Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 11/8 kr. 31
  • So Sukraman A Ɔtra Nsu A Ɛnyɛ Nwini Mu Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Sukraman A Ɔtra Nsu A Ɛnyɛ Nwini Mu Wɔ Hɔ?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2001
Nyan!—1994
g94 11/8 kr. 31

So Sukraman A Ɔtra Nsu A Ɛnyɛ Nwini Mu Wɔ Hɔ?

WƆKA asukraman ho asɛm mpɛn pii sɛ wɔte nsu tɛtrɛɛ fitaa a nsukyenee wom a ɛwɔ Arctic anaa Antarctic no mu. Nanso na wunim sɛ asukraman binom tumi tra baabi a ɛhɔ nyɛ nwini pii, a wɔto awia wɔ anhwea a ɛwɔ mpoano a obiara nte hɔ bio so ma ɛyɛ yiye?

Momma yɛnhwɛ Mediteranea Po mu sukraman kokorani no. Sukraman yi a otumi tra nsu a ɛnyɛ nwini mu a ne tenten tumi du mita 3.5 no ho nhwi yɛ ntiantia pipiripii a emu asisi tuntum, na ne yafunu ne ne koko so nhwi yɛ fitaa. Ebia saa kɔla soronko yi a ɛte sɛ nyamesomfo bi ntade a wɔhyɛ no bɛma yeate ne din no ase.

Bible afã pii ka aboa nhoma bi a wɔfrɛ no taʹchash (wɔ Hebri kasa mu) a na ɛkata ahyiae ntamadan no ne kronkronbea no mu anwinne so no ho asɛm. (Exodus 25:5; 26:14; Numeri 4:8) Animdefo bi susuw sɛ taʹchash yɛ sukraman nhoma. So ebetumi aba sɛ ɛyɛ Mediteranea Po mu sukraman kokorani no nhoma? Saa aboa yi a ɔwɔ tete Mediteranea Po mu no ma osusuka yi fata.

Atetesɛm kyerɛ sɛ sukraman kokorani no wɔ tumi soronko bi. Ebinom gye di sɛ ne nhoma no tumi ma ɔsraman man fa nkyɛn, na ɛmma asukɔtweaa ntɔ ngu mfuw so. Wɔkyerɛ sɛ, wɔnam sukraman ho nhwi a ɛsɔresɔre gyina anaasɛ ɛdeda no so tumi kyerɛ sɛ ahum bi rebetu anaasɛ ɛrebegyae.

Esiane sɛ na wosusuw sɛ sukraman kokorani no wɔ tumi nti, anka abɔmmɔfo atirimɔdenfo reyɛ atɔre n’ase. Nanso, nnansa yi wɔahu no wɔ ɛpo a ɛbɛn Sardinia apuei fam mfinimfini no mu. Sɛ asomdwoe san ba onipa ne aboa ntam wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ, Mediteranea Po mu sukraman kokorani no bɛsan abɛtra mpoano a asomdwoe ne dwoodwoo wɔ, baabi a ɔbɛto awia a nnipa adifudepɛfo renyi no hu.—Yesaia 11:6-9.

[Kratafa 31 mfonini]

Panos Dendrinos/HSSPMS

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena