Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 1/15 kr. 24-25
  • Mose Ne Aaron—Nnipa a Wɔde Akokoduru Kaa Onyankopɔn Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mose Ne Aaron—Nnipa a Wɔde Akokoduru Kaa Onyankopɔn Asɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anwonwade Bi Si
  • Asuade Ahorow Ma Yɛn
  • Mose ne Aaron Hu Farao
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Ɔhaw Mmiɛnsa a Edi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 1/15 kr. 24-25

Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde

Mose Ne Aaron—Nnipa a Wɔde Akokoduru Kaa Onyankopɔn Asɛm

YƐ TEBEA no ho mfonini: Mose a wadi mfe aduɔwɔtwe ne ne nuabarima, Aaron, gyina onipa a ɔwɔ tumi sen biara wɔ asase so no anim—Misraim Farao. Wɔ Misrifo no fam no, saa ɔbarima yi nyɛ anyame no nanmusifo kɛkɛ. Wogye di sɛ ɔno ankasa yɛ onyame. Ná wobu no sɛ Horus, onyame a ne ti te sɛ akroma no ankasa wɔ onipa tebeam. Horus, Isis ne Osiris na na wɔbom yɛ onyame baasakoro no titiriw wɔ Misraim anyame ne anyamewa mu.

Ná obiara a ɔkɔ Farao anim tumi hu ɔkyereben ti honi kɛse a esi n’ahenkyɛw mfinimfini no pefee. Ná wosusuw sɛ saa ɔwɔ yi betumi apuw ogya ne ɔsɛe agu Farao atamfo biara so. Afei Mose ne Aaron de adesrɛ a ɛso bi mmaa da aba ɔhene-nyame yi anim—kyerɛ sɛ ɔmma Israelfo a wɔayɛ wɔn nkoa no nkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahyɛ fã ama wɔn Nyankopɔn, Yehowa.—Exodus 5:1.

Ná Yehowa adi kan aka sɛ Farao koma bepirim. Enti n’animtiaabu mmuae no anyɛ Mose ne Aaron nwonwa: “Hena ne Awurade [Yehowa, NW] a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim Awurade [Yehowa, NW] no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.” (Exodus 4:21; 5:2) Enti, wosiesiee wɔn ho maa ɔko kɛse bi. Bere a Mose ne Aaron kɔɔ hɔ bio no, wɔde adanse a ɛkyɛn so bi maa Farao hui sɛ wɔyɛ nokware ne tumi nyinaa wura Nyankopɔn no ananmusifo.

Anwonwade Bi Si

Sɛnea Yehowa hyɛe no, Aaron yɛɛ anwonwade bi a ɛdaa adi sɛ Yehowa korɔn sen Misraim anyame no. Ɔde ne poma too fam wɔ Farao anim, na ntɛm ara ɛdan ɔwɔ kɛse bi! Farao a saa anwonwade yi maa ne ho dwiriw no no maa n’akɔmfo ntafoayifo bae.a Adaemone de wɔn tumi boaa saa mmarima yi ma wotumi de wɔn ankasa mpoma yɛɛ biribi a ɛte sɛ ɛno ara.

Sɛ Farao ne ne ntafoayifo no ani gyei a, na ɛyɛ bere tiaa bi. Yɛ wɔn anim ho mfonini wɔ w’adwenem bere a Aaron ɔwɔ no memmenee wɔn awɔ no mmiako mmiako no! Ná wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa betumi ahu sɛ Misraim anyame ne nokware Nyankopɔn, Yehowa, no nsɛ koraa.—Exodus 7:8-13.

Wɔ eyi akyi mpo no, Farao koma kɔɔ so primii. Bere a Onyankopɔn de ɔhaw ahorow du a ɛsɛee nneɛma baa Misraim so nko na awiei koraa no, Farao kaa nea edi so yi kyerɛɛ Mose ne Aaron: “Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, ma monkɔ nkɔsom Awurade [Yehowa, NW], sɛnea mokae no.”—Exodus 12:31.

Asuade Ahorow Ma Yɛn

Dɛn na ɛmaa Mose ne Aaron tumi kɔɔ Misraim Farao a ɔwɔ tumi no anim? Mfiase no, Mose annye anni sɛ obetumi ayɛ, na ɔkyerɛe sɛ ‘ne kasa yɛ nyaa na ne tɛkrɛma nso yɛ duru.’ Bere a Yehowa maa no awerɛhyem sɛ ɔbɛboa no akyi mpo no, ɔkae sɛ: “Awurade! Soma onipa foforo biara a wopɛ.” Wɔ ɔkwan foforo so no, Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsoma onipa foforo. (Exodus 4:10, 13) Nanso, Yehowa de Mose a odwo no dii dwuma, na ɔmaa no nyansa ne ahoɔden a ehia sɛ ɔmfa nyɛ n’adwuma no.—Numeri 12:3.

Ɛnnɛ, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nkoa redi ahyɛde a ɛne sɛ ‘monyɛ aman nyinaa m’asuafo’ no so. (Mateo 28:19, 20) Sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de wɔ saa adwuma yi a yɛbɛyɛ no mu a, ɛsɛ sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ ne ɔdom akyɛde biara a ebia yɛwɔ no di dwuma yiye. (1 Timoteo 4:13-16) Sɛ anka yebedwen yɛn sintɔ ahorow ho mmom no, momma yɛmfa gyidi nnye dwumadi biara a Onyankopɔn de ama yɛn no ntom. Obetumi ama yɛafata na wahyɛ yɛn den ma yɛayɛ n’apɛde.—2 Korintofo 3:5, 6; Filipifo 4:13.

Esiane sɛ na Mose reko atia nnipa ne adaemone sɔretia nti, na ɛda adi sɛ ohia mmoa a ɛboro onipa de so. Enti, Yehowa maa no awerɛhyem sɛ: “Hwɛ, madan wo Onyankopɔn mama Farao.” (Exodus 7:1) Yiw, Mose nyaa ɔsoro mmoa ne tumi. Esiane sɛ na Yehowa honhom wɔ Mose so nti, na onni ntease biara a enti ɛsɛ sɛ osuro Farao anaa saa sodifo ɔhantanfo no akyidifo.

Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn ho to Yehowa honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi no so de wie yɛn som adwuma no. (Yohane 14:26; 15:26, 27) Bere a yɛwɔ ɔsoro mmoa no, yebetumi aka Dawid a ɔtoo dwom a edi so yi nsɛm no bi: “Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?”—Dwom 56:11.

Esiane Yehowa ahummɔbɔ nti, wannyaw Mose nkutoo wɔ n’adwuma no mu. Mmom no, Onyankopɔn kae sɛ: “Wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo. Wo de, wobɛka nea mɛhyɛ wo nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao.” (Exodus 7:1, 2) Hwɛ sɛnea Yehowa yii ɔdɔ adi kyerɛe sɛ ɔyɛɛ nea na Mose betumi adi ho dwuma sɛnea ɛsɛ!

Onyankopɔn ma yɛne yɛn mfɛfo Kristofo a wonim mmɔdenbɔ a egye sɛ yɛbɛyɛ Yehowa, Ɔsorosoroni, no Adansefo no nya fekubɔ. (1 Petro 5:9) Enti, ɛmfa ho sɛ yebehyia akwanside ahorow no, momma yɛnyɛ sɛ Mose ne Aaron—nnipa a wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

a Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ntafoayifo” no kyerɛ akɔmfo kuw bi a wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ tumi soronko bi a ɛsen adaemone de. Wogye dii sɛ saa mmarima yi tumi ma adaemone tie wɔn na na adaemone no nni saa akɔmfo yi so tumi.

[Kratafa 25 mfonini]

Mose ne Aaron de akokoduru gyinaa Yehowa ananmu wɔ Farao anim

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena