Exodus 32:1-35.
Nhwɛso foforo a ɛfa nea ɛnteɛ a wodi nnipa dodow akyi yɛ ho no fa Yesu Kristo wu ho wɔ afeha a edi ka no mu. Nyamesom akannifo a wɔyɛ ahoɔyaw no kanyan nkurɔfo no pii maa wɔn nso wɔkae sɛ wonkum Yesu. (Marko 15:11) Bere a Petro daa wɔn mfomso a anibere wom no adi wɔ Pentekoste a ɛdii Yesu wusɔre ne ne sorokɔ akyi no, “ɛwowɔɔ” bebree “komam” na wohuu nea nnipa dodow akyi a wodii no ma wɔyɛe.—Asomafo no Nnwuma 2: 36, 37.
Bible Nnyinasosɛm Ahorow Yɛ Kyɛn So
Sɛnea kyerɛwtohɔ ahorow yi kyerɛ pefee no, nea wogye tom a yebedi akyi ara kwa no betumi akowie aniberesɛm mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ kɛse sɛ yebedi Bible no akyi, na yɛama ne nnyinasosɛm no akyerɛ yɛn kwan wɔ asetram! Yehowa ka sɛ: “Sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.” (Yesaia 55:9) Wɔ nsɛm a ɛfa abrabɔ ne nnipa abusuabɔ ahorow ho—nokwarem no, asetram gyinaesi nyinaa mu—no, ada adi mpɛn pii sɛ Yehowa akwan a yebedi akyi ye koraa sen sɛ yebedi nea wogye tom akyi. Ɛno na ɛde asetra a ɛyɛ anigye na ɛyɛ kɛse ba.
Fa Kazuya suahu no sɛ nhwɛso. Ɛwom sɛ na wasua Bible no akyɛ kakra de, nanso ɔkɔɔ so dii nea wogye tom akyi—bɔɔ mmɔden sɛ obenya ne ho na asi no yiye. Mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛsɔ n’adwumam mpanyimfo ani, na wama ne mfɛfo adwumayɛfo ani agye ne ho no maa ɔde ne ho hyɛ nsã a wɔnom no pii kosi ɔdasum. Ɔbɛyɛɛ obi a ɔhwehwɛ nneɛma pii, obi a onni afoforo ho koma, ne obi a ne bo nkyɛ fuw. N’asetra kwan a ɛma ɔyɛ nneɛma tra so no maa ne fã dwudwoe, na obubui ɔkwan bi so. Bere a ɔda ayaresabea a ne ho retɔ no no, onyaa bere susuw nea na wasua afi Bible mu ne sɛnea na ɔrebɔ ne bra no ho. Osii gyinae sɛ bere aso sɛ ofi ase de nea wasua no di dwuma. Ogyaee n’adwuma mu mpanyinni no na ɔsakraa ne fekubɔ. Ofi komam bɔɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛhyɛ Kristofo nipasu no na wasakra ne nsusuwii wɔ honam fam ahonyade ho. Enti, ne gyinapɛn sakrae, na onyaa ahoɔden. Awiei koraa no, ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ no asu.
Sɛ obi betumi ayɛ biribi a nnipa dodow ani nnye ho a, ɛsɛ sɛ ohu nnyinasosɛm a ɛfa ho no, na ogye tom ankasa sɛ ɛteɛ. Nea Masaru hyiae no kyerɛ sɛ eyi yɛ nokware. Bere a ɔwɔ mfiase sukuu afe a ɛtɔ so asia no, n’adesuakuw mufo kamfoo no kyerɛe sɛ wɔnto aba mma no na ɔmmɛyɛ sukuufo bagua no titrani. Ɔde aniwu kae sɛ esiane sɛ na ɔnte Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa ho no ase yiye nti, wantumi ankyerɛkyerɛ nea enti a ontumi nnyɛ ammamui dibea no mu ankyerɛ n’adesuakuw no mufo. Onipa ho suro nti, na ɔnnaa no adi sɛ ɔyɛ Kristoni. Nea otumi yɛe ara ne sɛ, osii ne ti ase, na ɔde nusu tĩĩm kae sɛ, “Mintumi nyɛ.”
Saa osuahu a ɛyɛ yaw yi maa ɔhwehwɛɛ nea enti a Kristoni mfa ne ho nhyehyɛ amammuisɛm mu no mu. (Fa toto Yohane 6:15 ho.) Akyiri yi, bere a ɔwɔ ntoaso sukuu no, tebea a ɛte saa ara sɔree. Nanso, saa bere no de, na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyinabea mu pefee akyerɛ ne kyerɛkyerɛfo. Ɔkyerɛkyerɛfo no gyee ne nkyerɛkyerɛmu no toom, na saa ara na n’adesuakuw mufo pii a wobisaa no ne gyidi ahorow a egyina Bible so no nso gye dii.
Bere a Obiara Bɛyɛ Nea Ɛteɛ
Wɔ Kristo nniso ase wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no, nea ɛteɛ na ɛbɛyɛ nea wogye tom. Ɛnkosi saa bere no, ebehia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nkɛntɛnso a ɛbɛma yɛadi nea wogye tom akyi no ho. Yebetumi anya nkuranhyɛ afi Paulo afotu yi mu: “Sɛ yɛwɔ adansefo munumkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.”—Hebrifo 12:1.
Sɛ ɔsɛmpɔw ahorow ne nsɛnnennen sɔre wɔ w’akwan mu a, dɛn na wobɛyɛ? So wobɛma nnipa ho suro anya wo so nkɛntɛnso ma wɔayɛ nea wogye tom? Anaasɛ wobɛdan akɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no so, na wɔadi ne nnyinasosɛm ahorow so? Sɛ wudi Bible no akyi a, ɛnyɛ mprempren mfaso nko na ɛde bɛbrɛ wo, na mmom ɛbɛma woanya anidaso sɛ wobɛka wɔn a “wɔnam gyidi ne abodwokyerɛ so [nya] bɔhyɛ no” ho.—Hebrifo 6:12.