Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—1983 | November 1
    • Enti, na Onyankopɔn somfo biara nni hɔ a, obetumi adi mogya, sɛ́ efi aboa a n’ankasa awu anaa nea onipa na akum no mu (anaasɛ ɛwɔ ne nam no mu) . Ɛnde dɛn nti na Leviticus 17:15 ka sɛ aboa a ɔte sɛɛ a n’ankasa awu anaa aboa bi na akum no nam a wobedi no ma onipa no ho kɛkɛ na ɛntew?

      Yebetumi anya eyi ho nnyinasode wɔ Leviticus 5:2, a ese: “Sɛ obi ka afide biara, sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, . . . na onnim mpo a, ne ho agu fĩ, na odi sõ.” Yiw, na Onyankopɔn nim sɛ Israelni betumi ayɛ bɔne a onnim. Enti, yebetumi ate Leviticus 17:15 ase sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ hɔ ma mfomso a ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, sɛ Israelni we nam a wɔde ama no na afei ohu sɛ na ɛyɛ aboa a wɔanhwie ne mogya angu a, odi bɔne ho fɔ. Nanso esiane sɛ na onnim nti obetumi ayɛ biribi na ama ne ho atew. Nanso eyi yɛ nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow: Sɛ ɔrenyɛ ade a ɛte saa a, “ɛnde ɔnsoa ne mmusu.”​—Leviticus 17:16.b

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—1983 | November 1
    • a Sɛ́ nhwɛso biako no, The Pentateuch and Haftorahs a Ɔbenfo J. Hertz hwɛ teɛteɛɛ emu nsɛm so no kyerɛ sɛ: “Sɛnea Lev. 17:15 kyerɛ no, ka a Israelni anaa ɔhɔho de ne nsa bɛka nevelah anaasɛ obedi no ma ne ho gu fĩ. Wɔ Lev[iticus], no, ‘ɔhɔho’ no kyerɛ obi a ɔnyɛ Israelni a wabɛdan Israelni koraa, nea wɔfrɛ no ger tzedek. Ɛha [wɔ Deuteronomium 14:21] no ‘ɔhɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu’ no kyerɛ bere a Israelfo bedu wɔn Asase no so a ɛnyɛ nnipa a wɔabɛdan Israelfo nko na wɔne wɔn bɛtra na mmom nnipa a bere a wɔagyae abosonsom no wɔremfa Israelfo asetra ne nyamesom kwan so no. Rabifo no frɛɛ saa ahɔho kuw yi ger toshavs na [Deuteronomium 14:21] fa saa kuw a wɔnyɛ Israelfo fi awo mu anaa wɔn a wɔadan abɛyɛ bi anaa nea ɛte saa no ho.” Ɔkwan foforo so no, nhoma yi kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘ɔhɔho’ a wɔka ne ho asɛm wɔ Leviticus 17:15 no yɛ “obi a wabɛdan Israelni koraa, . . . ɛnte saa a anka wɔremmara no sɛ onnni.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena